لَّهُۥ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِۚ وَإِنَّ ٱللَّهَ لَهُوَ ٱلۡغَنِيُّ ٱلۡحَمِيدُ
Adeε a εwͻ soro ne adeε a εwͻ asaase so (nyinaa) yε Nedea. Nokorε sε Nyankopͻn ne (Otumfoͻ a) W’anya Neho a Onhia obiara biribiara, na Ɔno ne Ayeyie Wura no
Author: Sheikh Haroun Ismaeel