Surah Luqman Verse 34 - Twi Translation by Sheikh Haroun Ismaeel
Surah Luqmanإِنَّ ٱللَّهَ عِندَهُۥ عِلۡمُ ٱلسَّاعَةِ وَيُنَزِّلُ ٱلۡغَيۡثَ وَيَعۡلَمُ مَا فِي ٱلۡأَرۡحَامِۖ وَمَا تَدۡرِي نَفۡسٞ مَّاذَا تَكۡسِبُ غَدٗاۖ وَمَا تَدۡرِي نَفۡسُۢ بِأَيِّ أَرۡضٖ تَمُوتُۚ إِنَّ ٱللَّهَ عَلِيمٌ خَبِيرُۢ
Nokorε sε, Nyankopͻn hͻ na Dͻnhwere no ho nimdeε no wͻ, Ɔno na Ɔma nsuo tͻ, na Onim deε εwͻ (ͻbaa) awodeε mu. Ͻkra biara nnim deε ͻbenya no ͻkyena, na ͻkra biara nso nnim asaase korͻ a ͻbewu atͻ soͻ. Nokorε sε Nyankopͻn na Onim, Ɔne biribiara ho amanebᴐ Wura