Surah Al-Ankaboot Verse 10 - Twi Translation by Sheikh Haroun Ismaeel
Surah Al-Ankabootوَمِنَ ٱلنَّاسِ مَن يَقُولُ ءَامَنَّا بِٱللَّهِ فَإِذَآ أُوذِيَ فِي ٱللَّهِ جَعَلَ فِتۡنَةَ ٱلنَّاسِ كَعَذَابِ ٱللَّهِۖ وَلَئِن جَآءَ نَصۡرٞ مِّن رَّبِّكَ لَيَقُولُنَّ إِنَّا كُنَّا مَعَكُمۡۚ أَوَلَيۡسَ ٱللَّهُ بِأَعۡلَمَ بِمَا فِي صُدُورِ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Nnipa no mu bi wͻhͻ a wͻ’ka sε: Y’agye Nyankopͻn adi, nanso sε ͻhaw bi to wͻn wͻ Nyankopͻn ho nti a, wͻ’fa onipa haw no sε (ano yε den) tesε Nyankopͻn asotwee no, na sε mmoa anaa nkonimdie bi nso fri mo Wura Nyankopͻn hͻ ba a, deε wͻ’ka ne sε: “Nokorε sε na yε’ka moho“. Enti εnyε Nyankopͻn na Onim deε εwͻ nnipa nyinaa akoma mu