Surah An-Noor Verse 35 - Twi Translation by Sheikh Haroun Ismaeel
Surah An-Noor۞ٱللَّهُ نُورُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۚ مَثَلُ نُورِهِۦ كَمِشۡكَوٰةٖ فِيهَا مِصۡبَاحٌۖ ٱلۡمِصۡبَاحُ فِي زُجَاجَةٍۖ ٱلزُّجَاجَةُ كَأَنَّهَا كَوۡكَبٞ دُرِّيّٞ يُوقَدُ مِن شَجَرَةٖ مُّبَٰرَكَةٖ زَيۡتُونَةٖ لَّا شَرۡقِيَّةٖ وَلَا غَرۡبِيَّةٖ يَكَادُ زَيۡتُهَا يُضِيٓءُ وَلَوۡ لَمۡ تَمۡسَسۡهُ نَارٞۚ نُّورٌ عَلَىٰ نُورٖۚ يَهۡدِي ٱللَّهُ لِنُورِهِۦ مَن يَشَآءُۚ وَيَضۡرِبُ ٱللَّهُ ٱلۡأَمۡثَٰلَ لِلنَّاسِۗ وَٱللَّهُ بِكُلِّ شَيۡءٍ عَلِيمٞ
Nyankopͻn ne ͻsoro ne asaase so Nhyerεnee. Nenhyerεnee no mfatoho tesε ntomaban a εhyε kanea mu, na kanea no hyε ahwehwε mu, na ahwehwε no te gya tesε nsoromma bi a εrepae hyεnhyεnhyεn. Yε’de nhyira dua a εne ngo dua no na εsͻ. Enni apueε anaasε atͻeε. Sε ogya nkaa no mpo a nengo no tumi hyerεn. Nhyerεnee akyiri nhyerεnee. Nyankopͻn de Nenhyerεnee no kyerε obi a Ɔpε kwan. Nyankopͻn reyε mfatoho yi ama adasamma. Nyankopͻn ne biribiara ho Nimdefoͻ