UAE Prayer Times

  • Dubai
  • Abu Dhabi
  • Sharjah
  • Ajman
  • Fujairah
  • Umm Al Quwain
  • Ras Al Khaimah
  • Quran Translations

Surah Az-Zumar - Twi Translation by Sheikh Haroun Ismaeel


تَنزِيلُ ٱلۡكِتَٰبِ مِنَ ٱللَّهِ ٱلۡعَزِيزِ ٱلۡحَكِيمِ

Nwoma yi mu Adiyisεm no fri Nyankopͻn, Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Onyansafoͻ no hͻ
Surah Az-Zumar, Verse 1


إِنَّآ أَنزَلۡنَآ إِلَيۡكَ ٱلۡكِتَٰبَ بِٱلۡحَقِّ فَٱعۡبُدِ ٱللَّهَ مُخۡلِصٗا لَّهُ ٱلدِّينَ

Nokorε sε (Nkͻmhyεni), Yεn na Yε’de nokorε no asiane Nwoma no ama woͻ, enti som Nyankopͻn wͻ nokorεdie mu, (na) Ɔno na ͻsom wͻ no
Surah Az-Zumar, Verse 2


أَلَا لِلَّهِ ٱلدِّينُ ٱلۡخَالِصُۚ وَٱلَّذِينَ ٱتَّخَذُواْ مِن دُونِهِۦٓ أَوۡلِيَآءَ مَا نَعۡبُدُهُمۡ إِلَّا لِيُقَرِّبُونَآ إِلَى ٱللَّهِ زُلۡفَىٰٓ إِنَّ ٱللَّهَ يَحۡكُمُ بَيۡنَهُمۡ فِي مَا هُمۡ فِيهِ يَخۡتَلِفُونَۗ إِنَّ ٱللَّهَ لَا يَهۡدِي مَنۡ هُوَ كَٰذِبٞ كَفَّارٞ

Nokorε sε, Nyankopͻn na ͻsom kronkron wͻ no. Deε wͻn a wͻ’fri N’akyi fa akyitaafoͻ no (ka ne sε): “Deε nti yεresom wͻn ne sε, sεdeε wͻ’de yεn bεbεn Nyankopͻn. Nokorε sε Nyankopͻn bebu wͻn ntεm atεn wͻ deε wͻ’nnte wͻn ho ase wͻ ho no ho. Nokorε sε, Nyankopͻn nkyerε obia ͻyε nkontompo, yε boniayεni no kwan
Surah Az-Zumar, Verse 3


لَّوۡ أَرَادَ ٱللَّهُ أَن يَتَّخِذَ وَلَدٗا لَّٱصۡطَفَىٰ مِمَّا يَخۡلُقُ مَا يَشَآءُۚ سُبۡحَٰنَهُۥۖ هُوَ ٱللَّهُ ٱلۡوَٰحِدُ ٱلۡقَهَّارُ

Sε Nyankopͻn pεsε Onya ͻba a, anka Obeyi deε W’abͻ no mu deε Ɔpε. Kronkron Hene ne no. Ɔne Nyankopͻn Baako no, Opumpuni no a Ɔkorͻn wͻ biribiara soͻ no
Surah Az-Zumar, Verse 4


خَلَقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ بِٱلۡحَقِّۖ يُكَوِّرُ ٱلَّيۡلَ عَلَى ٱلنَّهَارِ وَيُكَوِّرُ ٱلنَّهَارَ عَلَى ٱلَّيۡلِۖ وَسَخَّرَ ٱلشَّمۡسَ وَٱلۡقَمَرَۖ كُلّٞ يَجۡرِي لِأَجَلٖ مُّسَمًّىۗ أَلَا هُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡغَفَّـٰرُ

Ɔde nokorε na εbͻͻ ͻsoro ne asaase; Ɔde adesaeε kata adekyeε so, εna Ɔde adekyeε nso kata adesaeε soͻ, εna W’ama awia ne bosome abrε wͻn ho ase. Wͻn mu biara nam (ne kwan so) kͻsi εberε a yahyehyε. Ɛnyε Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Bͻnefakyε Hene no
Surah Az-Zumar, Verse 5


خَلَقَكُم مِّن نَّفۡسٖ وَٰحِدَةٖ ثُمَّ جَعَلَ مِنۡهَا زَوۡجَهَا وَأَنزَلَ لَكُم مِّنَ ٱلۡأَنۡعَٰمِ ثَمَٰنِيَةَ أَزۡوَٰجٖۚ يَخۡلُقُكُمۡ فِي بُطُونِ أُمَّهَٰتِكُمۡ خَلۡقٗا مِّنۢ بَعۡدِ خَلۡقٖ فِي ظُلُمَٰتٖ ثَلَٰثٖۚ ذَٰلِكُمُ ٱللَّهُ رَبُّكُمۡ لَهُ ٱلۡمُلۡكُۖ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَۖ فَأَنَّىٰ تُصۡرَفُونَ

Ɔbͻͻ mo firi honam baako pε mu, εna Ɔyεε ͻhokafoͻ firii ne mu, εna W’asiane nyεmmoa nwͻtwe no (yoma, nantwie odwan ne abrekyie, onini ne ͻbedeε) mmienu mmienu ama mo. Ɔbͻͻ mo wͻ mo maame nom yafunu mu, mmͻeε akyi mmͻeε akyi wͻ esum (ahodoͻ} mmiεnsa mu. Nyankopͻn ne no, (Ɔne) mo Wura no. Ahennie yε Nedea. Awurade biara nni hͻ gyesε Ɔno nko ara. Na afei adεn nti na moredane mo ho
Surah Az-Zumar, Verse 6


إِن تَكۡفُرُواْ فَإِنَّ ٱللَّهَ غَنِيٌّ عَنكُمۡۖ وَلَا يَرۡضَىٰ لِعِبَادِهِ ٱلۡكُفۡرَۖ وَإِن تَشۡكُرُواْ يَرۡضَهُ لَكُمۡۗ وَلَا تَزِرُ وَازِرَةٞ وِزۡرَ أُخۡرَىٰۚ ثُمَّ إِلَىٰ رَبِّكُم مَّرۡجِعُكُمۡ فَيُنَبِّئُكُم بِمَا كُنتُمۡ تَعۡمَلُونَۚ إِنَّهُۥ عَلِيمُۢ بِذَاتِ ٱلصُّدُورِ

Sε moyi boniayε a, nokorε sε Nyankopͻn deε W’anya ne ho kyεn mo. N’ani nnye ho sε Nenkoa bεyε boniayεfoͻ. Sε moyi ayε a Ɔbεgye atom ama mo. Obia ͻso adesoa nnsoa obi adesoa. Mo Wura Nyankopͻn hͻ ne monkyi na Ɔbεbͻ mo deε moyͻeε (nyinaa) ho amaneε. Nokorε sε Ɔne deε εwͻ akoma mu no ho Nimdefoͻ
Surah Az-Zumar, Verse 7


۞وَإِذَا مَسَّ ٱلۡإِنسَٰنَ ضُرّٞ دَعَا رَبَّهُۥ مُنِيبًا إِلَيۡهِ ثُمَّ إِذَا خَوَّلَهُۥ نِعۡمَةٗ مِّنۡهُ نَسِيَ مَا كَانَ يَدۡعُوٓاْ إِلَيۡهِ مِن قَبۡلُ وَجَعَلَ لِلَّهِ أَندَادٗا لِّيُضِلَّ عَن سَبِيلِهِۦۚ قُلۡ تَمَتَّعۡ بِكُفۡرِكَ قَلِيلًا إِنَّكَ مِنۡ أَصۡحَٰبِ ٱلنَّارِ

Sε ͻhaw bi to onipa a, osu frε ne Wura Nyankopͻn dane ne ho (nyinaa) ma no, na sε Ɔkyε no Ne hͻ adom bi a, ne werε firi Nea na ͻresu frε no kane no, na ͻde biribi resusu no sεdeε ͻde bεyera Ne kwan no. Ka sε: “Wodeε gye w’ani wͻ wo boniayε no mu kakra. Nokorε sε, woka egya no mu foͻ no ho “
Surah Az-Zumar, Verse 8


أَمَّنۡ هُوَ قَٰنِتٌ ءَانَآءَ ٱلَّيۡلِ سَاجِدٗا وَقَآئِمٗا يَحۡذَرُ ٱلۡأٓخِرَةَ وَيَرۡجُواْ رَحۡمَةَ رَبِّهِۦۗ قُلۡ هَلۡ يَسۡتَوِي ٱلَّذِينَ يَعۡلَمُونَ وَٱلَّذِينَ لَا يَعۡلَمُونَۗ إِنَّمَا يَتَذَكَّرُ أُوْلُواْ ٱلۡأَلۡبَٰبِ

Enti obia ͻbrε ne ho ase (ma Nyankopͻn) anadwo berε, de n’anim butu fͻm, na ogyina hͻ (som Nyame), yε ahwεyie wͻ Daakye no ho, na ͻhwehwε ne Wura Nyankopͻn ahummͻborͻ no, (ͻtesε obi a ͻnye nnie)? (Nkͻmhyεni), kasε: “Enti wͻn a wͻnim ne wͻn a wͻ’nnim yε pε?“ Wͻn a wͻ’de (saa Afutusεm yi) bεto wͻn adwene mu no ne nnipa mu mmadwemmafoͻ no
Surah Az-Zumar, Verse 9


قُلۡ يَٰعِبَادِ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ ٱتَّقُواْ رَبَّكُمۡۚ لِلَّذِينَ أَحۡسَنُواْ فِي هَٰذِهِ ٱلدُّنۡيَا حَسَنَةٞۗ وَأَرۡضُ ٱللَّهِ وَٰسِعَةٌۗ إِنَّمَا يُوَفَّى ٱلصَّـٰبِرُونَ أَجۡرَهُم بِغَيۡرِ حِسَابٖ

(Nkͻmhyεni), ka sε: “Menkoa a moagye adie, monsuro mo Wura Nyankopͻn. Wͻn a wͻ’yε papa wͻ saa wiase yi mu no, wͻ papa (ho akatua); na Nyankopͻn asaase no terε. Nokorε sε, obetua akatua a enni ano pεpεεpε ama aboterεfoͻ no
Surah Az-Zumar, Verse 10


قُلۡ إِنِّيٓ أُمِرۡتُ أَنۡ أَعۡبُدَ ٱللَّهَ مُخۡلِصٗا لَّهُ ٱلدِّينَ

Ka sε: “Medeε yahyε me sε menfa nokorε nsom Nyankopͻn, na memfa ͻsom ho anidie ne ahobraseε ma no
Surah Az-Zumar, Verse 11


وَأُمِرۡتُ لِأَنۡ أَكُونَ أَوَّلَ ٱلۡمُسۡلِمِينَ

Y’ahyε me nso sε, menyε obi a odikan a w’abrε neho ase wͻ Muslimifoͻ no mu“
Surah Az-Zumar, Verse 12


قُلۡ إِنِّيٓ أَخَافُ إِنۡ عَصَيۡتُ رَبِّي عَذَابَ يَوۡمٍ عَظِيمٖ

Ka sε: “Medeε mesuro sε mεte me Wura Nyankopͻn (asɛm ho) atua, εnam Da Kεseε no asotwee no nti “
Surah Az-Zumar, Verse 13


قُلِ ٱللَّهَ أَعۡبُدُ مُخۡلِصٗا لَّهُۥ دِينِي

Ka sε: Medeε Nyankopͻn na mede nokorε som no, de m’anidie ne ahobraseε ma no
Surah Az-Zumar, Verse 14


فَٱعۡبُدُواْ مَا شِئۡتُم مِّن دُونِهِۦۗ قُلۡ إِنَّ ٱلۡخَٰسِرِينَ ٱلَّذِينَ خَسِرُوٓاْ أَنفُسَهُمۡ وَأَهۡلِيهِمۡ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِۗ أَلَا ذَٰلِكَ هُوَ ٱلۡخُسۡرَانُ ٱلۡمُبِينُ

Enti modeε monfri N’akyi nsom deε mopε (biara). Ka sε: “Nokorε sε berεguofoͻ no ne wͻn a wͻ’ayera wͻn ho ne wͻn abusuafoͻ wͻ Atemmuda no. Aane! εno ne berεguo pefee paa no.“
Surah Az-Zumar, Verse 15


لَهُم مِّن فَوۡقِهِمۡ ظُلَلٞ مِّنَ ٱلنَّارِ وَمِن تَحۡتِهِمۡ ظُلَلٞۚ ذَٰلِكَ يُخَوِّفُ ٱللَّهُ بِهِۦ عِبَادَهُۥۚ يَٰعِبَادِ فَٱتَّقُونِ

Wͻ’benya akatasoͻ a efiri egya no mu (akata) wͻn so, asan (anya) akatasoͻ wͻ wͻn ase. Woi na Nyankopͻn de hunahuna Nenkoa no; enti Menkoa, monsuro Me
Surah Az-Zumar, Verse 16


وَٱلَّذِينَ ٱجۡتَنَبُواْ ٱلطَّـٰغُوتَ أَن يَعۡبُدُوهَا وَأَنَابُوٓاْ إِلَى ٱللَّهِ لَهُمُ ٱلۡبُشۡرَىٰۚ فَبَشِّرۡ عِبَادِ

Wͻn a wͻ’twe wͻn ho fri abosom ho sε wͻ’nnsom wͻn, na wͻ’dane wͻn ho ma Nyankopͻn no, wͻn wͻ anigyesεm. Enti bͻ Menkoa no anohoba
Surah Az-Zumar, Verse 17


ٱلَّذِينَ يَسۡتَمِعُونَ ٱلۡقَوۡلَ فَيَتَّبِعُونَ أَحۡسَنَهُۥٓۚ أُوْلَـٰٓئِكَ ٱلَّذِينَ هَدَىٰهُمُ ٱللَّهُۖ وَأُوْلَـٰٓئِكَ هُمۡ أُوْلُواْ ٱلۡأَلۡبَٰبِ

Wͻn a wotie Asεm no na wͻ’di emu papa no akyire no; woi nom na Nyankopͻn atene wͻn, na wͻn ne nnipa mu mmadwemmafoͻ no
Surah Az-Zumar, Verse 18


أَفَمَنۡ حَقَّ عَلَيۡهِ كَلِمَةُ ٱلۡعَذَابِ أَفَأَنتَ تُنقِذُ مَن فِي ٱلنَّارِ

(Nkͻmhyεni), obi a asotwee no asεm no nokorε atia no no, wobetumi agye nea ͻwͻ Ogya no mu no nkwa
Surah Az-Zumar, Verse 19


لَٰكِنِ ٱلَّذِينَ ٱتَّقَوۡاْ رَبَّهُمۡ لَهُمۡ غُرَفٞ مِّن فَوۡقِهَا غُرَفٞ مَّبۡنِيَّةٞ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُۖ وَعۡدَ ٱللَّهِ لَا يُخۡلِفُ ٱللَّهُ ٱلۡمِيعَادَ

Mmom wͻn a wͻ’suro wͻn Wura Nyankopͻn no benya afie akεseε a yasi bi wͻ ne soro a nsubͻnten nenam aseε. (Woi yε) Nyankopͻn bͻhyε, (na) Nyankopͻn deε Ommu bͻhyε no so
Surah Az-Zumar, Verse 20


أَلَمۡ تَرَ أَنَّ ٱللَّهَ أَنزَلَ مِنَ ٱلسَّمَآءِ مَآءٗ فَسَلَكَهُۥ يَنَٰبِيعَ فِي ٱلۡأَرۡضِ ثُمَّ يُخۡرِجُ بِهِۦ زَرۡعٗا مُّخۡتَلِفًا أَلۡوَٰنُهُۥ ثُمَّ يَهِيجُ فَتَرَىٰهُ مُصۡفَرّٗا ثُمَّ يَجۡعَلُهُۥ حُطَٰمًاۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَذِكۡرَىٰ لِأُوْلِي ٱلۡأَلۡبَٰبِ

Wonhunuu sε Nyankopͻn Siane nsuo firi soro, εna Ɔma no nam asaase no mu kͻ nsuo aniwa mu, εna Ɔsan dema mfudeε sononko-sononko puepue, afei na ahoa, wobεhunu sε ayε sε akokͻ sradeε, afei na W’ama no adwan? Nokorε sε afutusεm wͻ woi mu dema nnipa mmadwemmafoͻ no
Surah Az-Zumar, Verse 21


أَفَمَن شَرَحَ ٱللَّهُ صَدۡرَهُۥ لِلۡإِسۡلَٰمِ فَهُوَ عَلَىٰ نُورٖ مِّن رَّبِّهِۦۚ فَوَيۡلٞ لِّلۡقَٰسِيَةِ قُلُوبُهُم مِّن ذِكۡرِ ٱللَّهِۚ أُوْلَـٰٓئِكَ فِي ضَلَٰلٖ مُّبِينٍ

Enti obia Nyankopͻn abue n’akoma ama Islam, na enti ͻwͻ nhyerεnee a efiri ne Wura Nyankopͻn hͻ no mu no, (saa nipa no tesε obi a ͻnam esum mu)? Enti due nka wͻn a wͻ’yε akoma den wͻ Nyankopͻn Afutusεm no ho no. Saa nkorͻfoͻ no na wͻn wͻ ͻyera pefee mu no
Surah Az-Zumar, Verse 22


ٱللَّهُ نَزَّلَ أَحۡسَنَ ٱلۡحَدِيثِ كِتَٰبٗا مُّتَشَٰبِهٗا مَّثَانِيَ تَقۡشَعِرُّ مِنۡهُ جُلُودُ ٱلَّذِينَ يَخۡشَوۡنَ رَبَّهُمۡ ثُمَّ تَلِينُ جُلُودُهُمۡ وَقُلُوبُهُمۡ إِلَىٰ ذِكۡرِ ٱللَّهِۚ ذَٰلِكَ هُدَى ٱللَّهِ يَهۡدِي بِهِۦ مَن يَشَآءُۚ وَمَن يُضۡلِلِ ٱللَّهُ فَمَا لَهُۥ مِنۡ هَادٍ

Nyankopͻn asiane Nsεmpa paa (Qur’aan), Nwoma (a, emu nsεm no bi) sesε, (na) εfoa (emu nsεm no) soͻ; wͻn a wͻ’suro wͻn Wura Nyankopͻn no wedeε woso (anaasε awͻse gu wͻn so) wͻ ho, ma wͻn honam ne wͻn akoma yε mmrε wͻ Nyankopͻn nkaekaeε no ho. Woi ne Nyankopͻn kwankyerε, Ɔde kyerε obi a Ɔpε kwan, na obi a Ɔbεyera no no, onnya ͻkwan kyerεfoͻ
Surah Az-Zumar, Verse 23


أَفَمَن يَتَّقِي بِوَجۡهِهِۦ سُوٓءَ ٱلۡعَذَابِ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِۚ وَقِيلَ لِلظَّـٰلِمِينَ ذُوقُواْ مَا كُنتُمۡ تَكۡسِبُونَ

Enti obia ͻde n’anim na εbehyia asotwe bͻne no wͻ Wusͻreε da no (saa nipa no tesε obia ͻbͻͻ ne ho ban frii egya no ho?) Yεbεka akyerε abͻneεfoͻ no sε: “Monka deε monyaeε no nhwε!”
Surah Az-Zumar, Verse 24


كَذَّبَ ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡ فَأَتَىٰهُمُ ٱلۡعَذَابُ مِنۡ حَيۡثُ لَا يَشۡعُرُونَ

Wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no faa no atorᴐsԑm, enti asotwee no baa wͻn so wͻ εberε a na wͻ’nnim deε efire
Surah Az-Zumar, Verse 25


فَأَذَاقَهُمُ ٱللَّهُ ٱلۡخِزۡيَ فِي ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَاۖ وَلَعَذَابُ ٱلۡأٓخِرَةِ أَكۡبَرُۚ لَوۡ كَانُواْ يَعۡلَمُونَ

Enti Nyankopͻn maa wͻ’kaa wiase asetena mu animguaseε no hwεe. Nokorԑ sԑ Daakye asotwee no deε εso paa, sε anka wͻ’nim a
Surah Az-Zumar, Verse 26


وَلَقَدۡ ضَرَبۡنَا لِلنَّاسِ فِي هَٰذَا ٱلۡقُرۡءَانِ مِن كُلِّ مَثَلٖ لَّعَلَّهُمۡ يَتَذَكَّرُونَ

Nokorε sε Ya’yε mfatoho ahodoͻ pii wͻ saa Qur’aan yi mu ama adasamma, sεdeε wͻ’bεfa adwen anaa wͻ’de betu wͻn ho foͻ
Surah Az-Zumar, Verse 27


قُرۡءَانًا عَرَبِيًّا غَيۡرَ ذِي عِوَجٖ لَّعَلَّهُمۡ يَتَّقُونَ

Qur’aan yε Arab kasa, deε akyea biara nni mu, sεdeε wͻ’bεyε ahwεyie
Surah Az-Zumar, Verse 28


ضَرَبَ ٱللَّهُ مَثَلٗا رَّجُلٗا فِيهِ شُرَكَآءُ مُتَشَٰكِسُونَ وَرَجُلٗا سَلَمٗا لِّرَجُلٍ هَلۡ يَسۡتَوِيَانِ مَثَلًاۚ ٱلۡحَمۡدُ لِلَّهِۚ بَلۡ أَكۡثَرُهُمۡ لَا يَعۡلَمُونَ

Nyankopͻn reyε mfatoho bi: “Onipa a ͻwͻ ahokafoͻ pii na wͻn adwen nyε baako, ne onipa a otu ne ho ma ͻbarima fua pε, enti wͻn mfatoho yԑ pε? Aseda wͻ Nyankopͻn! Nanso nnipa pii nnim
Surah Az-Zumar, Verse 29


إِنَّكَ مَيِّتٞ وَإِنَّهُم مَّيِّتُونَ

Nokorε sε (Nkͻmhyεni) wobewu, na nokorε nso sε wͻ’nso bewu
Surah Az-Zumar, Verse 30


ثُمَّ إِنَّكُمۡ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ عِندَ رَبِّكُمۡ تَخۡتَصِمُونَ

Afei nokorε sε, Wusͻreε da no mobεgye akyinnye wͻ mo Wura Nyankopͻn anim
Surah Az-Zumar, Verse 31


۞فَمَنۡ أَظۡلَمُ مِمَّن كَذَبَ عَلَى ٱللَّهِ وَكَذَّبَ بِٱلصِّدۡقِ إِذۡ جَآءَهُۥٓۚ أَلَيۡسَ فِي جَهَنَّمَ مَثۡوٗى لِّلۡكَٰفِرِينَ

Enti hwan paa na ͻyε onipa bͻneni kyεn obia otwa nkontompo to Nyankopͻn soͻ na ͻfa Nokorε no atorͻsεm wͻ εberε a (Nokorε no) aba ne hͻ? Enti Amanehunu gya nnyε fie mma boniayεfoͻ no
Surah Az-Zumar, Verse 32


وَٱلَّذِي جَآءَ بِٱلصِّدۡقِ وَصَدَّقَ بِهِۦٓ أُوْلَـٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡمُتَّقُونَ

Obi a ͻde Nokorε aba na w’agye (Nokorε no) adie (anaasε ͻfoa soͻ) no, saa nkorͻfoͻ no ne Nyame-surofoͻ no
Surah Az-Zumar, Verse 33


لَهُم مَّا يَشَآءُونَ عِندَ رَبِّهِمۡۚ ذَٰلِكَ جَزَآءُ ٱلۡمُحۡسِنِينَ

Wͻ’benya deε wͻ’pε biara wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ. Ɛno ne apapafoͻ no akatua
Surah Az-Zumar, Verse 34


لِيُكَفِّرَ ٱللَّهُ عَنۡهُمۡ أَسۡوَأَ ٱلَّذِي عَمِلُواْ وَيَجۡزِيَهُمۡ أَجۡرَهُم بِأَحۡسَنِ ٱلَّذِي كَانُواْ يَعۡمَلُونَ

Sεdeε Ɔbεpepa wͻn bͻne a w’ayε no afiri wͻn soͻ, na Ɔde wͻn dwumadi pa a wͻ’diiε ho akatua bεma wͻn
Surah Az-Zumar, Verse 35


أَلَيۡسَ ٱللَّهُ بِكَافٍ عَبۡدَهُۥۖ وَيُخَوِّفُونَكَ بِٱلَّذِينَ مِن دُونِهِۦۚ وَمَن يُضۡلِلِ ٱللَّهُ فَمَا لَهُۥ مِنۡ هَادٖ

Enti Nyankopͻn nnsom bo mma n’akoa anaa? Wͻ’de wͻn a wͻ’de abata Neho (na entumi nyε huu) no hunahuna wo. Obia Nyankopͻn bεyera no no, (saa nipa no) nni ͻkwankyerεfoͻ
Surah Az-Zumar, Verse 36


وَمَن يَهۡدِ ٱللَّهُ فَمَا لَهُۥ مِن مُّضِلٍّۗ أَلَيۡسَ ٱللَّهُ بِعَزِيزٖ ذِي ٱنتِقَامٖ

Obia Nyankopͻn atene no no, obiara ntumi nyera no. Enti εnyε Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Bͻne so awerεtͻ Wura no
Surah Az-Zumar, Verse 37


وَلَئِن سَأَلۡتَهُم مَّنۡ خَلَقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ لَيَقُولُنَّ ٱللَّهُۚ قُلۡ أَفَرَءَيۡتُم مَّا تَدۡعُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ إِنۡ أَرَادَنِيَ ٱللَّهُ بِضُرٍّ هَلۡ هُنَّ كَٰشِفَٰتُ ضُرِّهِۦٓ أَوۡ أَرَادَنِي بِرَحۡمَةٍ هَلۡ هُنَّ مُمۡسِكَٰتُ رَحۡمَتِهِۦۚ قُلۡ حَسۡبِيَ ٱللَّهُۖ عَلَيۡهِ يَتَوَكَّلُ ٱلۡمُتَوَكِّلُونَ

Sε wobisa wͻn sε: “Hwan na ͻbͻͻ soro ne asasae a?“ Deε wͻ’bεka ne sε: “Onyankopͻn“. Ka sε: “Moahunu deε mofri Nyankopͻn akyi su frε wͻn no, sε Nyankopͻn pε me bͻne a, wͻ’betumi ayi Ne bͻne no (afri me so)? Anaa nso sε Ɔpε me ahummͻborͻ bi a wͻ’betumi asi N’ahummͻborͻ no ho kwan anaa? Kasε: “Nyankopͻn som bo mame. Nyankopͻn na wͻn a wͻ’repε obi de wͻn ho atwere no no mfa wͻn ho ntwere no
Surah Az-Zumar, Verse 38


قُلۡ يَٰقَوۡمِ ٱعۡمَلُواْ عَلَىٰ مَكَانَتِكُمۡ إِنِّي عَٰمِلٞۖ فَسَوۡفَ تَعۡلَمُونَ

Ka sε: ”Menkorͻfoͻ, modeε monyε moadwuma sεdeε mokwan kyerε (mo), nokorε sε menso mereyε adwuma, na εnkyε biara mobehunu
Surah Az-Zumar, Verse 39


مَن يَأۡتِيهِ عَذَابٞ يُخۡزِيهِ وَيَحِلُّ عَلَيۡهِ عَذَابٞ مُّقِيمٌ

Obi a animguaseε asotwee bεba neso, ne obi a daa asotwee bεba ne soͻ
Surah Az-Zumar, Verse 40


إِنَّآ أَنزَلۡنَا عَلَيۡكَ ٱلۡكِتَٰبَ لِلنَّاسِ بِٱلۡحَقِّۖ فَمَنِ ٱهۡتَدَىٰ فَلِنَفۡسِهِۦۖ وَمَن ضَلَّ فَإِنَّمَا يَضِلُّ عَلَيۡهَاۖ وَمَآ أَنتَ عَلَيۡهِم بِوَكِيلٍ

(Nkͻmhyεni) Yԑ’de nokorε no na asiane Nwoma no ama woͻ ama adasamma (yie die). Enti obi a ͻbεfa tenenee (kwan) no, εwͻ ͻno ara ne kraa, na obi a ͻbεfa ͻyera (kwan no nso) etia ͻno ara ne kraa; na wonyε wͻn so hwεfoͻ
Surah Az-Zumar, Verse 41


ٱللَّهُ يَتَوَفَّى ٱلۡأَنفُسَ حِينَ مَوۡتِهَا وَٱلَّتِي لَمۡ تَمُتۡ فِي مَنَامِهَاۖ فَيُمۡسِكُ ٱلَّتِي قَضَىٰ عَلَيۡهَا ٱلۡمَوۡتَ وَيُرۡسِلُ ٱلۡأُخۡرَىٰٓ إِلَىٰٓ أَجَلٖ مُّسَمًّىۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٖ لِّقَوۡمٖ يَتَفَكَّرُونَ

Nyankopͻn yi (onipa) nkwa wͻ berε a wͻn awuo, ԑna wͻn a wͻ’nya nnwuiε no nso εberε a wͻn ada. Afei na W’ayi wͻn a yahyehyε owuo ama wͻn no (nkwa ama wͻn awu), na wͻn a aka no (a wͻn berε nsoeε a wͻn ada no) Ɔma wͻ’san (ba nkwa mu bio) kͻpem εberε a yahyehyε (ama wͻn sε wͻ’bεwuo). Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu ma wͻn a wͻ’dwen
Surah Az-Zumar, Verse 42


أَمِ ٱتَّخَذُواْ مِن دُونِ ٱللَّهِ شُفَعَآءَۚ قُلۡ أَوَلَوۡ كَانُواْ لَا يَمۡلِكُونَ شَيۡـٔٗا وَلَا يَعۡقِلُونَ

Anaasε wͻn afri Nyankopͻn akyi afa ntwitwagyefoͻ bi? (Nkͻmhyεni), ka sε: “Sε (wͻn ntwitwagyefoͻ no) nni hwee ho tumi, na wͻ’nni adwene mpo a?”
Surah Az-Zumar, Verse 43


قُل لِّلَّهِ ٱلشَّفَٰعَةُ جَمِيعٗاۖ لَّهُۥ مُلۡكُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۖ ثُمَّ إِلَيۡهِ تُرۡجَعُونَ

Kasε: Ntwitwagyeε nyinaa wͻ Nyankopͻn. Ɔno na ͻsoro ne asaase so ahennie (nyinaa) yε Ne dea. Nehͻ na mobεsan akͻ
Surah Az-Zumar, Verse 44


وَإِذَا ذُكِرَ ٱللَّهُ وَحۡدَهُ ٱشۡمَأَزَّتۡ قُلُوبُ ٱلَّذِينَ لَا يُؤۡمِنُونَ بِٱلۡأٓخِرَةِۖ وَإِذَا ذُكِرَ ٱلَّذِينَ مِن دُونِهِۦٓ إِذَا هُمۡ يَسۡتَبۡشِرُونَ

Sε yεbͻ Nyankopͻn nko ara din a, wͻn a wͻ’nnye Daakye no nnie no akoma kyiri koraa, na sε yεbͻ wͻn a (wͻ’de) bata Neho no din a wobehunu sε wͻn ani agyeε
Surah Az-Zumar, Verse 45


قُلِ ٱللَّهُمَّ فَاطِرَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ عَٰلِمَ ٱلۡغَيۡبِ وَٱلشَّهَٰدَةِ أَنتَ تَحۡكُمُ بَيۡنَ عِبَادِكَ فِي مَا كَانُواْ فِيهِ يَخۡتَلِفُونَ

Kasε: “Otwieduampͻn Nyankopͻn, ͻsoro ne asaase Bͻfoͻ, Ahuntasεm mu ne Badwa mu Nimdefoͻ, Wona Wobebu Wo nkoa ntεm atεn wͻ deε wͻ’nnte wͻn ho ase wᴐ ho no ho“
Surah Az-Zumar, Verse 46


وَلَوۡ أَنَّ لِلَّذِينَ ظَلَمُواْ مَا فِي ٱلۡأَرۡضِ جَمِيعٗا وَمِثۡلَهُۥ مَعَهُۥ لَٱفۡتَدَوۡاْ بِهِۦ مِن سُوٓءِ ٱلۡعَذَابِ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِۚ وَبَدَا لَهُم مِّنَ ٱللَّهِ مَا لَمۡ يَكُونُواْ يَحۡتَسِبُونَ

Sε abͻneεfoͻ no wͻ deε εwͻ asaase so nyinaa ne deε εte saa ka ho mpo a, anka wͻ’de bεyε mpata (anya wͻn ho) afri Wusͻreε da no asotwee bͻne no mu. Deε wͻ’nnsusuu ho no bεda adi afiri Nyankopͻn hͻ akyerε wͻn
Surah Az-Zumar, Verse 47


وَبَدَا لَهُمۡ سَيِّـَٔاتُ مَا كَسَبُواْ وَحَاقَ بِهِم مَّا كَانُواْ بِهِۦ يَسۡتَهۡزِءُونَ

Bͻne a wͻ’nyaeε no bεda adi akyerε wͻn, na deε wͻ’dii ho fεw no betwa wͻn ho ahyia
Surah Az-Zumar, Verse 48


فَإِذَا مَسَّ ٱلۡإِنسَٰنَ ضُرّٞ دَعَانَا ثُمَّ إِذَا خَوَّلۡنَٰهُ نِعۡمَةٗ مِّنَّا قَالَ إِنَّمَآ أُوتِيتُهُۥ عَلَىٰ عِلۡمِۭۚ بَلۡ هِيَ فِتۡنَةٞ وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَهُمۡ لَا يَعۡلَمُونَ

Sε ͻhaw bi to onipa a, osu frε Yεn (wͻ ahobraseε mu), nasε Yε’sesa (ͻhaw no) de ahummͻborͻ bi firi Yεn hͻ dom no a, deε ͻka nesε: “Ɛnam menimdeε so nti na yεde maa me“. Daabi, εyε nsͻhwε, nanso wͻn mu pii nnim
Surah Az-Zumar, Verse 49


قَدۡ قَالَهَا ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡ فَمَآ أَغۡنَىٰ عَنۡهُم مَّا كَانُواْ يَكۡسِبُونَ

Nokorε sε wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no kaa saa ara, na deε wͻ’nyaeε no ho amma mfasoᴐ amma wͻn
Surah Az-Zumar, Verse 50


فَأَصَابَهُمۡ سَيِّـَٔاتُ مَا كَسَبُواْۚ وَٱلَّذِينَ ظَلَمُواْ مِنۡ هَـٰٓؤُلَآءِ سَيُصِيبُهُمۡ سَيِّـَٔاتُ مَا كَسَبُواْ وَمَا هُم بِمُعۡجِزِينَ

Enti deε wͻ’nyaeε no ho bͻne too wͻn. Abͻneεfoͻ a εwͻ saa nkorͻfoͻ yi (a yasoma wo wͻ wͻn hͻ no) mu no, bͻne bεto wͻn εnam deε wͻ’nsa aka no ho nti, na wͻ’nntumi nnsi ano kwan
Surah Az-Zumar, Verse 51


أَوَلَمۡ يَعۡلَمُوٓاْ أَنَّ ٱللَّهَ يَبۡسُطُ ٱلرِّزۡقَ لِمَن يَشَآءُ وَيَقۡدِرُۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٖ لِّقَوۡمٖ يُؤۡمِنُونَ

Enti wͻ’nnim sε Nyankopͻn bae akyεdeε no mu ma obi a Ɔpε, εna Osusu nso (dema obi a Ɔpε?) Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema amanfoͻ a wͻ’gye die
Surah Az-Zumar, Verse 52


۞قُلۡ يَٰعِبَادِيَ ٱلَّذِينَ أَسۡرَفُواْ عَلَىٰٓ أَنفُسِهِمۡ لَا تَقۡنَطُواْ مِن رَّحۡمَةِ ٱللَّهِۚ إِنَّ ٱللَّهَ يَغۡفِرُ ٱلذُّنُوبَ جَمِيعًاۚ إِنَّهُۥ هُوَ ٱلۡغَفُورُ ٱلرَّحِيمُ

(Nkͻmhyεni), ka sε: “Menkoa a moayε bͻne atia mokraa, εmma mo mmpa aba wͻ Nyankopͻn ahummͻborͻ no ho; nokorε sε Nyankopͻn de bͻne biara kyε. Nokorε sε Ɔne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no
Surah Az-Zumar, Verse 53


وَأَنِيبُوٓاْ إِلَىٰ رَبِّكُمۡ وَأَسۡلِمُواْ لَهُۥ مِن قَبۡلِ أَن يَأۡتِيَكُمُ ٱلۡعَذَابُ ثُمَّ لَا تُنصَرُونَ

Na monane moho nkͻ mo Wura Nyankopͻn hͻ, na momrε moho ase ma no ansa na asotwee no aba mo so, (efrisԑ, saa berε no deε) monya mmoa
Surah Az-Zumar, Verse 54


وَٱتَّبِعُوٓاْ أَحۡسَنَ مَآ أُنزِلَ إِلَيۡكُم مِّن رَّبِّكُم مِّن قَبۡلِ أَن يَأۡتِيَكُمُ ٱلۡعَذَابُ بَغۡتَةٗ وَأَنتُمۡ لَا تَشۡعُرُونَ

Moni adepa a yasiane firi mo Wura Nyankopͻn hͻ abrε mo no akyi ansa na asotwee no aba moso mpofirem wͻ aberε a monnim
Surah Az-Zumar, Verse 55


أَن تَقُولَ نَفۡسٞ يَٰحَسۡرَتَىٰ عَلَىٰ مَا فَرَّطتُ فِي جَنۢبِ ٱللَّهِ وَإِن كُنتُ لَمِنَ ٱلسَّـٰخِرِينَ

Sεdeε ͻkra bi nkͻka sε: “O, maberε magu sε m’anyε m’asεdeε a efri Nyankopͻn hͻ; na ampa sε na meka asereserefoͻ no ho”
Surah Az-Zumar, Verse 56


أَوۡ تَقُولَ لَوۡ أَنَّ ٱللَّهَ هَدَىٰنِي لَكُنتُ مِنَ ٱلۡمُتَّقِينَ

Anaasε w’ankͻka sε: “Sε Nyankopͻn kyerεε me kwan a, anka mεka Nyamesurofoͻ no ho
Surah Az-Zumar, Verse 57


أَوۡ تَقُولَ حِينَ تَرَى ٱلۡعَذَابَ لَوۡ أَنَّ لِي كَرَّةٗ فَأَكُونَ مِنَ ٱلۡمُحۡسِنِينَ

Anaasε εberε a wobεhunu asotwee no wannka sε: “Sε menya kwan (kᴐ wiase) bio a, anka mεka apapafoͻ no ho”
Surah Az-Zumar, Verse 58


بَلَىٰ قَدۡ جَآءَتۡكَ ءَايَٰتِي فَكَذَّبۡتَ بِهَا وَٱسۡتَكۡبَرۡتَ وَكُنتَ مِنَ ٱلۡكَٰفِرِينَ

Daabi, nokorε sε M’ensεm no baa wohͻ na w’annye anni na woyεε ahomasoͻ, na woka boniayεfoͻ no ho
Surah Az-Zumar, Verse 59


وَيَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ تَرَى ٱلَّذِينَ كَذَبُواْ عَلَى ٱللَّهِ وُجُوهُهُم مُّسۡوَدَّةٌۚ أَلَيۡسَ فِي جَهَنَّمَ مَثۡوٗى لِّلۡمُتَكَبِّرِينَ

Wusͻreε da no, wobehunu wͻn a wͻ’twaa nkontompo too Nyankopͻn soͻ no anim sε ayε tumm. Enti Amanehunu gya no nyε fie mma ahomasoͻfoͻ no
Surah Az-Zumar, Verse 60


وَيُنَجِّي ٱللَّهُ ٱلَّذِينَ ٱتَّقَوۡاْ بِمَفَازَتِهِمۡ لَا يَمَسُّهُمُ ٱلسُّوٓءُ وَلَا هُمۡ يَحۡزَنُونَ

Wͻn a wͻ’suroo Nyankopͻn no, Nyankopͻn de wͻn nkunimdie bεgye wͻn nkwa, na bͻne (biara) nnto wͻn na wͻn werε nso nnho
Surah Az-Zumar, Verse 61


ٱللَّهُ خَٰلِقُ كُلِّ شَيۡءٖۖ وَهُوَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ وَكِيلٞ

Nyankopͻn ne biribiara Bͻfo, na Ɔne biribiara Kyitaafoᴐ
Surah Az-Zumar, Verse 62


لَّهُۥ مَقَالِيدُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۗ وَٱلَّذِينَ كَفَرُواْ بِـَٔايَٰتِ ٱللَّهِ أُوْلَـٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡخَٰسِرُونَ

Ɔsoro ne asaase so akoradeε (nyinaa) yε Nedea; wͻn a wͻ’nnye Nyankopͻn Nsεm no nnie no, saa nkorᴐfoᴐ no ne berεguofoͻ no
Surah Az-Zumar, Verse 63


قُلۡ أَفَغَيۡرَ ٱللَّهِ تَأۡمُرُوٓنِّيٓ أَعۡبُدُ أَيُّهَا ٱلۡجَٰهِلُونَ

(Nkͻmhyεni), ka sε: “Abagyimifoͻ, morehyε me sε menfri Nyankopͻn akyi nsom ade foforͻ?”
Surah Az-Zumar, Verse 64


وَلَقَدۡ أُوحِيَ إِلَيۡكَ وَإِلَى ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِكَ لَئِنۡ أَشۡرَكۡتَ لَيَحۡبَطَنَّ عَمَلُكَ وَلَتَكُونَنَّ مِنَ ٱلۡخَٰسِرِينَ

Nokorε sε (Nkͻmhyεni), yayi akyerε wone wͻn a wͻ’dii w’anim kan no sε: ”Nokorε sε, sε wode biribi bata (Nyankopͻn) ho a, wo dwumadie bεyε kwa na w’akͻka berεguofoͻ no ho
Surah Az-Zumar, Verse 65


بَلِ ٱللَّهَ فَٱعۡبُدۡ وَكُن مِّنَ ٱلشَّـٰكِرِينَ

Aane, Onyankopͻn (nko ara) na som no, na ka wͻn a wͻ’yi (no) ayε no ho
Surah Az-Zumar, Verse 66


وَمَا قَدَرُواْ ٱللَّهَ حَقَّ قَدۡرِهِۦ وَٱلۡأَرۡضُ جَمِيعٗا قَبۡضَتُهُۥ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ وَٱلسَّمَٰوَٰتُ مَطۡوِيَّـٰتُۢ بِيَمِينِهِۦۚ سُبۡحَٰنَهُۥ وَتَعَٰلَىٰ عَمَّا يُشۡرِكُونَ

Wͻ’mmfa obuo mma Nyankopͻn sεdeε εsεsε anka wͻ’de ma no. Asaase nyinaa hyε Nensam wͻ Wusͻreε da no, na yεbεbobͻ soro nso wͻ nensa nifa mu. Kronkron Hene ne no, Ɔso Korͻn kyεn deε wͻ’de bata (Neho no)
Surah Az-Zumar, Verse 67


وَنُفِخَ فِي ٱلصُّورِ فَصَعِقَ مَن فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَن فِي ٱلۡأَرۡضِ إِلَّا مَن شَآءَ ٱللَّهُۖ ثُمَّ نُفِخَ فِيهِ أُخۡرَىٰ فَإِذَا هُمۡ قِيَامٞ يَنظُرُونَ

Yεbεbͻ Totorobεnto no mu, na wͻn a wͻn wͻ soro ne wͻn a wͻn wͻ asaase so nyinaa betwitwa ahwe awu, gyesε nea Nyankopͻn pε. Afei yεbͻ mu bio a, wobehunu sε, wͻ’gyina hͻ rehwε (Wusͻreε da no)
Surah Az-Zumar, Verse 68


وَأَشۡرَقَتِ ٱلۡأَرۡضُ بِنُورِ رَبِّهَا وَوُضِعَ ٱلۡكِتَٰبُ وَجِاْيٓءَ بِٱلنَّبِيِّـۧنَ وَٱلشُّهَدَآءِ وَقُضِيَ بَيۡنَهُم بِٱلۡحَقِّ وَهُمۡ لَا يُظۡلَمُونَ

Asaase de ne Wura Nyankopͻn nhyerεnee bεhyerεn, na yεde Nwoma no bεto hͻ (abie mu); na yεde Nkͻmhyεfoͻ no ne adansefoͻ no aba; na yεde nokorε no bebu wͻn ntεm atεn na yenni wͻn amim
Surah Az-Zumar, Verse 69


وَوُفِّيَتۡ كُلُّ نَفۡسٖ مَّا عَمِلَتۡ وَهُوَ أَعۡلَمُ بِمَا يَفۡعَلُونَ

Yεbetua ͻkra biara dwuma a odiiε so ka pεpεεpε; Onim dwuma a wͻ’die biara
Surah Az-Zumar, Verse 70


وَسِيقَ ٱلَّذِينَ كَفَرُوٓاْ إِلَىٰ جَهَنَّمَ زُمَرًاۖ حَتَّىٰٓ إِذَا جَآءُوهَا فُتِحَتۡ أَبۡوَٰبُهَا وَقَالَ لَهُمۡ خَزَنَتُهَآ أَلَمۡ يَأۡتِكُمۡ رُسُلٞ مِّنكُمۡ يَتۡلُونَ عَلَيۡكُمۡ ءَايَٰتِ رَبِّكُمۡ وَيُنذِرُونَكُمۡ لِقَآءَ يَوۡمِكُمۡ هَٰذَاۚ قَالُواْ بَلَىٰ وَلَٰكِنۡ حَقَّتۡ كَلِمَةُ ٱلۡعَذَابِ عَلَى ٱلۡكَٰفِرِينَ

Yε’bεka wͻn a wͻ’yii boniayε no so akuo-akuo akͻ Amanehunu gya no mu, akͻpem sε wͻ’bεba (egya no) ho (wͻ εberε) a yabuebue n’apono no. (Egya no) so awεnfoͻ no bεka akyerε wͻn sε: “Enti Asomafoͻ anfiri mo mu amma mo hͻ a wͻ’bεkenkan mo Wura Nyankopͻn nsεm no kyerεε mo, εna wͻ’bͻͻ mo kͻkͻ fa mo nnεda yi nhyiamu ho?” Wͻ’bεka sε: “Aane! Nanso asotwee no asεm no ayε nokorε atia boniayεfoͻ no “
Surah Az-Zumar, Verse 71


قِيلَ ٱدۡخُلُوٓاْ أَبۡوَٰبَ جَهَنَّمَ خَٰلِدِينَ فِيهَاۖ فَبِئۡسَ مَثۡوَى ٱلۡمُتَكَبِّرِينَ

Yε’bεka akyerε wͻn sε: ”Monwura Amane-hunu gya no apono no mu nkͻtena hͻ afe bͻͻ. Nokorε sε, εhͻ yε efie bͻne paa ma ahomasoͻfoͻ no
Surah Az-Zumar, Verse 72


وَسِيقَ ٱلَّذِينَ ٱتَّقَوۡاْ رَبَّهُمۡ إِلَى ٱلۡجَنَّةِ زُمَرًاۖ حَتَّىٰٓ إِذَا جَآءُوهَا وَفُتِحَتۡ أَبۡوَٰبُهَا وَقَالَ لَهُمۡ خَزَنَتُهَا سَلَٰمٌ عَلَيۡكُمۡ طِبۡتُمۡ فَٱدۡخُلُوهَا خَٰلِدِينَ

Yεde wͻn a wͻ’suroo wͻn Wura Nyankopͻn no nso bεkͻ Soro Aheman no mu akuo-akuo. Kͻpem sε wͻ’bεduru hͻ na yεbebue n’apono no; εhͻ awεmfoͻ no bεka akyerε wͻn sε: “Asomdwiε wͻ moso, moadi moho nni anaasε mommo ne yͻ; monwura (Aheman no) mu na monkͻtena hͻ afe bͻͻ
Surah Az-Zumar, Verse 73


وَقَالُواْ ٱلۡحَمۡدُ لِلَّهِ ٱلَّذِي صَدَقَنَا وَعۡدَهُۥ وَأَوۡرَثَنَا ٱلۡأَرۡضَ نَتَبَوَّأُ مِنَ ٱلۡجَنَّةِ حَيۡثُ نَشَآءُۖ فَنِعۡمَ أَجۡرُ ٱلۡعَٰمِلِينَ

(Agyidiefoͻ no) bεka sε: “Aseda wͻ Nyankopͻn a W’adi Nebͻhyε so ama yεn, na W’ama yadi adeε wͻ asaase no soͻ, ama yetumi tena Aheman no mu babiara a yεpε”. Sεdeε adwumayεfoͻ no akatuapa siteε
Surah Az-Zumar, Verse 74


وَتَرَى ٱلۡمَلَـٰٓئِكَةَ حَآفِّينَ مِنۡ حَوۡلِ ٱلۡعَرۡشِ يُسَبِّحُونَ بِحَمۡدِ رَبِّهِمۡۚ وَقُضِيَ بَيۡنَهُم بِٱلۡحَقِّۚ وَقِيلَ ٱلۡحَمۡدُ لِلَّهِ رَبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ

Wobehunu Soro abͻfoͻ no sε wͻ’atwa Ahennwa no ho ahyia de wͻn Wura Nyankopͻn ayeyie abodin no rebͻ no mmranee. Yεde nokorε no abu wͻn ntεm atεn, na yεbεka sε: “Aseda wͻ Onyankopͻn, Abͻdeε nyinaa Wura no”
Surah Az-Zumar, Verse 75


Author: Sheikh Haroun Ismaeel


<< Surah 38
>> Surah 40

Twi Translations by other Authors


Twi Translation By Sheikh Haroun Ismaeel
Popular Areas
Apartments for rent in Dubai Apartments for rent Abu Dhabi Villas for rent in Dubai House for rent Abu Dhabi Apartments for sale in Dubai Apartments for sale in Abu Dhabi Flat for rent Sharjah
Popular Searches
Studios for rent in UAE Apartments for rent in UAE Villas for rent in UAE Apartments for sale in UAE Villas for sale in UAE Land for sale in UAE Dubai Real Estate
Trending Areas
Apartments for rent in Dubai Marina Apartments for sale in Dubai Marina Villa for rent in Sharjah Villa for sale in Dubai Flat for rent in Ajman Studio for rent in Abu Dhabi Villa for rent in Ajman
Trending Searches
Villa for rent in Abu Dhabi Shop for rent in Dubai Villas for sale in Ajman Studio for rent in Sharjah 1 Bedroom Apartment for rent in Dubai Property for rent in Abu Dhabi Commercial properties for sale
© Copyright Dubai Prayer Time. All Rights Reserved
Designed by Prayer Time In Dubai