Surah Al-Ahqaf Verse 8 - Twi Translation by Sheikh Haroun Ismaeel
Surah Al-Ahqafأَمۡ يَقُولُونَ ٱفۡتَرَىٰهُۖ قُلۡ إِنِ ٱفۡتَرَيۡتُهُۥ فَلَا تَمۡلِكُونَ لِي مِنَ ٱللَّهِ شَيۡـًٔاۖ هُوَ أَعۡلَمُ بِمَا تُفِيضُونَ فِيهِۚ كَفَىٰ بِهِۦ شَهِيدَۢا بَيۡنِي وَبَيۡنَكُمۡۖ وَهُوَ ٱلۡغَفُورُ ٱلرَّحِيمُ
Anaasε (Nkͻmhyεni) wͻ’ka sε w’abͻ wotrim na (w’atwerε Qur’aan yi)? Ka sε: ‘’Sε m’abͻ metrim koraa a monni tumii biara a mode bεbͻ me ho ban atia Onyankopͻn (abufuo). Onim deε morekeka fa (Qur’aan) ho nyinaa. Ɔne Ɔdanseni a Ɔsom bo wͻ me ne mo ntεm. Ɔne Bͻnefakyε Hene no, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no