UAE Prayer Times

  • Dubai
  • Abu Dhabi
  • Sharjah
  • Ajman
  • Fujairah
  • Umm Al Quwain
  • Ras Al Khaimah
  • Quran Translations

Surah At-Taghabun - Twi Translation by Sheikh Haroun Ismaeel


يُسَبِّحُ لِلَّهِ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِۖ لَهُ ٱلۡمُلۡكُ وَلَهُ ٱلۡحَمۡدُۖ وَهُوَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٌ

Deε εwͻ soro ne deε a εwͻ asaase so nyinaa bͻ Nyankopͻn abodin. Ɔno na Ahennie no wͻ no, na Ɔno na aseda ne nkamfoͻ wͻ no; Ɔno na ͻwͻ biribiara so tumi
Surah At-Taghabun, Verse 1


هُوَ ٱلَّذِي خَلَقَكُمۡ فَمِنكُمۡ كَافِرٞ وَمِنكُم مُّؤۡمِنٞۚ وَٱللَّهُ بِمَا تَعۡمَلُونَ بَصِيرٌ

Ɔno na Ɔbͻͻ mo, εna momu bi yε agyidiefoͻ, εna mo mu bi nso yε (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ. Onyankopͻn deε Ohu deε moyε nyinaa
Surah At-Taghabun, Verse 2


خَلَقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ بِٱلۡحَقِّ وَصَوَّرَكُمۡ فَأَحۡسَنَ صُوَرَكُمۡۖ وَإِلَيۡهِ ٱلۡمَصِيرُ

Nokorε na Ɔde bͻͻ soro ne asaase; εna Ɔnwenee mo, na Ɔnwenee mo yie. Ne hͻ ne monkyi
Surah At-Taghabun, Verse 3


يَعۡلَمُ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَيَعۡلَمُ مَا تُسِرُّونَ وَمَا تُعۡلِنُونَۚ وَٱللَّهُ عَلِيمُۢ بِذَاتِ ٱلصُّدُورِ

Onim deε εwͻ soro ne asaase so (nyinaa), εna Onim deε mode suma ne deε moda no adie. Nyankopͻn na Onim deε εwͻ akoma mu (nyinaa)
Surah At-Taghabun, Verse 4


أَلَمۡ يَأۡتِكُمۡ نَبَؤُاْ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ مِن قَبۡلُ فَذَاقُواْ وَبَالَ أَمۡرِهِمۡ وَلَهُمۡ عَذَابٌ أَلِيمٞ

Wͻn a wͻ'dii kan no a wͻ’faa nokorԑ no atorᴐsԑm no ho asεm no mmaa mo hͻ? Wͻ’kaa wͻn dwumadie so aba hwεe, na wͻn wͻ asotwee a εyεya paa
Surah At-Taghabun, Verse 5


ذَٰلِكَ بِأَنَّهُۥ كَانَت تَّأۡتِيهِمۡ رُسُلُهُم بِٱلۡبَيِّنَٰتِ فَقَالُوٓاْ أَبَشَرٞ يَهۡدُونَنَا فَكَفَرُواْ وَتَوَلَّواْۖ وَّٱسۡتَغۡنَى ٱللَّهُۚ وَٱللَّهُ غَنِيٌّ حَمِيدٞ

Deε ԑnam so maa no baa saa ne sԑ, wͻn Asomafoͻ no de nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee no brεε wͻn, nanso asεm a wͻ’kaeε ne sε: “Nnipa na wͻ’rebεkyerε yεn kwan?” Enti wͻ’poe, na wͻ’danee wͻn ho (fri nokorε no ho), Onyankopͻn deε Onhia (wͻn). Nyankopͻn ne Ͻdefoᴐ, Ɔne Ayeyie Hene no
Surah At-Taghabun, Verse 6


زَعَمَ ٱلَّذِينَ كَفَرُوٓاْ أَن لَّن يُبۡعَثُواْۚ قُلۡ بَلَىٰ وَرَبِّي لَتُبۡعَثُنَّ ثُمَّ لَتُنَبَّؤُنَّ بِمَا عَمِلۡتُمۡۚ وَذَٰلِكَ عَلَى ٱللَّهِ يَسِيرٞ

Wͻn a wͻ’po nokorԑ no adwen yε wͻn sε yennyane wͻn (wͻ wͻn wuo no akyi). Ka sε: Aane, mede Me Wura Nyankopͻn di nse sε, nokorε sε yεbenyane mo, na afei yabͻ mo dwuma a modiiε no ho amaneε. Ԑno yε adeε a εyε mmrε koraa ma Nyankopͻn
Surah At-Taghabun, Verse 7


فَـَٔامِنُواْ بِٱللَّهِ وَرَسُولِهِۦ وَٱلنُّورِ ٱلَّذِيٓ أَنزَلۡنَاۚ وَٱللَّهُ بِمَا تَعۡمَلُونَ خَبِيرٞ

Enti monye Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no, ne Nhyerεnee a Y’asianee aba no ni. Onyankopͻn ne dwuma a modie no nyinaa ho amane bͻ Wura
Surah At-Taghabun, Verse 8


يَوۡمَ يَجۡمَعُكُمۡ لِيَوۡمِ ٱلۡجَمۡعِۖ ذَٰلِكَ يَوۡمُ ٱلتَّغَابُنِۗ وَمَن يُؤۡمِنۢ بِٱللَّهِ وَيَعۡمَلۡ صَٰلِحٗا يُكَفِّرۡ عَنۡهُ سَيِّـَٔاتِهِۦ وَيُدۡخِلۡهُ جَنَّـٰتٖ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُ خَٰلِدِينَ فِيهَآ أَبَدٗاۚ ذَٰلِكَ ٱلۡفَوۡزُ ٱلۡعَظِيمُ

Ɛda a Ɔbεboa moano ama Nhyiamu Da no, saa Da no ne Adehwerε ne mfasoͻ da no. Obi a ͻbεgye Nyankopͻn adie na ͻbedi dwuma pa no, yεbεpepa ne bͻne afri ne so, na yεde no akͻ Aheman a nsubͻnten nenam aseε no mu, wͻ’bεtena mu afe bͻͻ. Woi ne nkonimdie kεseε no
Surah At-Taghabun, Verse 9


وَٱلَّذِينَ كَفَرُواْ وَكَذَّبُواْ بِـَٔايَٰتِنَآ أُوْلَـٰٓئِكَ أَصۡحَٰبُ ٱلنَّارِ خَٰلِدِينَ فِيهَاۖ وَبِئۡسَ ٱلۡمَصِيرُ

Wͻn a wͻ’nnye nnie na wͻ’fa Yε’nsεm no atorͻsεm no nso, saa nkorͻfoͻ no ne egya no mu foͻ no, emu na wͻ’bεtena; nnkyi bͻne paa ne hͻ
Surah At-Taghabun, Verse 10


مَآ أَصَابَ مِن مُّصِيبَةٍ إِلَّا بِإِذۡنِ ٱللَّهِۗ وَمَن يُؤۡمِنۢ بِٱللَّهِ يَهۡدِ قَلۡبَهُۥۚ وَٱللَّهُ بِكُلِّ شَيۡءٍ عَلِيمٞ

Mmusuo biara a εbesie no na Nyankopͻn ama ho kwan. Obiara a ͻbεgye Nyankopͻn adie no Ɔtene n’akoma. Onyankopͻn ne biribiara ho Nimdefoͻ
Surah At-Taghabun, Verse 11


وَأَطِيعُواْ ٱللَّهَ وَأَطِيعُواْ ٱلرَّسُولَۚ فَإِن تَوَلَّيۡتُمۡ فَإِنَّمَا عَلَىٰ رَسُولِنَا ٱلۡبَلَٰغُ ٱلۡمُبِينُ

Monyε sotie ma Nyankopͻn, na monyε sotie nso ma Ɔsomafoͻ no; na mmom sε modane moho (fri nokorε no ho a), Y’asomafoͻ no asεdeε ara ne sε wͻ’bεbͻ asεm no ho dawuro akyerεkyerε mu
Surah At-Taghabun, Verse 12


ٱللَّهُ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَۚ وَعَلَى ٱللَّهِ فَلۡيَتَوَكَّلِ ٱلۡمُؤۡمِنُونَ

Nyankopͻn, awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno. Onyankopͻn na agyidiefoͻ no mfa wͻn ho nto Nesoͻ
Surah At-Taghabun, Verse 13


يَـٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ إِنَّ مِنۡ أَزۡوَٰجِكُمۡ وَأَوۡلَٰدِكُمۡ عَدُوّٗا لَّكُمۡ فَٱحۡذَرُوهُمۡۚ وَإِن تَعۡفُواْ وَتَصۡفَحُواْ وَتَغۡفِرُواْ فَإِنَّ ٱللَّهَ غَفُورٞ رَّحِيمٌ

Mo a moagye adie, nokorε sε moyerenom ne mommanom no mu bi yε moatamfoͻ, enti monyε wͻn ho ahwεyie. Sε mode mfomsoͻ fri, na moyi moani fri so, na mode bͻne kyε a, nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene
Surah At-Taghabun, Verse 14


إِنَّمَآ أَمۡوَٰلُكُمۡ وَأَوۡلَٰدُكُمۡ فِتۡنَةٞۚ وَٱللَّهُ عِندَهُۥٓ أَجۡرٌ عَظِيمٞ

Mo agyapadeε ne momma yε nsͻhwε ma mo, na Nyankopͻn hͻ na akatua kεseε paa wͻ
Surah At-Taghabun, Verse 15


فَٱتَّقُواْ ٱللَّهَ مَا ٱسۡتَطَعۡتُمۡ وَٱسۡمَعُواْ وَأَطِيعُواْ وَأَنفِقُواْ خَيۡرٗا لِّأَنفُسِكُمۡۗ وَمَن يُوقَ شُحَّ نَفۡسِهِۦ فَأُوْلَـٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡمُفۡلِحُونَ

Enti monsuro Nyankopͻn sεdeε mobetumi, na montie, na moni so, na monyε tema, na εbεyε ama mo kraa. Obia yεbεgye no afri ne kraa adefodepε mu no, saa nkorͻfoͻ no ne nkonimdifoͻ no
Surah At-Taghabun, Verse 16


إِن تُقۡرِضُواْ ٱللَّهَ قَرۡضًا حَسَنٗا يُضَٰعِفۡهُ لَكُمۡ وَيَغۡفِرۡ لَكُمۡۚ وَٱللَّهُ شَكُورٌ حَلِيمٌ

Sε mobͻ Nyankopͻn bosea papa a Ɔde bεbͻ ho ama mo, na Ɔde mo bͻne akyε mo. Onyankopͻn ne Aseda Wura, Ɔne Ntooboaseε Hene
Surah At-Taghabun, Verse 17


عَٰلِمُ ٱلۡغَيۡبِ وَٱلشَّهَٰدَةِ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡحَكِيمُ

Kokoam ne Badwam Nimdefoͻ no, Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Onyansafoͻ no
Surah At-Taghabun, Verse 18


Author: Sheikh Haroun Ismaeel


<< Surah 63
>> Surah 65

Twi Translations by other Authors


Twi Translation By Sheikh Haroun Ismaeel
Popular Areas
Apartments for rent in Dubai Apartments for rent Abu Dhabi Villas for rent in Dubai House for rent Abu Dhabi Apartments for sale in Dubai Apartments for sale in Abu Dhabi Flat for rent Sharjah
Popular Searches
Studios for rent in UAE Apartments for rent in UAE Villas for rent in UAE Apartments for sale in UAE Villas for sale in UAE Land for sale in UAE Dubai Real Estate
Trending Areas
Apartments for rent in Dubai Marina Apartments for sale in Dubai Marina Villa for rent in Sharjah Villa for sale in Dubai Flat for rent in Ajman Studio for rent in Abu Dhabi Villa for rent in Ajman
Trending Searches
Villa for rent in Abu Dhabi Shop for rent in Dubai Villas for sale in Ajman Studio for rent in Sharjah 1 Bedroom Apartment for rent in Dubai Property for rent in Abu Dhabi Commercial properties for sale
© Copyright Dubai Prayer Time. All Rights Reserved
Designed by Prayer Time In Dubai