Surah Al-Kahf Verse 21 - Twi Translation by Sheikh Haroun Ismaeel
Surah Al-Kahfوَكَذَٰلِكَ أَعۡثَرۡنَا عَلَيۡهِمۡ لِيَعۡلَمُوٓاْ أَنَّ وَعۡدَ ٱللَّهِ حَقّٞ وَأَنَّ ٱلسَّاعَةَ لَا رَيۡبَ فِيهَآ إِذۡ يَتَنَٰزَعُونَ بَيۡنَهُمۡ أَمۡرَهُمۡۖ فَقَالُواْ ٱبۡنُواْ عَلَيۡهِم بُنۡيَٰنٗاۖ رَّبُّهُمۡ أَعۡلَمُ بِهِمۡۚ قَالَ ٱلَّذِينَ غَلَبُواْ عَلَىٰٓ أَمۡرِهِمۡ لَنَتَّخِذَنَّ عَلَيۡهِم مَّسۡجِدٗا
Saa na Yε’maa (amanfoͻ) hunuu wͻn, sεdeε wͻ’behunu sε, Onyankopͻn bͻhyε no yε nokorε, na Dͻnhwere no nso akyinyeε biara nni ho. Kae εberε a (kuro no mu foͻ no) gyee akyinye wͻ wͻn nsεm no ho, wͻ’kaa sε: “Monsi dan nsi wͻn so“. Wͻn Wura Nyankopͻn Nim wͻn yie. (Enti) wͻn a wͻ’dii nkonim wͻ wͻn asεm no mu no kaa sε: “Yebesi (Masjid) Nyamedan asi wͻn so”