UAE Prayer Times

  • Dubai
  • Abu Dhabi
  • Sharjah
  • Ajman
  • Fujairah
  • Umm Al Quwain
  • Ras Al Khaimah
  • Quran Translations

Surah An-Nahl - Twi Translation by Sheikh Haroun Ismaeel


أَتَىٰٓ أَمۡرُ ٱللَّهِ فَلَا تَسۡتَعۡجِلُوهُۚ سُبۡحَٰنَهُۥ وَتَعَٰلَىٰ عَمَّا يُشۡرِكُونَ

Onyankopͻn ahyεdeε no aba, enti εmma mo mmpere ho. Kronkron Hene ne no; Ɔkorͻn kyεn deε wͻ’de bata Neho no
Surah An-Nahl, Verse 1


يُنَزِّلُ ٱلۡمَلَـٰٓئِكَةَ بِٱلرُّوحِ مِنۡ أَمۡرِهِۦ عَلَىٰ مَن يَشَآءُ مِنۡ عِبَادِهِۦٓ أَنۡ أَنذِرُوٓاْ أَنَّهُۥ لَآ إِلَٰهَ إِلَّآ أَنَا۠ فَٱتَّقُونِ

Ɔnam N’ahyԑdeԑ so ma Soro abͻfoͻ no de Honhom (Adiyisεm) no siane ba Nenkoa no mu nea Ɔpε so sε: “Momͻ (adasamma) kͻkͻ sε: “Awurade foforͻ biara nni hͻ ka Me ho, enti monsuro Me”
Surah An-Nahl, Verse 2


خَلَقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ بِٱلۡحَقِّۚ تَعَٰلَىٰ عَمَّا يُشۡرِكُونَ

Ɔde nokorε no na abͻ soro ne asaase, Ɔyε Okokuroko korͻn paa kyεn deε wͻ’de bata Neho no
Surah An-Nahl, Verse 3


خَلَقَ ٱلۡإِنسَٰنَ مِن نُّطۡفَةٖ فَإِذَا هُوَ خَصِيمٞ مُّبِينٞ

Ɔbͻͻ nipa firi ahobaeε mu, na hwε sε ͻno ne otiafoɔ pefee
Surah An-Nahl, Verse 4


وَٱلۡأَنۡعَٰمَ خَلَقَهَاۖ لَكُمۡ فِيهَا دِفۡءٞ وَمَنَٰفِعُ وَمِنۡهَا تَأۡكُلُونَ

Ɛna W’abͻ nyεmmoa nso ama mo; wͻn ho no monya (ntaadeε a) εma mo ͻhyew, san (nya) mfasoͻ pii fri wͻn ho; na wͻn mu bi nso mowe (wͻn nnam)
Surah An-Nahl, Verse 5


وَلَكُمۡ فِيهَا جَمَالٌ حِينَ تُرِيحُونَ وَحِينَ تَسۡرَحُونَ

Monya wͻn ho anigyeε nso wͻ berε a mode wͻn reba fie anyumerε ne εberε a mode wͻn rekͻ adidi anͻpa
Surah An-Nahl, Verse 6


وَتَحۡمِلُ أَثۡقَالَكُمۡ إِلَىٰ بَلَدٖ لَّمۡ تَكُونُواْ بَٰلِغِيهِ إِلَّا بِشِقِّ ٱلۡأَنفُسِۚ إِنَّ رَبَّكُمۡ لَرَءُوفٞ رَّحِيمٞ

Wͻ’soa moadesoa nso dekͻ nkuro so a, anka mobεbrε moho paa ansa na moaduru hͻ. Nokorε sε mo Wura Nyankopͻn yε Ayεmyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene
Surah An-Nahl, Verse 7


وَٱلۡخَيۡلَ وَٱلۡبِغَالَ وَٱلۡحَمِيرَ لِتَرۡكَبُوهَا وَزِينَةٗۚ وَيَخۡلُقُ مَا لَا تَعۡلَمُونَ

(W’abͻ) apͻnkͻ ne mfunumu-pͻnkͻ ne mfunumu, sεdeε mobεtena wͻn so, na asan ayε afεfεdeε (ama mo); na Ɔbͻ adeε nso a monnnim
Surah An-Nahl, Verse 8


وَعَلَى ٱللَّهِ قَصۡدُ ٱلسَّبِيلِ وَمِنۡهَا جَآئِرٞۚ وَلَوۡ شَآءَ لَهَدَىٰكُمۡ أَجۡمَعِينَ

Onyankopͻn na εyε N’asεdeε sε Ɔkyerε kwan tenee no; na akwan no bi nso wͻ hͻ a amane. Sε εyε Nepε a, anka Ɔbεkyerε mo nyinaa kwan (tenenee no)
Surah An-Nahl, Verse 9


هُوَ ٱلَّذِيٓ أَنزَلَ مِنَ ٱلسَّمَآءِ مَآءٗۖ لَّكُم مِّنۡهُ شَرَابٞ وَمِنۡهُ شَجَرٞ فِيهِ تُسِيمُونَ

Ɔno na Osiane nsuo fri soro a emu bi na monom, εna ebi nso na yεdema nnua a mo nyεmmoa die no nso (nyini)
Surah An-Nahl, Verse 10


يُنۢبِتُ لَكُم بِهِ ٱلزَّرۡعَ وَٱلزَّيۡتُونَ وَٱلنَّخِيلَ وَٱلۡأَعۡنَٰبَ وَمِن كُلِّ ٱلثَّمَرَٰتِۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَةٗ لِّقَوۡمٖ يَتَفَكَّرُونَ

(Ɔsan nso) de ma mfudeε ne ngo nnua ne akyiresua nnua, ne bobe ne nnuaba ahodoͻ nyini ma mo. Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi nom mu dema nnipa a wͻ’dwen
Surah An-Nahl, Verse 11


وَسَخَّرَ لَكُمُ ٱلَّيۡلَ وَٱلنَّهَارَ وَٱلشَّمۡسَ وَٱلۡقَمَرَۖ وَٱلنُّجُومُ مُسَخَّرَٰتُۢ بِأَمۡرِهِۦٓۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٖ لِّقَوۡمٖ يَعۡقِلُونَ

Ɛna W’abrε anadwo ne adekyeε ase ama mo, εna awia ne bosome ne nsonomma nso brε wͻn ho ase wͻ N’ahyεdeε mu. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema wͻn a wͻ’dwen
Surah An-Nahl, Verse 12


وَمَا ذَرَأَ لَكُمۡ فِي ٱلۡأَرۡضِ مُخۡتَلِفًا أَلۡوَٰنُهُۥٓۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَةٗ لِّقَوۡمٖ يَذَّكَّرُونَ

Deε W’adua ama mo wͻ asaase soͻ no nso gu ahodoͻ sononko-sononko. Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema wͻn a wͻ’kaekaeε
Surah An-Nahl, Verse 13


وَهُوَ ٱلَّذِي سَخَّرَ ٱلۡبَحۡرَ لِتَأۡكُلُواْ مِنۡهُ لَحۡمٗا طَرِيّٗا وَتَسۡتَخۡرِجُواْ مِنۡهُ حِلۡيَةٗ تَلۡبَسُونَهَاۖ وَتَرَى ٱلۡفُلۡكَ مَوَاخِرَ فِيهِ وَلِتَبۡتَغُواْ مِن فَضۡلِهِۦ وَلَعَلَّكُمۡ تَشۡكُرُونَ

Ɔno na W’abrε ͻpo ase sεdeε mobedi emu nam mono, na moayi emu agudeε a mode hyε. Na wohunu nsuom hyεn sε εnam mu, sεdeε mobεhwehwε N’adom, ne sεdeε mobeyi (Onyankopͻn) ayε
Surah An-Nahl, Verse 14


وَأَلۡقَىٰ فِي ٱلۡأَرۡضِ رَوَٰسِيَ أَن تَمِيدَ بِكُمۡ وَأَنۡهَٰرٗا وَسُبُلٗا لَّعَلَّكُمۡ تَهۡتَدُونَ

Ɛna Ɔde mmepͻ asisi asaase no so pintinn sεdeε εmma no nnwoso mo, εna (W’ayε) nsubͻnten ne akwan sεdeε mobenya kwan kyerε
Surah An-Nahl, Verse 15


وَعَلَٰمَٰتٖۚ وَبِٱلنَّجۡمِ هُمۡ يَهۡتَدُونَ

Ɛna (W’ayε) nsohyεdeε, (wͻ asaase so), εna (W’ayε) nsoromma a wͻ’de hunu kwan
Surah An-Nahl, Verse 16


أَفَمَن يَخۡلُقُ كَمَن لَّا يَخۡلُقُۚ أَفَلَا تَذَكَّرُونَ

Enti Nea Ɔbͻͻ adeε no, obia ͻmmͻͻ (hwee) ne no na εsε? Adεn monkaekae
Surah An-Nahl, Verse 17


وَإِن تَعُدُّواْ نِعۡمَةَ ٱللَّهِ لَا تُحۡصُوهَآۗ إِنَّ ٱللَّهَ لَغَفُورٞ رَّحِيمٞ

Sε mokan Nyankopͻn adom a monnhunu ano. Nokorε sε, Onyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene
Surah An-Nahl, Verse 18


وَٱللَّهُ يَعۡلَمُ مَا تُسِرُّونَ وَمَا تُعۡلِنُونَ

Onyankopͻn Nim deε mode suma ne deε moda no adie (nyinaa)
Surah An-Nahl, Verse 19


وَٱلَّذِينَ يَدۡعُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ لَا يَخۡلُقُونَ شَيۡـٔٗا وَهُمۡ يُخۡلَقُونَ

Wͻn a wͻ’fri Nyankopͻn akyi sufrε wͻn no ntumi mmͻ hwee, na wͻn ara nso yεbͻͻ wͻn
Surah An-Nahl, Verse 20


أَمۡوَٰتٌ غَيۡرُ أَحۡيَآءٖۖ وَمَا يَشۡعُرُونَ أَيَّانَ يُبۡعَثُونَ

(Wͻ’yε) awufoͻ, wͻ’nnte ase, na wͻ’nnim εberε korͻ a yebenyane wͻn (afri awufuͻ mu)
Surah An-Nahl, Verse 21


إِلَٰهُكُمۡ إِلَٰهٞ وَٰحِدٞۚ فَٱلَّذِينَ لَا يُؤۡمِنُونَ بِٱلۡأٓخِرَةِ قُلُوبُهُم مُّنكِرَةٞ وَهُم مُّسۡتَكۡبِرُونَ

Mo Nyankopͻn no yε Awurade baako. Wͻn a wͻ’nnye Daakye no nnie no, wͻn akoma kyiri (sε wͻ’bεte sε Nyankopͻn yε baako), na wͻ’yε ahomasoͻ
Surah An-Nahl, Verse 22


لَا جَرَمَ أَنَّ ٱللَّهَ يَعۡلَمُ مَا يُسِرُّونَ وَمَا يُعۡلِنُونَۚ إِنَّهُۥ لَا يُحِبُّ ٱلۡمُسۡتَكۡبِرِينَ

Akyinnyeε biara nni ho sε Onyankopͻn Nim deε wͻ’de suma ne deε wͻ’da no adie (nyinaa). Nokorε sε, Ɔmpε wͻn a wͻ’yε ahomasoͻ no asεm
Surah An-Nahl, Verse 23


وَإِذَا قِيلَ لَهُم مَّاذَآ أَنزَلَ رَبُّكُمۡ قَالُوٓاْ أَسَٰطِيرُ ٱلۡأَوَّلِينَ

Sε yεka kyerε wͻn sε: ”Ɛdeεn na mo Wura Nyankopͻn asiane (ama Nkͻmhyεni) a?” Deε wͻ’ka nesε: “Tetefoͻ no anansesεm “
Surah An-Nahl, Verse 24


لِيَحۡمِلُوٓاْ أَوۡزَارَهُمۡ كَامِلَةٗ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ وَمِنۡ أَوۡزَارِ ٱلَّذِينَ يُضِلُّونَهُم بِغَيۡرِ عِلۡمٍۗ أَلَا سَآءَ مَا يَزِرُونَ

Wͻ’bεsoa wͻn adesoa no pεpεεpε wͻ Wusͻreε Da no, na εno akyiri no wͻn asan asoa wͻn a wͻ’yeraa wͻn no a nimdeε biara nni mu no nso adesoa. Nokorε sε, adesoa bͻne paa na wͻ’bεsoa no
Surah An-Nahl, Verse 25


قَدۡ مَكَرَ ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡ فَأَتَى ٱللَّهُ بُنۡيَٰنَهُم مِّنَ ٱلۡقَوَاعِدِ فَخَرَّ عَلَيۡهِمُ ٱلسَّقۡفُ مِن فَوۡقِهِمۡ وَأَتَىٰهُمُ ٱلۡعَذَابُ مِنۡ حَيۡثُ لَا يَشۡعُرُونَ

Ampa sε, wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no pam (apam bͻne tiaa wͻn asomafoͻ no), nanso Onyankopͻn fri wͻn dan no fapem no ase dwiri gui maa εdan no mmͻsoͻ no fri soro beguu wͻn so; asotwee no fri faako a wͻ’nnim baa wͻn so
Surah An-Nahl, Verse 26


ثُمَّ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ يُخۡزِيهِمۡ وَيَقُولُ أَيۡنَ شُرَكَآءِيَ ٱلَّذِينَ كُنتُمۡ تُشَـٰٓقُّونَ فِيهِمۡۚ قَالَ ٱلَّذِينَ أُوتُواْ ٱلۡعِلۡمَ إِنَّ ٱلۡخِزۡيَ ٱلۡيَوۡمَ وَٱلسُّوٓءَ عَلَى ٱلۡكَٰفِرِينَ

Afei Wusͻreε da no, Obegu wͻn anim ase na W’aka akyerε wͻn sε: ”M’ahokafoͻ no a wͻn ho nti motan (nkͻmhyεfoͻ no ne agyidiefoͻ no, san) ko tiaa wͻn no wͻ hen? “Wͻn a yama wͻn nimdeε no bεka sε: ”Nokorε, animguaseε ne ͻhaw bͻne bεka boniayεfoͻ no nnε da yi
Surah An-Nahl, Verse 27


ٱلَّذِينَ تَتَوَفَّىٰهُمُ ٱلۡمَلَـٰٓئِكَةُ ظَالِمِيٓ أَنفُسِهِمۡۖ فَأَلۡقَوُاْ ٱلسَّلَمَ مَا كُنَّا نَعۡمَلُ مِن سُوٓءِۭۚ بَلَىٰٓۚ إِنَّ ٱللَّهَ عَلِيمُۢ بِمَا كُنتُمۡ تَعۡمَلُونَ

“Wͻn a Soro abͻfoͻ yi wͻn nkwa aberε a wͻ’ayε bͻne atia wͻn kraa no, (wͻ’bԑpatu) abrԑ wͻn ho ase (aka sε): “Na yenni dwuma bͻne biara“. (Soro abͻfoͻ no beyi wͻn ano sε): “Daabi, nokorε sε, Onyankopͻn Nim dwuma a modiiε nyinaa.“
Surah An-Nahl, Verse 28


فَٱدۡخُلُوٓاْ أَبۡوَٰبَ جَهَنَّمَ خَٰلِدِينَ فِيهَاۖ فَلَبِئۡسَ مَثۡوَى ٱلۡمُتَكَبِّرِينَ

Enti monwura Amanehunu gya no pono no mu nkͻtena hͻ. Ԑhͻ yε asetena bͻne paa dema ahomasoͻfoͻ no
Surah An-Nahl, Verse 29


۞وَقِيلَ لِلَّذِينَ ٱتَّقَوۡاْ مَاذَآ أَنزَلَ رَبُّكُمۡۚ قَالُواْ خَيۡرٗاۗ لِّلَّذِينَ أَحۡسَنُواْ فِي هَٰذِهِ ٱلدُّنۡيَا حَسَنَةٞۚ وَلَدَارُ ٱلۡأٓخِرَةِ خَيۡرٞۚ وَلَنِعۡمَ دَارُ ٱلۡمُتَّقِينَ

(Sε) y’ԑka kyerε wͻn a wͻ’suro Nyankopͻn no sε: “Ɛdeεn na mo Wura Nyankopͻn asiane a“, deε wͻ’ka ne sε: “Papa nko ara“. Wͻn a wͻ’yεε papa wͻ wiase ha no, papa (ho akatua) na wͻ’benya. Daakye asetena no na εyε, na εno ne efie pa paa dema Nyamesurofoͻ no
Surah An-Nahl, Verse 30


جَنَّـٰتُ عَدۡنٖ يَدۡخُلُونَهَا تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُۖ لَهُمۡ فِيهَا مَا يَشَآءُونَۚ كَذَٰلِكَ يَجۡزِي ٱللَّهُ ٱلۡمُتَّقِينَ

Ɔsoro aheman a etim hͻ daa a nsubͻnten nenam aseε no mu na wͻ’bεkͻ, wͻ’nsa bεka deε wͻ’pε biara wͻ hͻ. Saa ara na Nyankopͻn tua Nyamesurofoͻ no ka
Surah An-Nahl, Verse 31


ٱلَّذِينَ تَتَوَفَّىٰهُمُ ٱلۡمَلَـٰٓئِكَةُ طَيِّبِينَ يَقُولُونَ سَلَٰمٌ عَلَيۡكُمُ ٱدۡخُلُواْ ٱلۡجَنَّةَ بِمَا كُنتُمۡ تَعۡمَلُونَ

Wͻn a Soro abͻfoͻ yi wͻn nkwa wͻ kronkron yε mu no, wͻ’ka kyerε wͻn sε: “Salaamu alaikum (Asomdwiε nka mo)! Monkͻ Soro aheman no mu, εnam dwumadi (papa) a modiiε no ho nti “
Surah An-Nahl, Verse 32


هَلۡ يَنظُرُونَ إِلَّآ أَن تَأۡتِيَهُمُ ٱلۡمَلَـٰٓئِكَةُ أَوۡ يَأۡتِيَ أَمۡرُ رَبِّكَۚ كَذَٰلِكَ فَعَلَ ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡۚ وَمَا ظَلَمَهُمُ ٱللَّهُ وَلَٰكِن كَانُوٓاْ أَنفُسَهُمۡ يَظۡلِمُونَ

Enti deε (boniayεfoͻ no) retwεn ne sε Soro abͻfoͻ bεba wͻn hͻ, anaasε wo Wura Nyankopͻn ahyεdeε no bεba wͻn soͻ? Saa ara na wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no yͻeε. Onyankopͻn deε W’anni wͻn amim, na mmom wͻn ara na wͻ’dii wͻn ho amim
Surah An-Nahl, Verse 33


فَأَصَابَهُمۡ سَيِّـَٔاتُ مَا عَمِلُواْ وَحَاقَ بِهِم مَّا كَانُواْ بِهِۦ يَسۡتَهۡزِءُونَ

Enti wͻn bͻne a wͻ’yͻeε no ho asotwee too wͻn, maa deε na wͻ’di ho fεw no nso twaa wͻn ho hyiae
Surah An-Nahl, Verse 34


وَقَالَ ٱلَّذِينَ أَشۡرَكُواْ لَوۡ شَآءَ ٱللَّهُ مَا عَبَدۡنَا مِن دُونِهِۦ مِن شَيۡءٖ نَّحۡنُ وَلَآ ءَابَآؤُنَا وَلَا حَرَّمۡنَا مِن دُونِهِۦ مِن شَيۡءٖۚ كَذَٰلِكَ فَعَلَ ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡۚ فَهَلۡ عَلَى ٱلرُّسُلِ إِلَّا ٱلۡبَلَٰغُ ٱلۡمُبِينُ

Deε wͻn a wͻ’de biribi abata Nyankopͻn ho no keka nesε: “Sε εyε Nyankopͻn pε a, anka yεn, anaasε y’agya nom ansom biribi anka Neho, na anka yammra biribi ka Nedeε no ho. Saa ara na wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no yͻeε. Enti εnyε Ɔsomafoͻ adwuma ara ne sε ͻbͻ asεm no ho dawuro kyerεkyerε mu anaa
Surah An-Nahl, Verse 35


وَلَقَدۡ بَعَثۡنَا فِي كُلِّ أُمَّةٖ رَّسُولًا أَنِ ٱعۡبُدُواْ ٱللَّهَ وَٱجۡتَنِبُواْ ٱلطَّـٰغُوتَۖ فَمِنۡهُم مَّنۡ هَدَى ٱللَّهُ وَمِنۡهُم مَّنۡ حَقَّتۡ عَلَيۡهِ ٱلضَّلَٰلَةُۚ فَسِيرُواْ فِي ٱلۡأَرۡضِ فَٱنظُرُواْ كَيۡفَ كَانَ عَٰقِبَةُ ٱلۡمُكَذِّبِينَ

Ampa sε, Yε’somaa Ɔsomafoͻ maa no kͻͻ ͻman biara so (de nkra hyεε n’ano sε): “Monsom Nyankopͻn, na montwe moho mfri abosomsom anaasε ͻbonsam ho. Wͻn mu bi wͻhͻ a Nyankopͻn kyerεε wͻn kwan, wͻn mu bi nso wͻhͻ a ͻno deε yera no yεε nokorε tiaa no. Enti montu kwan wͻ asaase no so na monhwε sεdeε wͻn a wͻ’annye annie no awieε si wieε
Surah An-Nahl, Verse 36


إِن تَحۡرِصۡ عَلَىٰ هُدَىٰهُمۡ فَإِنَّ ٱللَّهَ لَا يَهۡدِي مَن يُضِلُّۖ وَمَا لَهُم مِّن نَّـٰصِرِينَ

(Nkͻmhyεni), sε woyere wo ho wͻ wͻn kwankyerε no ho mpo a, εneε nokorε sε Onyankopͻn deε Ɔntene obi a W’ayera no, na wͻ’nnya aboafoͻ nso
Surah An-Nahl, Verse 37


وَأَقۡسَمُواْ بِٱللَّهِ جَهۡدَ أَيۡمَٰنِهِمۡ لَا يَبۡعَثُ ٱللَّهُ مَن يَمُوتُۚ بَلَىٰ وَعۡدًا عَلَيۡهِ حَقّٗا وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَ ٱلنَّاسِ لَا يَعۡلَمُونَ

Wͻ’de Nyankopͻn di wͻn nse akεseε no sε: “Onyankopͻn nnyane obia wawuo (biara). Aane, (awufoͻ nyane no deε) εyε nokorε bͻhyε a εda Nesoͻ, nanso nnipa pii nnim
Surah An-Nahl, Verse 38


لِيُبَيِّنَ لَهُمُ ٱلَّذِي يَخۡتَلِفُونَ فِيهِ وَلِيَعۡلَمَ ٱلَّذِينَ كَفَرُوٓاْ أَنَّهُمۡ كَانُواْ كَٰذِبِينَ

Sεdeε Ɔbεkyerεkyerε deε wͻ’nnte wͻn ho ase wͻ ho no mu akyerε wͻn, na wͻn a wͻ’nnye nnie no behunu sε nokorε, na wͻ’yε atorofoͻ
Surah An-Nahl, Verse 39


إِنَّمَا قَوۡلُنَا لِشَيۡءٍ إِذَآ أَرَدۡنَٰهُ أَن نَّقُولَ لَهُۥ كُن فَيَكُونُ

Nokorε sε, sε Yε’pε biribi a, Y’asεm a yεka kyerε adekorͻ no ara ne sε: “Yε’ “ Na ayε
Surah An-Nahl, Verse 40


وَٱلَّذِينَ هَاجَرُواْ فِي ٱللَّهِ مِنۢ بَعۡدِ مَا ظُلِمُواْ لَنُبَوِّئَنَّهُمۡ فِي ٱلدُّنۡيَا حَسَنَةٗۖ وَلَأَجۡرُ ٱلۡأٓخِرَةِ أَكۡبَرُۚ لَوۡ كَانُواْ يَعۡلَمُونَ

Wͻn a wͻ’atu amantuo wͻ Onyankopͻn ho nti wͻ akyire yi a (boniayεfoͻ no) ayε wͻn bͻne no, Yε’bεma wͻn asetena pa wͻ wiase ha, na mmom Daakye akatua no na εsoo paa, sε anka wͻ’nim a
Surah An-Nahl, Verse 41


ٱلَّذِينَ صَبَرُواْ وَعَلَىٰ رَبِّهِمۡ يَتَوَكَّلُونَ

(Wͻ’ne) wͻn a wͻ’sii aboterε na wͻ’de wͻn ho too wͻn Wura Nyankopͻn soͻ no
Surah An-Nahl, Verse 42


وَمَآ أَرۡسَلۡنَا مِن قَبۡلِكَ إِلَّا رِجَالٗا نُّوحِيٓ إِلَيۡهِمۡۖ فَسۡـَٔلُوٓاْ أَهۡلَ ٱلذِّكۡرِ إِن كُنتُمۡ لَا تَعۡلَمُونَ

(Nkͻmhyεni), asomafoͻ a Yε’somaa wͻn dii w’anim kan no nyinaa na wͻ’yε nnipa na Yeyii Adiyisεm no maa wͻn. Enti (Quraishfoͻ), sε monnim a momisa wͻn a wͻ’kaekae (amanfoͻ no)
Surah An-Nahl, Verse 43


بِٱلۡبَيِّنَٰتِ وَٱلزُّبُرِۗ وَأَنزَلۡنَآ إِلَيۡكَ ٱلذِّكۡرَ لِتُبَيِّنَ لِلنَّاسِ مَا نُزِّلَ إِلَيۡهِمۡ وَلَعَلَّهُمۡ يَتَفَكَّرُونَ

Nsεnkyerεnee pefee ne Nwoma (na Yε’de somaa asomafoͻ no), εna Y’asiane Afutusεm no de ama woͻ, sεdeε wobεkyerεkyerε deε yasiane ama wͻn no mu pefee akyerε wͻn sεdeε wͻ’benya adwen
Surah An-Nahl, Verse 44


أَفَأَمِنَ ٱلَّذِينَ مَكَرُواْ ٱلسَّيِّـَٔاتِ أَن يَخۡسِفَ ٱللَّهُ بِهِمُ ٱلۡأَرۡضَ أَوۡ يَأۡتِيَهُمُ ٱلۡعَذَابُ مِنۡ حَيۡثُ لَا يَشۡعُرُونَ

Enti wͻn a wͻ’dwen adwen bͻne no ho atᴐ wᴐn sε Nyankopͻn mma asaase mmene wͻn, anaasε Ɔmma asotwee a wͻn nnim deε efire nnto wͻn anaa
Surah An-Nahl, Verse 45


أَوۡ يَأۡخُذَهُمۡ فِي تَقَلُّبِهِمۡ فَمَا هُم بِمُعۡجِزِينَ

Anaasε (wͻ’nnim sε Nyankopͻn) bεtumi asͻ wͻn mu wͻ εberε a wͻ’redi akͻneaba (wͻ wͻn nnyuma mu) a wͻ’nntumi nnsi ho kwan
Surah An-Nahl, Verse 46


أَوۡ يَأۡخُذَهُمۡ عَلَىٰ تَخَوُّفٖ فَإِنَّ رَبَّكُمۡ لَرَءُوفٞ رَّحِيمٌ

Anaasε Ɔbetumi ama wͻn so ate anaa wͻn asa nkakrankakra? Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn ne Ayεmyε Hene, na Ɔno ara nso ne Mmͻborͻhunufoͻ Hene
Surah An-Nahl, Verse 47


أَوَلَمۡ يَرَوۡاْ إِلَىٰ مَا خَلَقَ ٱللَّهُ مِن شَيۡءٖ يَتَفَيَّؤُاْ ظِلَٰلُهُۥ عَنِ ٱلۡيَمِينِ وَٱلشَّمَآئِلِ سُجَّدٗا لِّلَّهِ وَهُمۡ دَٰخِرُونَ

Anaasε wͻ’nhunuu nneεma a Nyankopͻn abͻ; sεdeε nesunsum dane kͻ nifa so ne benkum so, brε neho ase ma Nyankopͻn wͻ ahobraseε paa mu
Surah An-Nahl, Verse 48


وَلِلَّهِۤ يَسۡجُدُۤ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِ مِن دَآبَّةٖ وَٱلۡمَلَـٰٓئِكَةُ وَهُمۡ لَا يَسۡتَكۡبِرُونَ

Abͻdeε a εwͻ nkwa a εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so nyinaa de wͻn anim butu fͻm ma Nyankopͻn anaasε wͻ’berε wͻn ho ase ma no; Soro abͻfoͻ nso, wͻ’nnyε ahomasoͻ (wͻ N’ahyԑdeԑ ho)
Surah An-Nahl, Verse 49


يَخَافُونَ رَبَّهُم مِّن فَوۡقِهِمۡ وَيَفۡعَلُونَ مَا يُؤۡمَرُونَ۩

Wͻ’suro wͻn Wura Nyankopͻn a Ɔwͻ wͻn soro anaasε Ɔso bro wͻn soͻ no, na deε yahyε wͻn sε wͻnyε no εno ara na wͻ’yε
Surah An-Nahl, Verse 50


۞وَقَالَ ٱللَّهُ لَا تَتَّخِذُوٓاْ إِلَٰهَيۡنِ ٱثۡنَيۡنِۖ إِنَّمَا هُوَ إِلَٰهٞ وَٰحِدٞ فَإِيَّـٰيَ فَٱرۡهَبُونِ

Onyankopͻn kaa sε: ”Monhwε na moanfa anyame mmienu, efrisԑ Nyankopᴐn no deԑ Ͻyԑ baako. Enti Menko ara na monsuro Me.”
Surah An-Nahl, Verse 51


وَلَهُۥ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَلَهُ ٱلدِّينُ وَاصِبًاۚ أَفَغَيۡرَ ٱللَّهِ تَتَّقُونَ

Deε εwͻ soro ne asaase so nyinaa Ɔno na εyε Nedea. Ɔno na ͻsom ne anidie nyinaa yε Nedea aberε biara. Enti mofri Nyankopͻn akyi suro obi foforͻ anaa
Surah An-Nahl, Verse 52


وَمَا بِكُم مِّن نِّعۡمَةٖ فَمِنَ ٱللَّهِۖ ثُمَّ إِذَا مَسَّكُمُ ٱلضُّرُّ فَإِلَيۡهِ تَجۡـَٔرُونَ

Adom akyεdeε a mowͻ biara no Nyankopͻn hͻ na efire; afei sε ͻhaw bi to mo a, Ɔno na mosu frε no
Surah An-Nahl, Verse 53


ثُمَّ إِذَا كَشَفَ ٱلضُّرَّ عَنكُمۡ إِذَا فَرِيقٞ مِّنكُم بِرَبِّهِمۡ يُشۡرِكُونَ

Afei sε Ɔyi ͻhaw no fri mo so a, hwε, Momu fekuo bi de biribi bata wͻn Wura Nyankopͻn ho
Surah An-Nahl, Verse 54


لِيَكۡفُرُواْ بِمَآ ءَاتَيۡنَٰهُمۡۚ فَتَمَتَّعُواْ فَسَوۡفَ تَعۡلَمُونَ

Nam so ma wͻ’yi deε Yε’de ama wͻn no ho boniayε. Enti modeε monye moani, na εnkyε biara mobehunu
Surah An-Nahl, Verse 55


وَيَجۡعَلُونَ لِمَا لَا يَعۡلَمُونَ نَصِيبٗا مِّمَّا رَزَقۡنَٰهُمۡۗ تَٱللَّهِ لَتُسۡـَٔلُنَّ عَمَّا كُنتُمۡ تَفۡتَرُونَ

Wͻ’de deε Yε’de abᴐ wᴐn akᴐnhoma no mu kyεfa bi ma wͻn (abosom) a wͻ’nnim (wᴐn). ”Medͻ Nyame sε, sε εteε biara yεbebisa mo fa atorͻsεm a motwa no ho asεm
Surah An-Nahl, Verse 56


وَيَجۡعَلُونَ لِلَّهِ ٱلۡبَنَٰتِ سُبۡحَٰنَهُۥ وَلَهُم مَّا يَشۡتَهُونَ

Wͻ’de mma mmaa susu Nyankopͻn. Kronkron Hene ne no. Deε wͻn akoma pε no na εwͻ wͻn
Surah An-Nahl, Verse 57


وَإِذَا بُشِّرَ أَحَدُهُم بِٱلۡأُنثَىٰ ظَلَّ وَجۡهُهُۥ مُسۡوَدّٗا وَهُوَ كَظِيمٞ

Sε yεde ͻbaa (awoͻ) ho amaneε bεbͻ wͻn mu bi a, na wamuna n’anim, na ͻhaw ne awerεhoͻ ahyε no mma
Surah An-Nahl, Verse 58


يَتَوَٰرَىٰ مِنَ ٱلۡقَوۡمِ مِن سُوٓءِ مَا بُشِّرَ بِهِۦٓۚ أَيُمۡسِكُهُۥ عَلَىٰ هُونٍ أَمۡ يَدُسُّهُۥ فِي ٱلتُّرَابِۗ أَلَا سَآءَ مَا يَحۡكُمُونَ

Ɔde neho sie fri nnipa no mu, εnam (ͻbaa a w’awoͻ no) ho amaneε a yεde bεbͻͻ no no ho nti. Ɔmfa aniwuo nye (neba baa no) anaa, anaasε ͻnkosie no (animono) wͻ nεteε mu? Ampa sε atemmu bɔne paa na wɔ’rebuo no
Surah An-Nahl, Verse 59


لِلَّذِينَ لَا يُؤۡمِنُونَ بِٱلۡأٓخِرَةِ مَثَلُ ٱلسَّوۡءِۖ وَلِلَّهِ ٱلۡمَثَلُ ٱلۡأَعۡلَىٰۚ وَهُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡحَكِيمُ

Wͻn a wͻ’nnye Daakye no nnie no wͻ mfatoho bͻne, na Nyankopͻn na ͻwͻ mfatoho anaasε abodin a εkorͻn. Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yɛ, Ɔne Onyansafoͻ no
Surah An-Nahl, Verse 60


وَلَوۡ يُؤَاخِذُ ٱللَّهُ ٱلنَّاسَ بِظُلۡمِهِم مَّا تَرَكَ عَلَيۡهَا مِن دَآبَّةٖ وَلَٰكِن يُؤَخِّرُهُمۡ إِلَىٰٓ أَجَلٖ مُّسَمّٗىۖ فَإِذَا جَآءَ أَجَلُهُمۡ لَا يَسۡتَـٔۡخِرُونَ سَاعَةٗ وَلَا يَسۡتَقۡدِمُونَ

Sε anka Nyankopͻn de adasamma bͻne retwe wͻn aso a, anka Onnyae abͻdeε baako mpo wͻ asaase so, na mmom Ɔbͻ wͻn to hͻ dema εberε a yahyε no. Sε wͻn berε no so a, εnka akyi dͻnhwere koraa na εnkͻ anim nso
Surah An-Nahl, Verse 61


وَيَجۡعَلُونَ لِلَّهِ مَا يَكۡرَهُونَۚ وَتَصِفُ أَلۡسِنَتُهُمُ ٱلۡكَذِبَ أَنَّ لَهُمُ ٱلۡحُسۡنَىٰۚ لَا جَرَمَ أَنَّ لَهُمُ ٱلنَّارَ وَأَنَّهُم مُّفۡرَطُونَ

Deε wͻn ara wͻ’mpε no na wͻ’de ma Nyankopͻn, wͻ’de wͻn kεterεma ka atorͻsεm sε: “Nneεma papa no yε wͻn dea“. Akyinnyeε biara nni ho sε, Ogya no bεyε wͻn dea, na yεbεgya wͻn wͻ mu korakorakora
Surah An-Nahl, Verse 62


تَٱللَّهِ لَقَدۡ أَرۡسَلۡنَآ إِلَىٰٓ أُمَمٖ مِّن قَبۡلِكَ فَزَيَّنَ لَهُمُ ٱلشَّيۡطَٰنُ أَعۡمَٰلَهُمۡ فَهُوَ وَلِيُّهُمُ ٱلۡيَوۡمَ وَلَهُمۡ عَذَابٌ أَلِيمٞ

“Medͻ Nyame sε, ampa Yε’somaa asomafoͻ kͻͻ aman aman a wͻ’dii w’anim kan no so. Nanso ͻbonsam maa wͻn dwumadie yεε wͻn aniso fε. Enti ͻne wͻn kyitaafoͻ nnε (da yi). Wͻn wͻ asotwee a εyε ya papaapa (Daakye) “
Surah An-Nahl, Verse 63


وَمَآ أَنزَلۡنَا عَلَيۡكَ ٱلۡكِتَٰبَ إِلَّا لِتُبَيِّنَ لَهُمُ ٱلَّذِي ٱخۡتَلَفُواْ فِيهِ وَهُدٗى وَرَحۡمَةٗ لِّقَوۡمٖ يُؤۡمِنُونَ

(Nkͻmhyεni), Deԑ nti Ye’sianee Nwoma no maa woᴐ nesε wode bεkyerεkyerε deε wͻ’nnya wͻn ho nteaseε wͻ ho no mu akyerε wͻn, na εyε kwankyerε ne ahummͻborͻ ma amanfoͻ a wͻ’gye die no
Surah An-Nahl, Verse 64


وَٱللَّهُ أَنزَلَ مِنَ ٱلسَّمَآءِ مَآءٗ فَأَحۡيَا بِهِ ٱلۡأَرۡضَ بَعۡدَ مَوۡتِهَآۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَةٗ لِّقَوۡمٖ يَسۡمَعُونَ

Onyankopͻn siane nsuo fri soro de benyane asaase wͻ newuo akyi. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema amanfoͻ a wͻ’tie (Onyankopͻn asεm no)
Surah An-Nahl, Verse 65


وَإِنَّ لَكُمۡ فِي ٱلۡأَنۡعَٰمِ لَعِبۡرَةٗۖ نُّسۡقِيكُم مِّمَّا فِي بُطُونِهِۦ مِنۢ بَيۡنِ فَرۡثٖ وَدَمٖ لَّبَنًا خَالِصٗا سَآئِغٗا لِّلشَّـٰرِبِينَ

Nokorε, nyεmmoa no nso adesua wͻ mu ma mo. Monom deε εwͻ wͻn yafunu mu a efri wͻn tiafi ne wͻn mogyaa ntεm a εyε nufusuo a εyε dε dema wͻn a wͻ’nom no
Surah An-Nahl, Verse 66


وَمِن ثَمَرَٰتِ ٱلنَّخِيلِ وَٱلۡأَعۡنَٰبِ تَتَّخِذُونَ مِنۡهُ سَكَرٗا وَرِزۡقًا حَسَنًاۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَةٗ لِّقَوۡمٖ يَعۡقِلُونَ

Ɛna akyiresua ne bobe aba no nso monya nsa ne akͻnhoma papa fri mu. Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu ma nnipa a wͻn wͻ nteaseε anaasε wͻ’dwen
Surah An-Nahl, Verse 67


وَأَوۡحَىٰ رَبُّكَ إِلَى ٱلنَّحۡلِ أَنِ ٱتَّخِذِي مِنَ ٱلۡجِبَالِ بُيُوتٗا وَمِنَ ٱلشَّجَرِ وَمِمَّا يَعۡرِشُونَ

Wo Wura Nyankopͻn yi kyerεε wowa sε: “Fa mmepͻ ne nnua mu ne deε (nnipa) asisie yε w’atenaeε
Surah An-Nahl, Verse 68


ثُمَّ كُلِي مِن كُلِّ ٱلثَّمَرَٰتِ فَٱسۡلُكِي سُبُلَ رَبِّكِ ذُلُلٗاۚ يَخۡرُجُ مِنۢ بُطُونِهَا شَرَابٞ مُّخۡتَلِفٌ أَلۡوَٰنُهُۥ فِيهِ شِفَآءٞ لِّلنَّاسِۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَةٗ لِّقَوۡمٖ يَتَفَكَّرُونَ

Na afei di nnuaba biara bi, na fa ahobraseε nante wo Wura Nyankopͻn kwan no so. Anomdeε a ani gu ahodoͻ sononko-sononko fri neyεm a εma nnipa ayaresa wͻ mu. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema amanfoͻ a wͻ’dwen
Surah An-Nahl, Verse 69


وَٱللَّهُ خَلَقَكُمۡ ثُمَّ يَتَوَفَّىٰكُمۡۚ وَمِنكُم مَّن يُرَدُّ إِلَىٰٓ أَرۡذَلِ ٱلۡعُمُرِ لِكَيۡ لَا يَعۡلَمَ بَعۡدَ عِلۡمٖ شَيۡـًٔاۚ إِنَّ ٱللَّهَ عَلِيمٞ قَدِيرٞ

Onyankopͻn na Ɔbͻͻ mo, εna Ɔbεsan ama mo awuo. Na momu bi wͻhͻ a yεsan ma no (nyini) kͻyε posoposo a nimdeε a onyaeε akyiri no na ͻnsan nnim hwee bio. Nokorε sε Nyankopͻn ne Onimdefoͻ, na Ɔne biribiara so Tumfoͻ
Surah An-Nahl, Verse 70


وَٱللَّهُ فَضَّلَ بَعۡضَكُمۡ عَلَىٰ بَعۡضٖ فِي ٱلرِّزۡقِۚ فَمَا ٱلَّذِينَ فُضِّلُواْ بِرَآدِّي رِزۡقِهِمۡ عَلَىٰ مَا مَلَكَتۡ أَيۡمَٰنُهُمۡ فَهُمۡ فِيهِ سَوَآءٌۚ أَفَبِنِعۡمَةِ ٱللَّهِ يَجۡحَدُونَ

Onyankopͻn apagya (nnipa) no bi akyεn bi wͻ adom akyεdeε (ahonya, nimdeε, adwen nyansa ne deε εkeka ho) mu. Wͻn a yapagya wͻn no mfa wͻn akyεdeε no mma wͻn (nkoa ne wͻn mfenaa) a wͻ’yε wͻn dea no mma wͻ’nnyε pε da. Enti wͻ’bεpo Nyankopͻn adom no
Surah An-Nahl, Verse 71


وَٱللَّهُ جَعَلَ لَكُم مِّنۡ أَنفُسِكُمۡ أَزۡوَٰجٗا وَجَعَلَ لَكُم مِّنۡ أَزۡوَٰجِكُم بَنِينَ وَحَفَدَةٗ وَرَزَقَكُم مِّنَ ٱلطَّيِّبَٰتِۚ أَفَبِٱلۡبَٰطِلِ يُؤۡمِنُونَ وَبِنِعۡمَتِ ٱللَّهِ هُمۡ يَكۡفُرُونَ

Onyankopͻn ama mo ahokafoͻ (ͻyerε) a ofiri mo ara mo mu (anaasε wͻ’tesε mo ara), εna W’abͻ mma ne nananom afri moyerenom mu ama mo, εna Ɔde nneεma pa bͻ mo akͻnhoma. Enti nkontomposεm deԑ wͻ’gye di, na Onyankopͻn adom no deԑ wͻ’po
Surah An-Nahl, Verse 72


وَيَعۡبُدُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ مَا لَا يَمۡلِكُ لَهُمۡ رِزۡقٗا مِّنَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ شَيۡـٔٗا وَلَا يَسۡتَطِيعُونَ

Wͻ’fri Nyankopͻn akyi som nneεma bi a entumi mma wͻn ͻsoro ne asaase so adom akyεdeε biara; na wͻ’nni tumi nso
Surah An-Nahl, Verse 73


فَلَا تَضۡرِبُواْ لِلَّهِ ٱلۡأَمۡثَالَۚ إِنَّ ٱللَّهَ يَعۡلَمُ وَأَنتُمۡ لَا تَعۡلَمُونَ

Enti monhwε na moanfa Nyankopͻn anyε mfatoho, (efrisε biribiara ne no nsε). Nokorε sε, Onyankopͻn na Onim, na modeε monnim
Surah An-Nahl, Verse 74


۞ضَرَبَ ٱللَّهُ مَثَلًا عَبۡدٗا مَّمۡلُوكٗا لَّا يَقۡدِرُ عَلَىٰ شَيۡءٖ وَمَن رَّزَقۡنَٰهُ مِنَّا رِزۡقًا حَسَنٗا فَهُوَ يُنفِقُ مِنۡهُ سِرّٗا وَجَهۡرًاۖ هَلۡ يَسۡتَوُۥنَۚ ٱلۡحَمۡدُ لِلَّهِۚ بَلۡ أَكۡثَرُهُمۡ لَا يَعۡلَمُونَ

Onyankopͻn reyε mfatoho bi: ”Akoa bi a ͻhyε obi aseε a onni tumi biara, εna ͻbaako nso Y’adom no akyεdeε papa εna oyi bi dema wͻ kokoa mu ne badwa mu. Enti wͻn mmienu yε pε?” Aseda no wͻ Onyankopͻn, nanso nnipa pii nnim
Surah An-Nahl, Verse 75


وَضَرَبَ ٱللَّهُ مَثَلٗا رَّجُلَيۡنِ أَحَدُهُمَآ أَبۡكَمُ لَا يَقۡدِرُ عَلَىٰ شَيۡءٖ وَهُوَ كَلٌّ عَلَىٰ مَوۡلَىٰهُ أَيۡنَمَا يُوَجِّههُّ لَا يَأۡتِ بِخَيۡرٍ هَلۡ يَسۡتَوِي هُوَ وَمَن يَأۡمُرُ بِٱلۡعَدۡلِ وَهُوَ عَلَىٰ صِرَٰطٖ مُّسۡتَقِيمٖ

Onyankopͻn reyε mfatoho bio: ”Mmarima mmienu (bi na εwͻ hͻ), wͻn mu baako yε mum a onni hwee so tumi na w’ayε adesoa ama ne wura no, faako a ͻbεsoma no biara no ͻnfa papa biara mma. Enti saa nipa yi ne obia ͻhyε (amanfoͻ) ma wͻ’yε papa, na ͻnam kwan tenenee soͻ no na εsε?”
Surah An-Nahl, Verse 76


وَلِلَّهِ غَيۡبُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۚ وَمَآ أَمۡرُ ٱلسَّاعَةِ إِلَّا كَلَمۡحِ ٱلۡبَصَرِ أَوۡ هُوَ أَقۡرَبُۚ إِنَّ ٱللَّهَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٞ

Ɔsoro ne asaase so ahuntasεm nyinaa wͻ Nyankopͻn. Dͻnhwere no ho asεm no deε εtesε deε w’abͻ w’ani prε, anaasε εbεn (mpo kyεn saa). Nokorε sε, Onyankopͻn na Ɔwͻ biribiara so tumi
Surah An-Nahl, Verse 77


وَٱللَّهُ أَخۡرَجَكُم مِّنۢ بُطُونِ أُمَّهَٰتِكُمۡ لَا تَعۡلَمُونَ شَيۡـٔٗا وَجَعَلَ لَكُمُ ٱلسَّمۡعَ وَٱلۡأَبۡصَٰرَ وَٱلۡأَفۡـِٔدَةَ لَعَلَّكُمۡ تَشۡكُرُونَ

Onyankopͻn na Oyii mo fri mo maame nom yafunu mu aberε a na monnim hwee, εna Ɔma mo te asεm, san ma mo hunu adeε, san ma mo akoma sεdeε mo beyi (no) ayε
Surah An-Nahl, Verse 78


أَلَمۡ يَرَوۡاْ إِلَى ٱلطَّيۡرِ مُسَخَّرَٰتٖ فِي جَوِّ ٱلسَّمَآءِ مَا يُمۡسِكُهُنَّ إِلَّا ٱللَّهُۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٖ لِّقَوۡمٖ يُؤۡمِنُونَ

Enti wͻ’nnhunuu nnomaa a wͻ’’tu nenam mframa mu wͻ ewiem no? Obiara nnihͻ a okuta wͻn mu, na mmom Onyankopͻn. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema nnipa a wͻ’gye die no
Surah An-Nahl, Verse 79


وَٱللَّهُ جَعَلَ لَكُم مِّنۢ بُيُوتِكُمۡ سَكَنٗا وَجَعَلَ لَكُم مِّن جُلُودِ ٱلۡأَنۡعَٰمِ بُيُوتٗا تَسۡتَخِفُّونَهَا يَوۡمَ ظَعۡنِكُمۡ وَيَوۡمَ إِقَامَتِكُمۡ وَمِنۡ أَصۡوَافِهَا وَأَوۡبَارِهَا وَأَشۡعَارِهَآ أَثَٰثٗا وَمَتَٰعًا إِلَىٰ حِينٖ

Onyankopͻn ayε moafie mu tenabea (ama mo), εna W’ayε mmoa nwoma nso afie (ntoma dan anaasɛ “Tent” ama mo), εna W’ama emu ayε hare a motumi soa wͻ da a moretu kwan ne da a moretena (baabi). Wͻn ho nwii no nso yε efie asiesie deε, ne anigye deԑ de kͻpem berε bi
Surah An-Nahl, Verse 80


وَٱللَّهُ جَعَلَ لَكُم مِّمَّا خَلَقَ ظِلَٰلٗا وَجَعَلَ لَكُم مِّنَ ٱلۡجِبَالِ أَكۡنَٰنٗا وَجَعَلَ لَكُمۡ سَرَٰبِيلَ تَقِيكُمُ ٱلۡحَرَّ وَسَرَٰبِيلَ تَقِيكُم بَأۡسَكُمۡۚ كَذَٰلِكَ يُتِمُّ نِعۡمَتَهُۥ عَلَيۡكُمۡ لَعَلَّكُمۡ تُسۡلِمُونَ

Onyankopͻn ayε nneεma a W’abͻ no mu bi (tesε nnua ne adan) enyunu (ama mo), εna W’ayε mmepͻ no nso bi soεberε ama mo, εna W’ayε ntaadeε a εbͻ moho ban fri ͻhyew ho, εna W’ayε akotadeε a εbͻ moho ban wͻ mo koo mu ama mo. Saa ara na Ɔde N’adom no awie moso sεdeε mobεbrε moho ase (ayε Islam)
Surah An-Nahl, Verse 81


فَإِن تَوَلَّوۡاْ فَإِنَّمَا عَلَيۡكَ ٱلۡبَلَٰغُ ٱلۡمُبِينُ

Sε wͻ’dane wͻn ho (fri nokorε no ho) a, wodeε w’adwuma ne sε wobεbͻ asεm no ho dawuro akyerεkyerε mu
Surah An-Nahl, Verse 82


يَعۡرِفُونَ نِعۡمَتَ ٱللَّهِ ثُمَّ يُنكِرُونَهَا وَأَكۡثَرُهُمُ ٱلۡكَٰفِرُونَ

Wͻnim Onyankopͻn adom no nanso wͻ’po; wͻn mu dodoͻ no yε boniayԑfoᴐ
Surah An-Nahl, Verse 83


وَيَوۡمَ نَبۡعَثُ مِن كُلِّ أُمَّةٖ شَهِيدٗا ثُمَّ لَا يُؤۡذَنُ لِلَّذِينَ كَفَرُواْ وَلَا هُمۡ يُسۡتَعۡتَبُونَ

Ɛda no a Yε’beyi ͻman biara danseni no, afei yεmma wͻn a wͻ’anye annie no kwan (sε wͻ’bεpa kyεw) anaasε wͻ’bεsrε bͻnefakyε
Surah An-Nahl, Verse 84


وَإِذَا رَءَا ٱلَّذِينَ ظَلَمُواْ ٱلۡعَذَابَ فَلَا يُخَفَّفُ عَنۡهُمۡ وَلَا هُمۡ يُنظَرُونَ

Sε abͻneεfoͻ no hunu asotwee no a, yεnngo mu mma wͻn koraa, na yεmma wͻn ahomegye berԑ nso
Surah An-Nahl, Verse 85


وَإِذَا رَءَا ٱلَّذِينَ أَشۡرَكُواْ شُرَكَآءَهُمۡ قَالُواْ رَبَّنَا هَـٰٓؤُلَآءِ شُرَكَآؤُنَا ٱلَّذِينَ كُنَّا نَدۡعُواْ مِن دُونِكَۖ فَأَلۡقَوۡاْ إِلَيۡهِمُ ٱلۡقَوۡلَ إِنَّكُمۡ لَكَٰذِبُونَ

Sε wͻn a wͻ’de biribi bataa Nyankopͻn ho no hu wͻn a wͻ’de wͻn bataa (Nyame) ho no a, wͻ’bεka sε: “Ye’Wura Nyankopͻn, woi nom ne yεn mmatahoofoᴐ no a na yefri W’akyi su frε wͻn no. Enti wͻ’nso bεto asεm no ama wͻn sε: ”Nokorε sε moyε atorofoͻ”
Surah An-Nahl, Verse 86


وَأَلۡقَوۡاْ إِلَى ٱللَّهِ يَوۡمَئِذٍ ٱلسَّلَمَۖ وَضَلَّ عَنۡهُم مَّا كَانُواْ يَفۡتَرُونَ

Saa Da no, wͻ’de ahobraseε no (nyinaa) bεma Onyankopͻn nko ara, na nkontompo a wͻ’twaeε no nyinaa betu ayera wͻn
Surah An-Nahl, Verse 87


ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ وَصَدُّواْ عَن سَبِيلِ ٱللَّهِ زِدۡنَٰهُمۡ عَذَابٗا فَوۡقَ ٱلۡعَذَابِ بِمَا كَانُواْ يُفۡسِدُونَ

Wͻn a wͻ’yi boniayε na wͻ’si (amanfoͻ) kwan fri Nyankopͻn kwan no soͻ no, Yε’de asotwee bεka asotwee ho ama wͻn, εnam wͻn nsεmmͻnee a wͻ’die no ho nti
Surah An-Nahl, Verse 88


وَيَوۡمَ نَبۡعَثُ فِي كُلِّ أُمَّةٖ شَهِيدًا عَلَيۡهِم مِّنۡ أَنفُسِهِمۡۖ وَجِئۡنَا بِكَ شَهِيدًا عَلَىٰ هَـٰٓؤُلَآءِۚ وَنَزَّلۡنَا عَلَيۡكَ ٱلۡكِتَٰبَ تِبۡيَٰنٗا لِّكُلِّ شَيۡءٖ وَهُدٗى وَرَحۡمَةٗ وَبُشۡرَىٰ لِلۡمُسۡلِمِينَ

Ɛda a Yε’beyi ͻdanseni afri ͻman biara mu wͻ wͻn ara mu ama wͻn adi adanseε atia wͻn no, (Nkͻmhyεni), Yε’de wo nso bεba ama w’abedi woi nom ho adanseε. Y’asiane Nwoma no a εkyerεkyerε biribiara mu pefee, na εkyerε kwan, na εyε ahummͻborͻ ne anigyesεm dema Muslimifoͻ no ama wo
Surah An-Nahl, Verse 89


۞إِنَّ ٱللَّهَ يَأۡمُرُ بِٱلۡعَدۡلِ وَٱلۡإِحۡسَٰنِ وَإِيتَآيِٕ ذِي ٱلۡقُرۡبَىٰ وَيَنۡهَىٰ عَنِ ٱلۡفَحۡشَآءِ وَٱلۡمُنكَرِ وَٱلۡبَغۡيِۚ يَعِظُكُمۡ لَعَلَّكُمۡ تَذَكَّرُونَ

Nokorε sε, deε Nyankopͻn rehyε mo sε monyε ne: Nokorε die, ne ayεmyε, ԑna afei (mobεboa) abusua; afei Ɔrebra mo ahohwisεm ne amumuyε; (Nyankopͻn) retu mofo sεdeε mobεfa adwen
Surah An-Nahl, Verse 90


وَأَوۡفُواْ بِعَهۡدِ ٱللَّهِ إِذَا عَٰهَدتُّمۡ وَلَا تَنقُضُواْ ٱلۡأَيۡمَٰنَ بَعۡدَ تَوۡكِيدِهَا وَقَدۡ جَعَلۡتُمُ ٱللَّهَ عَلَيۡكُمۡ كَفِيلًاۚ إِنَّ ٱللَّهَ يَعۡلَمُ مَا تَفۡعَلُونَ

Na moni Onyankopͻn apam no so, wͻ εberε a moayε apam no, na monhwε na moamu nsedie no so wͻ aberε a moama no adi mmu; na ampa sε mode Nyankopͻn ayε mo Kyitaafoͻ. Nokorε sε Nyankopͻn Nim dwuma a modie nyinaa
Surah An-Nahl, Verse 91


وَلَا تَكُونُواْ كَٱلَّتِي نَقَضَتۡ غَزۡلَهَا مِنۢ بَعۡدِ قُوَّةٍ أَنكَٰثٗا تَتَّخِذُونَ أَيۡمَٰنَكُمۡ دَخَلَۢا بَيۡنَكُمۡ أَن تَكُونَ أُمَّةٌ هِيَ أَرۡبَىٰ مِنۡ أُمَّةٍۚ إِنَّمَا يَبۡلُوكُمُ ٱللَّهُ بِهِۦۚ وَلَيُبَيِّنَنَّ لَكُمۡ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ مَا كُنتُمۡ فِيهِ تَخۡتَلِفُونَ

Monhwε na moankͻyε tesε ͻbaa no a ofiraa n’asaawa na akyire yi a εyεε den no ͻtetee mu asinasin no. Mobεfa montԑm nsedie de adaadaa moho sε, nnipa kuo bi dͻͻso kyεn nnipa kuo foforͻ bi nti. (Woi ne deε) Nyankopͻn deyε mo nsͻhwε. Wusͻreε da no Ɔbεkyerεkyerε deε na monte moho ase wͻ ho no mu akyerε mo
Surah An-Nahl, Verse 92


وَلَوۡ شَآءَ ٱللَّهُ لَجَعَلَكُمۡ أُمَّةٗ وَٰحِدَةٗ وَلَٰكِن يُضِلُّ مَن يَشَآءُ وَيَهۡدِي مَن يَشَآءُۚ وَلَتُسۡـَٔلُنَّ عَمَّا كُنتُمۡ تَعۡمَلُونَ

Sε Nyankopᴐn pε a, anka Ɔyεε mo ͻman baako, na mmom ͻyera obia Ɔpε, εna Ɔkyerε obia Ɔpε no nso kwan. Ampa sε yεbebisa mo dwuma a modiiε no ho asεm
Surah An-Nahl, Verse 93


وَلَا تَتَّخِذُوٓاْ أَيۡمَٰنَكُمۡ دَخَلَۢا بَيۡنَكُمۡ فَتَزِلَّ قَدَمُۢ بَعۡدَ ثُبُوتِهَا وَتَذُوقُواْ ٱلسُّوٓءَ بِمَا صَدَدتُّمۡ عَن سَبِيلِ ٱللَّهِ وَلَكُمۡ عَذَابٌ عَظِيمٞ

Monhwε na moanfa monsedie annaadaa moho-moho, (sε εba saa a) εbεma (mo) nan a anka agyina pintinn no apatri (ama mo ahwease), na moakͻka bͻne ahwε εnam Nyankopͻn kwan a mosii (amanfoͻ kwan) wͻ ho no nti, εneε na asotwee kεseε bεyε mo dea
Surah An-Nahl, Verse 94


وَلَا تَشۡتَرُواْ بِعَهۡدِ ٱللَّهِ ثَمَنٗا قَلِيلًاۚ إِنَّمَا عِندَ ٱللَّهِ هُوَ خَيۡرٞ لَّكُمۡ إِن كُنتُمۡ تَعۡلَمُونَ

Monhwε na εnam sika kakra bi ho nti moantͻn Nyankopͻn apam (no anni). Nokorε sε deε εwͻ Nyankopͻn hͻ no, εyε ma mo
Surah An-Nahl, Verse 95


مَا عِندَكُمۡ يَنفَدُ وَمَا عِندَ ٱللَّهِ بَاقٖۗ وَلَنَجۡزِيَنَّ ٱلَّذِينَ صَبَرُوٓاْ أَجۡرَهُم بِأَحۡسَنِ مَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ

Deε εwͻ monkyεn no betwam, na deε εwͻ Nyankopͻn hᴐ no deε εwͻ hͻ daa. Nokorε sε, wͻn a wͻ’sii aboterε no dwumadi pa a wͻ’diε no, yεbεma wͻn ho akatua pa paa
Surah An-Nahl, Verse 96


مَنۡ عَمِلَ صَٰلِحٗا مِّن ذَكَرٍ أَوۡ أُنثَىٰ وَهُوَ مُؤۡمِنٞ فَلَنُحۡيِيَنَّهُۥ حَيَوٰةٗ طَيِّبَةٗۖ وَلَنَجۡزِيَنَّهُمۡ أَجۡرَهُم بِأَحۡسَنِ مَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ

Obi a ͻbedi dwuma pa bi no, sε ͻyε ͻbarima anaasε ͻbaa na ͻyε gyidieni a, Yε’bεma no atena asetena pa mu, na ampa nso sε Yε’bεma wͻn dwuma a wͻ’diiε no so akatua pa paa
Surah An-Nahl, Verse 97


فَإِذَا قَرَأۡتَ ٱلۡقُرۡءَانَ فَٱسۡتَعِذۡ بِٱللَّهِ مِنَ ٱلشَّيۡطَٰنِ ٱلرَّجِيمِ

Enti sε wokenkan Qur’aan a, hwehwε Nyankopͻn hͻ ntwitwagyeε firi ͻbonsam a yabͻ no dua ato no atwene no ho
Surah An-Nahl, Verse 98


إِنَّهُۥ لَيۡسَ لَهُۥ سُلۡطَٰنٌ عَلَى ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَلَىٰ رَبِّهِمۡ يَتَوَكَّلُونَ

Nokorε sε onni tumi wͻ wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’de wͻn ho ato wͻn Wura Nyankopͻn soͻ no so
Surah An-Nahl, Verse 99


إِنَّمَا سُلۡطَٰنُهُۥ عَلَى ٱلَّذِينَ يَتَوَلَّوۡنَهُۥ وَٱلَّذِينَ هُم بِهِۦ مُشۡرِكُونَ

Na mmom ne tumi no wͻ wͻn a wͻ’de wͻn ho ama no, na wͻ’fa no yͻnkoͻ no so, ne wͻn a wͻ’de biribi bata Nyankopͻn ho no
Surah An-Nahl, Verse 100


وَإِذَا بَدَّلۡنَآ ءَايَةٗ مَّكَانَ ءَايَةٖ وَٱللَّهُ أَعۡلَمُ بِمَا يُنَزِّلُ قَالُوٓاْ إِنَّمَآ أَنتَ مُفۡتَرِۭۚ بَلۡ أَكۡثَرُهُمۡ لَا يَعۡلَمُونَ

Sε Yε’sesa asεm bi de asεm (foforᴐ) bԑhyԑ anaamu a, Nyankopͻn Nim deε W’asiane aba no. Deε wͻ’ka nesε: ”Wo ara na w’abͻ wotri mu”. Ԑnte saa, wͻn mu dodoͻ no ara nnnim
Surah An-Nahl, Verse 101


قُلۡ نَزَّلَهُۥ رُوحُ ٱلۡقُدُسِ مِن رَّبِّكَ بِٱلۡحَقِّ لِيُثَبِّتَ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَهُدٗى وَبُشۡرَىٰ لِلۡمُسۡلِمِينَ

(Nkͻmhyεni), Ka sε: “Honhom kronkron (Ɔbͻfoͻ Gabriel) de Nokorε no na esiane firi wo Wura Nyankopͻn hͻ, sεdeε εbεma wͻn a wͻ’agye adie no agyina pintinn, na ayε kwankyerε ne anigyesεm ama Muslimifoͻ no
Surah An-Nahl, Verse 102


وَلَقَدۡ نَعۡلَمُ أَنَّهُمۡ يَقُولُونَ إِنَّمَا يُعَلِّمُهُۥ بَشَرٞۗ لِّسَانُ ٱلَّذِي يُلۡحِدُونَ إِلَيۡهِ أَعۡجَمِيّٞ وَهَٰذَا لِسَانٌ عَرَبِيّٞ مُّبِينٌ

Ampa sε Ye’nim sε wͻ’keka sε: ‘’Onipa na ͻkyerε no’’. Obia wͻn adwen amane kͻ sε (ͻno na ͻkyerε woͻ no) ͻka potͻ kasa, (anaasε saa nipa no nnte Arab kasa), (Qur’aan) woi nso yε Arab kasa pefee
Surah An-Nahl, Verse 103


إِنَّ ٱلَّذِينَ لَا يُؤۡمِنُونَ بِـَٔايَٰتِ ٱللَّهِ لَا يَهۡدِيهِمُ ٱللَّهُ وَلَهُمۡ عَذَابٌ أَلِيمٌ

Nokorε sε, wͻn a wͻ’nnye Nyankopͻn Nsεm no nnie no, Nyankopͻn nnkyerε wͻn kwan, na wͻn wͻ asotwee a εyε ya paa
Surah An-Nahl, Verse 104


إِنَّمَا يَفۡتَرِي ٱلۡكَذِبَ ٱلَّذِينَ لَا يُؤۡمِنُونَ بِـَٔايَٰتِ ٱللَّهِۖ وَأُوْلَـٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡكَٰذِبُونَ

Wͻn a wͻ’fa Nyankopͻn Nsεm no sε atorͻsεm, na wͻ’bͻ wͻn trim twa nkontompo no, saa nkorͻfoͻ no ne atorofoͻ no
Surah An-Nahl, Verse 105


مَن كَفَرَ بِٱللَّهِ مِنۢ بَعۡدِ إِيمَٰنِهِۦٓ إِلَّا مَنۡ أُكۡرِهَ وَقَلۡبُهُۥ مُطۡمَئِنُّۢ بِٱلۡإِيمَٰنِ وَلَٰكِن مَّن شَرَحَ بِٱلۡكُفۡرِ صَدۡرٗا فَعَلَيۡهِمۡ غَضَبٞ مِّنَ ٱللَّهِ وَلَهُمۡ عَذَابٌ عَظِيمٞ

Obia ne gyedie akyi wa’po Nyankopͻn; - εnyε obia yahyε no so (sε ͻmpo Nyame), na gyidie ho abotͻyεmu wͻ n’akoma mu- na mmom obi a wabue n’akoma mu ama boniayε no, Nyankopͻn abufuo wͻ wͻn so, na wͻn wͻ asotwee kεse (retwεn wͻn)
Surah An-Nahl, Verse 106


ذَٰلِكَ بِأَنَّهُمُ ٱسۡتَحَبُّواْ ٱلۡحَيَوٰةَ ٱلدُّنۡيَا عَلَى ٱلۡأٓخِرَةِ وَأَنَّ ٱللَّهَ لَا يَهۡدِي ٱلۡقَوۡمَ ٱلۡكَٰفِرِينَ

Ɛne sε, wͻ’pε wiase kyεn Daakye no. Nokorε sε Nyankopͻn deε Ɔnkyerε boniayεfoͻ no kwan
Surah An-Nahl, Verse 107


أُوْلَـٰٓئِكَ ٱلَّذِينَ طَبَعَ ٱللَّهُ عَلَىٰ قُلُوبِهِمۡ وَسَمۡعِهِمۡ وَأَبۡصَٰرِهِمۡۖ وَأُوْلَـٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡغَٰفِلُونَ

Saa nkorͻfoͻ no na Nyankopͻn atua wͻn akoma ne wͻn aso ne wͻn ani no, na wͻn na wͻn werε afiri (wͻn ho no)
Surah An-Nahl, Verse 108


لَا جَرَمَ أَنَّهُمۡ فِي ٱلۡأٓخِرَةِ هُمُ ٱلۡخَٰسِرُونَ

Akyinnyeε biara nni ho sε, Daakye no wͻ’ne berεguofoͻ no
Surah An-Nahl, Verse 109


ثُمَّ إِنَّ رَبَّكَ لِلَّذِينَ هَاجَرُواْ مِنۢ بَعۡدِ مَا فُتِنُواْ ثُمَّ جَٰهَدُواْ وَصَبَرُوٓاْ إِنَّ رَبَّكَ مِنۢ بَعۡدِهَا لَغَفُورٞ رَّحِيمٞ

Afei nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn bεyε ama wͻn a yεhyεε wͻn aniεyaa, na akyire yi wͻ’tuu amantuo na afei wͻ’bͻͻ mmͻden na wͻ’nyaa aboterε no, nokorε sε εno akyi no wo Wura Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene
Surah An-Nahl, Verse 110


۞يَوۡمَ تَأۡتِي كُلُّ نَفۡسٖ تُجَٰدِلُ عَن نَّفۡسِهَا وَتُوَفَّىٰ كُلُّ نَفۡسٖ مَّا عَمِلَتۡ وَهُمۡ لَا يُظۡلَمُونَ

Ɛda no a akra nyinaa bεba, na obiara repere neti no, yεde ͻkra biara dwuma a odieε ho akatua pεpεεpε bεma no a yenni wͻn amim
Surah An-Nahl, Verse 111


وَضَرَبَ ٱللَّهُ مَثَلٗا قَرۡيَةٗ كَانَتۡ ءَامِنَةٗ مُّطۡمَئِنَّةٗ يَأۡتِيهَا رِزۡقُهَا رَغَدٗا مِّن كُلِّ مَكَانٖ فَكَفَرَتۡ بِأَنۡعُمِ ٱللَّهِ فَأَذَٰقَهَا ٱللَّهُ لِبَاسَ ٱلۡجُوعِ وَٱلۡخَوۡفِ بِمَا كَانُواْ يَصۡنَعُونَ

Onyankopͻn reyε mfatoho bi: “Na kuro bi wͻhͻ a asomdweε ne ahotᴐ wͻ mu a emu akͻnhoma firi mea mea ahodoͻ nyinaa ba ma no bu soͻ. Nanso wͻ’poo Nyankopͻn adom no. Enti Nyankopͻn maa wͻ’kaa ͻkͻm paa ne ehu hwεe, εnam deε wͻ’yͻeε no ho nti“
Surah An-Nahl, Verse 112


وَلَقَدۡ جَآءَهُمۡ رَسُولٞ مِّنۡهُمۡ فَكَذَّبُوهُ فَأَخَذَهُمُ ٱلۡعَذَابُ وَهُمۡ ظَٰلِمُونَ

Ampa sε Ɔsomafoͻ firi wͻn mu baa wͻn hͻ nanso w’annye no anni, enti asotwee no too wͻn wͻ berε a na wͻ’yε abͻneεfoͻ
Surah An-Nahl, Verse 113


فَكُلُواْ مِمَّا رَزَقَكُمُ ٱللَّهُ حَلَٰلٗا طَيِّبٗا وَٱشۡكُرُواْ نِعۡمَتَ ٱللَّهِ إِن كُنتُمۡ إِيَّاهُ تَعۡبُدُونَ

Enti moni deε Nyankopͻn de abͻ mo akͻnhoma no a εkwan wͻ ho na εyε, na monyi Nyankopͻn adom no ho ayε, sε Ɔno na moresom no ampa a
Surah An-Nahl, Verse 114


إِنَّمَا حَرَّمَ عَلَيۡكُمُ ٱلۡمَيۡتَةَ وَٱلدَّمَ وَلَحۡمَ ٱلۡخِنزِيرِ وَمَآ أُهِلَّ لِغَيۡرِ ٱللَّهِ بِهِۦۖ فَمَنِ ٱضۡطُرَّ غَيۡرَ بَاغٖ وَلَا عَادٖ فَإِنَّ ٱللَّهَ غَفُورٞ رَّحِيمٞ

Deε W’abra mo ne abͻfo (anaasε aboa a ͻno ara awuo), ne mogya, ne prako-nam, ne deε ya’bͻ edin foforͻ bi a εnyε Nyankopͻn din na agu so aku no; na mmom obi a ahokyerε de no bεkͻ mu, na εnyε boayͻ anaa (adwen) bͻne no, εneε nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔno ara nso ne Mmͻborͻhunufoͻ. Hene
Surah An-Nahl, Verse 115


وَلَا تَقُولُواْ لِمَا تَصِفُ أَلۡسِنَتُكُمُ ٱلۡكَذِبَ هَٰذَا حَلَٰلٞ وَهَٰذَا حَرَامٞ لِّتَفۡتَرُواْ عَلَى ٱللَّهِ ٱلۡكَذِبَۚ إِنَّ ٱلَّذِينَ يَفۡتَرُونَ عَلَى ٱللَّهِ ٱلۡكَذِبَ لَا يُفۡلِحُونَ

Monhwε na moanfa mo kεterεma ankeka nkontomposεm a mokeka no sε: “Woi deε “Halaal’ εkwan wͻ ho, na woi deε ‘Haraam’ ya’bra (aberε a monni nyinasoͻ biara) sεdeε mobεbͻ motrim atwa nkontompo ato Nyankopͻn soͻ“. Nokorε sε wͻn a wͻ’bͻ wͻn trim twa nkontompo to Nyankopͻn soͻ no nni nkonim
Surah An-Nahl, Verse 116


مَتَٰعٞ قَلِيلٞ وَلَهُمۡ عَذَابٌ أَلِيمٞ

(Wᴐn) anigyeε no yε kakraabi; na wͻn wͻ asotwee a εyε ya paa
Surah An-Nahl, Verse 117


وَعَلَى ٱلَّذِينَ هَادُواْ حَرَّمۡنَا مَا قَصَصۡنَا عَلَيۡكَ مِن قَبۡلُۖ وَمَا ظَلَمۡنَٰهُمۡ وَلَٰكِن كَانُوٓاْ أَنفُسَهُمۡ يَظۡلِمُونَ

Wͻn a wͻ’yε Yudafoͻ no nso, Yε’braa wͻn deε Y’adikan aka ho asεm akyerε woͻ no. Y’anni wͻn amim na mmom wͻn ara na wͻ’dii wͻn ho amim
Surah An-Nahl, Verse 118


ثُمَّ إِنَّ رَبَّكَ لِلَّذِينَ عَمِلُواْ ٱلسُّوٓءَ بِجَهَٰلَةٖ ثُمَّ تَابُواْ مِنۢ بَعۡدِ ذَٰلِكَ وَأَصۡلَحُوٓاْ إِنَّ رَبَّكَ مِنۢ بَعۡدِهَا لَغَفُورٞ رَّحِيمٌ

Afei nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn, wͻn a wͻ’yε bͻne na wͻ’nnim na akyire yi wͻ’sakra wͻn adwen na wͻ’di dwuma pa no nokorε, εno akyi no, wo Wura Nyankopͻn Ɔne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene
Surah An-Nahl, Verse 119


إِنَّ إِبۡرَٰهِيمَ كَانَ أُمَّةٗ قَانِتٗا لِّلَّهِ حَنِيفٗا وَلَمۡ يَكُ مِنَ ٱلۡمُشۡرِكِينَ

Nokorε sε, na Abraham yε ͻman anaa onipa a yεhwε no sua nesoͻ; ͻbrεε neho ase demaa Nyankopͻn, na ͻtene, na na ͻnka abosomsomfoͻ no ho
Surah An-Nahl, Verse 120


شَاكِرٗا لِّأَنۡعُمِهِۚ ٱجۡتَبَىٰهُ وَهَدَىٰهُ إِلَىٰ صِرَٰطٖ مُّسۡتَقِيمٖ

(Na ͻyε onipa a) ͻwͻ nkaeε wͻ Nyankopͻn adom no ho. Onyankopͻn yii no, εna Ɔkyerεε no kwan kͻͻ kwan tenenee no soͻ
Surah An-Nahl, Verse 121


وَءَاتَيۡنَٰهُ فِي ٱلدُّنۡيَا حَسَنَةٗۖ وَإِنَّهُۥ فِي ٱلۡأٓخِرَةِ لَمِنَ ٱلصَّـٰلِحِينَ

Yε’maa no wiase asetena pa, na nokorε sε Daakye no mu no ͻka apapafoͻ no ho
Surah An-Nahl, Verse 122


ثُمَّ أَوۡحَيۡنَآ إِلَيۡكَ أَنِ ٱتَّبِعۡ مِلَّةَ إِبۡرَٰهِيمَ حَنِيفٗاۖ وَمَا كَانَ مِنَ ٱلۡمُشۡرِكِينَ

(Nkͻmhyεni), afei Y’ayi ama wo sε: ”Di ͻteneneeni Abraham som no akyi, na ͻnka abosomsomfoͻ no ho
Surah An-Nahl, Verse 123


إِنَّمَا جُعِلَ ٱلسَّبۡتُ عَلَى ٱلَّذِينَ ٱخۡتَلَفُواْ فِيهِۚ وَإِنَّ رَبَّكَ لَيَحۡكُمُ بَيۡنَهُمۡ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ فِيمَا كَانُواْ فِيهِ يَخۡتَلِفُونَ

Sabat no deε yεyε demaa wᴐn (Yudafoͻ) no a wͻ’gye ho akyinnyeε no. Nokorε sε wo Wura Nyankopᴐn bebu wɔn ntεm atεn wͻ deε wͻ’gye ho akyinnyeε no wͻ Wusͻreε da
Surah An-Nahl, Verse 124


ٱدۡعُ إِلَىٰ سَبِيلِ رَبِّكَ بِٱلۡحِكۡمَةِ وَٱلۡمَوۡعِظَةِ ٱلۡحَسَنَةِۖ وَجَٰدِلۡهُم بِٱلَّتِي هِيَ أَحۡسَنُۚ إِنَّ رَبَّكَ هُوَ أَعۡلَمُ بِمَن ضَلَّ عَن سَبِيلِهِۦ وَهُوَ أَعۡلَمُ بِٱلۡمُهۡتَدِينَ

Fa adwen no ne afutupa no frε (amanfoͻ) kͻ wo Wura Nyankopͻn kwan no so, na wone wͻn nye akyinnye wͻ kwan pa so. Nokorε sε wo Wura Nyankopͻn na Onim obia wayera afri Nekwan no soͻ, εna Onim wͻn nso a wͻ’anya tenenee no
Surah An-Nahl, Verse 125


وَإِنۡ عَاقَبۡتُمۡ فَعَاقِبُواْ بِمِثۡلِ مَا عُوقِبۡتُم بِهِۦۖ وَلَئِن صَبَرۡتُمۡ لَهُوَ خَيۡرٞ لِّلصَّـٰبِرِينَ

Sε moretua wͻn so ka (wͻ aniεyaa a wͻ’de ahyε mo no) a, εneε montwe wͻn aso pεpεεpε sεdeε wͻ’hyεε mo aniεyaa no ara. Na mmom sε monya aboterε nso a, anka εno na εyε dema aboterεfoͻ no
Surah An-Nahl, Verse 126


وَٱصۡبِرۡ وَمَا صَبۡرُكَ إِلَّا بِٱللَّهِۚ وَلَا تَحۡزَنۡ عَلَيۡهِمۡ وَلَا تَكُ فِي ضَيۡقٖ مِّمَّا يَمۡكُرُونَ

Enti (Nkͻmhyεni), si aboterε, na w’aboterε no befri Nyankopͻn mmoa mu, na εmma wo werε nnho wͻ wͻn ho, na εnnha wo ho wͻ wͻn adwen (bͻne) a wͻ’refa no ho
Surah An-Nahl, Verse 127


إِنَّ ٱللَّهَ مَعَ ٱلَّذِينَ ٱتَّقَواْ وَّٱلَّذِينَ هُم مُّحۡسِنُونَ

Nokorε sε, Nyankopͻn ka wͻn a wͻ’suro Nyame, ne wͻn a wͻ’yε ayεmyε no ho
Surah An-Nahl, Verse 128


Author: Sheikh Haroun Ismaeel


<< Surah 15
>> Surah 17

Twi Translations by other Authors


Twi Translation By Sheikh Haroun Ismaeel
Popular Areas
Apartments for rent in Dubai Apartments for rent Abu Dhabi Villas for rent in Dubai House for rent Abu Dhabi Apartments for sale in Dubai Apartments for sale in Abu Dhabi Flat for rent Sharjah
Popular Searches
Studios for rent in UAE Apartments for rent in UAE Villas for rent in UAE Apartments for sale in UAE Villas for sale in UAE Land for sale in UAE Dubai Real Estate
Trending Areas
Apartments for rent in Dubai Marina Apartments for sale in Dubai Marina Villa for rent in Sharjah Villa for sale in Dubai Flat for rent in Ajman Studio for rent in Abu Dhabi Villa for rent in Ajman
Trending Searches
Villa for rent in Abu Dhabi Shop for rent in Dubai Villas for sale in Ajman Studio for rent in Sharjah 1 Bedroom Apartment for rent in Dubai Property for rent in Abu Dhabi Commercial properties for sale
© Copyright Dubai Prayer Time. All Rights Reserved
Designed by Prayer Time In Dubai