Surah Al-Anaam Verse 72 - Twi Translation by Sheikh Haroun Ismaeel
Surah Al-Anaamوَأَنۡ أَقِيمُواْ ٱلصَّلَوٰةَ وَٱتَّقُوهُۚ وَهُوَ ٱلَّذِيٓ إِلَيۡهِ تُحۡشَرُونَ
Ka sε: ‘’Enti yenfri Nyankopͻn akyi nsu mfrε adeε a εho nni mfasoͻ mma yεn, na (entumi) mma yεn ͻhaw biara; na yεnsan nkͻ y’akyi wͻ aberε a Nyankopͻn atene yεn? Tesε obi a ͻbonsam ayera no wͻ asaase bi soͻ na ͻnhunu deε ͻnyε, na ͻwͻ ayͻnkofoͻ na wͻ’refrε no sε: ‘’Bra yεn hͻ’’ Ka sε: “Nokorε, Nyankopͻn (kwan) tenenee no ne (kwan) tenenee. Yahyε yεn sε, yε’mrε yεn ho ase ma Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no