UAE Prayer Times

  • Dubai
  • Abu Dhabi
  • Sharjah
  • Ajman
  • Fujairah
  • Umm Al Quwain
  • Ras Al Khaimah
  • Quran Translations

Surah Maryam - Twi Translation by Sheikh Haroun Ismaeel


كٓهيعٓصٓ

Kaaf-- Haa—Yaa – Ain-- Soaad
Surah Maryam, Verse 1


ذِكۡرُ رَحۡمَتِ رَبِّكَ عَبۡدَهُۥ زَكَرِيَّآ

(Woi yε) nkaebͻ fa ahummͻborͻ a wo Wura Nyankopͻn de huu N’akoa Zakariya mmͻbͻ
Surah Maryam, Verse 2


إِذۡ نَادَىٰ رَبَّهُۥ نِدَآءً خَفِيّٗا

Ɛberε a osu frεε ne Wura Nyankopͻn wͻ kokoa mu no
Surah Maryam, Verse 3


قَالَ رَبِّ إِنِّي وَهَنَ ٱلۡعَظۡمُ مِنِّي وَٱشۡتَعَلَ ٱلرَّأۡسُ شَيۡبٗا وَلَمۡ أَكُنۢ بِدُعَآئِكَ رَبِّ شَقِيّٗا

Ɔkaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, mehonam mu nnompe nyinaa ago, na me tri nwii nso ahura dwono fitaa, na su a mesu frε Woͻ no mu biara nnihͻ a, ansi me yie
Surah Maryam, Verse 4


وَإِنِّي خِفۡتُ ٱلۡمَوَٰلِيَ مِن وَرَآءِي وَكَانَتِ ٱمۡرَأَتِي عَاقِرٗا فَهَبۡ لِي مِن لَّدُنكَ وَلِيّٗا

Na mesuro menkorͻfoͻ a εwͻ m’akyi; me yere nso ayε bonini, enti dom me kyԑ me (ba anaasε) okyitaafoͻ a ofri Wo hͻ
Surah Maryam, Verse 5


يَرِثُنِي وَيَرِثُ مِنۡ ءَالِ يَعۡقُوبَۖ وَٱجۡعَلۡهُ رَبِّ رَضِيّٗا

a, obedi m’adeε na w’adi Yakobo asefoͻ adeε. Me Wura Nyankopͻn, yε (saa abͻfra a Wode no bεma me) no obia Wogye no to mu “
Surah Maryam, Verse 6


يَٰزَكَرِيَّآ إِنَّا نُبَشِّرُكَ بِغُلَٰمٍ ٱسۡمُهُۥ يَحۡيَىٰ لَمۡ نَجۡعَل لَّهُۥ مِن قَبۡلُ سَمِيّٗا

(Soro abɔfoɔ kaa sɛ) “Zakariya, Yε’de abarimaa bi rehyε wo bͻ, yεfrε no Yah’ya (Yohane) Yenii kan ntoo obi din te saa “
Surah Maryam, Verse 7


قَالَ رَبِّ أَنَّىٰ يَكُونُ لِي غُلَٰمٞ وَكَانَتِ ٱمۡرَأَتِي عَاقِرٗا وَقَدۡ بَلَغۡتُ مِنَ ٱلۡكِبَرِ عِتِيّٗا

Zakariya kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, εbεyε dεn na manya ba aberε a meyere yε bonini, nokorε mu me nso manyin abᴐ akͻkora?”
Surah Maryam, Verse 8


قَالَ كَذَٰلِكَ قَالَ رَبُّكَ هُوَ عَلَيَّ هَيِّنٞ وَقَدۡ خَلَقۡتُكَ مِن قَبۡلُ وَلَمۡ تَكُ شَيۡـٔٗا

(Ɔbɔfoɔ no) kaa sε: “Saa (ara na εbεyε). Wo Wura Nyankopͻn se: “Ɛyε mmrε ma Me, nokorε sε Medii kan bͻͻ wo a, (saa berε no) na wonyε hwee“
Surah Maryam, Verse 9


قَالَ رَبِّ ٱجۡعَل لِّيٓ ءَايَةٗۖ قَالَ ءَايَتُكَ أَلَّا تُكَلِّمَ ٱلنَّاسَ ثَلَٰثَ لَيَالٖ سَوِيّٗا

Zakariya kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, ma me (ho) nsεnkyerεnee. (Onyankopͻn) kaa sε: Wo nsεnkyerεnee ne sε, (εwom sε) wote apͻ deε, nanso wo (nntumi) nkasa nnipa ho nnansa
Surah Maryam, Verse 10


فَخَرَجَ عَلَىٰ قَوۡمِهِۦ مِنَ ٱلۡمِحۡرَابِ فَأَوۡحَىٰٓ إِلَيۡهِمۡ أَن سَبِّحُواْ بُكۡرَةٗ وَعَشِيّٗا

Enti opue fri pie no mu baa ne nkorͻfoͻ no hͻ, na ͻde nsεnkyerεnee kasa kyerεε wͻn sε: “Momͻ (Nyankopͻn) abodin anͻpa ne anyumerε “
Surah Maryam, Verse 11


يَٰيَحۡيَىٰ خُذِ ٱلۡكِتَٰبَ بِقُوَّةٖۖ وَءَاتَيۡنَٰهُ ٱلۡحُكۡمَ صَبِيّٗا

Yahaya, fa ahoᴐden sᴐ Nwoma no mu; na Yԑ’maa no adwen wᴐ ne nkᴐdaa berԑ mu
Surah Maryam, Verse 12


وَحَنَانٗا مِّن لَّدُنَّا وَزَكَوٰةٗۖ وَكَانَ تَقِيّٗا

San (maa no) nti mmͻborͻ akoma a efri Yεn hͻ, san yԑԑ no (nipa) kronkron; na ͻyε obi a osuro Nyame
Surah Maryam, Verse 13


وَبَرَّۢا بِوَٰلِدَيۡهِ وَلَمۡ يَكُن جَبَّارًا عَصِيّٗا

Na ͻyε ayεmyε ma n’awofoͻ, na ͻnyε ahomasoͻ (nipa, anaa) asobrakyeε
Surah Maryam, Verse 14


وَسَلَٰمٌ عَلَيۡهِ يَوۡمَ وُلِدَ وَيَوۡمَ يَمُوتُ وَيَوۡمَ يُبۡعَثُ حَيّٗا

Asomdwiε wͻ ne so wͻ εda a yε’woo no, εne da a owuiε ne εda a yεbenyane no aba nkwa mu
Surah Maryam, Verse 15


وَٱذۡكُرۡ فِي ٱلۡكِتَٰبِ مَرۡيَمَ إِذِ ٱنتَبَذَتۡ مِنۡ أَهۡلِهَا مَكَانٗا شَرۡقِيّٗا

Na kae Mar’yam nso (ho asԑm) wͻ Nwoma no mu. Ɛberε a ͻtwee ne ho frii n’abusuafoͻ ho kͻͻ apueɛ fam hͻ baabi
Surah Maryam, Verse 16


فَٱتَّخَذَتۡ مِن دُونِهِمۡ حِجَابٗا فَأَرۡسَلۡنَآ إِلَيۡهَا رُوحَنَا فَتَمَثَّلَ لَهَا بَشَرٗا سَوِيّٗا

Ɔfaa ntware mu twaree ͻne wͻn ntεm, ɛna Yε’somaa Yε’honhom baa ne hͻ bεdaa ne ho adi kyerεε no tesε onipa sεso pεpεεpε
Surah Maryam, Verse 17


قَالَتۡ إِنِّيٓ أَعُوذُ بِٱلرَّحۡمَٰنِ مِنكَ إِن كُنتَ تَقِيّٗا

Mar’yam kaa sε: “Mehwehwε Ahummͻborͻ Hene no hͻ ntwitwagyeε wͻ wo ho, sε woyε Nyamesuroni a
Surah Maryam, Verse 18


قَالَ إِنَّمَآ أَنَا۠ رَسُولُ رَبِّكِ لِأَهَبَ لَكِ غُلَٰمٗا زَكِيّٗا

(Ɔbͻfoͻ no) kaa sε: “Medeε meyε wo Wura Nyankopͻn bͻfoͻ; (W’asoma me) sε menfa abarimaa kronkron bi mεkyε wo “
Surah Maryam, Verse 19


قَالَتۡ أَنَّىٰ يَكُونُ لِي غُلَٰمٞ وَلَمۡ يَمۡسَسۡنِي بَشَرٞ وَلَمۡ أَكُ بَغِيّٗا

Mar’yam kaa sε: ”Ɛbεyε dεn na manya abarimaa aberε a ͻbarima mfaa neho nkaa me, na menyε odwammanfoͻ nso
Surah Maryam, Verse 20


قَالَ كَذَٰلِكِ قَالَ رَبُّكِ هُوَ عَلَيَّ هَيِّنٞۖ وَلِنَجۡعَلَهُۥٓ ءَايَةٗ لِّلنَّاسِ وَرَحۡمَةٗ مِّنَّاۚ وَكَانَ أَمۡرٗا مَّقۡضِيّٗا

(Ɔbͻfoͻ no) kaa sε: “Saa ara na (εbεyε); wo Wura Nyankopͻn aka sε: “Ɛyε mmrε ma Me. Sεdeε Yε’bεyε no nsεnkyerεnee ne ahummͻborͻ a efri Yεn hͻ ama nnipa. Ԑyε asεm a yahyehyε awie”
Surah Maryam, Verse 21


۞فَحَمَلَتۡهُ فَٱنتَبَذَتۡ بِهِۦ مَكَانٗا قَصِيّٗا

Enti (Mar’yam) nyinsεn (abͻfra) no; na ͻtwee ne ho de (nyinsεn) no kͻͻ akyirikyiri baabi
Surah Maryam, Verse 22


فَأَجَآءَهَا ٱلۡمَخَاضُ إِلَىٰ جِذۡعِ ٱلنَّخۡلَةِ قَالَتۡ يَٰلَيۡتَنِي مِتُّ قَبۡلَ هَٰذَا وَكُنتُ نَسۡيٗا مَّنسِيّٗا

Awoͻ yeaa no de no kͻͻ akyiresua dua bi ho. Ɔkaa sε: “Ɛkaa menko a anka medii kan wui ansa na (asεm) woi (reba), anka yεwerε afri me koraa”
Surah Maryam, Verse 23


فَنَادَىٰهَا مِن تَحۡتِهَآ أَلَّا تَحۡزَنِي قَدۡ جَعَلَ رَبُّكِ تَحۡتَكِ سَرِيّٗا

Enti (εnee bi) fri n’ase frεε no sε: “Ɛmma wo werε nnho, wo Wura Nyankopͻn ayε asuwa bi wͻ wa’se hͻ
Surah Maryam, Verse 24


وَهُزِّيٓ إِلَيۡكِ بِجِذۡعِ ٱلنَّخۡلَةِ تُسَٰقِطۡ عَلَيۡكِ رُطَبٗا جَنِيّٗا

Woso akyiresua dua no bra wa’nim na akyiresua aba foforͻ a abereε bεte atͻ wo so
Surah Maryam, Verse 25


فَكُلِي وَٱشۡرَبِي وَقَرِّي عَيۡنٗاۖ فَإِمَّا تَرَيِنَّ مِنَ ٱلۡبَشَرِ أَحَدٗا فَقُولِيٓ إِنِّي نَذَرۡتُ لِلرَّحۡمَٰنِ صَوۡمٗا فَلَنۡ أُكَلِّمَ ٱلۡيَوۡمَ إِنسِيّٗا

Di, na nom na ma w’ani nye. Sε wohu onipa biara a, ka sε: “Mahyε Ahummͻborͻ Hene no akͻmkyene ho bͻ, enti mennkasa onipa biara ho nnε“
Surah Maryam, Verse 26


فَأَتَتۡ بِهِۦ قَوۡمَهَا تَحۡمِلُهُۥۖ قَالُواْ يَٰمَرۡيَمُ لَقَدۡ جِئۡتِ شَيۡـٔٗا فَرِيّٗا

Mar’yam faa (abͻfra) no de no baa n’abusuafoͻ hͻ. “Wͻ’kaa sε: “Nokorε sε wode awanwadeε aba (fie)“
Surah Maryam, Verse 27


يَـٰٓأُخۡتَ هَٰرُونَ مَا كَانَ أَبُوكِ ٱمۡرَأَ سَوۡءٖ وَمَا كَانَتۡ أُمُّكِ بَغِيّٗا

Aaron nua baa, na wopapa nyε onipa bͻneni, εna wo maame nso nyε (ͻbaa) dwamanfoͻ
Surah Maryam, Verse 28


فَأَشَارَتۡ إِلَيۡهِۖ قَالُواْ كَيۡفَ نُكَلِّمُ مَن كَانَ فِي ٱلۡمَهۡدِ صَبِيّٗا

Enti Mar’yam (de nensa) kyerεε (abͻfra) no so. Wͻ’kaa sε: “Ɛbεyε dεn na y’atumi ne akokoaa a ͻda tanaa mu akasa? “
Surah Maryam, Verse 29


قَالَ إِنِّي عَبۡدُ ٱللَّهِ ءَاتَىٰنِيَ ٱلۡكِتَٰبَ وَجَعَلَنِي نَبِيّٗا

(Yesu) kaa sε:” Nokorε meyε Onyankopͻn akoa. Ɔde Nwoma no ama me, εna W’ayε me nkͻmhyεni
Surah Maryam, Verse 30


وَجَعَلَنِي مُبَارَكًا أَيۡنَ مَا كُنتُ وَأَوۡصَٰنِي بِٱلصَّلَوٰةِ وَٱلزَّكَوٰةِ مَا دُمۡتُ حَيّٗا

Ɛna W’ahyira me wͻ baabiara a me wͻ biara, εna W’ayε Nyamefrε ne Zaka no nso nhyε ama me wͻ mmerε tenten a mete aseε
Surah Maryam, Verse 31


وَبَرَّۢا بِوَٰلِدَتِي وَلَمۡ يَجۡعَلۡنِي جَبَّارٗا شَقِيّٗا

Ɛna (Onyankopͻn ahyε me sε menyε) ayεmyε ma me maame, na Wammͻ me (obi a meyε) ahomasoͻ anaa tibͻneni
Surah Maryam, Verse 32


وَٱلسَّلَٰمُ عَلَيَّ يَوۡمَ وُلِدتُّ وَيَوۡمَ أَمُوتُ وَيَوۡمَ أُبۡعَثُ حَيّٗا

Asomdweε wͻ me so wͻ εda a yεwoo me, ne εda a mewuo ne εda a yεbenyane me aba nkwa mu bio
Surah Maryam, Verse 33


ذَٰلِكَ عِيسَى ٱبۡنُ مَرۡيَمَۖ قَوۡلَ ٱلۡحَقِّ ٱلَّذِي فِيهِ يَمۡتَرُونَ

Saa na Mar’yam ba Yesu no ho asεm no teε. (Woi ne Yesu ho) nokwasεm no a wͻ’regye ho akyinyeε no
Surah Maryam, Verse 34


مَا كَانَ لِلَّهِ أَن يَتَّخِذَ مِن وَلَدٖۖ سُبۡحَٰنَهُۥٓۚ إِذَا قَضَىٰٓ أَمۡرٗا فَإِنَّمَا يَقُولُ لَهُۥ كُن فَيَكُونُ

Ɛmfata mma Nyankopͻn sε Ͻwo ba. Kronkron Hene ne no. Sε Ɔhyehyε biribi a, deε ͻka kyerε adekorͻ no ara ne sε: “Yε! na ayε “
Surah Maryam, Verse 35


وَإِنَّ ٱللَّهَ رَبِّي وَرَبُّكُمۡ فَٱعۡبُدُوهُۚ هَٰذَا صِرَٰطٞ مُّسۡتَقِيمٞ

(Yesu kaa sε) : “Nokorε, Onyankopͻn ne me Wura, εna Ɔyε monso mo Wura, enti monsom no. Woi ne kwan tenenee no
Surah Maryam, Verse 36


فَٱخۡتَلَفَ ٱلۡأَحۡزَابُ مِنۢ بَيۡنِهِمۡۖ فَوَيۡلٞ لِّلَّذِينَ كَفَرُواْ مِن مَّشۡهَدِ يَوۡمٍ عَظِيمٍ

Nanso ntotoo bεtͻͻ akuo no ntεm (wͻ Yesu ho); enti due nka (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no, wͻ Da kεseε no nhyiamu no ho
Surah Maryam, Verse 37


أَسۡمِعۡ بِهِمۡ وَأَبۡصِرۡ يَوۡمَ يَأۡتُونَنَا لَٰكِنِ ٱلظَّـٰلِمُونَ ٱلۡيَوۡمَ فِي ضَلَٰلٖ مُّبِينٖ

Sεdeε wͻ’besi ahunu adeε kann ate asεm kann wͻ Ɛda a wͻ’bεba Yεn hͻ no, nanso abͻneεfoͻ no wͻ ͻyera pefee mu nnε
Surah Maryam, Verse 38


وَأَنذِرۡهُمۡ يَوۡمَ ٱلۡحَسۡرَةِ إِذۡ قُضِيَ ٱلۡأَمۡرُ وَهُمۡ فِي غَفۡلَةٖ وَهُمۡ لَا يُؤۡمِنُونَ

Enti (Nkͻmhyεni), bͻ wͻn kͻkͻ wͻ berεguo Da no ho, εberε a yεbedi asεm no awie no, nanso (seesei) w’abu wͻn ani agu so a wͻn nnye nnie
Surah Maryam, Verse 39


إِنَّا نَحۡنُ نَرِثُ ٱلۡأَرۡضَ وَمَنۡ عَلَيۡهَا وَإِلَيۡنَا يُرۡجَعُونَ

Nokorε sε, Yεn na Ye’bedi adeε wͻ asaase no soͻ na Yεn hͻ na wͻn (nyinaa) bεsan aba
Surah Maryam, Verse 40


وَٱذۡكُرۡ فِي ٱلۡكِتَٰبِ إِبۡرَٰهِيمَۚ إِنَّهُۥ كَانَ صِدِّيقٗا نَّبِيًّا

Na kae Abraham (ho asԑm) wͻ Nwoma no mu. Nokorε sε na ͻyε nkͻmhyεni nokwafoɔ
Surah Maryam, Verse 41


إِذۡ قَالَ لِأَبِيهِ يَـٰٓأَبَتِ لِمَ تَعۡبُدُ مَا لَا يَسۡمَعُ وَلَا يُبۡصِرُ وَلَا يُغۡنِي عَنكَ شَيۡـٔٗا

Ɛberε a ͻka kyerεε n’agya sε: “M’agya, adεn na wosom adeε a εnte (asεm) na enhunu (adeε) na entumi mma wo mfasoͻ biara
Surah Maryam, Verse 42


يَـٰٓأَبَتِ إِنِّي قَدۡ جَآءَنِي مِنَ ٱلۡعِلۡمِ مَا لَمۡ يَأۡتِكَ فَٱتَّبِعۡنِيٓ أَهۡدِكَ صِرَٰطٗا سَوِيّٗا

M’agya, nokorε sε nimdeε aba me hͻ a ebi maa wo hͻ enti di m’akyi, na menkyerε wo kwan tenenee no
Surah Maryam, Verse 43


يَـٰٓأَبَتِ لَا تَعۡبُدِ ٱلشَّيۡطَٰنَۖ إِنَّ ٱلشَّيۡطَٰنَ كَانَ لِلرَّحۡمَٰنِ عَصِيّٗا

M’agya, hwε na woansom bonsam. Nokorε sε ͻbonsam ate Ahummͻborͻ Hene no so atua
Surah Maryam, Verse 44


يَـٰٓأَبَتِ إِنِّيٓ أَخَافُ أَن يَمَسَّكَ عَذَابٞ مِّنَ ٱلرَّحۡمَٰنِ فَتَكُونَ لِلشَّيۡطَٰنِ وَلِيّٗا

M’agya, nokorε, mesuro sε anhwε a na asotwee bi fri Ahummͻborͻ Hene no hͻ abεsͻ wo mu, na wo akͻyε ͻbonsam yͻnko.”
Surah Maryam, Verse 45


قَالَ أَرَاغِبٌ أَنتَ عَنۡ ءَالِهَتِي يَـٰٓإِبۡرَٰهِيمُۖ لَئِن لَّمۡ تَنتَهِ لَأَرۡجُمَنَّكَۖ وَٱهۡجُرۡنِي مَلِيّٗا

(Nepapa) kaa sε: ”Abraham, wompε m’abosom no? Sε woanyae (wonsεm keka ne wo nneyεε no) a, mesi wo aboͻ. Enti fri me so kͻ akyirikyiri seesei ara”
Surah Maryam, Verse 46


قَالَ سَلَٰمٌ عَلَيۡكَۖ سَأَسۡتَغۡفِرُ لَكَ رَبِّيٓۖ إِنَّهُۥ كَانَ بِي حَفِيّٗا

Abraham kaa sε: ”Asomdweε nka wo; mεsrε me Wura Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε ama wo. Nokorε sε Neyεm yε mame”
Surah Maryam, Verse 47


وَأَعۡتَزِلُكُمۡ وَمَا تَدۡعُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ وَأَدۡعُواْ رَبِّي عَسَىٰٓ أَلَّآ أَكُونَ بِدُعَآءِ رَبِّي شَقِيّٗا

M’atwe me ho afri mo ho, ne deε mofri Nyankopͻn akyi sufrε wͻn no, na mesu afrε me Wura Nyankopᴐn; na ebia mesufrε me Wura Nyankopᴐn a mesufrε no nnyε kwa
Surah Maryam, Verse 48


فَلَمَّا ٱعۡتَزَلَهُمۡ وَمَا يَعۡبُدُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ وَهَبۡنَا لَهُۥٓ إِسۡحَٰقَ وَيَعۡقُوبَۖ وَكُلّٗا جَعَلۡنَا نَبِيّٗا

Ɛberε a Abraham twee ne ho frii wͻn ho, ne deε wɔ’fri Nyankopɔn akyi som no ho no, Yε’maa no Is’haaq ne Ya’aquub, na Yε’yεε wͻn (mu) biara nkכmhyεni
Surah Maryam, Verse 49


وَوَهَبۡنَا لَهُم مِّن رَّحۡمَتِنَا وَجَعَلۡنَا لَهُمۡ لِسَانَ صِدۡقٍ عَلِيّٗا

Na Yε’de Y’ahummͻborͻ dom wͻn, na Yε’maa amansan bͻͻ wͻn din pa
Surah Maryam, Verse 50


وَٱذۡكُرۡ فِي ٱلۡكِتَٰبِ مُوسَىٰٓۚ إِنَّهُۥ كَانَ مُخۡلَصٗا وَكَانَ رَسُولٗا نَّبِيّٗا

Kae Mose nso wͻ Nwoma no mu. Nokorε sε na ͻyε (onipa) a yatu no asihͻ, na ͻyε Ɔsomafoͻ (san nso yε) nkɔmhyεni
Surah Maryam, Verse 51


وَنَٰدَيۡنَٰهُ مِن جَانِبِ ٱلطُّورِ ٱلۡأَيۡمَنِ وَقَرَّبۡنَٰهُ نَجِيّٗا

Yε’frεε no wͻ bepͻ (Sinai) nifa so hͻ, na Yε’maa no bεnee Yεn ne no dii nkutahoo
Surah Maryam, Verse 52


وَوَهَبۡنَا لَهُۥ مِن رَّحۡمَتِنَآ أَخَاهُ هَٰرُونَ نَبِيّٗا

Ye’fri Y’ahummͻborͻ mu dom no maa ne nua Aaron bεyεε nkͻmhyεni
Surah Maryam, Verse 53


وَٱذۡكُرۡ فِي ٱلۡكِتَٰبِ إِسۡمَٰعِيلَۚ إِنَّهُۥ كَانَ صَادِقَ ٱلۡوَعۡدِ وَكَانَ رَسُولٗا نَّبِيّٗا

Kae Ishmael nso wͻ Nwoma no mu. Nokorε sε na odi nokorε wͻ bͻhyε no ho. Na ͻyε ͻsomafoͻ (san nso yε) nkͻmhyεni
Surah Maryam, Verse 54


وَكَانَ يَأۡمُرُ أَهۡلَهُۥ بِٱلصَّلَوٰةِ وَٱلزَّكَوٰةِ وَكَانَ عِندَ رَبِّهِۦ مَرۡضِيّٗا

Na ͻhyε n’abusuafoͻ ma wͻ’frε Nyame san yi Zaka. Na (ͻyε nipa a) yagye no atom paa wͻ ne Wura Nyankopͻn hͻ
Surah Maryam, Verse 55


وَٱذۡكُرۡ فِي ٱلۡكِتَٰبِ إِدۡرِيسَۚ إِنَّهُۥ كَانَ صِدِّيقٗا نَّبِيّٗا

Kae Idriis nso wͻ Nwoma no mu. Nokorε sε na ͻyε nkͻmhyεni nokwafoͻ
Surah Maryam, Verse 56


وَرَفَعۡنَٰهُ مَكَانًا عَلِيًّا

Yε’pagyaa no gyinaa gyinabrε a εkorͻn
Surah Maryam, Verse 57


أُوْلَـٰٓئِكَ ٱلَّذِينَ أَنۡعَمَ ٱللَّهُ عَلَيۡهِم مِّنَ ٱلنَّبِيِّـۧنَ مِن ذُرِّيَّةِ ءَادَمَ وَمِمَّنۡ حَمَلۡنَا مَعَ نُوحٖ وَمِن ذُرِّيَّةِ إِبۡرَٰهِيمَ وَإِسۡرَـٰٓءِيلَ وَمِمَّنۡ هَدَيۡنَا وَٱجۡتَبَيۡنَآۚ إِذَا تُتۡلَىٰ عَلَيۡهِمۡ ءَايَٰتُ ٱلرَّحۡمَٰنِ خَرُّواْۤ سُجَّدٗاۤ وَبُكِيّٗا۩

Saa nkorͻfoͻ yi na Nyankopͻn adom wͻn wͻ nkͻmhyεfoͻ no mu wͻ Adam asefoͻ no mu, ne wͻn a Yε’soaa wᴐn kaa Noa ho no mu, ne Abraham asefoͻ no, ne Israel (anaasε Yakobo asefoͻ no), ne wͻn a Yε’kyerɛε wͻn kwan, yii wͻn (wͻ adasamma mu no). Sε yεrekenkan Ahummͻborͻ Hene no Nsεm no kyerε wͻn a, wͻ’de wͻn ho kͻ fͻm de wͻn anim butu fͻm su
Surah Maryam, Verse 58


۞فَخَلَفَ مِنۢ بَعۡدِهِمۡ خَلۡفٌ أَضَاعُواْ ٱلصَّلَوٰةَ وَٱتَّبَعُواْ ٱلشَّهَوَٰتِۖ فَسَوۡفَ يَلۡقَوۡنَ غَيًّا

Wͻn akyiri no, anaamusifoͻ bi besii wͻn anan mu a wͻ’buu wͻn ani guu Nyamefrε no soͻ, na wͻ’dii akͻnnͻ deε akyi. (Saa nkorͻfoͻ no) behyia ͻsεeε
Surah Maryam, Verse 59


إِلَّا مَن تَابَ وَءَامَنَ وَعَمِلَ صَٰلِحٗا فَأُوْلَـٰٓئِكَ يَدۡخُلُونَ ٱلۡجَنَّةَ وَلَا يُظۡلَمُونَ شَيۡـٔٗا

Gyesε wͻn a wͻ’bεsakra wͻn adwen na wͻ’agye adie, na wͻ’adi dwuma pa, saa nkorͻfoͻ no na wͻ’bewura Soro aheman no mu no, na yensisi wͻn wͻ hwee ho
Surah Maryam, Verse 60


جَنَّـٰتِ عَدۡنٍ ٱلَّتِي وَعَدَ ٱلرَّحۡمَٰنُ عِبَادَهُۥ بِٱلۡغَيۡبِۚ إِنَّهُۥ كَانَ وَعۡدُهُۥ مَأۡتِيّٗا

Aheman a εwͻ hͻ daa a, Ahummͻborͻ Hene no ahyε Nenkoa no ho bͻ a εwͻ kokoa mu no (emu na wͻ’bεtena). Nokorε sε Onyankopͻn bͻhyε bεyε hͻ
Surah Maryam, Verse 61


لَّا يَسۡمَعُونَ فِيهَا لَغۡوًا إِلَّا سَلَٰمٗاۖ وَلَهُمۡ رِزۡقُهُمۡ فِيهَا بُكۡرَةٗ وَعَشِيّٗا

Wͻ’nnte nsεmhunu wͻhͻ, gyesε Asomdwiε. Wͻ’benya wͻn akͻnhoma anͻpa ne anyumerε
Surah Maryam, Verse 62


تِلۡكَ ٱلۡجَنَّةُ ٱلَّتِي نُورِثُ مِنۡ عِبَادِنَا مَن كَانَ تَقِيّٗا

Saa na Aheman a Yε’de bεma Yεn nkoa no a wͻ’suroo Nyame no bedi adeε wͻ mu no siteε
Surah Maryam, Verse 63


وَمَا نَتَنَزَّلُ إِلَّا بِأَمۡرِ رَبِّكَۖ لَهُۥ مَا بَيۡنَ أَيۡدِينَا وَمَا خَلۡفَنَا وَمَا بَيۡنَ ذَٰلِكَۚ وَمَا كَانَ رَبُّكَ نَسِيّٗا

Yεn (Soro abͻfoͻ no) yensiane (mma asaase so) gyesε (εnam) wo Wura Nyankopͻn ahyεdeε so. Ɔno na deε εwͻ y’anim ne deε εwͻ y’akyi ne deε εwͻ ne mmienu mfinimfii (nyinaa) wͻ no. Wo Wura Nyankopͻn werε mmfi (hwee)
Surah Maryam, Verse 64


رَّبُّ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَمَا بَيۡنَهُمَا فَٱعۡبُدۡهُ وَٱصۡطَبِرۡ لِعِبَٰدَتِهِۦۚ هَلۡ تَعۡلَمُ لَهُۥ سَمِيّٗا

Ɔsoro ne asaase ne deε εwͻ mfinmfii Wura (ne no), enti som no, na si abotrε wͻ Nesom no ho. Enti wonim obi a ͻne Nyankopͻn din sε
Surah Maryam, Verse 65


وَيَقُولُ ٱلۡإِنسَٰنُ أَءِذَا مَا مِتُّ لَسَوۡفَ أُخۡرَجُ حَيًّا

Onipa ka sε: “Ɛberε a m’awuo, mεsan anyane aba nkwa mu bio?”
Surah Maryam, Verse 66


أَوَلَا يَذۡكُرُ ٱلۡإِنسَٰنُ أَنَّا خَلَقۡنَٰهُ مِن قَبۡلُ وَلَمۡ يَكُ شَيۡـٔٗا

Enti onipa nkae sε, nokorε sε Y’edii kan bͻͻ no aberε a na ͻnyε hwee
Surah Maryam, Verse 67


فَوَرَبِّكَ لَنَحۡشُرَنَّهُمۡ وَٱلشَّيَٰطِينَ ثُمَّ لَنُحۡضِرَنَّهُمۡ حَوۡلَ جَهَنَّمَ جِثِيّٗا

Enti (Nkͻmhyεni), mede wo Wura Nyankopͻn di nse sε: “Yε’bεboa wͻn ne abonsamfoͻ no (nyinaa) ano, na Yε’de wͻn abetwa Ogya no ho ahyia wͻ (wͻn) nkotodwe so
Surah Maryam, Verse 68


ثُمَّ لَنَنزِعَنَّ مِن كُلِّ شِيعَةٍ أَيُّهُمۡ أَشَدُّ عَلَى ٱلرَّحۡمَٰنِ عِتِيّٗا

Ansa na ekuo biara mu no, Y’ayiyi wͻn a na wͻ’yε den te Ahummͻborͻ Hene no so atua no
Surah Maryam, Verse 69


ثُمَّ لَنَحۡنُ أَعۡلَمُ بِٱلَّذِينَ هُمۡ أَوۡلَىٰ بِهَا صِلِيّٗا

Nokorε sε Ye’nim momu wͻn a wͻ’fata sε yεhye wͻn wͻ (Amanehu gya no) mu
Surah Maryam, Verse 70


وَإِن مِّنكُمۡ إِلَّا وَارِدُهَاۚ كَانَ عَلَىٰ رَبِّكَ حَتۡمٗا مَّقۡضِيّٗا

Momu biara betwam wͻ hͻ. Woi yε nhyehyεε a εwͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ a εbԑyε hͻ
Surah Maryam, Verse 71


ثُمَّ نُنَجِّي ٱلَّذِينَ ٱتَّقَواْ وَّنَذَرُ ٱلظَّـٰلِمِينَ فِيهَا جِثِيّٗا

Afei Yebeyi wͻn a wͻ’suroo Nyame no afri mu, na Y’agya abͻneεfoͻ no wͻ mu (wͻ wͻn) nkotodwe so
Surah Maryam, Verse 72


وَإِذَا تُتۡلَىٰ عَلَيۡهِمۡ ءَايَٰتُنَا بَيِّنَٰتٖ قَالَ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ لِلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ أَيُّ ٱلۡفَرِيقَيۡنِ خَيۡرٞ مَّقَامٗا وَأَحۡسَنُ نَدِيّٗا

Sε yεrekenkan Yεn nsεm pefee no kyerε wͻn a, wͻn a wͻ’nnye nnie no ka kyerε wͻn a wͻ’agye adie no sε: “Akuo mmienu yi (agyidiefoͻ ne kaafirfoͻ no) emu deε εwͻ hen na ekuta gyinabrε pa na (εwͻ) hyia-dan a edi mmu a abadwafoͻ papa paa wͻ?”
Surah Maryam, Verse 73


وَكَمۡ أَهۡلَكۡنَا قَبۡلَهُم مِّن قَرۡنٍ هُمۡ أَحۡسَنُ أَثَٰثٗا وَرِءۡيٗا

Aman dodoͻ sεn na Ye’dii wͻn anim kan sεee wͻn a na wͻn wͻ nneεma pa ne nnipadua a εyε fε
Surah Maryam, Verse 74


قُلۡ مَن كَانَ فِي ٱلضَّلَٰلَةِ فَلۡيَمۡدُدۡ لَهُ ٱلرَّحۡمَٰنُ مَدًّاۚ حَتَّىٰٓ إِذَا رَأَوۡاْ مَا يُوعَدُونَ إِمَّا ٱلۡعَذَابَ وَإِمَّا ٱلسَّاعَةَ فَسَيَعۡلَمُونَ مَنۡ هُوَ شَرّٞ مَّكَانٗا وَأَضۡعَفُ جُندٗا

(Nkͻmhyεni), kasε: “Obi a ͻwͻ ͻyera mu no, Ahummͻborͻ Hene no ma no berε tenten ma no kosi sε wͻ’behu deε yabͻ wͻn ho kͻkͻ no, sε εyε asotwee no, anaasε Dͻnhwere no. (Ԑhͻ na) wͻ’behu deε ne gyinabrε nyε, na n’asraafoͻ (anaa nedͻm) nni ahoͻden
Surah Maryam, Verse 75


وَيَزِيدُ ٱللَّهُ ٱلَّذِينَ ٱهۡتَدَوۡاْ هُدٗىۗ وَٱلۡبَٰقِيَٰتُ ٱلصَّـٰلِحَٰتُ خَيۡرٌ عِندَ رَبِّكَ ثَوَابٗا وَخَيۡرٞ مَّرَدًّا

Nyankopͻn de tenenee bεka wͻn a wͻ’anya kwankyerε no ho. Na dwumadi pa a (εho akatua pa) wͻ hͻ daa no, εno na εyε wͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ, na (εno nso na εwͻ) akatua (pa) ne awieε pa
Surah Maryam, Verse 76


أَفَرَءَيۡتَ ٱلَّذِي كَفَرَ بِـَٔايَٰتِنَا وَقَالَ لَأُوتَيَنَّ مَالٗا وَوَلَدًا

W’ahunu obi a ͻnnye Yεn Nsεm no nnie, na ͻkasε: “Yε’bεma me sika ne mma (wͻ mewuo akyi no)?”
Surah Maryam, Verse 77


أَطَّلَعَ ٱلۡغَيۡبَ أَمِ ٱتَّخَذَ عِندَ ٱلرَّحۡمَٰنِ عَهۡدٗا

(Saa nnipa no) anya ahuntasԑm no ho nimdeε bi, anaasε w’anya Ahummͻborͻ Hene no hͻ bͻhyε bi
Surah Maryam, Verse 78


كَلَّاۚ سَنَكۡتُبُ مَا يَقُولُ وَنَمُدُّ لَهُۥ مِنَ ٱلۡعَذَابِ مَدّٗا

Daabi, Yε’bεtwerε deε ͻka no (nyinaa), na Y’atwe asotwee no mu tenteenten ama no
Surah Maryam, Verse 79


وَنَرِثُهُۥ مَا يَقُولُ وَيَأۡتِينَا فَرۡدٗا

Na (newuo akyiri no) Yε’bedi n’adeε a ͻreka ho asεm no, na ͻno nko ara aba Yεn hͻ
Surah Maryam, Verse 80


وَٱتَّخَذُواْ مِن دُونِ ٱللَّهِ ءَالِهَةٗ لِّيَكُونُواْ لَهُمۡ عِزّٗا

Wͻn afri Nyankopͻn akyi afa anyame foforͻ sεdeε wͻ’bεma wͻn tumi
Surah Maryam, Verse 81


كَلَّاۚ سَيَكۡفُرُونَ بِعِبَادَتِهِمۡ وَيَكُونُونَ عَلَيۡهِمۡ ضِدًّا

Daabi, (saa Da no wͻn anyame no) bεpo ͻsom a na wͻ’som wͻn no, na wͻ’bεyε atamfo atia wͻn
Surah Maryam, Verse 82


أَلَمۡ تَرَ أَنَّآ أَرۡسَلۡنَا ٱلشَّيَٰطِينَ عَلَى ٱلۡكَٰفِرِينَ تَؤُزُّهُمۡ أَزّٗا

Wonhunu sε Yε’soma abonsamfoͻ no ba boniayεfoͻ no so bεtoto gu wͻn asom bͻ wͻn ansͻn (ma wͻ’di bͻne)
Surah Maryam, Verse 83


فَلَا تَعۡجَلۡ عَلَيۡهِمۡۖ إِنَّمَا نَعُدُّ لَهُمۡ عَدّٗا

Enti εmpre woho wͻ wͻn ho; efrisε Y’abu (nna no) bu paa ama wͻn
Surah Maryam, Verse 84


يَوۡمَ نَحۡشُرُ ٱلۡمُتَّقِينَ إِلَى ٱلرَّحۡمَٰنِ وَفۡدٗا

Ɛda a Yε’bεboa Nyamesurofoͻ no ano akͻ Ahummͻborͻ Hene no hͻ, tesε nnipa kuo bi a wͻ’rekͻgye animuonyam (anaa abasobͻdeε no)
Surah Maryam, Verse 85


وَنَسُوقُ ٱلۡمُجۡرِمِينَ إِلَىٰ جَهَنَّمَ وِرۡدٗا

Yε’bεka abͻneεfoͻ no nso akͻ Amane-hunu gyem tesε nyεmmoa bi a sukͻm de wͻn na yεreka wͻn akͻ nsuo mu no
Surah Maryam, Verse 86


لَّا يَمۡلِكُونَ ٱلشَّفَٰعَةَ إِلَّا مَنِ ٱتَّخَذَ عِندَ ٱلرَّحۡمَٰنِ عَهۡدٗا

(Saa Da no) obiara nni ntwitwagyeε ho tumi, gyesε obi a ͻne Ahummͻborͻ Hene no ayε apam (anaasε ͻne no ahyε bͻ)
Surah Maryam, Verse 87


وَقَالُواْ ٱتَّخَذَ ٱلرَّحۡمَٰنُ وَلَدٗا

Wͻ’keka sε: ”Ahummͻborͻ Hene no wᴐ ba “
Surah Maryam, Verse 88


لَّقَدۡ جِئۡتُمۡ شَيۡـًٔا إِدّٗا

Nokorε sε mode abususεm aba
Surah Maryam, Verse 89


تَكَادُ ٱلسَّمَٰوَٰتُ يَتَفَطَّرۡنَ مِنۡهُ وَتَنشَقُّ ٱلۡأَرۡضُ وَتَخِرُّ ٱلۡجِبَالُ هَدًّا

Ɔsoro reyε asunsuan wᴐ ho na asaase nso reyε apaepae ama mmepͻ nso abubu gͻsͻgͻsͻ
Surah Maryam, Verse 90


أَن دَعَوۡاْ لِلرَّحۡمَٰنِ وَلَدٗا

Sε yabͻ ͻba din (anaasε wͻ’de awoͻ) asusu Ahummͻborͻ Hene no
Surah Maryam, Verse 91


وَمَا يَنۢبَغِي لِلرَّحۡمَٰنِ أَن يَتَّخِذَ وَلَدًا

Ԑmfata mma Ahummͻborͻ Hene no sε ͻwᴐ ba
Surah Maryam, Verse 92


إِن كُلُّ مَن فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ إِلَّآ ءَاتِي ٱلرَّحۡمَٰنِ عَبۡدٗا

Deε εwͻ soro ne asaase so no mu biara ba Ahummͻborͻ Hene no hͻ wͻ akoa din mu
Surah Maryam, Verse 93


لَّقَدۡ أَحۡصَىٰهُمۡ وَعَدَّهُمۡ عَدّٗا

Nokorε sε, Nyankopͻn Nim wͻn dodoͻ, na W’akan wͻn kan paa
Surah Maryam, Verse 94


وَكُلُّهُمۡ ءَاتِيهِ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ فَرۡدًا

Wusᴐreԑ da no wͻn mu biara nko ara na εbεba Nehͻ
Surah Maryam, Verse 95


إِنَّ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّـٰلِحَٰتِ سَيَجۡعَلُ لَهُمُ ٱلرَّحۡمَٰنُ وُدّٗا

Nokorε sε, wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwumapa no Ahummͻborͻ Hene no de ͻdͻ bεma wͻn
Surah Maryam, Verse 96


فَإِنَّمَا يَسَّرۡنَٰهُ بِلِسَانِكَ لِتُبَشِّرَ بِهِ ٱلۡمُتَّقِينَ وَتُنذِرَ بِهِۦ قَوۡمٗا لُّدّٗا

Enti Y’ayε (Qur’aan) no mmrε ama wo kεterεma, sεdeε wode bεhyԑ Nyame-surofoͻ no bᴐ, na wode bεbͻ wͻn a wͻ’reko tia dendeenden no nso kͻkͻ
Surah Maryam, Verse 97


وَكَمۡ أَهۡلَكۡنَا قَبۡلَهُم مِّن قَرۡنٍ هَلۡ تُحِسُّ مِنۡهُم مِّنۡ أَحَدٍ أَوۡ تَسۡمَعُ لَهُمۡ رِكۡزَۢا

Awoͻ ntoatoasoͻ sεn na adi wͻn anim kan a Y’asεe wͻn? Wohunu wͻn mu baako mpo, anaasε wote wͻ’nka anaasε wͻn ho mpopoeε bi
Surah Maryam, Verse 98


Author: Sheikh Haroun Ismaeel


<< Surah 18
>> Surah 20

Twi Translations by other Authors


Twi Translation By Sheikh Haroun Ismaeel
Popular Areas
Apartments for rent in Dubai Apartments for rent Abu Dhabi Villas for rent in Dubai House for rent Abu Dhabi Apartments for sale in Dubai Apartments for sale in Abu Dhabi Flat for rent Sharjah
Popular Searches
Studios for rent in UAE Apartments for rent in UAE Villas for rent in UAE Apartments for sale in UAE Villas for sale in UAE Land for sale in UAE Dubai Real Estate
Trending Areas
Apartments for rent in Dubai Marina Apartments for sale in Dubai Marina Villa for rent in Sharjah Villa for sale in Dubai Flat for rent in Ajman Studio for rent in Abu Dhabi Villa for rent in Ajman
Trending Searches
Villa for rent in Abu Dhabi Shop for rent in Dubai Villas for sale in Ajman Studio for rent in Sharjah 1 Bedroom Apartment for rent in Dubai Property for rent in Abu Dhabi Commercial properties for sale
© Copyright Dubai Prayer Time. All Rights Reserved
Designed by Prayer Time In Dubai