Surah Al-Isra Verse 97 - Twi Translation by Sheikh Haroun Ismaeel
Surah Al-Israوَمَن يَهۡدِ ٱللَّهُ فَهُوَ ٱلۡمُهۡتَدِۖ وَمَن يُضۡلِلۡ فَلَن تَجِدَ لَهُمۡ أَوۡلِيَآءَ مِن دُونِهِۦۖ وَنَحۡشُرُهُمۡ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ عَلَىٰ وُجُوهِهِمۡ عُمۡيٗا وَبُكۡمٗا وَصُمّٗاۖ مَّأۡوَىٰهُمۡ جَهَنَّمُۖ كُلَّمَا خَبَتۡ زِدۡنَٰهُمۡ سَعِيرٗا
Obi a Nyankopͻn atene no no ͻno ne obi a wͻ’anya kwan tenenee no, na obi a W’ayera no no deε, wonnya okyitaafoͻ biara mma wͻn wͻ Nyankopͻn akyi; na Yε’bεboa wͻn (nyinaa) ano wͻ Wusͻreε Da no (ama wͻn anante) wͻ wͻn anim, (na wͻ’bεsͻre) anifira, emum (ne) asosieε mu. Wͻn fie ne Amanehunu gyem; εberε biara a (ogya no) ano bεdwoͻ no na Yε’de ogya no bi aka ho ama wͻn