Surah Ar-Rad Verse 31 - Twi Translation by Sheikh Haroun Ismaeel
Surah Ar-Radوَلَوۡ أَنَّ قُرۡءَانٗا سُيِّرَتۡ بِهِ ٱلۡجِبَالُ أَوۡ قُطِّعَتۡ بِهِ ٱلۡأَرۡضُ أَوۡ كُلِّمَ بِهِ ٱلۡمَوۡتَىٰۗ بَل لِّلَّهِ ٱلۡأَمۡرُ جَمِيعًاۗ أَفَلَمۡ يَاْيۡـَٔسِ ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ أَن لَّوۡ يَشَآءُ ٱللَّهُ لَهَدَى ٱلنَّاسَ جَمِيعٗاۗ وَلَا يَزَالُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ تُصِيبُهُم بِمَا صَنَعُواْ قَارِعَةٌ أَوۡ تَحُلُّ قَرِيبٗا مِّن دَارِهِمۡ حَتَّىٰ يَأۡتِيَ وَعۡدُ ٱللَّهِۚ إِنَّ ٱللَّهَ لَا يُخۡلِفُ ٱلۡمِيعَادَ
Sε anka Qur’aan bi wͻ hͻ a εma mmepͻ tutu (fri deε esisie), anaasε εma asaase paepaeε, anaasε εma awufoͻ kasa a (anka εyε saa Qur’aan yi). Aane, tumi no nyinaa wͻ Nyankopͻn. Wͻn a wͻ’agye adie no nhunuu sε, sε εyε Onyankopͻn pε a anka Ɔbεtene nnipa nyinaa? Wͻn a wͻ’nnye nnie no nso deε mmusuo bεkͻso ato wͻn εnam wͻn nyuma (bͻne) a wͻ’die no ho nti, anaasε (mmusuo no) besi abεn wͻn atenaeε akͻsi sε Onyankopͻn bͻhyε no bεba. Nokorε sε, Onyankopͻn deε Ommu Nebͻhyε no so