Surah Ibrahim Verse 21 - Twi Translation by Sheikh Haroun Ismaeel
Surah Ibrahimوَبَرَزُواْ لِلَّهِ جَمِيعٗا فَقَالَ ٱلضُّعَفَـٰٓؤُاْ لِلَّذِينَ ٱسۡتَكۡبَرُوٓاْ إِنَّا كُنَّا لَكُمۡ تَبَعٗا فَهَلۡ أَنتُم مُّغۡنُونَ عَنَّا مِنۡ عَذَابِ ٱللَّهِ مِن شَيۡءٖۚ قَالُواْ لَوۡ هَدَىٰنَا ٱللَّهُ لَهَدَيۡنَٰكُمۡۖ سَوَآءٌ عَلَيۡنَآ أَجَزِعۡنَآ أَمۡ صَبَرۡنَا مَا لَنَا مِن مَّحِيصٖ
Wͻn nyinaa bεba Nyankopͻn anim; na wͻn a na wͻ’nni ahoͻden no bεka akyerε wͻn a wͻ’yεε ahomasoͻ no sε: “Nokorε sε, moakyi na na yedie; enti mobetumi ayε biribi ama yεn afa Nyankopͻn asotwee no ho anaa? Wͻ’bεka sε: “Sε Onyankopͻn kyerεε yεn kwan a, anka yεnso yεkyerεε mo kwan. (Sesei deε) sε yesu o, anaasε yenya aboterε o, εyε ade korͻ ma yεn; yenni baabiara dwane kͻ