Surah An-Noor Verse 22 - Twi Translation by Sheikh Haroun Ismaeel
Surah An-Noorوَلَا يَأۡتَلِ أُوْلُواْ ٱلۡفَضۡلِ مِنكُمۡ وَٱلسَّعَةِ أَن يُؤۡتُوٓاْ أُوْلِي ٱلۡقُرۡبَىٰ وَٱلۡمَسَٰكِينَ وَٱلۡمُهَٰجِرِينَ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِۖ وَلۡيَعۡفُواْ وَلۡيَصۡفَحُوٓاْۗ أَلَا تُحِبُّونَ أَن يَغۡفِرَ ٱللَّهُ لَكُمۡۚ وَٱللَّهُ غَفُورٞ رَّحِيمٌ
Wͻn a wͻn wͻ adom na wͻ’nsa mu yε wͻ momu no nhwε na wͻn anni nse sε, (wͻ’mmoa) obusuani anaa ohiani, ne wͻn a wͻ’atu amantuo wͻ Nyame kwan soͻ no. Enti wͻn mfa mfri, na wͻ’nyi wͻn ani mfri so. Mompε sε Nyankopͻn de mo bͻne bεkyε mo anaa? Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene