Surah Al-Baqara Verse 260 - Twi Translation by Sheikh Haroun Ismaeel
Surah Al-Baqaraوَإِذۡ قَالَ إِبۡرَٰهِـۧمُ رَبِّ أَرِنِي كَيۡفَ تُحۡيِ ٱلۡمَوۡتَىٰۖ قَالَ أَوَلَمۡ تُؤۡمِنۖ قَالَ بَلَىٰ وَلَٰكِن لِّيَطۡمَئِنَّ قَلۡبِيۖ قَالَ فَخُذۡ أَرۡبَعَةٗ مِّنَ ٱلطَّيۡرِ فَصُرۡهُنَّ إِلَيۡكَ ثُمَّ ٱجۡعَلۡ عَلَىٰ كُلِّ جَبَلٖ مِّنۡهُنَّ جُزۡءٗا ثُمَّ ٱدۡعُهُنَّ يَأۡتِينَكَ سَعۡيٗاۚ وَٱعۡلَمۡ أَنَّ ٱللَّهَ عَزِيزٌ حَكِيمٞ
Kae εberε a Abraham kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, kyerε me sεdeε wosi nyane awufoͻ ba nkwa mu”. Nyankopͻn kaa sε: “Wonnye nni anaa?” Abraham kaa sε: “Ɛnyε saa, na mmom sεdeε m’akoma bεtͻ meyεm nti”. Nyankopͻn kaa sε: “Ɛneε fa nnomaa nnan na yεn wͻn ma wͻ’nhu wo yie (na twitwa wͻn asin-asin) na fa wͻn asin-asin no kͻ bepͻ sononko biara so, na afei frε wͻn, wͻ’de ntεmpε na εbεba wo hͻ, na w’ahunu sε, nokorε Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ