Surah Yunus - Twi Translation by Sheikh Haroun Ismaeel
الٓرۚ تِلۡكَ ءَايَٰتُ ٱلۡكِتَٰبِ ٱلۡحَكِيمِ
Aliif Laam Raa. Woi yε Nyansa Nwoma no mu nsεm
Surah Yunus, Verse 1
أَكَانَ لِلنَّاسِ عَجَبًا أَنۡ أَوۡحَيۡنَآ إِلَىٰ رَجُلٖ مِّنۡهُمۡ أَنۡ أَنذِرِ ٱلنَّاسَ وَبَشِّرِ ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ أَنَّ لَهُمۡ قَدَمَ صِدۡقٍ عِندَ رَبِّهِمۡۗ قَالَ ٱلۡكَٰفِرُونَ إِنَّ هَٰذَا لَسَٰحِرٞ مُّبِينٌ
Enti εyε nnipa nwanwa sε, Y’ayi Adiyisεm ama onipa a ofri wͻn mu sε: “Bͻ adasamma kͻkͻ, na bͻ wͻn a wͻ’agye adie no anohoba sε, wͻn wͻ nkͻso pa bi wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ?” Deε (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no ka ne sε: ”Nokorε sε, woi deε εyε nkonyaa anaa nadaasεm pefee “
Surah Yunus, Verse 2
إِنَّ رَبَّكُمُ ٱللَّهُ ٱلَّذِي خَلَقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ فِي سِتَّةِ أَيَّامٖ ثُمَّ ٱسۡتَوَىٰ عَلَى ٱلۡعَرۡشِۖ يُدَبِّرُ ٱلۡأَمۡرَۖ مَا مِن شَفِيعٍ إِلَّا مِنۢ بَعۡدِ إِذۡنِهِۦۚ ذَٰلِكُمُ ٱللَّهُ رَبُّكُمۡ فَٱعۡبُدُوهُۚ أَفَلَا تَذَكَّرُونَ
Nokorε sε, mo Wura Nyankopͻn no na Ɔbͻͻ soro ne asaase wͻ nna nsia mu, εna Ɔde Neho sii Tumi ahennwa no soͻ; Ɔno na Ɔtoto ntotoeε (biara). Ͻgyefoͻ biara nnihͻ, gyesε Ɔma kwan ansa. Mo Wura Nyankopͻn no Ɔne no, enti monsom no. Enti monnfa (saa asɛm yi) nnyε afutuo
Surah Yunus, Verse 3
إِلَيۡهِ مَرۡجِعُكُمۡ جَمِيعٗاۖ وَعۡدَ ٱللَّهِ حَقًّاۚ إِنَّهُۥ يَبۡدَؤُاْ ٱلۡخَلۡقَ ثُمَّ يُعِيدُهُۥ لِيَجۡزِيَ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّـٰلِحَٰتِ بِٱلۡقِسۡطِۚ وَٱلَّذِينَ كَفَرُواْ لَهُمۡ شَرَابٞ مِّنۡ حَمِيمٖ وَعَذَابٌ أَلِيمُۢ بِمَا كَانُواْ يَكۡفُرُونَ
Monyinaa Nehͻ ne monkyi. Onyankopͻn bͻhyε yε nokorε. Nokorε sε Ɔno na ofitii abͻdeε no aseε, εna Ɔbεsan de no aba (nkwa mu) bio, sεdeε Ɔbetua wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no ka pεpεεpε; na wͻn a wͻ’yi boniayε no wͻ nsuohyeε a wͻ’bεnom ne asotwee a εyε ya paa, εnam wͻn boniayε no ho nti
Surah Yunus, Verse 4
هُوَ ٱلَّذِي جَعَلَ ٱلشَّمۡسَ ضِيَآءٗ وَٱلۡقَمَرَ نُورٗا وَقَدَّرَهُۥ مَنَازِلَ لِتَعۡلَمُواْ عَدَدَ ٱلسِّنِينَ وَٱلۡحِسَابَۚ مَا خَلَقَ ٱللَّهُ ذَٰلِكَ إِلَّا بِٱلۡحَقِّۚ يُفَصِّلُ ٱلۡأٓيَٰتِ لِقَوۡمٖ يَعۡلَمُونَ
Onyankopͻn na W’ama awia nhyerεnee εna (W’ama) bosome nso nhyerεnee, εna W’ahyehyε soεbrε ama no, sεdeε mobehunu mfi dodoͻ ne nkontabuo no. Onyankopͻn ammͻ woi (kwa), na mmom (Ɔbͻͻ no) nokorε nti, Ɔkyerεkyerε Nensεm no mu dema amanfoͻ a wͻ’nim
Surah Yunus, Verse 5
إِنَّ فِي ٱخۡتِلَٰفِ ٱلَّيۡلِ وَٱلنَّهَارِ وَمَا خَلَقَ ٱللَّهُ فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ لَأٓيَٰتٖ لِّقَوۡمٖ يَتَّقُونَ
Nokorε sε abirabͻ a εwͻ adesaeε ne adekyeε mu, ne nneεma a Nyankopͻn abͻ a εwͻ soro ne asaase soͻ no (nyinaa) yε nsεnkyerεnee dema amanfoͻ a wͻ’suro Nyame yε ahwεyie
Surah Yunus, Verse 6
إِنَّ ٱلَّذِينَ لَا يَرۡجُونَ لِقَآءَنَا وَرَضُواْ بِٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَا وَٱطۡمَأَنُّواْ بِهَا وَٱلَّذِينَ هُمۡ عَنۡ ءَايَٰتِنَا غَٰفِلُونَ
Nokorε sε, wͻn a wͻ’nni Yεn nhyiamu (da) no ho anidaasoͻ, na wͻ’agye wiase asetena no ato mu, na wͻn akoma atͻ wͻn yεm wͻ ho no, saa nkorͻfoͻ no na wͻn abu wͻn ani agu Yεn nsεnkyerεnee no soͻ no
Surah Yunus, Verse 7
أُوْلَـٰٓئِكَ مَأۡوَىٰهُمُ ٱلنَّارُ بِمَا كَانُواْ يَكۡسِبُونَ
Saa nkorͻfoͻ no na wͻn fiee ne Amane hunu gyem no, εnam dwuma a wͻn nsa kaeε no ho nti
Surah Yunus, Verse 8
إِنَّ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّـٰلِحَٰتِ يَهۡدِيهِمۡ رَبُّهُم بِإِيمَٰنِهِمۡۖ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهِمُ ٱلۡأَنۡهَٰرُ فِي جَنَّـٰتِ ٱلنَّعِيمِ
Nokorε sε wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no, wͻn Wura Nyankopͻn de wͻn gyidie no bεkyerε wͻn kwan; nsubͻnten bεtene wͻ wͻn ase wͻ Anigyeε Aheman no mu
Surah Yunus, Verse 9
دَعۡوَىٰهُمۡ فِيهَا سُبۡحَٰنَكَ ٱللَّهُمَّ وَتَحِيَّتُهُمۡ فِيهَا سَلَٰمٞۚ وَءَاخِرُ دَعۡوَىٰهُمۡ أَنِ ٱلۡحَمۡدُ لِلَّهِ رَبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Wͻn frε a wͻ’de bεfrε (Nyankopͻn) wͻ (Aheman) no mu ne sε: “Kronkron Hene Twieduampͻn Nyankopͻn!” Na wͻn nkyea wͻ mu hͻ ne sε:” Asomdwiε.“ Na wͻn frε no nso awieε ne sε. “Aseda wͻ Nyankopͻn, abͻdeε nyinaa Wura
Surah Yunus, Verse 10
۞وَلَوۡ يُعَجِّلُ ٱللَّهُ لِلنَّاسِ ٱلشَّرَّ ٱسۡتِعۡجَالَهُم بِٱلۡخَيۡرِ لَقُضِيَ إِلَيۡهِمۡ أَجَلُهُمۡۖ فَنَذَرُ ٱلَّذِينَ لَا يَرۡجُونَ لِقَآءَنَا فِي طُغۡيَٰنِهِمۡ يَعۡمَهُونَ
Sε Nyankopͻn pε ntεm yε nnipa bͻne, sεdeε Ɔyε papa ntεm ma wͻn no a, anka wͻn berε no aso. Nanso Ye’gyae wͻn a wͻ’nni anidaasoͻ no ma Yεn nhyiamu (da) no wͻ wͻn bͻne mu ma wͻ’keka (kͻ tesε anifirafoͻ)
Surah Yunus, Verse 11
وَإِذَا مَسَّ ٱلۡإِنسَٰنَ ٱلضُّرُّ دَعَانَا لِجَنۢبِهِۦٓ أَوۡ قَاعِدًا أَوۡ قَآئِمٗا فَلَمَّا كَشَفۡنَا عَنۡهُ ضُرَّهُۥ مَرَّ كَأَن لَّمۡ يَدۡعُنَآ إِلَىٰ ضُرّٖ مَّسَّهُۥۚ كَذَٰلِكَ زُيِّنَ لِلۡمُسۡرِفِينَ مَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ
Sε ͻhaw bi to onipa a, ͻda nenkyεn mu anaasε ͻtena hͻ anaasε ogyina hͻ su frε Yεn, nasε Yε’yi ͻhaw no firi ne so a, otwam tesε deε onsu mfrεε Yεn da wͻ ͻhaw a εtoo no no ho. Saa na Yε’ma dwuma a nsεmmͻnedifoͻ no die no yε wͻn fε
Surah Yunus, Verse 12
وَلَقَدۡ أَهۡلَكۡنَا ٱلۡقُرُونَ مِن قَبۡلِكُمۡ لَمَّا ظَلَمُواْ وَجَآءَتۡهُمۡ رُسُلُهُم بِٱلۡبَيِّنَٰتِ وَمَا كَانُواْ لِيُؤۡمِنُواْۚ كَذَٰلِكَ نَجۡزِي ٱلۡقَوۡمَ ٱلۡمُجۡرِمِينَ
Ampa sε, Y’asεe awoͻ ntoatoasoͻ (pii) a wͻ’dii mo anim kan no, εberε a wͻ’yεε bͻne; wͻn asomafoͻ de nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee berεε wͻn, nanso wͻn anye anni. Saa na Ye’tua nnipa bͻnefoͻ no ka
Surah Yunus, Verse 13
ثُمَّ جَعَلۡنَٰكُمۡ خَلَـٰٓئِفَ فِي ٱلۡأَرۡضِ مِنۢ بَعۡدِهِمۡ لِنَنظُرَ كَيۡفَ تَعۡمَلُونَ
Afei Yε’yεε mo ananmusifoͻ wͻ asaase no so wͻ wͻn akyi, sεdeε Yε’behunu dwuma a monso mobedie
Surah Yunus, Verse 14
وَإِذَا تُتۡلَىٰ عَلَيۡهِمۡ ءَايَاتُنَا بَيِّنَٰتٖ قَالَ ٱلَّذِينَ لَا يَرۡجُونَ لِقَآءَنَا ٱئۡتِ بِقُرۡءَانٍ غَيۡرِ هَٰذَآ أَوۡ بَدِّلۡهُۚ قُلۡ مَا يَكُونُ لِيٓ أَنۡ أُبَدِّلَهُۥ مِن تِلۡقَآيِٕ نَفۡسِيٓۖ إِنۡ أَتَّبِعُ إِلَّا مَا يُوحَىٰٓ إِلَيَّۖ إِنِّيٓ أَخَافُ إِنۡ عَصَيۡتُ رَبِّي عَذَابَ يَوۡمٍ عَظِيمٖ
Sε Yεrekenkan Yεn Nsεnkyerεnee pefee no kyerε wͻn a, deε wͻn a wͻ’nni anidaasoͻ de ma Yεn nhyiamu (Da) no ka ne sε: “Fa Qur’aan foforͻ a εnyε woi bra, anaasε sesa no’’. (Nkͻmhyεni), ka sε :” Menni ho kwan sε mede me ara mepε bεsesa no. Medeε deε yayi ama me no na medi akyire. Medeε mesuro sε mεyε me Wura Nyankopͻn (asεm ho) asoͻden εnam Da kεseε no asotwee no ho nti”
Surah Yunus, Verse 15
قُل لَّوۡ شَآءَ ٱللَّهُ مَا تَلَوۡتُهُۥ عَلَيۡكُمۡ وَلَآ أَدۡرَىٰكُم بِهِۦۖ فَقَدۡ لَبِثۡتُ فِيكُمۡ عُمُرٗا مِّن قَبۡلِهِۦٓۚ أَفَلَا تَعۡقِلُونَ
Ka sε: “Sε Onyankopͻn pε a, anka m’ankenkan (Qur’aan yi) ankyerε mo, anaasε anka Wamma mo anhu. Ampa sε m’adikan atena mo mu mfie (pii a moni me yie) ansa (na Nyankopͻn de saa dwumadi kεseε yi rema me). Adεn na monte aseε ?”
Surah Yunus, Verse 16
فَمَنۡ أَظۡلَمُ مِمَّنِ ٱفۡتَرَىٰ عَلَى ٱللَّهِ كَذِبًا أَوۡ كَذَّبَ بِـَٔايَٰتِهِۦٓۚ إِنَّهُۥ لَا يُفۡلِحُ ٱلۡمُجۡرِمُونَ
Enti (nipa) bͻneni bεn paa na ͻkyεn obi a ͻbͻ ne tri mu twa nkontompo to Nyankopͻn soͻ, anaasε otwa Nensεm ho nkontompo? Nokorε sε abͻneεfoͻ no nni nkonim da
Surah Yunus, Verse 17
وَيَعۡبُدُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ مَا لَا يَضُرُّهُمۡ وَلَا يَنفَعُهُمۡ وَيَقُولُونَ هَـٰٓؤُلَآءِ شُفَعَـٰٓؤُنَا عِندَ ٱللَّهِۚ قُلۡ أَتُنَبِّـُٔونَ ٱللَّهَ بِمَا لَا يَعۡلَمُ فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَلَا فِي ٱلۡأَرۡضِۚ سُبۡحَٰنَهُۥ وَتَعَٰلَىٰ عَمَّا يُشۡرِكُونَ
Wͻ’fri Nyankopͻn akyi som deε entumi mma wͻn ͻhaw anaasε εmma wͻn mfasoͻ (biara), na wͻ’kasε: “(Y’abosom) woi nom ne yεn gyefoͻ wͻ Nyankopͻn anim”. (Nkͻmhyεni), ka sε: “Moreka deε Onyankopͻn nnim wͻ ͻsoro anaasε asaase so akyerε no?1“ Kronkron Hene ne no, Ɔkorͻn kyεn deε wͻ’de bata Neho no
Surah Yunus, Verse 18
وَمَا كَانَ ٱلنَّاسُ إِلَّآ أُمَّةٗ وَٰحِدَةٗ فَٱخۡتَلَفُواْۚ وَلَوۡلَا كَلِمَةٞ سَبَقَتۡ مِن رَّبِّكَ لَقُضِيَ بَيۡنَهُمۡ فِيمَا فِيهِ يَخۡتَلِفُونَ
Na anka nnipa (nyinaa) yε ͻman baako, εna (akyire yi) wͻ’ntεm totoeε. Na εnyε sε asεm no adikan wͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ (sε Atemmuda na Ɔbebu nnipa ntεm atεn) a, nokorε sε anka W’abu wͻn ntεm atεn (dadaada) wͻ deε wͻ’nnte wͻn ho ase wͻ ho no ho
Surah Yunus, Verse 19
وَيَقُولُونَ لَوۡلَآ أُنزِلَ عَلَيۡهِ ءَايَةٞ مِّن رَّبِّهِۦۖ فَقُلۡ إِنَّمَا ٱلۡغَيۡبُ لِلَّهِ فَٱنتَظِرُوٓاْ إِنِّي مَعَكُم مِّنَ ٱلۡمُنتَظِرِينَ
Wͻ’ka sε: “Adεn nti na nsεnkyerε-nee bi mfiri ne Wura Nyankopͻn hͻ mma ne hͻ? Ka sε: “Ahuntasεm no deε, εwͻ Nyankopͻn“. Enti montwεn, na nokorε sε menso meka moho ka wͻn a wͻ’retwεn no ho “
Surah Yunus, Verse 20
وَإِذَآ أَذَقۡنَا ٱلنَّاسَ رَحۡمَةٗ مِّنۢ بَعۡدِ ضَرَّآءَ مَسَّتۡهُمۡ إِذَا لَهُم مَّكۡرٞ فِيٓ ءَايَاتِنَاۚ قُلِ ٱللَّهُ أَسۡرَعُ مَكۡرًاۚ إِنَّ رُسُلَنَا يَكۡتُبُونَ مَا تَمۡكُرُونَ
Sε Yε’ma nnipa ka ahummͻborͻ bi hwε wͻ ͻhaw bi a εtoo wͻn no akyi a, wobehunu sε, wͻ’rebͻ Yεn Nsεm no ho pͻ. Kasε: ”Onyankopͻn ho yε hare wͻ pͻbͻ ho paa. Nokorε sε Y’abͻfoͻ no retwerε εpͻ (biara a) morebͻ no “
Surah Yunus, Verse 21
هُوَ ٱلَّذِي يُسَيِّرُكُمۡ فِي ٱلۡبَرِّ وَٱلۡبَحۡرِۖ حَتَّىٰٓ إِذَا كُنتُمۡ فِي ٱلۡفُلۡكِ وَجَرَيۡنَ بِهِم بِرِيحٖ طَيِّبَةٖ وَفَرِحُواْ بِهَا جَآءَتۡهَا رِيحٌ عَاصِفٞ وَجَآءَهُمُ ٱلۡمَوۡجُ مِن كُلِّ مَكَانٖ وَظَنُّوٓاْ أَنَّهُمۡ أُحِيطَ بِهِمۡ دَعَوُاْ ٱللَّهَ مُخۡلِصِينَ لَهُ ٱلدِّينَ لَئِنۡ أَنجَيۡتَنَا مِنۡ هَٰذِهِۦ لَنَكُونَنَّ مِنَ ٱلشَّـٰكِرِينَ
Ɔno na Ɔma mo tumi tu kwan wͻ asaase so ne ͻpo so, kͻpem sε mobεtena nsuom-hyεn mu, na εde mo atu wͻ mframa pa mu ama wͻn ani agye ho, na afei mframa den ne asorͻkye firi bea biara bͻ ba, na wͻn adwene ayε wͻn sε (owuo) atwa wͻn ho ahyia. (Saa berε no) wͻ’sufrε Nyankopͻn wͻ anidie ne ahobraseε mu sε: “(Awurade), sε wogye yεn fri woi mu a yε’bεka wͻn a wͻ’yi (wo) ayε no ho “
Surah Yunus, Verse 22
فَلَمَّآ أَنجَىٰهُمۡ إِذَا هُمۡ يَبۡغُونَ فِي ٱلۡأَرۡضِ بِغَيۡرِ ٱلۡحَقِّۗ يَـٰٓأَيُّهَا ٱلنَّاسُ إِنَّمَا بَغۡيُكُمۡ عَلَىٰٓ أَنفُسِكُمۖ مَّتَٰعَ ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَاۖ ثُمَّ إِلَيۡنَا مَرۡجِعُكُمۡ فَنُنَبِّئُكُم بِمَا كُنتُمۡ تَعۡمَلُونَ
Nanso sε Ɔgye wͻn (fri mmusuo no mu) a, wobehunu sε wͻ’redi bͻne, te atua a enni ho kwan sε wͻ’yε no wͻ asaase no soͻ. Adasamma, mo bͻne (ho asεm) tia mo ara, wiase asetena mu anigyeε (yε berε tiaa bi) na Yε’hͻ ne monkyi, na Yε’bεbͻ mo dwuma a modiiε no ho amaneε
Surah Yunus, Verse 23
إِنَّمَا مَثَلُ ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَا كَمَآءٍ أَنزَلۡنَٰهُ مِنَ ٱلسَّمَآءِ فَٱخۡتَلَطَ بِهِۦ نَبَاتُ ٱلۡأَرۡضِ مِمَّا يَأۡكُلُ ٱلنَّاسُ وَٱلۡأَنۡعَٰمُ حَتَّىٰٓ إِذَآ أَخَذَتِ ٱلۡأَرۡضُ زُخۡرُفَهَا وَٱزَّيَّنَتۡ وَظَنَّ أَهۡلُهَآ أَنَّهُمۡ قَٰدِرُونَ عَلَيۡهَآ أَتَىٰهَآ أَمۡرُنَا لَيۡلًا أَوۡ نَهَارٗا فَجَعَلۡنَٰهَا حَصِيدٗا كَأَن لَّمۡ تَغۡنَ بِٱلۡأَمۡسِۚ كَذَٰلِكَ نُفَصِّلُ ٱلۡأٓيَٰتِ لِقَوۡمٖ يَتَفَكَّرُونَ
Nokorε sε, wiase asetena yi mfatoho tesε nsuo a Yesiane firi soro dema asaase so nnuaba a nnipa ne mmoadoma die no (fifiri) di afra, kͻpem sε asaase no bεfa n’ahosiesie deε na ayε fε; (sε εba saa a) na newuranom no adwen yε wͻn sε wͻn na wͻn wͻ tumi wͻ soͻ. (Ɛde saa ara) kosi sε, Y’ahyεdeε bεba so anadwo anaasε adekyeε, na Y’ayε ama no (ayε sε afuo a) yatwa na ayε sεdeε nnora na enni hͻ koraa no. Saa ara na Yε’kyerεkyerε Yε’nsεm no mu dema amanfoͻ a wͻ’dwen
Surah Yunus, Verse 24
وَٱللَّهُ يَدۡعُوٓاْ إِلَىٰ دَارِ ٱلسَّلَٰمِ وَيَهۡدِي مَن يَشَآءُ إِلَىٰ صِرَٰطٖ مُّسۡتَقِيمٖ
Nyankopͻn refrε (mo) akͻ Asomdwiε fie, na Ɔkyerε obi a Ɔpε kwan kͻ kwan tenenee no so
Surah Yunus, Verse 25
۞لِّلَّذِينَ أَحۡسَنُواْ ٱلۡحُسۡنَىٰ وَزِيَادَةٞۖ وَلَا يَرۡهَقُ وُجُوهَهُمۡ قَتَرٞ وَلَا ذِلَّةٌۚ أُوْلَـٰٓئِكَ أَصۡحَٰبُ ٱلۡجَنَّةِۖ هُمۡ فِيهَا خَٰلِدُونَ
Wͻn a wͻ’di dwuma pa no wͻ akatua pa ne (akatua pa no ho) ntosoͻ. Esum anaa animguaseε biara nnkata wͻn anim (wͻ Daakye Atemmuda). Wͻ’ne Ɔsoro Aheman no mu foͻ no, na emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ
Surah Yunus, Verse 26
وَٱلَّذِينَ كَسَبُواْ ٱلسَّيِّـَٔاتِ جَزَآءُ سَيِّئَةِۭ بِمِثۡلِهَا وَتَرۡهَقُهُمۡ ذِلَّةٞۖ مَّا لَهُم مِّنَ ٱللَّهِ مِنۡ عَاصِمٖۖ كَأَنَّمَآ أُغۡشِيَتۡ وُجُوهُهُمۡ قِطَعٗا مِّنَ ٱلَّيۡلِ مُظۡلِمًاۚ أُوْلَـٰٓئِكَ أَصۡحَٰبُ ٱلنَّارِۖ هُمۡ فِيهَا خَٰلِدُونَ
Wͻn a wͻnsa kaa bͻne no nso, bͻne so akatua no ara pεpεεpε (na yεde betua wͻn ka); na animguaseε bεmene wͻn; na wͻ’nnya ͻgyefoͻ wͻ Nyankopͻn anim. Wͻ’bεyε tesε deε yεde anadwo sum tumm sini bi akata wͻn anim. Saa nkorͻfoͻ no ne Amanehunu gya no mu foͻ no, emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ
Surah Yunus, Verse 27
وَيَوۡمَ نَحۡشُرُهُمۡ جَمِيعٗا ثُمَّ نَقُولُ لِلَّذِينَ أَشۡرَكُواْ مَكَانَكُمۡ أَنتُمۡ وَشُرَكَآؤُكُمۡۚ فَزَيَّلۡنَا بَيۡنَهُمۡۖ وَقَالَ شُرَكَآؤُهُم مَّا كُنتُمۡ إِيَّانَا تَعۡبُدُونَ
Ɛda a Yε’bεboa wͻn nyinaa ano no, Yε’bεka akyerε wͻn a wͻ’de biribi bataa Nyankopͻn ho no sε: “Mo ne wͻn a mode wͻn bataa Nyankopͻn ho no, monyina faako a mogyina no ara. Na Yε’bεpaepae wͻn ntεm. Wͻn a wͻ’de wͻn bataa Nyankopͻn ho no bεka akyerε (abosomsomfoͻ no) sε: “Yεn deε εnyε yεn na na mosom yεn no”
Surah Yunus, Verse 28
فَكَفَىٰ بِٱللَّهِ شَهِيدَۢا بَيۡنَنَا وَبَيۡنَكُمۡ إِن كُنَّا عَنۡ عِبَادَتِكُمۡ لَغَٰفِلِينَ
Onyankopͻn som bo sε Ɔdanseni wͻ yεn ne montεm sε, yε’deε yennim som a na mosom (yεn) no ho hwee
Surah Yunus, Verse 29
هُنَالِكَ تَبۡلُواْ كُلُّ نَفۡسٖ مَّآ أَسۡلَفَتۡۚ وَرُدُّوٓاْ إِلَى ٱللَّهِ مَوۡلَىٰهُمُ ٱلۡحَقِّۖ وَضَلَّ عَنۡهُم مَّا كَانُواْ يَفۡتَرُونَ
Ɛhͻ na ͻkra biara behunu dwuma a (odi) detoo n’anim, na yεde wͻn bεsan akͻ wͻn Wura paa no hͻ, na nkontompo a wͻ’bͻͻ wͻn trim twaeε no bεyera afri wͻn ho
Surah Yunus, Verse 30
قُلۡ مَن يَرۡزُقُكُم مِّنَ ٱلسَّمَآءِ وَٱلۡأَرۡضِ أَمَّن يَمۡلِكُ ٱلسَّمۡعَ وَٱلۡأَبۡصَٰرَ وَمَن يُخۡرِجُ ٱلۡحَيَّ مِنَ ٱلۡمَيِّتِ وَيُخۡرِجُ ٱلۡمَيِّتَ مِنَ ٱلۡحَيِّ وَمَن يُدَبِّرُ ٱلۡأَمۡرَۚ فَسَيَقُولُونَ ٱللَّهُۚ فَقُلۡ أَفَلَا تَتَّقُونَ
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Hwan na ͻbͻ mo akͻnhoma fri soro ne asaase soͻ? Anaasε hwan na ͻwͻ aso a εte asεm ne ani a ehunu adeε no ho tumi? Na hwan na ͻma ateasefoͻ pue fri awufoͻ mu, na ͻma awufoͻ nso pue fri ateasefoͻ mu? Na hwan na ͻtoto ntotoeε (nyinaa)?” Deε wͻ’bεka nesε, “Onyankopͻn.“ Ɛneε ka sε: “Enti monsuro Nyankopͻn?”
Surah Yunus, Verse 31
فَذَٰلِكُمُ ٱللَّهُ رَبُّكُمُ ٱلۡحَقُّۖ فَمَاذَا بَعۡدَ ٱلۡحَقِّ إِلَّا ٱلضَّلَٰلُۖ فَأَنَّىٰ تُصۡرَفُونَ
Mo Wura Nyankopͻn paa no ne no. Na εdeεn na εwͻ nokorε akyi bio, gyesε ͻyera (anaasε nkontompo)? Na adεn na modane mo ho (fri nokorε no ho)
Surah Yunus, Verse 32
كَذَٰلِكَ حَقَّتۡ كَلِمَتُ رَبِّكَ عَلَى ٱلَّذِينَ فَسَقُوٓاْ أَنَّهُمۡ لَا يُؤۡمِنُونَ
Saa na wo Wura Nyankopͻn asεm ayε nokorε atia abͻneεfoͻ no, nokorε sε wͻ’nnye nni
Surah Yunus, Verse 33
قُلۡ هَلۡ مِن شُرَكَآئِكُم مَّن يَبۡدَؤُاْ ٱلۡخَلۡقَ ثُمَّ يُعِيدُهُۥۚ قُلِ ٱللَّهُ يَبۡدَؤُاْ ٱلۡخَلۡقَ ثُمَّ يُعِيدُهُۥۖ فَأَنَّىٰ تُؤۡفَكُونَ
Kasε: “Enti obi wͻ mo mmatahofoͻ no mu a ͻhyε abͻdeε aseε na afei (otumi) san (owufoͻ) no (ba nkwa mu bio)? Afei adεn na modane mu ho (fri Nokorε no ho)
Surah Yunus, Verse 34
قُلۡ هَلۡ مِن شُرَكَآئِكُم مَّن يَهۡدِيٓ إِلَى ٱلۡحَقِّۚ قُلِ ٱللَّهُ يَهۡدِي لِلۡحَقِّۗ أَفَمَن يَهۡدِيٓ إِلَى ٱلۡحَقِّ أَحَقُّ أَن يُتَّبَعَ أَمَّن لَّا يَهِدِّيٓ إِلَّآ أَن يُهۡدَىٰۖ فَمَا لَكُمۡ كَيۡفَ تَحۡكُمُونَ
Ka sε: “Enti obi wͻ mo mmatahofoͻ no mu a ͻkyerε kwan kͻ Nokorε no mu?” Ka sε: “Onyankopͻn na Ɔkyerε kwan kͻ nokorε no mu. Ɛneε na Obi a Ɔkyerε kwan kͻ nokorε no mu no Ɔno na εsεsε yedi n’akyi, anaasε obia ontumi nkyerε (ne ho mpo) kwan gyesε yεkyerε no kwan ansa no?” Na deεn na εha mo wͻ sεdeε mosi bu atεn yi
Surah Yunus, Verse 35
وَمَا يَتَّبِعُ أَكۡثَرُهُمۡ إِلَّا ظَنًّاۚ إِنَّ ٱلظَّنَّ لَا يُغۡنِي مِنَ ٱلۡحَقِّ شَيۡـًٔاۚ إِنَّ ٱللَّهَ عَلِيمُۢ بِمَا يَفۡعَلُونَ
Deε wͻn mu dodoᴐ no adwen kyerε wͻn no na wͻ’di akyire. Nokorε sε, deε wͻn adwen kyerε wͻn no ho mma mfasoͻ biara wͻ Nokorε no ho. Nokorε sε, Onyankopͻn ne dwuma a wͻ’die no ho Nimdefoͻ
Surah Yunus, Verse 36
وَمَا كَانَ هَٰذَا ٱلۡقُرۡءَانُ أَن يُفۡتَرَىٰ مِن دُونِ ٱللَّهِ وَلَٰكِن تَصۡدِيقَ ٱلَّذِي بَيۡنَ يَدَيۡهِ وَتَفۡصِيلَ ٱلۡكِتَٰبِ لَا رَيۡبَ فِيهِ مِن رَّبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Saa Qur’aan yi nnyε (Nwoma) a Onyankopͻn akyi (obi betumi) abͻ (ne) trimu ayε bie, na mmom (εyε Nyankopͻn Nwoma a) εfoa (Tora ne Injeel) a edi n’anim kan (baeε) no so, ne Nwoma no nkyerεkyerεmu; akyinnyeε biara nni mu, efri Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no hͻ
Surah Yunus, Verse 37
أَمۡ يَقُولُونَ ٱفۡتَرَىٰهُۖ قُلۡ فَأۡتُواْ بِسُورَةٖ مِّثۡلِهِۦ وَٱدۡعُواْ مَنِ ٱسۡتَطَعۡتُم مِّن دُونِ ٱللَّهِ إِن كُنتُمۡ صَٰدِقِينَ
Anaasε wͻ’ka sε: “(Muhammad) abͻ ne tri mu (na atwerε)? “Ka sε: “Ɛneε monfa Suura a, εte saa mmra, na monfri Nyankopͻn akyi mfrε obia mobetumi, sε moyε nokwafoͻ ampa a
Surah Yunus, Verse 38
بَلۡ كَذَّبُواْ بِمَا لَمۡ يُحِيطُواْ بِعِلۡمِهِۦ وَلَمَّا يَأۡتِهِمۡ تَأۡوِيلُهُۥۚ كَذَٰلِكَ كَذَّبَ ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡۖ فَٱنظُرۡ كَيۡفَ كَانَ عَٰقِبَةُ ٱلظَّـٰلِمِينَ
Daabi, wͻ’bu deε wͻn nimdeε nnuruu ho no sε nkontompo, aberε a nenkyeraseε nnuruu wͻn hͻ. Saa ara na wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no buu no atorͻsεm; na hwε sεdeε abͻneεfoͻ no awieε si wieε
Surah Yunus, Verse 39
وَمِنۡهُم مَّن يُؤۡمِنُ بِهِۦ وَمِنۡهُم مَّن لَّا يُؤۡمِنُ بِهِۦۚ وَرَبُّكَ أَعۡلَمُ بِٱلۡمُفۡسِدِينَ
Wͻn mu bi nom gye di, na wͻn mu bi nso nnye nni; na wo Wura Nyankopͻn Nim nsεmͻnedifoͻ no paa
Surah Yunus, Verse 40
وَإِن كَذَّبُوكَ فَقُل لِّي عَمَلِي وَلَكُمۡ عَمَلُكُمۡۖ أَنتُم بَرِيٓـُٔونَ مِمَّآ أَعۡمَلُ وَأَنَا۠ بَرِيٓءٞ مِّمَّا تَعۡمَلُونَ
Sε wͻ’bu wo nkontomponi a, kasε: “M’adwuma wͻ me, εna monso mo adwuma wͻ mo, na medeε m’atwe me ho afri dwuma a modie no ho.”
Surah Yunus, Verse 41
وَمِنۡهُم مَّن يَسۡتَمِعُونَ إِلَيۡكَۚ أَفَأَنتَ تُسۡمِعُ ٱلصُّمَّ وَلَوۡ كَانُواْ لَا يَعۡقِلُونَ
Wͻn mu bi wͻhͻ a wͻ’tie woͻ. Enti wobetumi ama asosifoͻ ate asεm, sε wͻ’nte asεm ase mpo a
Surah Yunus, Verse 42
وَمِنۡهُم مَّن يَنظُرُ إِلَيۡكَۚ أَفَأَنتَ تَهۡدِي ٱلۡعُمۡيَ وَلَوۡ كَانُواْ لَا يُبۡصِرُونَ
Wͻn mu bi wͻ hͻ a wͻ’hwε woͻ. Enti wobetumi akyerε onifrani kwan, sε wͻ’nnhunu adeε mpo a
Surah Yunus, Verse 43
إِنَّ ٱللَّهَ لَا يَظۡلِمُ ٱلنَّاسَ شَيۡـٔٗا وَلَٰكِنَّ ٱلنَّاسَ أَنفُسَهُمۡ يَظۡلِمُونَ
Nokorε sε, Nyankopͻn nnsisi nnipa wͻ hwee ho, na mmom nnipa no ara na wͻ’sisi wͻn ho
Surah Yunus, Verse 44
وَيَوۡمَ يَحۡشُرُهُمۡ كَأَن لَّمۡ يَلۡبَثُوٓاْ إِلَّا سَاعَةٗ مِّنَ ٱلنَّهَارِ يَتَعَارَفُونَ بَيۡنَهُمۡۚ قَدۡ خَسِرَ ٱلَّذِينَ كَذَّبُواْ بِلِقَآءِ ٱللَّهِ وَمَا كَانُواْ مُهۡتَدِينَ
Ɛda a Ɔbεboa wͻn ano no εbεyε wͻn sε wͻ’nntenaa (wiase anaa adakamena mu) da, na mmom (sε watena mu mpo a εyε) adekyeε mu dͻnhwere (tiaa) bi; na wͻ’behu wͻn ho wͻn ho. Nokorε wͻn a wͻ’buu Nyankopͻn Nhyiamu (Da) no sε atorͻsεm no aberε agu, na wͻ’nyε atenenefoͻ
Surah Yunus, Verse 45
وَإِمَّا نُرِيَنَّكَ بَعۡضَ ٱلَّذِي نَعِدُهُمۡ أَوۡ نَتَوَفَّيَنَّكَ فَإِلَيۡنَا مَرۡجِعُهُمۡ ثُمَّ ٱللَّهُ شَهِيدٌ عَلَىٰ مَا يَفۡعَلُونَ
Sε Yε’beyi deε Ya’hyε wͻn ho bͻ no mu bi akyerε wo (wͻ wonkwa nna mu), anaasε Yε’bεma wo awuo (ansa), Yεn hͻ ne wͻn nyinaa nkyi, na Onyankopͻn ne dwuma a wͻ’die no ho Danseni
Surah Yunus, Verse 46
وَلِكُلِّ أُمَّةٖ رَّسُولٞۖ فَإِذَا جَآءَ رَسُولُهُمۡ قُضِيَ بَيۡنَهُم بِٱلۡقِسۡطِ وَهُمۡ لَا يُظۡلَمُونَ
Ɔman biara wͻ ͻsomafoͻ. Enti sε wͻn somafoͻ no ba (wͻ Atemmuda) a, yεbebu wͻn ntεm atεn pεpεεpε na yensisi wͻn
Surah Yunus, Verse 47
وَيَقُولُونَ مَتَىٰ هَٰذَا ٱلۡوَعۡدُ إِن كُنتُمۡ صَٰدِقِينَ
Deԑ wͻ’ka ne sε: “Ɛberε bεn na saa bͻhyε no (besie), sε moyε nokwafoͻ ampa a?”
Surah Yunus, Verse 48
قُل لَّآ أَمۡلِكُ لِنَفۡسِي ضَرّٗا وَلَا نَفۡعًا إِلَّا مَا شَآءَ ٱللَّهُۗ لِكُلِّ أُمَّةٍ أَجَلٌۚ إِذَا جَآءَ أَجَلُهُمۡ فَلَا يَسۡتَـٔۡخِرُونَ سَاعَةٗ وَلَا يَسۡتَقۡدِمُونَ
Ka sε: “Menni deε εma me ͻhaw anaasε mfasoͻ ho tumi, gyesε deε Onyankopͻn pε. Ɔman biara wͻ εberε (a yahyehyε ama no), sε wͻn berε no so a, εnka akyi dͻnhwere baako, εna εnkͻ n’anim nso (dͻnhwere baako)
Surah Yunus, Verse 49
قُلۡ أَرَءَيۡتُمۡ إِنۡ أَتَىٰكُمۡ عَذَابُهُۥ بَيَٰتًا أَوۡ نَهَارٗا مَّاذَا يَسۡتَعۡجِلُ مِنۡهُ ٱلۡمُجۡرِمُونَ
Ka sε: “Moahunu, sε N’asotwee no ba mo so adekyeε (berɛ mu) anaasε anadwo (berɛ mu) a, emu deε εwͻ hen na abͻneεfoͻ no repre ho no?”
Surah Yunus, Verse 50
أَثُمَّ إِذَا مَا وَقَعَ ءَامَنتُم بِهِۦٓۚ ءَآلۡـَٰٔنَ وَقَدۡ كُنتُم بِهِۦ تَسۡتَعۡجِلُونَ
Anaasε esi wie a na mobεgye adie? Seesei; (afei na moagye adie?) Ampa sε na morepε no ntεm
Surah Yunus, Verse 51
ثُمَّ قِيلَ لِلَّذِينَ ظَلَمُواْ ذُوقُواْ عَذَابَ ٱلۡخُلۡدِ هَلۡ تُجۡزَوۡنَ إِلَّا بِمَا كُنتُمۡ تَكۡسِبُونَ
Afei yεbεka akyerε wͻn a wͻ’yεε bͻne no sε: “Monka afe bͻͻ asotwee no nhwε; dwuma a modiiε no so akatua na yεde atua moka
Surah Yunus, Verse 52
۞وَيَسۡتَنۢبِـُٔونَكَ أَحَقٌّ هُوَۖ قُلۡ إِي وَرَبِّيٓ إِنَّهُۥ لَحَقّٞۖ وَمَآ أَنتُم بِمُعۡجِزِينَ
(Nkͻmhyεni), wͻ’rebisa wo sε: “Ɛno yε nokorε?“ Ka sε: Aane; Mede me Wura Nyankopͻn di nse sε, nokorε paa; na montumi nnsi ho kwan”
Surah Yunus, Verse 53
وَلَوۡ أَنَّ لِكُلِّ نَفۡسٖ ظَلَمَتۡ مَا فِي ٱلۡأَرۡضِ لَٱفۡتَدَتۡ بِهِۦۗ وَأَسَرُّواْ ٱلنَّدَامَةَ لَمَّا رَأَوُاْ ٱلۡعَذَابَۖ وَقُضِيَ بَيۡنَهُم بِٱلۡقِسۡطِ وَهُمۡ لَا يُظۡلَمُونَ
Nokorԑ sε ͻkra bi a w’ayε bͻne wͻ deε εwͻ asaase so nyinaa mpo sε ͻde bεyε mpata (anya neho afa adi a, yεnnye saa mpata no). Wͻ’benu wͻn ho wͻ wɔn akoma mu wɔ berε a wͻ’behunu asotwee no; na yebebu wͻn ntεm atεn tenenee, na yennsisi wͻn
Surah Yunus, Verse 54
أَلَآ إِنَّ لِلَّهِ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۗ أَلَآ إِنَّ وَعۡدَ ٱللَّهِ حَقّٞ وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَهُمۡ لَا يَعۡلَمُونَ
Hwε, nokorε sε, deε εwͻ soro ne asaase so (nyinaa) wͻ Nyankopͻn. Hwε, nokorε sε, Onyankopͻn bͻhyε yε nokorε, nanso nnipa pii nnim
Surah Yunus, Verse 55
هُوَ يُحۡيِۦ وَيُمِيتُ وَإِلَيۡهِ تُرۡجَعُونَ
Ɔno na Ɔma nkwa εna Okum, na Nehͻ na mobεsan akͻ
Surah Yunus, Verse 56
يَـٰٓأَيُّهَا ٱلنَّاسُ قَدۡ جَآءَتۡكُم مَّوۡعِظَةٞ مِّن رَّبِّكُمۡ وَشِفَآءٞ لِّمَا فِي ٱلصُّدُورِ وَهُدٗى وَرَحۡمَةٞ لِّلۡمُؤۡمِنِينَ
Adasamma, ampa sε Afutusεm ne akoma mu (yadeε ho) ayaresa ne kwankyerε, ne ahummͻborͻ dema agyidiefoͻ no, fri mo Wura Nyankopͻn hͻ aba mo hͻ
Surah Yunus, Verse 57
قُلۡ بِفَضۡلِ ٱللَّهِ وَبِرَحۡمَتِهِۦ فَبِذَٰلِكَ فَلۡيَفۡرَحُواْ هُوَ خَيۡرٞ مِّمَّا يَجۡمَعُونَ
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Onyankopͻn adom ne N’ahummͻborͻ, εno na εsεsε wͻn ani gye ho; εno mmom na εyε kyεn deε wͻ’reboaboa ano no
Surah Yunus, Verse 58
قُلۡ أَرَءَيۡتُم مَّآ أَنزَلَ ٱللَّهُ لَكُم مِّن رِّزۡقٖ فَجَعَلۡتُم مِّنۡهُ حَرَامٗا وَحَلَٰلٗا قُلۡ ءَآللَّهُ أَذِنَ لَكُمۡۖ أَمۡ عَلَى ٱللَّهِ تَفۡتَرُونَ
Ka sε: “Moahunu akͻnhoma a Onyankopͻn asiane ama mo no a moayε emu bi akyiwadeε εna moama emu bi nso ho kwan no”. Ka sε: “Onyankopͻn na ama mo ho kwan, anaasε mobͻ mo trim twa nkontompo to Onyankopͻn so?”
Surah Yunus, Verse 59
وَمَا ظَنُّ ٱلَّذِينَ يَفۡتَرُونَ عَلَى ٱللَّهِ ٱلۡكَذِبَ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِۗ إِنَّ ٱللَّهَ لَذُو فَضۡلٍ عَلَى ٱلنَّاسِ وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَهُمۡ لَا يَشۡكُرُونَ
Wͻn a wͻ’bͻ wͻn trim twa nkontompo to Nyankopͻn soͻ no adwen ne sεn wͻ Wusͻreε da no ho? Nokorε sε, Onyankopͻn yε Adom Hene ma adasamma, nanso wͻn mu pii nnyi (Onyankopͻn) ayε
Surah Yunus, Verse 60
وَمَا تَكُونُ فِي شَأۡنٖ وَمَا تَتۡلُواْ مِنۡهُ مِن قُرۡءَانٖ وَلَا تَعۡمَلُونَ مِنۡ عَمَلٍ إِلَّا كُنَّا عَلَيۡكُمۡ شُهُودًا إِذۡ تُفِيضُونَ فِيهِۚ وَمَا يَعۡزُبُ عَن رَّبِّكَ مِن مِّثۡقَالِ ذَرَّةٖ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَلَا فِي ٱلسَّمَآءِ وَلَآ أَصۡغَرَ مِن ذَٰلِكَ وَلَآ أَكۡبَرَ إِلَّا فِي كِتَٰبٖ مُّبِينٍ
(Nkͻmhyεni), dwuma die biara a wowͻ mu, anaa deε wobεkenkan afri Qur’aan mu, anaa dwuma die a mobedie no, Yedi mo ho adanseε εberε a mo wͻ mu no. Na (deε) emu duro ketekete tesε aboboaa (a ani ntumi nhunu) wͻ asaase so, anaa ͻsoro anaa deε esua kyεn saa anaasε deε εso kyεn saa, (emu biara) nsuma wo Wura Nyankopͻn, na mmom (ne nyinaa) wͻ Nwoma pefee no mu
Surah Yunus, Verse 61
أَلَآ إِنَّ أَوۡلِيَآءَ ٱللَّهِ لَا خَوۡفٌ عَلَيۡهِمۡ وَلَا هُمۡ يَحۡزَنُونَ
Nokorε sε wͻn a Nyankopͻn taa wͻn akyi no ehuu biara mmͻ wͻn, na wͻn werε nso nnho (wͻ Atemmuda)
Surah Yunus, Verse 62
ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَكَانُواْ يَتَّقُونَ
Wͻn a wͻ’gye diiε na wͻ’suroo Nyankopͻn no
Surah Yunus, Verse 63
لَهُمُ ٱلۡبُشۡرَىٰ فِي ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَا وَفِي ٱلۡأٓخِرَةِۚ لَا تَبۡدِيلَ لِكَلِمَٰتِ ٱللَّهِۚ ذَٰلِكَ هُوَ ٱلۡفَوۡزُ ٱلۡعَظِيمُ
(Saa nkorͻfoͻ no) wͻ anigyesεm wͻ wiase asetena yi mu ne Daakye no nso. Nsakraeε nni Nyankopͻn Nsεm mu. Woi ne nkonimdie kεseε no
Surah Yunus, Verse 64
وَلَا يَحۡزُنكَ قَوۡلُهُمۡۘ إِنَّ ٱلۡعِزَّةَ لِلَّهِ جَمِيعًاۚ هُوَ ٱلسَّمِيعُ ٱلۡعَلِيمُ
(Nkͻmhyεni), εmma wͻn nsεm (a wͻ’keka) no nnyε wo awerεho; efrisε tumi ne animuonyam nyinaa wͻ Nyankopͻn. Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara no, Ɔne Onimdefoͻ no
Surah Yunus, Verse 65
أَلَآ إِنَّ لِلَّهِ مَن فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَن فِي ٱلۡأَرۡضِۗ وَمَا يَتَّبِعُ ٱلَّذِينَ يَدۡعُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ شُرَكَآءَۚ إِن يَتَّبِعُونَ إِلَّا ٱلظَّنَّ وَإِنۡ هُمۡ إِلَّا يَخۡرُصُونَ
Hwε, nokorε sε obiara a ᴐwͻ soro ne obiara a ᴐwͻ asaase so (nyinaa) wͻ Nyankopͻn. Wͻn a wͻ’fri Nyankopͻn akyi sufrε (anyame ahodoͻ no) nni (Onyankopͻn) mmataho bi a wͻ’di akyire, na mmom deε wͻn adwen kyerε wͻn na wͻ’di akyire, na atorͻsεm na wͻ’die
Surah Yunus, Verse 66
هُوَ ٱلَّذِي جَعَلَ لَكُمُ ٱلَّيۡلَ لِتَسۡكُنُواْ فِيهِ وَٱلنَّهَارَ مُبۡصِرًاۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٖ لِّقَوۡمٖ يَسۡمَعُونَ
Ͻno Nyankopͻn na W’ayε anadwo ama mo sεdeε mobεgye moahome wͻ mu, εna (W’ayε) adekyeε nso (sεdeε mode) behunu (biribiara pefee). Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu ma nnipa a wͻ’tie (Nyankopͻn asεm no kͻ adwendwen mu)
Surah Yunus, Verse 67
قَالُواْ ٱتَّخَذَ ٱللَّهُ وَلَدٗاۗ سُبۡحَٰنَهُۥۖ هُوَ ٱلۡغَنِيُّۖ لَهُۥ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِۚ إِنۡ عِندَكُم مِّن سُلۡطَٰنِۭ بِهَٰذَآۚ أَتَقُولُونَ عَلَى ٱللَّهِ مَا لَا تَعۡلَمُونَ
(Wͻ’kasε: Nyankopͻn awo ba. Kronkron Hene ne no. Ɔne )Otumfoͻ a( W’anya neho a onhia obiara biribiara. Deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so (nyinaa) wͻ no. Monni (saa asεm) woi ho nyinasoͻ biara (a εkyerε sε Nyankopͻn awo ba). Anaasε moka deε monnim deto Nyanko-pͻn so
Surah Yunus, Verse 68
قُلۡ إِنَّ ٱلَّذِينَ يَفۡتَرُونَ عَلَى ٱللَّهِ ٱلۡكَذِبَ لَا يُفۡلِحُونَ
(Nkͻmhyεni), Ka sε: “Wͻn a wͻ’bͻ wͻn trim twa nkotompo to Nyankopͻn soͻ no nni nkonim da.”
Surah Yunus, Verse 69
مَتَٰعٞ فِي ٱلدُّنۡيَا ثُمَّ إِلَيۡنَا مَرۡجِعُهُمۡ ثُمَّ نُذِيقُهُمُ ٱلۡعَذَابَ ٱلشَّدِيدَ بِمَا كَانُواْ يَكۡفُرُونَ
Wiase mu anigyeε (yε kakraabi); afei Yε’hͻ ne wͻn nkyi, na Yε’bεma wͻn aka asotwee denden no ahwε, εnam (nokorε a) wͻ’pooeε no ho nti
Surah Yunus, Verse 70
۞وَٱتۡلُ عَلَيۡهِمۡ نَبَأَ نُوحٍ إِذۡ قَالَ لِقَوۡمِهِۦ يَٰقَوۡمِ إِن كَانَ كَبُرَ عَلَيۡكُم مَّقَامِي وَتَذۡكِيرِي بِـَٔايَٰتِ ٱللَّهِ فَعَلَى ٱللَّهِ تَوَكَّلۡتُ فَأَجۡمِعُوٓاْ أَمۡرَكُمۡ وَشُرَكَآءَكُمۡ ثُمَّ لَا يَكُنۡ أَمۡرُكُمۡ عَلَيۡكُمۡ غُمَّةٗ ثُمَّ ٱقۡضُوٓاْ إِلَيَّ وَلَا تُنظِرُونِ
Ka Noa ho asεm no kyerε wͻn, εberε a ͻka kyerεԑ ne nkrorͻfoͻ sε: ”Menkorͻfoͻ, sε εha a mewͻ yi, ne m’afutuo a mede Nyankopͻn asεm no retu mo foͻ no ayε mo adesoa a, εneε Nyankopͻn na mede me ho twere no. Enti mone mo anyame no momͻ pͻ a mobεbͻ. Na monhwε na moamma moadwen anhinhim wͻ mo dwuma die no ho, na monyε deε mobεyε (biara ntia) me, na monhwε na moamma me ahomegye berε
Surah Yunus, Verse 71
فَإِن تَوَلَّيۡتُمۡ فَمَا سَأَلۡتُكُم مِّنۡ أَجۡرٍۖ إِنۡ أَجۡرِيَ إِلَّا عَلَى ٱللَّهِۖ وَأُمِرۡتُ أَنۡ أَكُونَ مِنَ ٱلۡمُسۡلِمِينَ
Na sε modane moakyi dema a, εneε memisaa mo akatua bi; m’akatua deε Onyankopͻn hͻ na εwͻ. Yahyε me sε menka Muslimifoͻ no ho
Surah Yunus, Verse 72
فَكَذَّبُوهُ فَنَجَّيۡنَٰهُ وَمَن مَّعَهُۥ فِي ٱلۡفُلۡكِ وَجَعَلۡنَٰهُمۡ خَلَـٰٓئِفَ وَأَغۡرَقۡنَا ٱلَّذِينَ كَذَّبُواْ بِـَٔايَٰتِنَاۖ فَٱنظُرۡ كَيۡفَ كَانَ عَٰقِبَةُ ٱلۡمُنذَرِينَ
Nanso wͻ’buu Noa torofo, enti Yε’gyee no ne wͻn a εka ne ho no nkwa wͻ nhyεmma no mu; na Yε’yεε wͻn anaamusifoͻ, na Yε’maa nsuo faa wͻn a wͻ’buu Yε’nsεm no atorͻsεm no. Enti hwε sεdeε wͻn a yεbͻͻ wͻn kͻkͻ no awieε si wieε
Surah Yunus, Verse 73
ثُمَّ بَعَثۡنَا مِنۢ بَعۡدِهِۦ رُسُلًا إِلَىٰ قَوۡمِهِمۡ فَجَآءُوهُم بِٱلۡبَيِّنَٰتِ فَمَا كَانُواْ لِيُؤۡمِنُواْ بِمَا كَذَّبُواْ بِهِۦ مِن قَبۡلُۚ كَذَٰلِكَ نَطۡبَعُ عَلَىٰ قُلُوبِ ٱلۡمُعۡتَدِينَ
Afei n’akyi no, Yε’somaa asomafoͻ (pii) maa wͻ’kͻͻ wͻn nkorͻfoͻ hͻ. Wͻ’de nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee no berεε wͻn, nanso wanye deε wͻ’buu no nkontomposεm kane no anni. Saa na Y’etua abͻneεfoͻ no a wͻ’to mmra no akoma ano
Surah Yunus, Verse 74
ثُمَّ بَعَثۡنَا مِنۢ بَعۡدِهِم مُّوسَىٰ وَهَٰرُونَ إِلَىٰ فِرۡعَوۡنَ وَمَلَإِيْهِۦ بِـَٔايَٰتِنَا فَٱسۡتَكۡبَرُواْ وَكَانُواْ قَوۡمٗا مُّجۡرِمِينَ
Afei wͻn akyi no Y’εde Yεn nsεnkyerεnee somaaa Mose ne Aaron maa wͻ’kͻͻ Farao ne nenhemfo no hͻ, nanso wͻ’yεε ahomasoͻ. Na wͻ’yε nnipa nsεmͻnedifoͻ paa
Surah Yunus, Verse 75
فَلَمَّا جَآءَهُمُ ٱلۡحَقُّ مِنۡ عِندِنَا قَالُوٓاْ إِنَّ هَٰذَا لَسِحۡرٞ مُّبِينٞ
Ɛberε a Nokorε no fri Yεn hͻ baa wͻn hͻ no, wͻ’kaa sε: “Nokorε sε, woi deε εyε nkonyaa pefee“
Surah Yunus, Verse 76
قَالَ مُوسَىٰٓ أَتَقُولُونَ لِلۡحَقِّ لَمَّا جَآءَكُمۡۖ أَسِحۡرٌ هَٰذَا وَلَا يُفۡلِحُ ٱلسَّـٰحِرُونَ
Mose kaa sε: “Deε moreka fa Nokorε no a aba mo hͻ no ho nie? Woi yε nkonyaa?” Nkonyaayifoͻ deε wͻ’nni nkonim da
Surah Yunus, Verse 77
قَالُوٓاْ أَجِئۡتَنَا لِتَلۡفِتَنَا عَمَّا وَجَدۡنَا عَلَيۡهِ ءَابَآءَنَا وَتَكُونَ لَكُمَا ٱلۡكِبۡرِيَآءُ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَمَا نَحۡنُ لَكُمَا بِمُؤۡمِنِينَ
Wͻ’kaa sε: “(Mose), waba yεn hɔ rebεdane y’ani afri deε yε’bεtoo y’agyanom sε wͻ’resom no so, sεdeε mo mmienu mobεma moho so wͻ asaase yi soͻ? Yε’deε yε’nnye mo mmienu nni
Surah Yunus, Verse 78
وَقَالَ فِرۡعَوۡنُ ٱئۡتُونِي بِكُلِّ سَٰحِرٍ عَلِيمٖ
Farao ka kyerεε (Nenhemfo no) sε: “Monfa nkonyaayini biara a w’aben anaa onim de mmrε me”
Surah Yunus, Verse 79
فَلَمَّا جَآءَ ٱلسَّحَرَةُ قَالَ لَهُم مُّوسَىٰٓ أَلۡقُواْ مَآ أَنتُم مُّلۡقُونَ
Enti εberε a nkonyaayifoͻ no baeε no, Mose ka kyerε wͻn sε: Monto deε mowͻ toͻ (biara)
Surah Yunus, Verse 80
فَلَمَّآ أَلۡقَوۡاْ قَالَ مُوسَىٰ مَا جِئۡتُم بِهِ ٱلسِّحۡرُۖ إِنَّ ٱللَّهَ سَيُبۡطِلُهُۥٓ إِنَّ ٱللَّهَ لَا يُصۡلِحُ عَمَلَ ٱلۡمُفۡسِدِينَ
Enti εberε a wͻ’toeε no, Mose kaa sε: “Deε mode aba no yε ntafowa. Nokorε sε Nyankopͻn bεsεe no”. Nokorε sε Nyankopͻn mma nsεmͻnedifoͻ adwuma nnyε yie da”
Surah Yunus, Verse 81
وَيُحِقُّ ٱللَّهُ ٱلۡحَقَّ بِكَلِمَٰتِهِۦ وَلَوۡ كَرِهَ ٱلۡمُجۡرِمُونَ
Onyankopͻn nam N’asεm so bεma Nokorε no atim, sε abͻneεfoͻ no mpε mpo a
Surah Yunus, Verse 82
فَمَآ ءَامَنَ لِمُوسَىٰٓ إِلَّا ذُرِّيَّةٞ مِّن قَوۡمِهِۦ عَلَىٰ خَوۡفٖ مِّن فِرۡعَوۡنَ وَمَلَإِيْهِمۡ أَن يَفۡتِنَهُمۡۚ وَإِنَّ فِرۡعَوۡنَ لَعَالٖ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَإِنَّهُۥ لَمِنَ ٱلۡمُسۡرِفِينَ
Ɛnam Farao ho huu ne wͻn nhemfo no aniεyaa a wͻ’bεhyε wͻn no ho nti, wͻ’annye Mose anni gyesε ne nkorͻfoͻ no mu (nnipa) kakraa bi. Nokorε sε na Farao yε ahomasoͻ paa wͻ asaase no so; nokorε nso sε, na ͻka nsεmͻnedifoͻ no ho
Surah Yunus, Verse 83
وَقَالَ مُوسَىٰ يَٰقَوۡمِ إِن كُنتُمۡ ءَامَنتُم بِٱللَّهِ فَعَلَيۡهِ تَوَكَّلُوٓاْ إِن كُنتُم مُّسۡلِمِينَ
Mose kaa sε: “Menkorͻfoͻ, sε moagye Nyankopͻn adi ampa a, εneε Ɔno na monfa moho nto ne soͻ, sε moyε Muslimifoͻ ampa a
Surah Yunus, Verse 84
فَقَالُواْ عَلَى ٱللَّهِ تَوَكَّلۡنَا رَبَّنَا لَا تَجۡعَلۡنَا فِتۡنَةٗ لِّلۡقَوۡمِ ٱلظَّـٰلِمِينَ
(Israel mma no) kaa sε: “Onyankopͻn so na yεde yεn ho atoͻ, Ye’Wura Nyankopͻn, εmfa yεn nnyε nsͻhwε mma nnipa bͻnefoͻ no
Surah Yunus, Verse 85
وَنَجِّنَا بِرَحۡمَتِكَ مِنَ ٱلۡقَوۡمِ ٱلۡكَٰفِرِينَ
Na fa W’ahummͻborͻ gye yεn firi nnipa a wͻ’nnye (Wo) nnie no nsam”
Surah Yunus, Verse 86
وَأَوۡحَيۡنَآ إِلَىٰ مُوسَىٰ وَأَخِيهِ أَن تَبَوَّءَا لِقَوۡمِكُمَا بِمِصۡرَ بُيُوتٗا وَٱجۡعَلُواْ بُيُوتَكُمۡ قِبۡلَةٗ وَأَقِيمُواْ ٱلصَّلَوٰةَۗ وَبَشِّرِ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ
Y’eyi kyerεε Mose ne nenua (Aaron) sε: “Monya afie wͻ Misrim ma monkorͻfoͻ no, na monyε moafie no Nyamedan, na monfrε Nyame. Na fa anigyesεm no ho bᴐhyԑ no ma agyidiefoͻ no
Surah Yunus, Verse 87
وَقَالَ مُوسَىٰ رَبَّنَآ إِنَّكَ ءَاتَيۡتَ فِرۡعَوۡنَ وَمَلَأَهُۥ زِينَةٗ وَأَمۡوَٰلٗا فِي ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَا رَبَّنَا لِيُضِلُّواْ عَن سَبِيلِكَۖ رَبَّنَا ٱطۡمِسۡ عَلَىٰٓ أَمۡوَٰلِهِمۡ وَٱشۡدُدۡ عَلَىٰ قُلُوبِهِمۡ فَلَا يُؤۡمِنُواْ حَتَّىٰ يَرَوُاْ ٱلۡعَذَابَ ٱلۡأَلِيمَ
Mose kaa sε: “Ye’Wura Nyankopͻn, ampa sε, W’ama Farao ne nenhemfo wiase yi mu afεεfεdeε ne ahonya deɛ. Ye’Wura Nyankopͻn, wͻ’nam so de yera (amanfoͻ) fri Wo kwan no so. Ye’Wura Nyankopͻn, (yεserε Wo sε,) sεe wͻn ahonyadeε no, na ma wͻn akoma nyε den, sεdeε wͻ’nnye (Nokorε no) nnie, kosi sε wͻ’behunu asotwee yaaya no
Surah Yunus, Verse 88
قَالَ قَدۡ أُجِيبَت دَّعۡوَتُكُمَا فَٱسۡتَقِيمَا وَلَا تَتَّبِعَآنِّ سَبِيلَ ٱلَّذِينَ لَا يَعۡلَمُونَ
Onyankopͻn kaa sε: “Matie mo mmienu suferε no, enti monyina pintinn, na monhwε na moannfa wͻn a wͻ’nnim no kwan no so”
Surah Yunus, Verse 89
۞وَجَٰوَزۡنَا بِبَنِيٓ إِسۡرَـٰٓءِيلَ ٱلۡبَحۡرَ فَأَتۡبَعَهُمۡ فِرۡعَوۡنُ وَجُنُودُهُۥ بَغۡيٗا وَعَدۡوًاۖ حَتَّىٰٓ إِذَآ أَدۡرَكَهُ ٱلۡغَرَقُ قَالَ ءَامَنتُ أَنَّهُۥ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا ٱلَّذِيٓ ءَامَنَتۡ بِهِۦ بَنُوٓاْ إِسۡرَـٰٓءِيلَ وَأَنَا۠ مِنَ ٱلۡمُسۡلِمِينَ
Yε’de Israel mma no betwaa ͻpo no, na Farao ne n’asraafoͻ de atrimuͻden ne ͻtan dii wͻn akyi, kͻpem εberε a nsuo refa no, ͻkaa sε: “M’agye adi sε nokorε, awurade foforͻ biara nnihͻ gyesε Nea Israel mma no agye no adie no, na meka Muslimifoͻ no ho
Surah Yunus, Verse 90
ءَآلۡـَٰٔنَ وَقَدۡ عَصَيۡتَ قَبۡلُ وَكُنتَ مِنَ ٱلۡمُفۡسِدِينَ
(Onyankopͻn kaa sε): “Seesei (na woregye adie!) Ampa sε w’adikan ayε asoͻden, na woka nsεmͻnedifoͻ no ho
Surah Yunus, Verse 91
فَٱلۡيَوۡمَ نُنَجِّيكَ بِبَدَنِكَ لِتَكُونَ لِمَنۡ خَلۡفَكَ ءَايَةٗۚ وَإِنَّ كَثِيرٗا مِّنَ ٱلنَّاسِ عَنۡ ءَايَٰتِنَا لَغَٰفِلُونَ
Enti εnnε Yε’bεgye wo honam no (anaasε Yε’mma wohonam no mporͻ wͻ nsuo no mu) sεdeε εbεyε nsεnkyerεnee ama wͻn a wͻn wͻ w’akyire no. Nokorε sε, nnipa no mu pii abu wͻn ani agu Yεn nsεnkyerεnee no so
Surah Yunus, Verse 92
وَلَقَدۡ بَوَّأۡنَا بَنِيٓ إِسۡرَـٰٓءِيلَ مُبَوَّأَ صِدۡقٖ وَرَزَقۡنَٰهُم مِّنَ ٱلطَّيِّبَٰتِ فَمَا ٱخۡتَلَفُواْ حَتَّىٰ جَآءَهُمُ ٱلۡعِلۡمُۚ إِنَّ رَبَّكَ يَقۡضِي بَيۡنَهُمۡ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ فِيمَا كَانُواْ فِيهِ يَخۡتَلِفُونَ
Nokorε sε, Yε’de Israel mma no tenaa asetena pa mu, εna Yε’de nnepa nso bͻͻ wͻn akͻnhoma; na akyinyeε biara nni wͻn ntεm kͻpem sε nimdeε no baa wͻn hͻ. Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn bebu wͻn ntεm atεn wͻ deε wͻ’nnte wᴐn ho ase wᴐ ho no ho
Surah Yunus, Verse 93
فَإِن كُنتَ فِي شَكّٖ مِّمَّآ أَنزَلۡنَآ إِلَيۡكَ فَسۡـَٔلِ ٱلَّذِينَ يَقۡرَءُونَ ٱلۡكِتَٰبَ مِن قَبۡلِكَۚ لَقَدۡ جَآءَكَ ٱلۡحَقُّ مِن رَّبِّكَ فَلَا تَكُونَنَّ مِنَ ٱلۡمُمۡتَرِينَ
Enti sε w’adwen nnsi wo pi wͻ deε Y’asiane ama woͻ no ho a, εneε bisa wͻn a wͻ’dii w’anim kan kenkan Nwoma no. Ampa sε, Nokorε no na efri wo Wura Nyankopͻn hͻ aba wo hͻ no, enti monhwε na moankͻka wͻn a wͻn adwen nsi wͻn pie no ho
Surah Yunus, Verse 94
وَلَا تَكُونَنَّ مِنَ ٱلَّذِينَ كَذَّبُواْ بِـَٔايَٰتِ ٱللَّهِ فَتَكُونَ مِنَ ٱلۡخَٰسِرِينَ
Monhwε na moankͻka wͻn a wͻ’bu Nyankopͻn nsεm no atorͻsεm no ho, na moankͻka berεguofoͻ no ho
Surah Yunus, Verse 95
إِنَّ ٱلَّذِينَ حَقَّتۡ عَلَيۡهِمۡ كَلِمَتُ رَبِّكَ لَا يُؤۡمِنُونَ
Nokorε sε, wͻn a wo Wura Nyankopͻn asεm no nokorε atia wͻn no nnye nni
Surah Yunus, Verse 96
وَلَوۡ جَآءَتۡهُمۡ كُلُّ ءَايَةٍ حَتَّىٰ يَرَوُاْ ٱلۡعَذَابَ ٱلۡأَلِيمَ
Sε (yεde) nsεnkyerεnee nyinaa mpo berε wͻn a, kͻpem sε wͻ’behunu asotwee yaaya no ansa
Surah Yunus, Verse 97
فَلَوۡلَا كَانَتۡ قَرۡيَةٌ ءَامَنَتۡ فَنَفَعَهَآ إِيمَٰنُهَآ إِلَّا قَوۡمَ يُونُسَ لَمَّآ ءَامَنُواْ كَشَفۡنَا عَنۡهُمۡ عَذَابَ ٱلۡخِزۡيِ فِي ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَا وَمَتَّعۡنَٰهُمۡ إِلَىٰ حِينٖ
Adεn na kuro biara annye annie amma ne gyidie no ho amma mfasoͻ amma no? Gyesε Yona nkorͻfoͻ no (nko ara). Ɛberε a wͻ’gye diiε no Ye’yii animguaseε asotwee no frii wͻn so wͻ wiase asetena yi mu, na Yε’maa wͻ’tenaa ase gyee wͻn ani kͻpem εberε bi
Surah Yunus, Verse 98
وَلَوۡ شَآءَ رَبُّكَ لَأٓمَنَ مَن فِي ٱلۡأَرۡضِ كُلُّهُمۡ جَمِيعًاۚ أَفَأَنتَ تُكۡرِهُ ٱلنَّاسَ حَتَّىٰ يَكُونُواْ مُؤۡمِنِينَ
Sε wo Wura Nyankopͻn pε a, anka wͻn a εwͻ asaase soͻ no nyinaa bεgye adi. Na wobεhyε nnipa akͻpem sε wͻ’bεyε agyidiefoͻ anaa
Surah Yunus, Verse 99
وَمَا كَانَ لِنَفۡسٍ أَن تُؤۡمِنَ إِلَّا بِإِذۡنِ ٱللَّهِۚ وَيَجۡعَلُ ٱلرِّجۡسَ عَلَى ٱلَّذِينَ لَا يَعۡقِلُونَ
Ԑmma sε ͻkra bi bεgye adi, gyesε Nyankopͻn ma ho kwan ansa. Na Ɔde asotwee anaasε efii to wͻn a wͻ’nte asεm aseε anaa wͻ’nnwen no so
Surah Yunus, Verse 100
قُلِ ٱنظُرُواْ مَاذَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۚ وَمَا تُغۡنِي ٱلۡأٓيَٰتُ وَٱلنُّذُرُ عَن قَوۡمٖ لَّا يُؤۡمِنُونَ
(Nkͻmhyεni), kasε: “Monhwε deε εwͻ soro ne asaase soͻ no”. Nanso nsεnkyerεnee ne kͻkͻbͻfoͻ no ho amma mfasoͻ amma nnipa a wͻ’nnye nnie no
Surah Yunus, Verse 101
فَهَلۡ يَنتَظِرُونَ إِلَّا مِثۡلَ أَيَّامِ ٱلَّذِينَ خَلَوۡاْ مِن قَبۡلِهِمۡۚ قُلۡ فَٱنتَظِرُوٓاْ إِنِّي مَعَكُم مِّنَ ٱلۡمُنتَظِرِينَ
Enti deε wͻ’retwεn ara ne, wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan kͻeε no nna no sεso? (Nkͻmhyεni), kasε: “Ɛneε montwεn, menso meka mo ne wͻn a wͻ’retwεn no ho”
Surah Yunus, Verse 102
ثُمَّ نُنَجِّي رُسُلَنَا وَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْۚ كَذَٰلِكَ حَقًّا عَلَيۡنَا نُنجِ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ
Afei Yε’gyee Y’asomafoͻ no ne wͻn a wͻ’gye diiε no nkwa. Saa ara na εyε Y’asεde sε Yε’gye agyidiefoͻ no
Surah Yunus, Verse 103
قُلۡ يَـٰٓأَيُّهَا ٱلنَّاسُ إِن كُنتُمۡ فِي شَكّٖ مِّن دِينِي فَلَآ أَعۡبُدُ ٱلَّذِينَ تَعۡبُدُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ وَلَٰكِنۡ أَعۡبُدُ ٱللَّهَ ٱلَّذِي يَتَوَفَّىٰكُمۡۖ وَأُمِرۡتُ أَنۡ أَكُونَ مِنَ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ
Kasε: “Adasamma, sε moadwen nnsi mo pi wͻ me som no ho a, εneε monhwε na moansom wͻn a mofri Nyankopͻn akyi som no, na mmom monsom Nyankopͻn a Ɔma mo wuo no; na medeε yahyε me sε menka agyidiefoͻ no ho
Surah Yunus, Verse 104
وَأَنۡ أَقِمۡ وَجۡهَكَ لِلدِّينِ حَنِيفٗا وَلَا تَكُونَنَّ مِنَ ٱلۡمُشۡرِكِينَ
Na gyina pintinn, na fa w’anim kyerε ͻsom a εtenee no; na hwε na w’ankͻka abosomsomfoͻ no ho
Surah Yunus, Verse 105
وَلَا تَدۡعُ مِن دُونِ ٱللَّهِ مَا لَا يَنفَعُكَ وَلَا يَضُرُّكَۖ فَإِن فَعَلۡتَ فَإِنَّكَ إِذٗا مِّنَ ٱلظَّـٰلِمِينَ
Hwε na w’amfri Nyankopͻn akyi amfrε adeε a enni mfasoͻ mma woͻ, anaasε entumi mma wo ͻhaw, na sε woyε (saa) a εneε na woka abͻneεfoͻ no ho
Surah Yunus, Verse 106
وَإِن يَمۡسَسۡكَ ٱللَّهُ بِضُرّٖ فَلَا كَاشِفَ لَهُۥٓ إِلَّا هُوَۖ وَإِن يُرِدۡكَ بِخَيۡرٖ فَلَا رَآدَّ لِفَضۡلِهِۦۚ يُصِيبُ بِهِۦ مَن يَشَآءُ مِنۡ عِبَادِهِۦۚ وَهُوَ ٱلۡغَفُورُ ٱلرَّحِيمُ
Sε Nyankopͻn de ͻhaw bi to wo so a, enni obi a obetumu ayi afri hͻ, gyesε Ɔno ara; na sε Ɔpε wo papa bi nso a, obiara nnihͻ a ͻbetumi adane N’adom no ani. Ɔma Nenkoa mu nea Ɔpε nsa ka (N’adom no), na Ɔne Bͻnefakyε Hene no, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no
Surah Yunus, Verse 107
قُلۡ يَـٰٓأَيُّهَا ٱلنَّاسُ قَدۡ جَآءَكُمُ ٱلۡحَقُّ مِن رَّبِّكُمۡۖ فَمَنِ ٱهۡتَدَىٰ فَإِنَّمَا يَهۡتَدِي لِنَفۡسِهِۦۖ وَمَن ضَلَّ فَإِنَّمَا يَضِلُّ عَلَيۡهَاۖ وَمَآ أَنَا۠ عَلَيۡكُم بِوَكِيلٖ
Ka sε: “Adasamma, ampa sε Nokorε no fri mo Wura Nyankopͻn hͻ aba mo hͻ. Enti obi a ͻbεtene (afa kwan pa no soͻ) no, εneε ͻtene ma ͻno ara ne ho, na obi a ͻbεyera no nso ͻyera tia ͻno ara ne ho, na me deε mennyε moso hwεfoͻ
Surah Yunus, Verse 108
وَٱتَّبِعۡ مَا يُوحَىٰٓ إِلَيۡكَ وَٱصۡبِرۡ حَتَّىٰ يَحۡكُمَ ٱللَّهُۚ وَهُوَ خَيۡرُ ٱلۡحَٰكِمِينَ
(Nkͻmhyεni), di deε yayi ama woͻ no akyi, na si aboterε kosi sε Nyankopͻn bebu atεn, na Ɔne Atemmufoͻ no mu Ɔtemmufo papa no
Surah Yunus, Verse 109