Surah Al-Isra Verse 59 - Twi Translation by Sheikh Haroun Ismaeel
Surah Al-Israوَمَا مَنَعَنَآ أَن نُّرۡسِلَ بِٱلۡأٓيَٰتِ إِلَّآ أَن كَذَّبَ بِهَا ٱلۡأَوَّلُونَۚ وَءَاتَيۡنَا ثَمُودَ ٱلنَّاقَةَ مُبۡصِرَةٗ فَظَلَمُواْ بِهَاۚ وَمَا نُرۡسِلُ بِٱلۡأٓيَٰتِ إِلَّا تَخۡوِيفٗا
Biribiara nnsi Yεn kwan sε anka Yε’mfa nsεnkyerεnee (a Quraishfoͻ rebisa no) mma, na mmom tetefoͻ a wᴐ'dii kan no faa (nsεnkyerεnee a Yε’de maa wᴐn no) atorͻsεm. Yε’de yoma bedeε no maa Samuudfoͻ, (na woi yε) nsεnkyerεnee pefee, nanso wᴐ’yεε no bᴐne; na Yε’nfa nsεnkyerεnee no mma (kwa) na mmom yεde bεbͻ (nnipa no) hu