Surah Al-Araf - Twi Translation by Sheikh Haroun Ismaeel
الٓمٓصٓ
Alif - Laam - Miim - Soaad
Surah Al-Araf, Verse 1
كِتَٰبٌ أُنزِلَ إِلَيۡكَ فَلَا يَكُن فِي صَدۡرِكَ حَرَجٞ مِّنۡهُ لِتُنذِرَ بِهِۦ وَذِكۡرَىٰ لِلۡمُؤۡمِنِينَ
(Nkͻmhyεni, woi yε) Nwoma a yasiane ama woͻ, enti εmma w’akoma nnha wo wͻ ho; sεdeε wode bεbͻ kͻkͻ, na ayε afutusεm anaa nkaekaeε ama agyidiefoͻ no
Surah Al-Araf, Verse 2
ٱتَّبِعُواْ مَآ أُنزِلَ إِلَيۡكُم مِّن رَّبِّكُمۡ وَلَا تَتَّبِعُواْ مِن دُونِهِۦٓ أَوۡلِيَآءَۗ قَلِيلٗا مَّا تَذَكَّرُونَ
Moni deε yasiane fri mo Wura Nyankopͻn hͻ aberε mo no akyi, na monhwε na moamfri N’akyi ankodi akyitaafoͻ biara akyi, (nanso nnipa, anaa asεm no mu) kakraa bi na mokaeε
Surah Al-Araf, Verse 3
وَكَم مِّن قَرۡيَةٍ أَهۡلَكۡنَٰهَا فَجَآءَهَا بَأۡسُنَا بَيَٰتًا أَوۡ هُمۡ قَآئِلُونَ
Nkuro dodoɔ sɛn na (εnam bͻne nti) Y’asεe no? Y’asotwee baa so anadwo, anaasε awigyina berε a na wͻ’adeda regye wɔn ahome
Surah Al-Araf, Verse 4
فَمَا كَانَ دَعۡوَىٰهُمۡ إِذۡ جَآءَهُم بَأۡسُنَآ إِلَّآ أَن قَالُوٓاْ إِنَّا كُنَّا ظَٰلِمِينَ
Ɛberε a Ya’sotwee baa wͻn soͻ no, esuu a wͻ’suiε nesε: “Nokorε sε yε’yε abͻnefoͻ.“
Surah Al-Araf, Verse 5
فَلَنَسۡـَٔلَنَّ ٱلَّذِينَ أُرۡسِلَ إِلَيۡهِمۡ وَلَنَسۡـَٔلَنَّ ٱلۡمُرۡسَلِينَ
Nokorε sε, Yebebisa wͻn a Yε’somaa (asomafoͻ) kͻͻ wͻn hͻ no asεm, na Yebebisa asomafoͻ no nso asεm
Surah Al-Araf, Verse 6
فَلَنَقُصَّنَّ عَلَيۡهِم بِعِلۡمٖۖ وَمَا كُنَّا غَآئِبِينَ
Yε’de nimdeε bεkenkan (wͻn ho nsεm) akyerε wͻn na Yenfrii (wͻn ho) da
Surah Al-Araf, Verse 7
وَٱلۡوَزۡنُ يَوۡمَئِذٍ ٱلۡحَقُّۚ فَمَن ثَقُلَتۡ مَوَٰزِينُهُۥ فَأُوْلَـٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡمُفۡلِحُونَ
Saa Da no nsania no bεyε nokorε (nsania); enti obi a ne kari boɔ mu bɛyɛ du (wͻ papa yε mu wɔ) nsania no soɔ no, saa nkorͻfoͻ no ne nkonimdifoͻ no
Surah Al-Araf, Verse 8
وَمَنۡ خَفَّتۡ مَوَٰزِينُهُۥ فَأُوْلَـٰٓئِكَ ٱلَّذِينَ خَسِرُوٓاْ أَنفُسَهُم بِمَا كَانُواْ بِـَٔايَٰتِنَا يَظۡلِمُونَ
Na wͻn a wͻn kariboɔ mu bεyε hare (wͻ papa yε mu wɔ nsania no soɔ) no, woi nom na wͻn kraa aberε aguo, efrisε wͻ’yεε Yεn Nsεm no ho bͻne
Surah Al-Araf, Verse 9
وَلَقَدۡ مَكَّنَّـٰكُمۡ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَجَعَلۡنَا لَكُمۡ فِيهَا مَعَٰيِشَۗ قَلِيلٗا مَّا تَشۡكُرُونَ
Ampa sε, Yε’de mo tenaa asaase no so, εna Yε’yεε akͻnhoma bͻdeε wͻ so maa mo, (nanso) ayεyie ketewaabi na moyie
Surah Al-Araf, Verse 10
وَلَقَدۡ خَلَقۡنَٰكُمۡ ثُمَّ صَوَّرۡنَٰكُمۡ ثُمَّ قُلۡنَا لِلۡمَلَـٰٓئِكَةِ ٱسۡجُدُواْ لِأٓدَمَ فَسَجَدُوٓاْ إِلَّآ إِبۡلِيسَ لَمۡ يَكُن مِّنَ ٱلسَّـٰجِدِينَ
Ampa sε, Yε’bͻͻ mo, εna Yε’de mo too mfonini mu, εna Yε’ka kyerεε Soro abͻfoͻ no sε: “Monyε (Sujud anaa) monfa moanim mutu fͻm ma Adam. Wͻn (nyinaa) yεε Sujud no, gyesε lblis (anaasε ͻbonsam), wannka wͻn a wͻ’de wͻn anim butuu fͻm no ho
Surah Al-Araf, Verse 11
قَالَ مَا مَنَعَكَ أَلَّا تَسۡجُدَ إِذۡ أَمَرۡتُكَۖ قَالَ أَنَا۠ خَيۡرٞ مِّنۡهُ خَلَقۡتَنِي مِن نَّارٖ وَخَلَقۡتَهُۥ مِن طِينٖ
Nyankopͻn kaa sε: “Ɛdeεn na asi wo kwan a w’annfa w’anim ammutu fͻm wͻ aberε a M’ahyε woͻ?” Ɔkaa sε: “Mekyεn no; Wo bͻͻ me fri gyem, εna Wo bͻͻ ͻno nso fri nεteε mu”
Surah Al-Araf, Verse 12
قَالَ فَٱهۡبِطۡ مِنۡهَا فَمَا يَكُونُ لَكَ أَن تَتَكَبَّرَ فِيهَا فَٱخۡرُجۡ إِنَّكَ مِنَ ٱلصَّـٰغِرِينَ
Nyankopͻn kaa sε: “Ɛneε siane fri ha kͻ, εnyε mma wo sε wobεyε ahomasoͻ wͻ ha; enti fri ha kͻ, nokorε sε woka wͻn a yabrε wͻn ase agu wͻn anim aseε no ho”
Surah Al-Araf, Verse 13
قَالَ أَنظِرۡنِيٓ إِلَىٰ يَوۡمِ يُبۡعَثُونَ
(Iblis anaasε ͻbonsam) kaa sε: “Mame berε nkͻpem Da a wͻn bewu asͻreε”
Surah Al-Araf, Verse 14
قَالَ إِنَّكَ مِنَ ٱلۡمُنظَرِينَ
Nyankopͻn kaa sε: ”Woka wͻn a yama wͻn berε no ho “
Surah Al-Araf, Verse 15
قَالَ فَبِمَآ أَغۡوَيۡتَنِي لَأَقۡعُدَنَّ لَهُمۡ صِرَٰطَكَ ٱلۡمُسۡتَقِيمَ
Iblis kaa sε: “Sεdeε W’abu me ͻyerafoͻ (anaa ͻbͻneεfoͻ) nti no, mεtena ase (atwεn) wͻn wͻ Wo kwan tenenee no mu “
Surah Al-Araf, Verse 16
ثُمَّ لَأٓتِيَنَّهُم مِّنۢ بَيۡنِ أَيۡدِيهِمۡ وَمِنۡ خَلۡفِهِمۡ وَعَنۡ أَيۡمَٰنِهِمۡ وَعَن شَمَآئِلِهِمۡۖ وَلَا تَجِدُ أَكۡثَرَهُمۡ شَٰكِرِينَ
“Afei mefri wͻn anim ne wͻn akyi ne wͻn nifa so ne wͻn benkum so aba wͻn so, na wonnya wͻn mu pii a wͻ’beyi (Wo) ayε
Surah Al-Araf, Verse 17
قَالَ ٱخۡرُجۡ مِنۡهَا مَذۡءُومٗا مَّدۡحُورٗاۖ لَّمَن تَبِعَكَ مِنۡهُمۡ لَأَمۡلَأَنَّ جَهَنَّمَ مِنكُمۡ أَجۡمَعِينَ
Nyankopͻn kaa sε: “Fri hͻ kͻ wͻ animguaseε mu, yayi wo adi. Nokorε sε, wͻn mu obiara a ͻbedi w’akyi no, Mede mo nyinaa bεhyε Ogya no mu mma
Surah Al-Araf, Verse 18
وَيَـٰٓـَٔادَمُ ٱسۡكُنۡ أَنتَ وَزَوۡجُكَ ٱلۡجَنَّةَ فَكُلَا مِنۡ حَيۡثُ شِئۡتُمَا وَلَا تَقۡرَبَا هَٰذِهِ ٱلشَّجَرَةَ فَتَكُونَا مِنَ ٱلظَّـٰلِمِينَ
Adam, wo ne woyere montena Turo no mu, na monidi nkͻpem faako a mopε (biara), na monhwε na moammεn saa dua yi na moankͻka abͻneεfoͻ no ho
Surah Al-Araf, Verse 19
فَوَسۡوَسَ لَهُمَا ٱلشَّيۡطَٰنُ لِيُبۡدِيَ لَهُمَا مَا وُۥرِيَ عَنۡهُمَا مِن سَوۡءَٰتِهِمَا وَقَالَ مَا نَهَىٰكُمَا رَبُّكُمَا عَنۡ هَٰذِهِ ٱلشَّجَرَةِ إِلَّآ أَن تَكُونَا مَلَكَيۡنِ أَوۡ تَكُونَا مِنَ ٱلۡخَٰلِدِينَ
Nanso ͻbonsam daadaa wͻn sεdeε ͻbeyi wͻn adagya a yεde asuma wͻn no adi akyerε wͻn, na ͻkaa sε: “Ɛnyε biribiara ho nti na mo Wura Nyankopͻn abra mo saa dua yi, na mmom sε anyε a na moakͻyε Soro abͻfoͻ anaa moakͻyε wͻn a wͻ’te nkwa mu afe bͻͻ no mu bi”
Surah Al-Araf, Verse 20
وَقَاسَمَهُمَآ إِنِّي لَكُمَا لَمِنَ ٱلنَّـٰصِحِينَ
Odii nse kyerεε wͻn sε: “Nokorε sε, meyε ofutufo pa paa ma mo mmienu.”
Surah Al-Araf, Verse 21
فَدَلَّىٰهُمَا بِغُرُورٖۚ فَلَمَّا ذَاقَا ٱلشَّجَرَةَ بَدَتۡ لَهُمَا سَوۡءَٰتُهُمَا وَطَفِقَا يَخۡصِفَانِ عَلَيۡهِمَا مِن وَرَقِ ٱلۡجَنَّةِۖ وَنَادَىٰهُمَا رَبُّهُمَآ أَلَمۡ أَنۡهَكُمَا عَن تِلۡكُمَا ٱلشَّجَرَةِ وَأَقُل لَّكُمَآ إِنَّ ٱلشَّيۡطَٰنَ لَكُمَا عَدُوّٞ مُّبِينٞ
Enti ͻde naadaa maa wͻn hwee ase. Ɛberε a wͻ’kaa dua no (aba no bi) hwεeε no, wͻn adagya daa adi kyerεε wͻn, na wͻ’hyεε aseε kekaa Turo no mu nhahan no bi bobͻͻ mu katakataa wͻn ho so. Wͻn Wura Nyankopͻn frεε wͻn sε: “M’ammra mo saa dua no, εna Meka kyerεε mo sε ͻbonsam yε mo tamfo pefee?”
Surah Al-Araf, Verse 22
قَالَا رَبَّنَا ظَلَمۡنَآ أَنفُسَنَا وَإِن لَّمۡ تَغۡفِرۡ لَنَا وَتَرۡحَمۡنَا لَنَكُونَنَّ مِنَ ٱلۡخَٰسِرِينَ
Wͻ’kaa sε: “Ye’wura Nyankopͻn, Y’ayε bͻne atia yεn kraa, na sε W’anfa yεn bͻne ankyε yεn na W’anhu yεn mmͻbͻ a, nokorε sε yεbεka brεguofoͻ no ho “
Surah Al-Araf, Verse 23
قَالَ ٱهۡبِطُواْ بَعۡضُكُمۡ لِبَعۡضٍ عَدُوّٞۖ وَلَكُمۡ فِي ٱلۡأَرۡضِ مُسۡتَقَرّٞ وَمَتَٰعٌ إِلَىٰ حِينٖ
Nyankopͻn kaa sε: “Monsiane (nkͻ asaase so), moyε moho moho atamfo. Mowͻ asetena ne akͻnhoma wͻ asaase no so kͻpem εberε bi (a yεde ama mo no) awieɛ “
Surah Al-Araf, Verse 24
قَالَ فِيهَا تَحۡيَوۡنَ وَفِيهَا تَمُوتُونَ وَمِنۡهَا تُخۡرَجُونَ
Nyankopͻn kaa sε: “Emu na mobεtena (wͻ monkwa nna mu) na emu na mobewuo na emu na mobepue afire (wͻ Wusͻreε Da no)
Surah Al-Araf, Verse 25
يَٰبَنِيٓ ءَادَمَ قَدۡ أَنزَلۡنَا عَلَيۡكُمۡ لِبَاسٗا يُوَٰرِي سَوۡءَٰتِكُمۡ وَرِيشٗاۖ وَلِبَاسُ ٱلتَّقۡوَىٰ ذَٰلِكَ خَيۡرٞۚ ذَٰلِكَ مِنۡ ءَايَٰتِ ٱللَّهِ لَعَلَّهُمۡ يَذَّكَّرُونَ
Adasamma, nokorε sε Y’asiane ntoma a εkata moadagya soͻ ama mo, εne ahosiesie deε, εna Nyamesuro ntoma nso, εno na εyε. Woi ka Nyankopͻn nsεnkyerεnee no ho, sεdeε wͻ’bεfa adwen
Surah Al-Araf, Verse 26
يَٰبَنِيٓ ءَادَمَ لَا يَفۡتِنَنَّكُمُ ٱلشَّيۡطَٰنُ كَمَآ أَخۡرَجَ أَبَوَيۡكُم مِّنَ ٱلۡجَنَّةِ يَنزِعُ عَنۡهُمَا لِبَاسَهُمَا لِيُرِيَهُمَا سَوۡءَٰتِهِمَآۚ إِنَّهُۥ يَرَىٰكُمۡ هُوَ وَقَبِيلُهُۥ مِنۡ حَيۡثُ لَا تَرَوۡنَهُمۡۗ إِنَّا جَعَلۡنَا ٱلشَّيَٰطِينَ أَوۡلِيَآءَ لِلَّذِينَ لَا يُؤۡمِنُونَ
Adasamma, monhwε na moamma ͻbonsam annaadaa mo, sεdeε otuu mo awofoͻ frii Turo no mu no, na ͻpaa wͻn ho ntoma sεdeε ͻde wͻn adagya bεkyerε wͻn no. Nokorε sε, ͻne n’abusuafoͻ no hu mo wͻ baabi a monnhu wͻn. Nokorε sε, Y’ayε abosamfoͻ no akyitaafoͻ ama wͻn a wͻ’nnye nnie no
Surah Al-Araf, Verse 27
وَإِذَا فَعَلُواْ فَٰحِشَةٗ قَالُواْ وَجَدۡنَا عَلَيۡهَآ ءَابَآءَنَا وَٱللَّهُ أَمَرَنَا بِهَاۗ قُلۡ إِنَّ ٱللَّهَ لَا يَأۡمُرُ بِٱلۡفَحۡشَآءِۖ أَتَقُولُونَ عَلَى ٱللَّهِ مَا لَا تَعۡلَمُونَ
Sε wͻ’bu ahohwi bra bi a, wͻ’se: Yε’bεtoo Y’agyanom wͻ so (sε wͻ’reyε), na Nyankopͻn na Ɔde ahyε yεn (sε yεnyε). Ka sε: “Nyankopͻn nnhyɛ (onipa) mma no mmɔ ahohwi bra; anaasε moka deε monnim deto Nyankopͻn so
Surah Al-Araf, Verse 28
قُلۡ أَمَرَ رَبِّي بِٱلۡقِسۡطِۖ وَأَقِيمُواْ وُجُوهَكُمۡ عِندَ كُلِّ مَسۡجِدٖ وَٱدۡعُوهُ مُخۡلِصِينَ لَهُ ٱلدِّينَۚ كَمَا بَدَأَكُمۡ تَعُودُونَ
Ka sε: “Deε me Wura Nyankopͻn hyε (onipa) wͻ ho ne sε obedi nokorε, εna afei mode moanim bεkyerε Ɔno (nko ara) wͻ Nyamefrε berε biara, na afei mobesu afrε no wͻ nokorεdie mu, de ͻsom ama no. Sεdeε Osi hyεε mo ase (kane no, saa ara na) mobεsan aba (nkwa mu bio)
Surah Al-Araf, Verse 29
فَرِيقًا هَدَىٰ وَفَرِيقًا حَقَّ عَلَيۡهِمُ ٱلضَّلَٰلَةُۚ إِنَّهُمُ ٱتَّخَذُواْ ٱلشَّيَٰطِينَ أَوۡلِيَآءَ مِن دُونِ ٱللَّهِ وَيَحۡسَبُونَ أَنَّهُم مُّهۡتَدُونَ
W’akyerε fekuo bi kwan, εna fekuo bi nso ͻyera no na εfata wͻn, efrisε wͻ’afrii Nyankopͻn akyi afa abonsamfoͻ de wͻn ayε akyitaafoͻ, na wͻ’dwene sε wͻn atene
Surah Al-Araf, Verse 30
۞يَٰبَنِيٓ ءَادَمَ خُذُواْ زِينَتَكُمۡ عِندَ كُلِّ مَسۡجِدٖ وَكُلُواْ وَٱشۡرَبُواْ وَلَا تُسۡرِفُوٓاْۚ إِنَّهُۥ لَا يُحِبُّ ٱلۡمُسۡرِفِينَ
Adam mma, monfa mo afεεfεdeε nsiesie mo ho wͻ Nyamefrε berε ne Nyamefrε bea biara mu, na monidi na monom, na (mmom) εmma mo nnsεe (no), efrisε Ɔmpε nsεmͻnefoͻ no asεm
Surah Al-Araf, Verse 31
قُلۡ مَنۡ حَرَّمَ زِينَةَ ٱللَّهِ ٱلَّتِيٓ أَخۡرَجَ لِعِبَادِهِۦ وَٱلطَّيِّبَٰتِ مِنَ ٱلرِّزۡقِۚ قُلۡ هِيَ لِلَّذِينَ ءَامَنُواْ فِي ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَا خَالِصَةٗ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِۗ كَذَٰلِكَ نُفَصِّلُ ٱلۡأٓيَٰتِ لِقَوۡمٖ يَعۡلَمُونَ
(Nkͻmhyεni) ka sε: “Hwan na w’abra Nyankopͻn afεεfεdeε ne akͻnhoma pa no a W’ayi ama ne nkoa no? Ka sε: “(Saa nnepa no) wͻ wͻn a wͻ’agye adie no wͻ wiase asetena yi mu, (na εbεwͻ agyidiefoͻ no) nko ara wͻ Owusͻreε Da no. Saa ara na Yε’kyerεkyerε nsεm no mu dema amanfoͻ a wͻ’nim
Surah Al-Araf, Verse 32
قُلۡ إِنَّمَا حَرَّمَ رَبِّيَ ٱلۡفَوَٰحِشَ مَا ظَهَرَ مِنۡهَا وَمَا بَطَنَ وَٱلۡإِثۡمَ وَٱلۡبَغۡيَ بِغَيۡرِ ٱلۡحَقِّ وَأَن تُشۡرِكُواْ بِٱللَّهِ مَا لَمۡ يُنَزِّلۡ بِهِۦ سُلۡطَٰنٗا وَأَن تَقُولُواْ عَلَى ٱللَّهِ مَا لَا تَعۡلَمُونَ
Ka sε: “Deε me Wura Nyankopͻn abra ne ahohwisεm, emu deε εda adie ne deε asuma, εna bͻne, ne asisie a enni ho kwan (sε onipa yε), εna afei mode adeε a Onsianee ho tumi bi mmaeε bεbata Nyankopͻn ho, εna mobεka asεm a monnim de ato Nyankopͻn soͻ
Surah Al-Araf, Verse 33
وَلِكُلِّ أُمَّةٍ أَجَلٞۖ فَإِذَا جَآءَ أَجَلُهُمۡ لَا يَسۡتَأۡخِرُونَ سَاعَةٗ وَلَا يَسۡتَقۡدِمُونَ
Nnipa kuo biara wͻ εberε (a yahyehyε ama wͻn sε wͻ’de fri wiase); enti sε wͻn berε no so a, w’ͻnnka akyi dͻnhwere baako koraa, na wͻnkͻ animu nso (dͻnhwere baako)
Surah Al-Araf, Verse 34
يَٰبَنِيٓ ءَادَمَ إِمَّا يَأۡتِيَنَّكُمۡ رُسُلٞ مِّنكُمۡ يَقُصُّونَ عَلَيۡكُمۡ ءَايَٰتِي فَمَنِ ٱتَّقَىٰ وَأَصۡلَحَ فَلَا خَوۡفٌ عَلَيۡهِمۡ وَلَا هُمۡ يَحۡزَنُونَ
Adasamma, sε asomafoͻ a wͻ’fri mo mu ba mo hͻ bεkenkan Mensεm kyerε mo a, obi a ͻbεgye adie na wayε ntotoeε pa no, ehuu mmͻ wͻn na wͻn werε nso nnho
Surah Al-Araf, Verse 35
وَٱلَّذِينَ كَذَّبُواْ بِـَٔايَٰتِنَا وَٱسۡتَكۡبَرُواْ عَنۡهَآ أُوْلَـٰٓئِكَ أَصۡحَٰبُ ٱلنَّارِۖ هُمۡ فِيهَا خَٰلِدُونَ
Na wͻn a wͻ’bu Yεn Nsεm no atorͻsεm, na wͻ’yε ho ahomasoͻ no, wͻ’ne egya no mufoͻ no; emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ
Surah Al-Araf, Verse 36
فَمَنۡ أَظۡلَمُ مِمَّنِ ٱفۡتَرَىٰ عَلَى ٱللَّهِ كَذِبًا أَوۡ كَذَّبَ بِـَٔايَٰتِهِۦٓۚ أُوْلَـٰٓئِكَ يَنَالُهُمۡ نَصِيبُهُم مِّنَ ٱلۡكِتَٰبِۖ حَتَّىٰٓ إِذَا جَآءَتۡهُمۡ رُسُلُنَا يَتَوَفَّوۡنَهُمۡ قَالُوٓاْ أَيۡنَ مَا كُنتُمۡ تَدۡعُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِۖ قَالُواْ ضَلُّواْ عَنَّا وَشَهِدُواْ عَلَىٰٓ أَنفُسِهِمۡ أَنَّهُمۡ كَانُواْ كَٰفِرِينَ
Enti hwan na ͻyε (nipa) bͻneni kyεn obi a ͻbͻ ne trim twa nkontompo to Nyankopͻn soͻ, anaa ɔfa N’asεm no nkontompo sɛm? Saa nkorͻfoͻ no nsa bεka wͻn kyεfa a εwͻ Nwoma no mu; kͻpem sε Y’abͻfoͻ no bεba wͻn hͻ abeyi wͻn nkwa; (Abͻfoͻ no) bεka sε: “Deε na mofri Nyankopͻn akyi sufrε wͻn no wͻ hen?” Wͻ’bεka sε: “Y’ahwere wͻn”. Wͻ’bedi adanseε atia wͻn ho sε nokorε, wͻ’yε (kaafirfoͻ) boniayεfoͻ
Surah Al-Araf, Verse 37
قَالَ ٱدۡخُلُواْ فِيٓ أُمَمٖ قَدۡ خَلَتۡ مِن قَبۡلِكُم مِّنَ ٱلۡجِنِّ وَٱلۡإِنسِ فِي ٱلنَّارِۖ كُلَّمَا دَخَلَتۡ أُمَّةٞ لَّعَنَتۡ أُخۡتَهَاۖ حَتَّىٰٓ إِذَا ٱدَّارَكُواْ فِيهَا جَمِيعٗا قَالَتۡ أُخۡرَىٰهُمۡ لِأُولَىٰهُمۡ رَبَّنَا هَـٰٓؤُلَآءِ أَضَلُّونَا فَـَٔاتِهِمۡ عَذَابٗا ضِعۡفٗا مِّنَ ٱلنَّارِۖ قَالَ لِكُلّٖ ضِعۡفٞ وَلَٰكِن لَّا تَعۡلَمُونَ
Nyankopͻn bεka sε: “Monkͻka Jinni ne nnipa kuo no a wͻ’adi moanim kan atwa mu no ho, na mo ne wͻn nkͻ egya no mu. Ɛberε biara a nnipa kuo bi bewura mu no, ͻbͻ ne nua no dua kosi sε wͻn nyinaa bedidi so akͻ mu. Wͻn mu wͻn a wͻ’twa toͻ no bεka afa akandifoͻ no ho sε: “Ye’Wura Nyankopͻn, woi nom na wͻ’yeraa yεn, enti ma wͻn ogya asotwee no mmͻhoo. Yεbεka akyerε wͻn sε: “Obiara wͻ (asotwee no) mmͻhoo nanso monnim”
Surah Al-Araf, Verse 38
وَقَالَتۡ أُولَىٰهُمۡ لِأُخۡرَىٰهُمۡ فَمَا كَانَ لَكُمۡ عَلَيۡنَا مِن فَضۡلٖ فَذُوقُواْ ٱلۡعَذَابَ بِمَا كُنتُمۡ تَكۡسِبُونَ
Wͻn mu adikanfoͻ no nso bεka akyerε wͻn mu wͻn a wͻ’twatoͻ no sε: “Monnkyεn yεn, enti monka asotwee no nhwε εnam deε monyaeε ho nti”
Surah Al-Araf, Verse 39
إِنَّ ٱلَّذِينَ كَذَّبُواْ بِـَٔايَٰتِنَا وَٱسۡتَكۡبَرُواْ عَنۡهَا لَا تُفَتَّحُ لَهُمۡ أَبۡوَٰبُ ٱلسَّمَآءِ وَلَا يَدۡخُلُونَ ٱلۡجَنَّةَ حَتَّىٰ يَلِجَ ٱلۡجَمَلُ فِي سَمِّ ٱلۡخِيَاطِۚ وَكَذَٰلِكَ نَجۡزِي ٱلۡمُجۡرِمِينَ
Nokorε sε, wͻn a wͻ’bu Yεn Nsεm no atorͻsεm, na wͻ’yε ho ahomasoͻ no, yemmue ͻsoro apono mma wͻn, na w’ͻnnya kwan nnwura ͻsoro Aheman no mu kͻpem sε yoma bewura paneε tokuro mu. Saa na Y’etua abͻneεfoͻ no so ka
Surah Al-Araf, Verse 40
لَهُم مِّن جَهَنَّمَ مِهَادٞ وَمِن فَوۡقِهِمۡ غَوَاشٖۚ وَكَذَٰلِكَ نَجۡزِي ٱلظَّـٰلِمِينَ
Wͻn wͻ ogya mpa (a wͻ’bεda soͻ) ne (Ogya) akatasoͻ (a wͻde bεkata) wͻn ho soͻ. Saa na Y’etua abͻneεfoͻ no so ka
Surah Al-Araf, Verse 41
وَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّـٰلِحَٰتِ لَا نُكَلِّفُ نَفۡسًا إِلَّا وُسۡعَهَآ أُوْلَـٰٓئِكَ أَصۡحَٰبُ ٱلۡجَنَّةِۖ هُمۡ فِيهَا خَٰلِدُونَ
Wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no nso –Yεmfa adesoa nsoa ͻkra bi gyesε deε n’ahoͻden betumi –saa nkorͻfoͻ no ne Aheman no mu foͻ no. Emu na wͻ’bεtena
Surah Al-Araf, Verse 42
وَنَزَعۡنَا مَا فِي صُدُورِهِم مِّنۡ غِلّٖ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهِمُ ٱلۡأَنۡهَٰرُۖ وَقَالُواْ ٱلۡحَمۡدُ لِلَّهِ ٱلَّذِي هَدَىٰنَا لِهَٰذَا وَمَا كُنَّا لِنَهۡتَدِيَ لَوۡلَآ أَنۡ هَدَىٰنَا ٱللَّهُۖ لَقَدۡ جَآءَتۡ رُسُلُ رَبِّنَا بِٱلۡحَقِّۖ وَنُودُوٓاْ أَن تِلۡكُمُ ٱلۡجَنَّةُ أُورِثۡتُمُوهَا بِمَا كُنتُمۡ تَعۡمَلُونَ
Yε’beyi yawdie a εwͻ wͻn akoma mu biara afri hͻ; nsubͻnten nenam wͻn ase. Wͻ’bεka sε: “Ayeyie ne aseda wͻ Nyankopͻn a W’akyerε yεn kwan akͻ woi mu. Sε W’ankyerε yεn kwan a, anka yennya kwan kyerε. Ampa sε, ye’Wura Nyankopͻn asomafoͻ no de Nokorε no bae”. (Soro abͻfoͻ) bεfrε sε: “Woi ne Aheman no a morebedi adeε wᴐ mu no, εnam dwuma (pa) a modiiε no ho nti”
Surah Al-Araf, Verse 43
وَنَادَىٰٓ أَصۡحَٰبُ ٱلۡجَنَّةِ أَصۡحَٰبَ ٱلنَّارِ أَن قَدۡ وَجَدۡنَا مَا وَعَدَنَا رَبُّنَا حَقّٗا فَهَلۡ وَجَدتُّم مَّا وَعَدَ رَبُّكُمۡ حَقّٗاۖ قَالُواْ نَعَمۡۚ فَأَذَّنَ مُؤَذِّنُۢ بَيۡنَهُمۡ أَن لَّعۡنَةُ ٱللَّهِ عَلَى ٱلظَّـٰلِمِينَ
Soro Aheman no mu foͻ no bεfrε Ogya no mufoͻ no sε: “Nokorε sε, yεnsa aka deε ye’Wura Nyankopͻn hyεε yεn ho bͻ no ampa; enti monso monsa aka deε mo Wura hyεε mo ho bͻ no ampa?” Wͻ’bεka sε: “Aane!” Ɔfrεfrεni bi bεfrε afri wͻn mu hͻ sε: “Onyankopͻn nnomee wͻ abͻneεfoͻ no so
Surah Al-Araf, Verse 44
ٱلَّذِينَ يَصُدُّونَ عَن سَبِيلِ ٱللَّهِ وَيَبۡغُونَهَا عِوَجٗا وَهُم بِٱلۡأٓخِرَةِ كَٰفِرُونَ
Wͻn a wͻ’si (amanfoͻ kwan) fri Nyankopͻn kwan no so hwehwε sε εbεkyea, na wͻ’po Daakye no
Surah Al-Araf, Verse 45
وَبَيۡنَهُمَا حِجَابٞۚ وَعَلَى ٱلۡأَعۡرَافِ رِجَالٞ يَعۡرِفُونَ كُلَّۢا بِسِيمَىٰهُمۡۚ وَنَادَوۡاْ أَصۡحَٰبَ ٱلۡجَنَّةِ أَن سَلَٰمٌ عَلَيۡكُمۡۚ لَمۡ يَدۡخُلُوهَا وَهُمۡ يَطۡمَعُونَ
Ntwaremu bi betware wͻn mmienu no (aheman mu foͻ no ne Ogya no mu foͻ) no ntεm. Mmarima bi wͻ fasuo no sorosoro a wᴐ’de (abᴐnefoᴐ no mu) biara nsohyε deε na ebehu wͻn; na wͻ’bεfrε Aheman no mufoͻ no sε: “Asomdwiε nka mo.” Wͻ’nnya nwuraa (Aheman no) mu deε, nanso wͻn wͻ ho anidaasoͻ
Surah Al-Araf, Verse 46
۞وَإِذَا صُرِفَتۡ أَبۡصَٰرُهُمۡ تِلۡقَآءَ أَصۡحَٰبِ ٱلنَّارِ قَالُواْ رَبَّنَا لَا تَجۡعَلۡنَا مَعَ ٱلۡقَوۡمِ ٱلظَّـٰلِمِينَ
Sε wͻn ani twa kͻhwε Ogya no mufoͻ no a, deε wͻ’ka nesε: “Ye’ Wura Nyanko-pͻn, (yε’srε Wo sε), εnnfa yεn nnka abͻneεfoͻ no ho “
Surah Al-Araf, Verse 47
وَنَادَىٰٓ أَصۡحَٰبُ ٱلۡأَعۡرَافِ رِجَالٗا يَعۡرِفُونَهُم بِسِيمَىٰهُمۡ قَالُواْ مَآ أَغۡنَىٰ عَنكُمۡ جَمۡعُكُمۡ وَمَا كُنتُمۡ تَسۡتَكۡبِرُونَ
Mmarima a wͻn wͻ (fasuo) no soro hͻ no bεfrε mmarima a wͻ’de wͻn nsohyε-deε na ehu wͻn no sε: “Moahonya dodoͻ ne ahomasoͻ a na moyε no ansi mo hwee?’’
Surah Al-Araf, Verse 48
أَهَـٰٓؤُلَآءِ ٱلَّذِينَ أَقۡسَمۡتُمۡ لَا يَنَالُهُمُ ٱللَّهُ بِرَحۡمَةٍۚ ٱدۡخُلُواْ ٱلۡجَنَّةَ لَا خَوۡفٌ عَلَيۡكُمۡ وَلَآ أَنتُمۡ تَحۡزَنُونَ
(Saa agyidiefoͻ) woi nom ho na mokaa ntam sε: “Nyankopͻn mmfa N’ahummͻborͻ nngu wͻn soͻ no?” (Yεbεka akyerε agyidiefoͻ no sε): “Monwura ͻsoro Aheman no mu; suro biara nni moso na mowerε nso nnho”
Surah Al-Araf, Verse 49
وَنَادَىٰٓ أَصۡحَٰبُ ٱلنَّارِ أَصۡحَٰبَ ٱلۡجَنَّةِ أَنۡ أَفِيضُواْ عَلَيۡنَا مِنَ ٱلۡمَآءِ أَوۡ مِمَّا رَزَقَكُمُ ٱللَّهُۚ قَالُوٓاْ إِنَّ ٱللَّهَ حَرَّمَهُمَا عَلَى ٱلۡكَٰفِرِينَ
Amanehunu gya no mu foͻ no bεfrε ͻsoro Aheman no mu foͻ no sε: “Monhwie nsuo anaa deε Nyankopͻn de ama mo no mu bi ngu yεn so!” Wͻ’bεka sε: “Nokorɛ sɛ, Nyankopͻn ayε (deε wͻ’rebisa) no mmienu (nyinaa) akyiwadeε ama (kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no
Surah Al-Araf, Verse 50
ٱلَّذِينَ ٱتَّخَذُواْ دِينَهُمۡ لَهۡوٗا وَلَعِبٗا وَغَرَّتۡهُمُ ٱلۡحَيَوٰةُ ٱلدُّنۡيَاۚ فَٱلۡيَوۡمَ نَنسَىٰهُمۡ كَمَا نَسُواْ لِقَآءَ يَوۡمِهِمۡ هَٰذَا وَمَا كَانُواْ بِـَٔايَٰتِنَا يَجۡحَدُونَ
Wͻn a wͻ’faa wͻn Nyamesom ahuhu-sεm ne agodie, na wiase asetena daadaa wͻn no. Enti εnnε Da yi Yεn werε befri wͻn sεdeε wͻn werε frii wͻn Da woi no, ne sεdeε wͻ’ko tiaa Yεn Nsεm no“
Surah Al-Araf, Verse 51
وَلَقَدۡ جِئۡنَٰهُم بِكِتَٰبٖ فَصَّلۡنَٰهُ عَلَىٰ عِلۡمٍ هُدٗى وَرَحۡمَةٗ لِّقَوۡمٖ يُؤۡمِنُونَ
Ampa sε, Yε’de Nwoma a Y’εde nimdeε akyerεkyerε mu aberε wͻn; εyε kwankyerε ne ahummͻborͻ dema amanfoͻ a wͻ’gye die
Surah Al-Araf, Verse 52
هَلۡ يَنظُرُونَ إِلَّا تَأۡوِيلَهُۥۚ يَوۡمَ يَأۡتِي تَأۡوِيلُهُۥ يَقُولُ ٱلَّذِينَ نَسُوهُ مِن قَبۡلُ قَدۡ جَآءَتۡ رُسُلُ رَبِّنَا بِٱلۡحَقِّ فَهَل لَّنَا مِن شُفَعَآءَ فَيَشۡفَعُواْ لَنَآ أَوۡ نُرَدُّ فَنَعۡمَلَ غَيۡرَ ٱلَّذِي كُنَّا نَعۡمَلُۚ قَدۡ خَسِرُوٓاْ أَنفُسَهُمۡ وَضَلَّ عَنۡهُم مَّا كَانُواْ يَفۡتَرُونَ
Enti deε wͻ’retwεn ara nesε εberε no bεsoo? Ɛda a saa berε no bεsoo no, wͻn a kane no wͻn werε firiiε no bεka sε: “Ampa ye’Wura Nyankopͻn asomafoͻ no de nokorε no bae. Enti yεbenya ntwitwagyefoͻ bi a wͻ’betwitwa agye yεn? Anaasε yεma yεn nsan nkͻ (wiase) na yεnkͻdi dwuma a εnnyε deε yεdii no (kanee no)?” Ampa sε, wͻn ahwere wͻn kraa, na deε wͻ’bͻͻ wͻn trim yͻeε no nso adi wͻn hwammͻ
Surah Al-Araf, Verse 53
إِنَّ رَبَّكُمُ ٱللَّهُ ٱلَّذِي خَلَقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ فِي سِتَّةِ أَيَّامٖ ثُمَّ ٱسۡتَوَىٰ عَلَى ٱلۡعَرۡشِۖ يُغۡشِي ٱلَّيۡلَ ٱلنَّهَارَ يَطۡلُبُهُۥ حَثِيثٗا وَٱلشَّمۡسَ وَٱلۡقَمَرَ وَٱلنُّجُومَ مُسَخَّرَٰتِۭ بِأَمۡرِهِۦٓۗ أَلَا لَهُ ٱلۡخَلۡقُ وَٱلۡأَمۡرُۗ تَبَارَكَ ٱللَّهُ رَبُّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Nokorε sε, mo Wura no ne Nyankopͻn a Ɔde nna nsia bͻͻ soro ne asaase, εna Ɔde Neho sii Animonyam Ahennwa no soͻ. Ɔno na Ɔma adesaeε kata adekyeε soͻ (εna adekyeε nso kata adesaeε nso soͻ) na εde ntεm pε tͻkͻ so (di wͻn ho wͻn ho akyi). Awia ne bosome ne nsoromma nso berε wͻn ho ase ma N’ahyεdeε. Nokorε sɛ, Ɔno na abͻdeε ne ahyεdeε wͻ no. Nhyira Wura ne Nyankopͻn Abͻdeε nyinaa Wura no
Surah Al-Araf, Verse 54
ٱدۡعُواْ رَبَّكُمۡ تَضَرُّعٗا وَخُفۡيَةًۚ إِنَّهُۥ لَا يُحِبُّ ٱلۡمُعۡتَدِينَ
Monfa ahobraseε nsu mfrε mo Wura Nyankopͻn wͻ kokoa mu. Nokorε sε, Ɔmpε mmratofoͻ no asεm
Surah Al-Araf, Verse 55
وَلَا تُفۡسِدُواْ فِي ٱلۡأَرۡضِ بَعۡدَ إِصۡلَٰحِهَا وَٱدۡعُوهُ خَوۡفٗا وَطَمَعًاۚ إِنَّ رَحۡمَتَ ٱللَّهِ قَرِيبٞ مِّنَ ٱلۡمُحۡسِنِينَ
Na monhwε na akyire yi a yasiesie asaase soͻ no moanni nsεmͻnee wͻ so, na monfa suro ne anidaasoͻ nsu mfrε no. Nokorε sε, Nyankopͻn ahummͻborͻ no bεn apapafoͻ no
Surah Al-Araf, Verse 56
وَهُوَ ٱلَّذِي يُرۡسِلُ ٱلرِّيَٰحَ بُشۡرَۢا بَيۡنَ يَدَيۡ رَحۡمَتِهِۦۖ حَتَّىٰٓ إِذَآ أَقَلَّتۡ سَحَابٗا ثِقَالٗا سُقۡنَٰهُ لِبَلَدٖ مَّيِّتٖ فَأَنزَلۡنَا بِهِ ٱلۡمَآءَ فَأَخۡرَجۡنَا بِهِۦ مِن كُلِّ ٱلثَّمَرَٰتِۚ كَذَٰلِكَ نُخۡرِجُ ٱلۡمَوۡتَىٰ لَعَلَّكُمۡ تَذَكَّرُونَ
Ɔno na Ɔsoma mframa sԑ anohoba ma edi N’ahummͻborͻ no anim kan; kͻpem sε (mframa no) bεsoa munumkum duruduro no; Yepia (mununkum no) de ma asaase a awuo, na Yε’de asiane nsuo no, na Yε’de ama nnuaba biara apiepie. Saa ara na Yε’ma awufoͻ no piepie sεdeε mobεfa adwen
Surah Al-Araf, Verse 57
وَٱلۡبَلَدُ ٱلطَّيِّبُ يَخۡرُجُ نَبَاتُهُۥ بِإِذۡنِ رَبِّهِۦۖ وَٱلَّذِي خَبُثَ لَا يَخۡرُجُ إِلَّا نَكِدٗاۚ كَذَٰلِكَ نُصَرِّفُ ٱلۡأٓيَٰتِ لِقَوۡمٖ يَشۡكُرُونَ
Asaase pa no nso, εso nnuaba no fifiri wͻ ne Wura Nyankopͻn akwamma mu. Na (asaase a) εnyε no emfifiri hwee, gyesε kakraa bi. Saa ara na Yε’kyerεkyerε nsεm no mu de ma amanfoͻ a wͻ’yi (Nyame) ayε
Surah Al-Araf, Verse 58
لَقَدۡ أَرۡسَلۡنَا نُوحًا إِلَىٰ قَوۡمِهِۦ فَقَالَ يَٰقَوۡمِ ٱعۡبُدُواْ ٱللَّهَ مَا لَكُم مِّنۡ إِلَٰهٍ غَيۡرُهُۥٓ إِنِّيٓ أَخَافُ عَلَيۡكُمۡ عَذَابَ يَوۡمٍ عَظِيمٖ
Ampa sε, Yε’somaa Noah kͻͻ ne nkorͻfoͻ hͻ. Ɔkaa sε: “Menkorͻfoͻ, monsom Nyankopͻn, na monni awurade foforͻ biara wͻ N’akyi. Nokorε sε mesuro Da kεseε no asotwee no ma mo “
Surah Al-Araf, Verse 59
قَالَ ٱلۡمَلَأُ مِن قَوۡمِهِۦٓ إِنَّا لَنَرَىٰكَ فِي ضَلَٰلٖ مُّبِينٖ
Nhemfo a εwͻ nenkorͻfoͻ no mu no kaa sε: “Yehu wo sε wo wͻ ͻyera pefee paa mu “
Surah Al-Araf, Verse 60
قَالَ يَٰقَوۡمِ لَيۡسَ بِي ضَلَٰلَةٞ وَلَٰكِنِّي رَسُولٞ مِّن رَّبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Ɔkaa sε: “Menkorͻfoͻ, εnyε yera na mayera, na mmom meyε Ɔsomafoͻ firi Abͻdeε nyinaa Wura no hͻ
Surah Al-Araf, Verse 61
أُبَلِّغُكُمۡ رِسَٰلَٰتِ رَبِّي وَأَنصَحُ لَكُمۡ وَأَعۡلَمُ مِنَ ٱللَّهِ مَا لَا تَعۡلَمُونَ
Me Wura Nyankopͻn Asεm no ho dawuro na merebɔ akyerε mo, na merema mo afutupa, na menim adeε a monnim wͻ Nyankopͻn hͻ
Surah Al-Araf, Verse 62
أَوَعَجِبۡتُمۡ أَن جَآءَكُمۡ ذِكۡرٞ مِّن رَّبِّكُمۡ عَلَىٰ رَجُلٖ مِّنكُمۡ لِيُنذِرَكُمۡ وَلِتَتَّقُواْ وَلَعَلَّكُمۡ تُرۡحَمُونَ
Anaasε εyε mo nwanwa sε Afutusεm fri mo Wura Nyankopͻn hͻ nam momu nipa bi so aba mo hͻ sεdeε ͻde bεbͻ mo kͻkͻ na mobεyε ahwεyie ama yahu mo mmͻbͻ
Surah Al-Araf, Verse 63
فَكَذَّبُوهُ فَأَنجَيۡنَٰهُ وَٱلَّذِينَ مَعَهُۥ فِي ٱلۡفُلۡكِ وَأَغۡرَقۡنَا ٱلَّذِينَ كَذَّبُواْ بِـَٔايَٰتِنَآۚ إِنَّهُمۡ كَانُواْ قَوۡمًا عَمِينَ
Nanso wͻ’buu no nkontomponi, enti Yε’gyee no, ne wͻn a wͻ’ka ne ho no wͻ εhyεn no mu no nkwa, na Yε’maa nsuo faa wͻn a wͻ’faa Yεn Nsεm no atorͻsεm no. Nokorε sε, na wͻ’yε nnipa a wͻn ani afira
Surah Al-Araf, Verse 64
۞وَإِلَىٰ عَادٍ أَخَاهُمۡ هُودٗاۚ قَالَ يَٰقَوۡمِ ٱعۡبُدُواْ ٱللَّهَ مَا لَكُم مِّنۡ إِلَٰهٍ غَيۡرُهُۥٓۚ أَفَلَا تَتَّقُونَ
Aadfoͻ nso wͻn nua Huud kͻͻ wͻn hͻ. Ɔkaa sε: “Menkorͻfoͻ, monsom Nyankopͻn, (efrisε) monni awurade foforͻ biara wͻ N’akyi. Enti monnnsuro Nyankopͻn na monnyε ahwεyie?”
Surah Al-Araf, Verse 65
قَالَ ٱلۡمَلَأُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ مِن قَوۡمِهِۦٓ إِنَّا لَنَرَىٰكَ فِي سَفَاهَةٖ وَإِنَّا لَنَظُنُّكَ مِنَ ٱلۡكَٰذِبِينَ
Nhemfo {anaa mpanimfoͻ} boniayεfoͻ a εwͻ nenkorͻfoͻ no mu no kaa sε: “Nokorε, yehu wo sε wo wͻ agyimisεm mu na yε’dwen sε woka nkontompofoͻ no ho
Surah Al-Araf, Verse 66
قَالَ يَٰقَوۡمِ لَيۡسَ بِي سَفَاهَةٞ وَلَٰكِنِّي رَسُولٞ مِّن رَّبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Ɔkaa sε: “Menkorͻfoͻ, εnyε gyimii na m’agyimi, na mmom meyε Ɔsomafoͻ fri Abͻdeε nyinaa Wura no hͻ “
Surah Al-Araf, Verse 67
أُبَلِّغُكُمۡ رِسَٰلَٰتِ رَبِّي وَأَنَا۠ لَكُمۡ نَاصِحٌ أَمِينٌ
Me Wura Nyankopͻn Asεm no ho dawuro na merebɔ akyerε mo, na meyε ofutufo pa nokwafoͻ ma mo
Surah Al-Araf, Verse 68
أَوَعَجِبۡتُمۡ أَن جَآءَكُمۡ ذِكۡرٞ مِّن رَّبِّكُمۡ عَلَىٰ رَجُلٖ مِّنكُمۡ لِيُنذِرَكُمۡۚ وَٱذۡكُرُوٓاْ إِذۡ جَعَلَكُمۡ خُلَفَآءَ مِنۢ بَعۡدِ قَوۡمِ نُوحٖ وَزَادَكُمۡ فِي ٱلۡخَلۡقِ بَصۜۡطَةٗۖ فَٱذۡكُرُوٓاْ ءَالَآءَ ٱللَّهِ لَعَلَّكُمۡ تُفۡلِحُونَ
Anaasε εyε mo nwanwa sε Afutusεm fri mo Wura Nyankopͻn hͻ nam mo mu nipa bi so aba mo hͻ sε ͻmεbͻ mo kͻkͻ? Monkae εberε a Ɔyεε mo ananmusifoͻ wͻ Noa nkorͻfoͻ no akyi, na Ɔmaa mo nkͻsoͻ wͻ abͻdeε (a atwa moho ahyia) no mu. Enti monkae Nyankopͻn adom, sεdeε mobedi nkonim
Surah Al-Araf, Verse 69
قَالُوٓاْ أَجِئۡتَنَا لِنَعۡبُدَ ٱللَّهَ وَحۡدَهُۥ وَنَذَرَ مَا كَانَ يَعۡبُدُ ءَابَآؤُنَا فَأۡتِنَا بِمَا تَعِدُنَآ إِن كُنتَ مِنَ ٱلصَّـٰدِقِينَ
Wͻ’kaa sε: “Wobaa yεn hͻ sεdeε yεbεsom Nyankopͻn nko ara, na yεbegyae deε na y’agyanom som? Ɛneε fa deε worehyε yεn ho bͻ no bra, sε woka nokwafoͻ no ho ampa a”
Surah Al-Araf, Verse 70
قَالَ قَدۡ وَقَعَ عَلَيۡكُم مِّن رَّبِّكُمۡ رِجۡسٞ وَغَضَبٌۖ أَتُجَٰدِلُونَنِي فِيٓ أَسۡمَآءٖ سَمَّيۡتُمُوهَآ أَنتُمۡ وَءَابَآؤُكُم مَّا نَزَّلَ ٱللَّهُ بِهَا مِن سُلۡطَٰنٖۚ فَٱنتَظِرُوٓاْ إِنِّي مَعَكُم مِّنَ ٱلۡمُنتَظِرِينَ
Ɔkaa sε: “Nokorε asotwee ne abufuo fri mo Wura Nyankopͻn hͻ aba mo so. Moregye me akyinnye wͻ (abosom) din a mo ne moagya nom atotoͻ no ho, abrɛ a Nyankopͻn nsianee tumi biara wɔ ho? Eneɛ montwεn, na meka mo ne wͻn a wͻ’retwεn no ho
Surah Al-Araf, Verse 71
فَأَنجَيۡنَٰهُ وَٱلَّذِينَ مَعَهُۥ بِرَحۡمَةٖ مِّنَّا وَقَطَعۡنَا دَابِرَ ٱلَّذِينَ كَذَّبُواْ بِـَٔايَٰتِنَاۖ وَمَا كَانُواْ مُؤۡمِنِينَ
Enti Yε’de ahummͻborͻ a efiri Yεn hͻ no gyee no ne wͻn a wͻ’ka ne ho no nkwa. Na Yε’tͻree wͻn a wͻ’faa Yεn Nsεm no atorͻsεm no ase. Na (saa nkorͻfoͻ no) nyε agyidiefoͻ
Surah Al-Araf, Verse 72
وَإِلَىٰ ثَمُودَ أَخَاهُمۡ صَٰلِحٗاۚ قَالَ يَٰقَوۡمِ ٱعۡبُدُواْ ٱللَّهَ مَا لَكُم مِّنۡ إِلَٰهٍ غَيۡرُهُۥۖ قَدۡ جَآءَتۡكُم بَيِّنَةٞ مِّن رَّبِّكُمۡۖ هَٰذِهِۦ نَاقَةُ ٱللَّهِ لَكُمۡ ءَايَةٗۖ فَذَرُوهَا تَأۡكُلۡ فِيٓ أَرۡضِ ٱللَّهِۖ وَلَا تَمَسُّوهَا بِسُوٓءٖ فَيَأۡخُذَكُمۡ عَذَابٌ أَلِيمٞ
Samuudfoͻ no nso (Yε’somaa) wͻn nua Soalih maa no kͻͻ wͻn hͻ. Ɔkaa sε: “Menkorͻfoͻ, monsom Nyankopͻn, na monni awurade foforͻ biara wͻ N’akyi. Ampa sε (Nokorε) pefee fri mo Wura Nyankopͻn hͻ aba mo hͻ; woi yε Nyankopͻn yoma bedeε a ͻyε nsεnkyerεnee ma mo; enti monyae no ma no nidi wͻ Nyankopͻn asaase no so, na monhwε na moanyε no bͻne, anyε saa a asotwee a εyε ya paa bεsͻ mo mu
Surah Al-Araf, Verse 73
وَٱذۡكُرُوٓاْ إِذۡ جَعَلَكُمۡ خُلَفَآءَ مِنۢ بَعۡدِ عَادٖ وَبَوَّأَكُمۡ فِي ٱلۡأَرۡضِ تَتَّخِذُونَ مِن سُهُولِهَا قُصُورٗا وَتَنۡحِتُونَ ٱلۡجِبَالَ بُيُوتٗاۖ فَٱذۡكُرُوٓاْ ءَالَآءَ ٱللَّهِ وَلَا تَعۡثَوۡاْ فِي ٱلۡأَرۡضِ مُفۡسِدِينَ
Monkae εberε a Ɔyεε mo ananmusifoͻ wͻ Aadfoͻ no akyi, de mo tenaa asaase no soͻ, na mosisii mo abansoroͻ wͻ ne petee no mu, san bͻne mmepͻ mu yεε no adan. Enti monkae Nyankopͻn adom, na monhwε yie na moanni nsεmͻnee wͻ asaase no so
Surah Al-Araf, Verse 74
قَالَ ٱلۡمَلَأُ ٱلَّذِينَ ٱسۡتَكۡبَرُواْ مِن قَوۡمِهِۦ لِلَّذِينَ ٱسۡتُضۡعِفُواْ لِمَنۡ ءَامَنَ مِنۡهُمۡ أَتَعۡلَمُونَ أَنَّ صَٰلِحٗا مُّرۡسَلٞ مِّن رَّبِّهِۦۚ قَالُوٓاْ إِنَّا بِمَآ أُرۡسِلَ بِهِۦ مُؤۡمِنُونَ
Nhemfo (anaa mpanimfoͻ) a wͻ’yε ahomasoͻ wͻ ne nkorͻfoͻ no mu no ka kyerεε wͻn a wͻ’yε mmrε na wͻ’agye adi wͻ wͻn mu no sε: “Monim sε Soalh yε obia ne Wura Nyankopͻn na asoma no? “Wͻ’kaa sε: “Nokorε sε yε’gye deε yεde asoma no no di”
Surah Al-Araf, Verse 75
قَالَ ٱلَّذِينَ ٱسۡتَكۡبَرُوٓاْ إِنَّا بِٱلَّذِيٓ ءَامَنتُم بِهِۦ كَٰفِرُونَ
Wͻn a wͻ’yε ahomasoͻ no kaa sε: “Nokorε sε yε’deε, yεnnye deε mogye die no nni “
Surah Al-Araf, Verse 76
فَعَقَرُواْ ٱلنَّاقَةَ وَعَتَوۡاْ عَنۡ أَمۡرِ رَبِّهِمۡ وَقَالُواْ يَٰصَٰلِحُ ٱئۡتِنَا بِمَا تَعِدُنَآ إِن كُنتَ مِنَ ٱلۡمُرۡسَلِينَ
Enti wͻ’kum yoma bedeε no, na wͻ’tee wͻn Wura Nyankopͻn ahyεdeε no so atua, kaa sε: “Soalh, fa deε w’ahyε yεn ho bͻ no bra, sε woka (Nyame) asomafoͻ no ho ampa a”
Surah Al-Araf, Verse 77
فَأَخَذَتۡهُمُ ٱلرَّجۡفَةُ فَأَصۡبَحُواْ فِي دَارِهِمۡ جَٰثِمِينَ
Enti asaase wosoͻ sͻͻ wͻn mu, na wͻ’yεε dinn wͻ wͻn afie mu
Surah Al-Araf, Verse 78
فَتَوَلَّىٰ عَنۡهُمۡ وَقَالَ يَٰقَوۡمِ لَقَدۡ أَبۡلَغۡتُكُمۡ رِسَالَةَ رَبِّي وَنَصَحۡتُ لَكُمۡ وَلَٰكِن لَّا تُحِبُّونَ ٱلنَّـٰصِحِينَ
Enti (Soalh) danee ne ho fri wͻn ho kaa sε: “Menkorͻfoͻ, mebͻͻ mo me Wura Nyankopͻn Asεm no ho dawuro kyerεε mo, na metuu mo fo, nanso moampε afotuo no”
Surah Al-Araf, Verse 79
وَلُوطًا إِذۡ قَالَ لِقَوۡمِهِۦٓ أَتَأۡتُونَ ٱلۡفَٰحِشَةَ مَا سَبَقَكُم بِهَا مِنۡ أَحَدٖ مِّنَ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Ɛna Lut nso, εberε a ͻka kyerεε ne nkorͻfoͻ no sε: “Mobͻ ahohwi bra a amansan no mu biara nnii moanim kan nyεε bi da?”
Surah Al-Araf, Verse 80
إِنَّكُمۡ لَتَأۡتُونَ ٱلرِّجَالَ شَهۡوَةٗ مِّن دُونِ ٱلنِّسَآءِۚ بَلۡ أَنتُمۡ قَوۡمٞ مُّسۡرِفُونَ
“Nokorε sε, mofri mmaa akyi de akͻnnͻ kͻ mmarima ho. Daabi, moyε nnipa a modi nsεmᴐne.”
Surah Al-Araf, Verse 81
وَمَا كَانَ جَوَابَ قَوۡمِهِۦٓ إِلَّآ أَن قَالُوٓاْ أَخۡرِجُوهُم مِّن قَرۡيَتِكُمۡۖ إِنَّهُمۡ أُنَاسٞ يَتَطَهَّرُونَ
Ne nkorͻfoͻ no mmuaeε a wͻ’de maeε ara nesε: “Montu wͻn mfri mo kuro no mu; efrisε, wͻ’yε nipa a wͻ’pε ahoteε“
Surah Al-Araf, Verse 82
فَأَنجَيۡنَٰهُ وَأَهۡلَهُۥٓ إِلَّا ٱمۡرَأَتَهُۥ كَانَتۡ مِنَ ٱلۡغَٰبِرِينَ
Enti Yε’gyee ͻne n’abusuafoͻ nkwa, gyesε neyere, na ͻka wͻn a wͻ’kaa akyire no ho
Surah Al-Araf, Verse 83
وَأَمۡطَرۡنَا عَلَيۡهِم مَّطَرٗاۖ فَٱنظُرۡ كَيۡفَ كَانَ عَٰقِبَةُ ٱلۡمُجۡرِمِينَ
Na Yε’tͻͻ nsuo paa gu wͻn so. Enti hwε sεdeε abͻneεfoͻ no awieε si wieε
Surah Al-Araf, Verse 84
وَإِلَىٰ مَدۡيَنَ أَخَاهُمۡ شُعَيۡبٗاۚ قَالَ يَٰقَوۡمِ ٱعۡبُدُواْ ٱللَّهَ مَا لَكُم مِّنۡ إِلَٰهٍ غَيۡرُهُۥۖ قَدۡ جَآءَتۡكُم بَيِّنَةٞ مِّن رَّبِّكُمۡۖ فَأَوۡفُواْ ٱلۡكَيۡلَ وَٱلۡمِيزَانَ وَلَا تَبۡخَسُواْ ٱلنَّاسَ أَشۡيَآءَهُمۡ وَلَا تُفۡسِدُواْ فِي ٱلۡأَرۡضِ بَعۡدَ إِصۡلَٰحِهَاۚ ذَٰلِكُمۡ خَيۡرٞ لَّكُمۡ إِن كُنتُم مُّؤۡمِنِينَ
Ɛna Mad’yan nso wͻn nua Shua’ib kͻͻ wͻn hͻ. Ɔkaa sε: “Menkorͻfoͻ, monsom Nyankopͻn, monni awurade foforͻ biara wͻ N’akyi. Ampa, nyinasoͻ pefee fri mo Wura Nyankopͻn hͻ aba mo hͻ; enti (sε morehyε adeε ama obi a) monhyε ma εnyε ma, na monsusu (biribiara nso pεpεεpε) na monhwε na moanfa nyansa kwan ante amanfoͻ nneεma so, afei εmma monni nsεmͻne wͻ asaase no so wͻ akyire yi a yatoto biribiara wͻ so pεpεεpε. Saa na εyε papa ma mo sε moyε gyidiefoͻ ampa a
Surah Al-Araf, Verse 85
وَلَا تَقۡعُدُواْ بِكُلِّ صِرَٰطٖ تُوعِدُونَ وَتَصُدُّونَ عَن سَبِيلِ ٱللَّهِ مَنۡ ءَامَنَ بِهِۦ وَتَبۡغُونَهَا عِوَجٗاۚ وَٱذۡكُرُوٓاْ إِذۡ كُنتُمۡ قَلِيلٗا فَكَثَّرَكُمۡۖ وَٱنظُرُواْ كَيۡفَ كَانَ عَٰقِبَةُ ٱلۡمُفۡسِدِينَ
Monhwε na moantenatena akwan biara so anhunahuna wͻn, annsi wͻn a wͻ’agye adie no kwan amfri Nyankopͻn kwan no so anhwehwε sε (Nyame kwan no) bεkyea. Na monkae εberε a na moyε kakraabi, na Ɔmaa mo dͻͻso; na monhwε sεdeε nsεmͻnedifoͻ no awieε si wieε
Surah Al-Araf, Verse 86
وَإِن كَانَ طَآئِفَةٞ مِّنكُمۡ ءَامَنُواْ بِٱلَّذِيٓ أُرۡسِلۡتُ بِهِۦ وَطَآئِفَةٞ لَّمۡ يُؤۡمِنُواْ فَٱصۡبِرُواْ حَتَّىٰ يَحۡكُمَ ٱللَّهُ بَيۡنَنَاۚ وَهُوَ خَيۡرُ ٱلۡحَٰكِمِينَ
Sε mo mu fa bi agye deε yεde somaa me no adi, ɛna εfa bi nso nnye nni a, monsi aboterε nkͻpem sε Nyankopͻn bebu yεn tεm atεn; na Ɔne atemmufoɔ mu Otemmufoͻ pa no”
Surah Al-Araf, Verse 87
۞قَالَ ٱلۡمَلَأُ ٱلَّذِينَ ٱسۡتَكۡبَرُواْ مِن قَوۡمِهِۦ لَنُخۡرِجَنَّكَ يَٰشُعَيۡبُ وَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ مَعَكَ مِن قَرۡيَتِنَآ أَوۡ لَتَعُودُنَّ فِي مِلَّتِنَاۚ قَالَ أَوَلَوۡ كُنَّا كَٰرِهِينَ
Nhemfo (anaa mpanimfoͻ) ahomasoͻ foͻ a εwͻ ne nkorͻfoͻ no mu no kaa sε: “Sε εteε biara yε’betu wo Shu’aibu ne wͻn a w’agye adi aka wo ho no afri ye’kuro yi mu, gyesε mosan ba yε’som yi mu bio. Shu’aib kaa sε: “Sε yε’mpε mpo a?”
Surah Al-Araf, Verse 88
قَدِ ٱفۡتَرَيۡنَا عَلَى ٱللَّهِ كَذِبًا إِنۡ عُدۡنَا فِي مِلَّتِكُم بَعۡدَ إِذۡ نَجَّىٰنَا ٱللَّهُ مِنۡهَاۚ وَمَا يَكُونُ لَنَآ أَن نَّعُودَ فِيهَآ إِلَّآ أَن يَشَآءَ ٱللَّهُ رَبُّنَاۚ وَسِعَ رَبُّنَا كُلَّ شَيۡءٍ عِلۡمًاۚ عَلَى ٱللَّهِ تَوَكَّلۡنَاۚ رَبَّنَا ٱفۡتَحۡ بَيۡنَنَا وَبَيۡنَ قَوۡمِنَا بِٱلۡحَقِّ وَأَنتَ خَيۡرُ ٱلۡفَٰتِحِينَ
“Nokorε sε, sε yε’san ba mosom no mu wͻ akyire yi a Nyankopͻn agye yεn nkwa afri mu yi a, εneε na anka y’abͻ yetirim atwa nkontompo ato Nyankopͻn so. Ɛnyε mma yεn sε yε’bεsan akͻ mu bio, gyesε εyε ye’Wura Nyankopͻn pε. Ye’Wura Nyankopͻn nimdeε trε duru biribiara so. Onyankopͻn so na yε’de yεn ho toͻ. Ye’Wura Nyankopͻn, fa nokorε bu yεne yεn nkorͻfoͻ yi ntεm atεn, na Wone Otemmufoɔ mu Otemmufoɔ pa no”
Surah Al-Araf, Verse 89
وَقَالَ ٱلۡمَلَأُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ مِن قَوۡمِهِۦ لَئِنِ ٱتَّبَعۡتُمۡ شُعَيۡبًا إِنَّكُمۡ إِذٗا لَّخَٰسِرُونَ
Ne nkorͻfoͻ no mu nhemfo (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no kaa sε: “Sε modi Shu’aib akyi a nokorε sε na moabrε agu
Surah Al-Araf, Verse 90
فَأَخَذَتۡهُمُ ٱلرَّجۡفَةُ فَأَصۡبَحُواْ فِي دَارِهِمۡ جَٰثِمِينَ
Enti asaase wosoͻ sͻͻ wͻn mu, na wͻ’yεε dinn wͻ wͻn afiee mu
Surah Al-Araf, Verse 91
ٱلَّذِينَ كَذَّبُواْ شُعَيۡبٗا كَأَن لَّمۡ يَغۡنَوۡاْ فِيهَاۚ ٱلَّذِينَ كَذَّبُواْ شُعَيۡبٗا كَانُواْ هُمُ ٱلۡخَٰسِرِينَ
Wͻn a wͻ’buu Shu’aib nkontomponi no, wͻ’yεε sεdeε wͻ’ntenaa (wͻn afiee) mu da; wͻn a wͻ’buu Shu’aib nkontomponi no wͻ’ne brεguofoͻ no
Surah Al-Araf, Verse 92
فَتَوَلَّىٰ عَنۡهُمۡ وَقَالَ يَٰقَوۡمِ لَقَدۡ أَبۡلَغۡتُكُمۡ رِسَٰلَٰتِ رَبِّي وَنَصَحۡتُ لَكُمۡۖ فَكَيۡفَ ءَاسَىٰ عَلَىٰ قَوۡمٖ كَٰفِرِينَ
Enti Shuaib danee ne ho frii wͻn ho kaa sε: “Menkorͻfoͻ, ampa sε mebͻͻ me Wura Nyankopͻn Asεm no ho dawuro kyerεε mo, san tuu mo afutu pa. Na εbεyε dεn na madi amanfoͻ a wͻ’po (Nyankopͻn asεm no) ho awerεhoͻ
Surah Al-Araf, Verse 93
وَمَآ أَرۡسَلۡنَا فِي قَرۡيَةٖ مِّن نَّبِيٍّ إِلَّآ أَخَذۡنَآ أَهۡلَهَا بِٱلۡبَأۡسَآءِ وَٱلضَّرَّآءِ لَعَلَّهُمۡ يَضَّرَّعُونَ
Kuro biara a Yε’somaa nkͻmhyεni bi kͻͻ soͻ (na wͻ’yεε asoͻden) no, Yε’de mmusuo ne ͻhaw bi (tesε ohia ne yadeε) too wͻn so sεdeε wͻ’bεbrε wͻn ho aseε
Surah Al-Araf, Verse 94
ثُمَّ بَدَّلۡنَا مَكَانَ ٱلسَّيِّئَةِ ٱلۡحَسَنَةَ حَتَّىٰ عَفَواْ وَّقَالُواْ قَدۡ مَسَّ ءَابَآءَنَا ٱلضَّرَّآءُ وَٱلسَّرَّآءُ فَأَخَذۡنَٰهُم بَغۡتَةٗ وَهُمۡ لَا يَشۡعُرُونَ
Afei na Y’asesa bͻne no, de papa ahyε anan mu, kosi sε wͻ’bεdͻͻso anya nkͻsoͻ, na wͻn aka sε: “Ampa ͻhaw ne anigyeε too y’agya nom, (saa berε no) na Y’asͻ wͻn mu mpofirem a wͻ’nnim ho hwee
Surah Al-Araf, Verse 95
وَلَوۡ أَنَّ أَهۡلَ ٱلۡقُرَىٰٓ ءَامَنُواْ وَٱتَّقَوۡاْ لَفَتَحۡنَا عَلَيۡهِم بَرَكَٰتٖ مِّنَ ٱلسَّمَآءِ وَٱلۡأَرۡضِ وَلَٰكِن كَذَّبُواْ فَأَخَذۡنَٰهُم بِمَا كَانُواْ يَكۡسِبُونَ
Sε nkuro no sofoͻ no gye dii, εna wͻ’suroo Nyame yεε ahwεyie a, anka Yε’buee nhyira fri soro ne asaase so maa wͻn. Nanso wͻ’faa no atorͻsεm, enti Yε’twee wͻn aso εnam deε wͻ’anya no ho nti
Surah Al-Araf, Verse 96
أَفَأَمِنَ أَهۡلُ ٱلۡقُرَىٰٓ أَن يَأۡتِيَهُم بَأۡسُنَا بَيَٰتٗا وَهُمۡ نَآئِمُونَ
Enti nkuro no so foͻ no ho atͻ wͻn wͻ Y’asotwee a εbεba wͻn so anadwo aberε a wͻn adeda no ho
Surah Al-Araf, Verse 97
أَوَأَمِنَ أَهۡلُ ٱلۡقُرَىٰٓ أَن يَأۡتِيَهُم بَأۡسُنَا ضُحٗى وَهُمۡ يَلۡعَبُونَ
Anaasε nkuro no sofoͻ no ho atͻ wͻn wͻ Y’asotwee a εbεba wͻn so anͻpa aberε a wͻ’redi agorͻ no ho
Surah Al-Araf, Verse 98
أَفَأَمِنُواْ مَكۡرَ ٱللَّهِۚ فَلَا يَأۡمَنُ مَكۡرَ ٱللَّهِ إِلَّا ٱلۡقَوۡمُ ٱلۡخَٰسِرُونَ
Enti wͻn ho atͻ wͻn wͻ Nyankopͻn trimu pͻ ho? Obi nnya abotͻyεmu wͻ Nyankopͻn trimu pͻ ho, gyesε amanfoͻ a w’abrε aguo no
Surah Al-Araf, Verse 99
أَوَلَمۡ يَهۡدِ لِلَّذِينَ يَرِثُونَ ٱلۡأَرۡضَ مِنۢ بَعۡدِ أَهۡلِهَآ أَن لَّوۡ نَشَآءُ أَصَبۡنَٰهُم بِذُنُوبِهِمۡۚ وَنَطۡبَعُ عَلَىٰ قُلُوبِهِمۡ فَهُمۡ لَا يَسۡمَعُونَ
Enti εnyε kwankyerε (anaa adesua) mma wͻn a wabedi adeε asaase so wͻ adeε wura nom (wuo) akyiri no sε, sε Yε’pε a yεde wͻn bͻne bεtwe wͻn aso, na yatua wͻn akoma ano a enti wͻ’ntumi nte asεm
Surah Al-Araf, Verse 100
تِلۡكَ ٱلۡقُرَىٰ نَقُصُّ عَلَيۡكَ مِنۡ أَنۢبَآئِهَاۚ وَلَقَدۡ جَآءَتۡهُمۡ رُسُلُهُم بِٱلۡبَيِّنَٰتِ فَمَا كَانُواْ لِيُؤۡمِنُواْ بِمَا كَذَّبُواْ مِن قَبۡلُۚ كَذَٰلِكَ يَطۡبَعُ ٱللَّهُ عَلَىٰ قُلُوبِ ٱلۡكَٰفِرِينَ
Saa na nkuro a Y’aka ho asεm akyerε woͻ no teε. Ampa sε wͻn asomafoͻ no de nyinasoͻ pefee no brεε wͻn, nanso na wͻ’nyε (nnipa a) wͻ’bεgye deε wͻn adikan apoͻ no adie. Saa na Nyankopͻn tua boniayεfoͻ no akoma ano
Surah Al-Araf, Verse 101
وَمَا وَجَدۡنَا لِأَكۡثَرِهِم مِّنۡ عَهۡدٖۖ وَإِن وَجَدۡنَآ أَكۡثَرَهُمۡ لَفَٰسِقِينَ
Y’anhunu sε wͻn mu dodoͻ no dii wͻn apam (no ho nokorε), na Yehunuu sε wͻn mu dodoͻ no yε abᴐnefoͻ
Surah Al-Araf, Verse 102
ثُمَّ بَعَثۡنَا مِنۢ بَعۡدِهِم مُّوسَىٰ بِـَٔايَٰتِنَآ إِلَىٰ فِرۡعَوۡنَ وَمَلَإِيْهِۦ فَظَلَمُواْ بِهَاۖ فَٱنظُرۡ كَيۡفَ كَانَ عَٰقِبَةُ ٱلۡمُفۡسِدِينَ
Afei wͻn akyi no, Yε’de Yεn nsεnkyerεnee somaa Mose maa no kͻͻ Farao ne nenhemfo no hͻ, nanso w’ͻyεε (asεm) no bͻne. Enti hwε sεdeε nsεmͻnefoͻ no awieε si wieε
Surah Al-Araf, Verse 103
وَقَالَ مُوسَىٰ يَٰفِرۡعَوۡنُ إِنِّي رَسُولٞ مِّن رَّبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Mose kaa sε: “Farao, nokorε sε meyε Ɔsomafoͻ a mefri Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no hͻ “
Surah Al-Araf, Verse 104
حَقِيقٌ عَلَىٰٓ أَن لَّآ أَقُولَ عَلَى ٱللَّهِ إِلَّا ٱلۡحَقَّۚ قَدۡ جِئۡتُكُم بِبَيِّنَةٖ مِّن رَّبِّكُمۡ فَأَرۡسِلۡ مَعِيَ بَنِيٓ إِسۡرَـٰٓءِيلَ
Nokorε, asεdeε a εda me soͻ ne sε mennka biribi nnto Nyankopͻn so gyesε Nokorε no nko ara. Ampa sε, mede nyinasoͻ pefee fri mo Wura Nyankopͻn hͻ aberε mo, enti ma Israel mma no kwan na wͻ’ne me nkͻ
Surah Al-Araf, Verse 105
قَالَ إِن كُنتَ جِئۡتَ بِـَٔايَةٖ فَأۡتِ بِهَآ إِن كُنتَ مِنَ ٱلصَّـٰدِقِينَ
Farao kaa sε: “Sε wode nsεnkyerεnee bi aba a εneε fabra (ma yεnhwε) sε woka nokwafoͻ no ho ampa a
Surah Al-Araf, Verse 106
فَأَلۡقَىٰ عَصَاهُ فَإِذَا هِيَ ثُعۡبَانٞ مُّبِينٞ
Enti Mose de nepoma no too hᴐ, na hwε, ͻwͻ pefee bi ni
Surah Al-Araf, Verse 107
وَنَزَعَ يَدَهُۥ فَإِذَا هِيَ بَيۡضَآءُ لِلنَّـٰظِرِينَ
Na oyii nensa no na ayε fitaa ama bɛhwɛɛ adeɛfoɔ no
Surah Al-Araf, Verse 108
قَالَ ٱلۡمَلَأُ مِن قَوۡمِ فِرۡعَوۡنَ إِنَّ هَٰذَا لَسَٰحِرٌ عَلِيمٞ
Nhemfo {anaa mpanimfoͻ} a wͻn wͻ Farao nkorͻfoͻ no mu no kaa sε: “Nokorε sε, woi yε nkoyaayini a onim de (anaasε waben)
Surah Al-Araf, Verse 109
يُرِيدُ أَن يُخۡرِجَكُم مِّنۡ أَرۡضِكُمۡۖ فَمَاذَا تَأۡمُرُونَ
Ɔpε sε otu mo fri mo asaase no soͻ; na modwen ho sεn?”
Surah Al-Araf, Verse 110
قَالُوٓاْ أَرۡجِهۡ وَأَخَاهُ وَأَرۡسِلۡ فِي ٱلۡمَدَآئِنِ حَٰشِرِينَ
Wͻ’kaa sε: “Ma no ne onua no nwͻ hͻ, (anaa wͻ’ntwεn) na soma dawubͻfoͻ wͻ nkuro no so (ma wͻnkͻ boaboa nkonyaayifoͻ ano)
Surah Al-Araf, Verse 111
يَأۡتُوكَ بِكُلِّ سَٰحِرٍ عَلِيمٖ
Wͻ’de nkonyaayifoͻ a wͻ’nim de (anaasε w’aben) biara bεberε wo”
Surah Al-Araf, Verse 112
وَجَآءَ ٱلسَّحَرَةُ فِرۡعَوۡنَ قَالُوٓاْ إِنَّ لَنَا لَأَجۡرًا إِن كُنَّا نَحۡنُ ٱلۡغَٰلِبِينَ
Nkonyaayifoͻ no baa Farao hͻ no, wͻ’kaa sε: “Sε εba sε yε’di nkonim a yεbenya akatua paa“
Surah Al-Araf, Verse 113
قَالَ نَعَمۡ وَإِنَّكُمۡ لَمِنَ ٱلۡمُقَرَّبِينَ
Farao kaa sε: “Aane! (Sε modi nkonim a) mobεka wͻn a wͻ’bεn (me) no ho “
Surah Al-Araf, Verse 114
قَالُواْ يَٰمُوسَىٰٓ إِمَّآ أَن تُلۡقِيَ وَإِمَّآ أَن نَّكُونَ نَحۡنُ ٱلۡمُلۡقِينَ
(Nkonyaayifoͻ no) kaa sε: “Mose, wo na wo (bεdi kan) atoͻ anaa yεn na (yeni kan) ntoͻ?”
Surah Al-Araf, Verse 115
قَالَ أَلۡقُواْۖ فَلَمَّآ أَلۡقَوۡاْ سَحَرُوٓاْ أَعۡيُنَ ٱلنَّاسِ وَٱسۡتَرۡهَبُوهُمۡ وَجَآءُو بِسِحۡرٍ عَظِيمٖ
Mose kaa sε: “ Monto. ”Ɛberε a wͻ’toeε no wͻ’brii amanfoͻ no aniso, na wͻ’bͻͻ ehuu guu wͻn mu, na wͻ’yii nkonyaa kεseε paa adi
Surah Al-Araf, Verse 116
۞وَأَوۡحَيۡنَآ إِلَىٰ مُوسَىٰٓ أَنۡ أَلۡقِ عَصَاكَۖ فَإِذَا هِيَ تَلۡقَفُ مَا يَأۡفِكُونَ
Yeyi kyerεε Mose sε: “Fa wo poma no to hᴐ.” Na hwε, εmemenee wͻn nkontompo deε (a wͻ’yi kyerεeε no nyinaa)
Surah Al-Araf, Verse 117
فَوَقَعَ ٱلۡحَقُّ وَبَطَلَ مَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ
Enti nokorε no sii pi, na deε na wͻ’yε no yεε kwa
Surah Al-Araf, Verse 118
فَغُلِبُواْ هُنَالِكَ وَٱنقَلَبُواْ صَٰغِرِينَ
(Farao nkorͻfoͻ no) dii nkoguo wͻ hͻ, na wͻ’de animguaseε san wͻn akyi (kͻe)
Surah Al-Araf, Verse 119
وَأُلۡقِيَ ٱلسَّحَرَةُ سَٰجِدِينَ
Nkonyaayifoͻ no de wͻn ho kͻͻ fͻm de wͻn anim butuu fͻm
Surah Al-Araf, Verse 120
قَالُوٓاْ ءَامَنَّا بِرَبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Kaa sε: “Y’agye Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no adi
Surah Al-Araf, Verse 121
رَبِّ مُوسَىٰ وَهَٰرُونَ
Mose ne Aaron Wura Nyankopͻn no
Surah Al-Araf, Verse 122
قَالَ فِرۡعَوۡنُ ءَامَنتُم بِهِۦ قَبۡلَ أَنۡ ءَاذَنَ لَكُمۡۖ إِنَّ هَٰذَا لَمَكۡرٞ مَّكَرۡتُمُوهُ فِي ٱلۡمَدِينَةِ لِتُخۡرِجُواْ مِنۡهَآ أَهۡلَهَاۖ فَسَوۡفَ تَعۡلَمُونَ
Farao kaa sε: “Moagye no adi wͻ aberε a menya mmaa mo ho kwan? Woi yε εpͻ a moabͻ no wͻ kuro yi ho sε, mobetu emu foͻ no. Mobehunu seesei ara
Surah Al-Araf, Verse 123
لَأُقَطِّعَنَّ أَيۡدِيَكُمۡ وَأَرۡجُلَكُم مِّنۡ خِلَٰفٖ ثُمَّ لَأُصَلِّبَنَّكُمۡ أَجۡمَعِينَ
Sԑ ԑteԑ biara metwitwa monsa ne monan abͻ no abira, na m’asan abͻ mo nyinaa asennua mu.”
Surah Al-Araf, Verse 124
قَالُوٓاْ إِنَّآ إِلَىٰ رَبِّنَا مُنقَلِبُونَ
(Farao nkonyaayifoͻ a wͻ’agye Mose adie no) kaa sε: “Nokorε sε, ye’Wura Nyankopͻn hͻ na yε’bεsan akͻ
Surah Al-Araf, Verse 125
وَمَا تَنقِمُ مِنَّآ إِلَّآ أَنۡ ءَامَنَّا بِـَٔايَٰتِ رَبِّنَا لَمَّا جَآءَتۡنَاۚ رَبَّنَآ أَفۡرِغۡ عَلَيۡنَا صَبۡرٗا وَتَوَفَّنَا مُسۡلِمِينَ
Deε enti wode bɔne retua yɛn ka ara ne sε, εberε a ye’Wura Nyankopͻn nsεnkyerεnee baa yεn hͻ no y’agye adi nti. “Ye’Wura Nyankopͻn (yεsrε Wo sε), hwie aboterε gu yεn so na ma yεn nwu sε Muslimifoͻ”
Surah Al-Araf, Verse 126
وَقَالَ ٱلۡمَلَأُ مِن قَوۡمِ فِرۡعَوۡنَ أَتَذَرُ مُوسَىٰ وَقَوۡمَهُۥ لِيُفۡسِدُواْ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَيَذَرَكَ وَءَالِهَتَكَۚ قَالَ سَنُقَتِّلُ أَبۡنَآءَهُمۡ وَنَسۡتَحۡيِۦ نِسَآءَهُمۡ وَإِنَّا فَوۡقَهُمۡ قَٰهِرُونَ
Nhemfo a wͻn wͻ Farao nkorͻfoͻ no mu no kakyerεε Farao sε: “Wobegyae Mose ne nenkorͻfoͻ ama wͻn ayε basabasa wͻ asaase yi so na wͻ’apa wo ne w’anyame akyi? (Farao) kaa sε: “Yεbekunkum wͻn mma mmarima na yama wͻn mmaa no atena ase; na nokorε sε yεn na yεwͻ wͻn so tumi“
Surah Al-Araf, Verse 127
قَالَ مُوسَىٰ لِقَوۡمِهِ ٱسۡتَعِينُواْ بِٱللَّهِ وَٱصۡبِرُوٓاْۖ إِنَّ ٱلۡأَرۡضَ لِلَّهِ يُورِثُهَا مَن يَشَآءُ مِنۡ عِبَادِهِۦۖ وَٱلۡعَٰقِبَةُ لِلۡمُتَّقِينَ
Mose ka kyerεε nenkorͻfoͻ no sε: “Monsrε Nyankopͻn hͻ mmoa, na monsi aboterε, efrisε, asaase no yε Nyankopͻn dea, na Nenkoa mu nea Ɔpε na Ɔde no di so adeε; na awieε pa no deε εwͻ Nyame-surofoͻ no “
Surah Al-Araf, Verse 128
قَالُوٓاْ أُوذِينَا مِن قَبۡلِ أَن تَأۡتِيَنَا وَمِنۢ بَعۡدِ مَا جِئۡتَنَاۚ قَالَ عَسَىٰ رَبُّكُمۡ أَن يُهۡلِكَ عَدُوَّكُمۡ وَيَسۡتَخۡلِفَكُمۡ فِي ٱلۡأَرۡضِ فَيَنظُرَ كَيۡفَ تَعۡمَلُونَ
Wͻ’kaa sε: “(Farao ne nenkorͻfoͻ) atane y’ani ansa na woreba yεn hͻ, na akyire yi a wobaa yεn hͻ yi nso saa ara. (Mose) kaa sε: “Ebia mo Wura Nyankopͻn bεsεe motamfoͻ no na W’ayε mo ananmusifoͻ wͻ asaase no so, na W’ahwε sεdeε (monso) mobεyε”
Surah Al-Araf, Verse 129
وَلَقَدۡ أَخَذۡنَآ ءَالَ فِرۡعَوۡنَ بِٱلسِّنِينَ وَنَقۡصٖ مِّنَ ٱلثَّمَرَٰتِ لَعَلَّهُمۡ يَذَّكَّرُونَ
Ampa sε, Yε’de sukͻm anaa ͻpε, ne nnuaba sεeε twee Farao nkorͻfoͻ no aso sεdeε wͻ’de betu wͻn ho foͻ
Surah Al-Araf, Verse 130
فَإِذَا جَآءَتۡهُمُ ٱلۡحَسَنَةُ قَالُواْ لَنَا هَٰذِهِۦۖ وَإِن تُصِبۡهُمۡ سَيِّئَةٞ يَطَّيَّرُواْ بِمُوسَىٰ وَمَن مَّعَهُۥٓۗ أَلَآ إِنَّمَا طَـٰٓئِرُهُمۡ عِندَ ٱللَّهِ وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَهُمۡ لَا يَعۡلَمُونَ
Nanso sε papa bi ba wͻn so a, deɛ wͻ’ka ne sɛ: “Woi deε yε’dea,” na sε bͻne bi nso to wͻn a wͻ’de tibͻne no (ho soboɔ) bɔ Mose ne wͻn a wͻ’ka ne ho no. Nokorε sε, wͻn tibͻne no fri Nyanko-pͻn hͻ, nanso wͻn mu pii nnim
Surah Al-Araf, Verse 131
وَقَالُواْ مَهۡمَا تَأۡتِنَا بِهِۦ مِنۡ ءَايَةٖ لِّتَسۡحَرَنَا بِهَا فَمَا نَحۡنُ لَكَ بِمُؤۡمِنِينَ
Wͻ’kaa sε: “Nsεnkyerεnee biara a wode bεba yεn hͻ de abebri y’ani soͻ no yεnye wo nni”
Surah Al-Araf, Verse 132
فَأَرۡسَلۡنَا عَلَيۡهِمُ ٱلطُّوفَانَ وَٱلۡجَرَادَ وَٱلۡقُمَّلَ وَٱلضَّفَادِعَ وَٱلدَّمَ ءَايَٰتٖ مُّفَصَّلَٰتٖ فَٱسۡتَكۡبَرُواْ وَكَانُواْ قَوۡمٗا مُّجۡرِمِينَ
Enti Yε’de owudͻm, anaa nsutᴐ a ano yԑ den, ne mmεbε ne edwie ne mponkyerεne ne mogya baa wͻn so ; (woi nom yε) nsεnkyerεnee pefee. Nanso wͻ’yεε ahomasoͻ; na wͻ’yε nnipa nnebͻneεfoͻ
Surah Al-Araf, Verse 133
وَلَمَّا وَقَعَ عَلَيۡهِمُ ٱلرِّجۡزُ قَالُواْ يَٰمُوسَى ٱدۡعُ لَنَا رَبَّكَ بِمَا عَهِدَ عِندَكَۖ لَئِن كَشَفۡتَ عَنَّا ٱلرِّجۡزَ لَنُؤۡمِنَنَّ لَكَ وَلَنُرۡسِلَنَّ مَعَكَ بَنِيٓ إِسۡرَـٰٓءِيلَ
Ɛberε a ͻhaw no bεtͻͻ wͻn soͻ no wͻ’kaa sε: “Mose, frε wo Wura no ma yεn sεdeε Ɔne wo ayε apam no. Sε Oyi ͻhaw no fri yεn so a nokorε sε, yε’bεgye wo adi na yama Israel mma no ne wo akͻ “
Surah Al-Araf, Verse 134
فَلَمَّا كَشَفۡنَا عَنۡهُمُ ٱلرِّجۡزَ إِلَىٰٓ أَجَلٍ هُم بَٰلِغُوهُ إِذَا هُمۡ يَنكُثُونَ
Nanso εberε (biara) a Yε’beyi ͻhaw no afiri wͻn so akosi εberε a εsεsε wͻ’di (wͻn bͻhyε no) soͻ no pε, na wͻn abu (bɔhyɛ no) so
Surah Al-Araf, Verse 135
فَٱنتَقَمۡنَا مِنۡهُمۡ فَأَغۡرَقۡنَٰهُمۡ فِي ٱلۡيَمِّ بِأَنَّهُمۡ كَذَّبُواْ بِـَٔايَٰتِنَا وَكَانُواْ عَنۡهَا غَٰفِلِينَ
Enti Yetuaa wͻn so ka, maa nsuo faa wͻn wͻ ͻpo no mu, efrisε wͻ’buu Yεn nsεnkyerεnee no nkontonposεm, na wͻ’buu wͻn ani nso guu so
Surah Al-Araf, Verse 136
وَأَوۡرَثۡنَا ٱلۡقَوۡمَ ٱلَّذِينَ كَانُواْ يُسۡتَضۡعَفُونَ مَشَٰرِقَ ٱلۡأَرۡضِ وَمَغَٰرِبَهَا ٱلَّتِي بَٰرَكۡنَا فِيهَاۖ وَتَمَّتۡ كَلِمَتُ رَبِّكَ ٱلۡحُسۡنَىٰ عَلَىٰ بَنِيٓ إِسۡرَـٰٓءِيلَ بِمَا صَبَرُواْۖ وَدَمَّرۡنَا مَا كَانَ يَصۡنَعُ فِرۡعَوۡنُ وَقَوۡمُهُۥ وَمَا كَانُواْ يَعۡرِشُونَ
Yε’de nnipa a wͻ’faa wͻn sε wͻ’yε mmerε (anaa wͻ’nni ahoͻden) no dii adeε wͻ asaase a Y’ahyira soͻ no apueε ne n’atͻeε. Saa na wo Wura Nyankopͻn bᴐhyԑ anaa asԑmpa no hyεε mma wͻ Israel mma no so, εnam wͻn aboterε nti. Yε’sεee deε Farao ne ne nkorͻfoͻ no yͻeε no ne deε wͻ’sisiieε no
Surah Al-Araf, Verse 137
وَجَٰوَزۡنَا بِبَنِيٓ إِسۡرَـٰٓءِيلَ ٱلۡبَحۡرَ فَأَتَوۡاْ عَلَىٰ قَوۡمٖ يَعۡكُفُونَ عَلَىٰٓ أَصۡنَامٖ لَّهُمۡۚ قَالُواْ يَٰمُوسَى ٱجۡعَل لَّنَآ إِلَٰهٗا كَمَا لَهُمۡ ءَالِهَةٞۚ قَالَ إِنَّكُمۡ قَوۡمٞ تَجۡهَلُونَ
Yε’de Israel mma no twaa ͻpo no, wͻ’bεtoo nkorͻfoͻ bi a wͻ’de wͻn ho ama wͻn abosom. Wͻ’kaa sε: “Mose, yε nyame ma yεn sεdeε wͻn wͻ anyame no. (Mose) kaa sε: “Nokorε sε, moyε nnipa bi a moadwen awu paa“
Surah Al-Araf, Verse 138
إِنَّ هَـٰٓؤُلَآءِ مُتَبَّرٞ مَّا هُمۡ فِيهِ وَبَٰطِلٞ مَّا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ
(Mose kͻͻ so kaa sε): “Nokorε sε deԑ saa nkorͻfoͻ yi wᴐ mu yi, de wᴐn bԑkᴐ ᴐsԑeԑ mu ama wᴐn dwuma a wᴐ’redie ayԑ kwa
Surah Al-Araf, Verse 139
قَالَ أَغَيۡرَ ٱللَّهِ أَبۡغِيكُمۡ إِلَٰهٗا وَهُوَ فَضَّلَكُمۡ عَلَى ٱلۡعَٰلَمِينَ
Ɔkaa sε: “Menfri Nyankopͻn akyi nhwehwε nyame ma mo aberε a W’adom mo akyεn amansan no nyinaa
Surah Al-Araf, Verse 140
وَإِذۡ أَنجَيۡنَٰكُم مِّنۡ ءَالِ فِرۡعَوۡنَ يَسُومُونَكُمۡ سُوٓءَ ٱلۡعَذَابِ يُقَتِّلُونَ أَبۡنَآءَكُمۡ وَيَسۡتَحۡيُونَ نِسَآءَكُمۡۚ وَفِي ذَٰلِكُم بَلَآءٞ مِّن رَّبِّكُمۡ عَظِيمٞ
Monkae εberε a Y’εgyee mo frii Farao ne ne nkorͻfoͻ a na wͻ’de aniεyaa ne ateeteε kεse ato mosoͻ, (na) wͻ’kunkum mo mma mmarima ma mo mmaa no tena aseε no nsam.“ Nokorԑ sԑ nsͻhwε kεseε paa a efri mo Wura Nyankopͻn hͻ wͻ woi mu ma mo”
Surah Al-Araf, Verse 141
۞وَوَٰعَدۡنَا مُوسَىٰ ثَلَٰثِينَ لَيۡلَةٗ وَأَتۡمَمۡنَٰهَا بِعَشۡرٖ فَتَمَّ مِيقَٰتُ رَبِّهِۦٓ أَرۡبَعِينَ لَيۡلَةٗۚ وَقَالَ مُوسَىٰ لِأَخِيهِ هَٰرُونَ ٱخۡلُفۡنِي فِي قَوۡمِي وَأَصۡلِحۡ وَلَا تَتَّبِعۡ سَبِيلَ ٱلۡمُفۡسِدِينَ
Ye’yii adaduasa maa Mose, na Yε’de dadu hyεε no mma, enti ne Wura Nyankopͻn berε (a Ɔhyεε no) no wiee adaduanan. (Ͻrebεkͻ no) Mose ka kyerε ne nua Aaron sε: “Si manan wͻ me nkorͻfoͻ no mu na yε ntotoeε pa, na hwε na w’anni nsεmͻnedifoͻ no akyi”
Surah Al-Araf, Verse 142
وَلَمَّا جَآءَ مُوسَىٰ لِمِيقَٰتِنَا وَكَلَّمَهُۥ رَبُّهُۥ قَالَ رَبِّ أَرِنِيٓ أَنظُرۡ إِلَيۡكَۚ قَالَ لَن تَرَىٰنِي وَلَٰكِنِ ٱنظُرۡ إِلَى ٱلۡجَبَلِ فَإِنِ ٱسۡتَقَرَّ مَكَانَهُۥ فَسَوۡفَ تَرَىٰنِيۚ فَلَمَّا تَجَلَّىٰ رَبُّهُۥ لِلۡجَبَلِ جَعَلَهُۥ دَكّٗا وَخَرَّ مُوسَىٰ صَعِقٗاۚ فَلَمَّآ أَفَاقَ قَالَ سُبۡحَٰنَكَ تُبۡتُ إِلَيۡكَ وَأَنَا۠ أَوَّلُ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ
Ɛberε a Mose baa εberε no mu, ne bea a Yε’hyεε no, na ne Wura Nyankopͻn ne no kasaeε, ͻkaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, yi Woho adi kyerε me na menhwε Wo”. Nyankopͻn kaa sε “(Mose), wontumi nhu Me, na mmom hwε bepͻ no, sε etumi gyina ne baabi a etim no deε a, εneε ebia wobehu Me“. Ɛberε a ne Wura Nyankopͻn yii N’animuonyam adi wͻ bepͻ no soͻ no, εmaa no bubuu gͻsͻgͻsͻgͻsͻ, na Mose twa hwee fͻm tͻree mum. Ɛberε a n’ani so teteeε no, ͻkaa sɛ: “Kronkron hene ne Wo Awurade! M’asakra m’adwen aba Wo hͻ. Na me ne agyidiefoͻ no mu nea odikan”
Surah Al-Araf, Verse 143
قَالَ يَٰمُوسَىٰٓ إِنِّي ٱصۡطَفَيۡتُكَ عَلَى ٱلنَّاسِ بِرِسَٰلَٰتِي وَبِكَلَٰمِي فَخُذۡ مَآ ءَاتَيۡتُكَ وَكُن مِّنَ ٱلشَّـٰكِرِينَ
Nyankopͻn kaa sε: “Mose, Mede Me nsεm ne Mekasaa ayi wo, akorͻn wo wͻ nnipa no so. Enti sͻ deε Mede ama woͻ no mu yie, na ka wͻn a wͻ’yi ayε no ho”
Surah Al-Araf, Verse 144
وَكَتَبۡنَا لَهُۥ فِي ٱلۡأَلۡوَاحِ مِن كُلِّ شَيۡءٖ مَّوۡعِظَةٗ وَتَفۡصِيلٗا لِّكُلِّ شَيۡءٖ فَخُذۡهَا بِقُوَّةٖ وَأۡمُرۡ قَوۡمَكَ يَأۡخُذُواْ بِأَحۡسَنِهَاۚ سَأُوْرِيكُمۡ دَارَ ٱلۡفَٰسِقِينَ
Yε’twerεε afutusεm ahodoͻ ne biribiara nkyerεkyerεmu wͻ Twerε pono no so demaa no (ka kyerεε no sε): “Fa ahoͻden sͻ mu, na hyε wo nkorͻfoͻ no ma wͻ’nsͻ emu papa no mu. Mεkyerε mo abͻneεfoͻ no fiee
Surah Al-Araf, Verse 145
سَأَصۡرِفُ عَنۡ ءَايَٰتِيَ ٱلَّذِينَ يَتَكَبَّرُونَ فِي ٱلۡأَرۡضِ بِغَيۡرِ ٱلۡحَقِّ وَإِن يَرَوۡاْ كُلَّ ءَايَةٖ لَّا يُؤۡمِنُواْ بِهَا وَإِن يَرَوۡاْ سَبِيلَ ٱلرُّشۡدِ لَا يَتَّخِذُوهُ سَبِيلٗا وَإِن يَرَوۡاْ سَبِيلَ ٱلۡغَيِّ يَتَّخِذُوهُ سَبِيلٗاۚ ذَٰلِكَ بِأَنَّهُمۡ كَذَّبُواْ بِـَٔايَٰتِنَا وَكَانُواْ عَنۡهَا غَٰفِلِينَ
Meyi Mensεm no afri wͻn a wͻ’yε akεsesεm wͻ asaase so a wͻ’nni ho kwan sε wͻ’yε no so; sε wͻ’hunu nsεnkyerεnee biara a wͻ’nnye nni, nasε wͻ’hunu ͻkwan tenenee a w’ͻnnfa no (sε) ͻkwan (pa); na sε wͻ’hunu ͻyera kwan a wͻ’fa no ͻkwan (pa). Saa, efrisε wͻ’fa Yεn Nsεm no nkontomposεm na wͻ’bu wͻn ani gu so
Surah Al-Araf, Verse 146
وَٱلَّذِينَ كَذَّبُواْ بِـَٔايَٰتِنَا وَلِقَآءِ ٱلۡأٓخِرَةِ حَبِطَتۡ أَعۡمَٰلُهُمۡۚ هَلۡ يُجۡزَوۡنَ إِلَّا مَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ
Wͻn a wͻ’fa Yεn Nsεm no ne Daakye nhyiamu no nkontomposεm no, wͻn dwuma die anso aba. Enti εnyε dwuma a wͻ’diiε no so akatua na yεde betua wͻn ka
Surah Al-Araf, Verse 147
وَٱتَّخَذَ قَوۡمُ مُوسَىٰ مِنۢ بَعۡدِهِۦ مِنۡ حُلِيِّهِمۡ عِجۡلٗا جَسَدٗا لَّهُۥ خُوَارٌۚ أَلَمۡ يَرَوۡاْ أَنَّهُۥ لَا يُكَلِّمُهُمۡ وَلَا يَهۡدِيهِمۡ سَبِيلًاۘ ٱتَّخَذُوهُ وَكَانُواْ ظَٰلِمِينَ
Mose nkorͻfoͻ no faa wͻn agudeε deyεε natwie sεso a εwͻ nnee bi (som no) wͻ Mose akyi. Enti na wͻ’nnhunu sε (nantwie a w’ayε no nyame no entumi) ne wͻn nkasa, anaa ͻnkyerε wͻn kwan? Wͻ’faa (sika kͻkͻͻ nantwie) no (som no) na wͻ’yε abͻneεfoͻ
Surah Al-Araf, Verse 148
وَلَمَّا سُقِطَ فِيٓ أَيۡدِيهِمۡ وَرَأَوۡاْ أَنَّهُمۡ قَدۡ ضَلُّواْ قَالُواْ لَئِن لَّمۡ يَرۡحَمۡنَا رَبُّنَا وَيَغۡفِرۡ لَنَا لَنَكُونَنَّ مِنَ ٱلۡخَٰسِرِينَ
Ɛberε a wͻnuu wͻn ho hunuu sε wͻn ayera no, wͻ’kaa sε: “Sε ye’Wura Nyankopͻn anhu yεn mmͻbͻ na W’anfa yεn bͻne ankyε yεn a, yεbεka berεguofoͻ no ho
Surah Al-Araf, Verse 149
وَلَمَّا رَجَعَ مُوسَىٰٓ إِلَىٰ قَوۡمِهِۦ غَضۡبَٰنَ أَسِفٗا قَالَ بِئۡسَمَا خَلَفۡتُمُونِي مِنۢ بَعۡدِيٓۖ أَعَجِلۡتُمۡ أَمۡرَ رَبِّكُمۡۖ وَأَلۡقَى ٱلۡأَلۡوَاحَ وَأَخَذَ بِرَأۡسِ أَخِيهِ يَجُرُّهُۥٓ إِلَيۡهِۚ قَالَ ٱبۡنَ أُمَّ إِنَّ ٱلۡقَوۡمَ ٱسۡتَضۡعَفُونِي وَكَادُواْ يَقۡتُلُونَنِي فَلَا تُشۡمِتۡ بِيَ ٱلۡأَعۡدَآءَ وَلَا تَجۡعَلۡنِي مَعَ ٱلۡقَوۡمِ ٱلظَّـٰلِمِينَ
Ɛberε a Mose de abufuo ne awerεhoͻ san baa ne nkorͻfoͻ no hͻ no, ͻkaa sε: “Dwuma bͻne paa na moagyina manan mu adi no wͻ m’akyi; mopε Nyankopͻn atemmuo no ntεm?” Ɔde Twerε apono no guu hͻ, na ͻpari sͻͻ nenua (Aaron) ti a ͻretwe no ba ne hͻ. (Aaron) kaa sε: “Eno ba, nokorε sε, nkorͻfoͻ no faa me sε meyε mmrε, na εkaa kakraabi sε anka wͻ’kum me. Enti εmma atamfoͻ no nsere me, na εnfa menka abͻneεfoͻ no ho “
Surah Al-Araf, Verse 150
قَالَ رَبِّ ٱغۡفِرۡ لِي وَلِأَخِي وَأَدۡخِلۡنَا فِي رَحۡمَتِكَۖ وَأَنتَ أَرۡحَمُ ٱلرَّـٰحِمِينَ
Mose kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, fa me ne me nua (Aaron) bͻne kyε yεn na fa yεn wura W’ahummͻborͻ no mu, na Wone ahummͻborͻ mu Ahummͻborͻ Hene no
Surah Al-Araf, Verse 151
إِنَّ ٱلَّذِينَ ٱتَّخَذُواْ ٱلۡعِجۡلَ سَيَنَالُهُمۡ غَضَبٞ مِّن رَّبِّهِمۡ وَذِلَّةٞ فِي ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَاۚ وَكَذَٰلِكَ نَجۡزِي ٱلۡمُفۡتَرِينَ
Wͻn a wͻ’faa natwie no (som no no), abufuo a efri wͻn Wura Nyankopͻn hͻ, ne wiase yi mu animguaseε bεto wͻn. Saa na Yetua obi a ͻbͻ netrim twa nkontompo no so ka
Surah Al-Araf, Verse 152
وَٱلَّذِينَ عَمِلُواْ ٱلسَّيِّـَٔاتِ ثُمَّ تَابُواْ مِنۢ بَعۡدِهَا وَءَامَنُوٓاْ إِنَّ رَبَّكَ مِنۢ بَعۡدِهَا لَغَفُورٞ رَّحِيمٞ
Wͻn a wͻ’yε bͻne, na εno akyi wͻ’nya adwen sakra na wͻ’gye die no, nokorε sε. εno akyi no, wo Wura Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene
Surah Al-Araf, Verse 153
وَلَمَّا سَكَتَ عَن مُّوسَى ٱلۡغَضَبُ أَخَذَ ٱلۡأَلۡوَاحَۖ وَفِي نُسۡخَتِهَا هُدٗى وَرَحۡمَةٞ لِّلَّذِينَ هُمۡ لِرَبِّهِمۡ يَرۡهَبُونَ
Ԑberε a Mose abufuo no ano berεε aseε no, ͻfaa Twerε apono no. Na kwankyerε ne ahummͻmborͻ wͻ ntwerεeε no mu dema wͻn a wͻ’suro wͻn Wura Nyankopͻn
Surah Al-Araf, Verse 154
وَٱخۡتَارَ مُوسَىٰ قَوۡمَهُۥ سَبۡعِينَ رَجُلٗا لِّمِيقَٰتِنَاۖ فَلَمَّآ أَخَذَتۡهُمُ ٱلرَّجۡفَةُ قَالَ رَبِّ لَوۡ شِئۡتَ أَهۡلَكۡتَهُم مِّن قَبۡلُ وَإِيَّـٰيَۖ أَتُهۡلِكُنَا بِمَا فَعَلَ ٱلسُّفَهَآءُ مِنَّآۖ إِنۡ هِيَ إِلَّا فِتۡنَتُكَ تُضِلُّ بِهَا مَن تَشَآءُ وَتَهۡدِي مَن تَشَآءُۖ أَنتَ وَلِيُّنَا فَٱغۡفِرۡ لَنَا وَٱرۡحَمۡنَاۖ وَأَنتَ خَيۡرُ ٱلۡغَٰفِرِينَ
Mose tuu ne nkorͻfoͻ no mu mmarima aduͻson demaa Yε’brε, ne bea a Y’ahyε (sε Yε’ne no behyia). Ԑberε a asaase wosoͻ sͻͻ wͻn mu no, Mose kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, sε εyε Wopε a, anka Wosεee wͻn ne me dadaada. Wobεsεe yεn wͻ deε yεn mu nkwaseafoͻ bi ayε ho nti? Woi yε Wo nsͻhwε no bia. Wode yera obi a Wopε, εna Wode kyerε obi a Wopε nso kwan. Wone yεn Kyitaafoͻ, enti fa yε’bͻne kyε yεn na hu yεn mmͻbͻ, na Wone bͻnefakyεfoͻ nyinaa mu Bͻnefakyε Wura papa no
Surah Al-Araf, Verse 155
۞وَٱكۡتُبۡ لَنَا فِي هَٰذِهِ ٱلدُّنۡيَا حَسَنَةٗ وَفِي ٱلۡأٓخِرَةِ إِنَّا هُدۡنَآ إِلَيۡكَۚ قَالَ عَذَابِيٓ أُصِيبُ بِهِۦ مَنۡ أَشَآءُۖ وَرَحۡمَتِي وَسِعَتۡ كُلَّ شَيۡءٖۚ فَسَأَكۡتُبُهَا لِلَّذِينَ يَتَّقُونَ وَيُؤۡتُونَ ٱلزَّكَوٰةَ وَٱلَّذِينَ هُم بِـَٔايَٰتِنَا يُؤۡمِنُونَ
Na hyehyε papa ma yεn wͻ wiase yi mu ne Daakye no mu nso, nokorε sε Wo hͻ na yεdane y’ani kyerε“. Nyankopͻn kaa sε: “M’asotwee no Mede bεtwe obi a Mepε aso, na M’ahummͻborͻ atwa biribiara ho ahyia. Enti Mεhyehyε (papa) ama wͻn a wͻ’suro Nyame na wͻ’yε ahwεyie, na wͻ’yi Zaka, ne wͻn a wͻ’gye Yεn Nsεm no die
Surah Al-Araf, Verse 156
ٱلَّذِينَ يَتَّبِعُونَ ٱلرَّسُولَ ٱلنَّبِيَّ ٱلۡأُمِّيَّ ٱلَّذِي يَجِدُونَهُۥ مَكۡتُوبًا عِندَهُمۡ فِي ٱلتَّوۡرَىٰةِ وَٱلۡإِنجِيلِ يَأۡمُرُهُم بِٱلۡمَعۡرُوفِ وَيَنۡهَىٰهُمۡ عَنِ ٱلۡمُنكَرِ وَيُحِلُّ لَهُمُ ٱلطَّيِّبَٰتِ وَيُحَرِّمُ عَلَيۡهِمُ ٱلۡخَبَـٰٓئِثَ وَيَضَعُ عَنۡهُمۡ إِصۡرَهُمۡ وَٱلۡأَغۡلَٰلَ ٱلَّتِي كَانَتۡ عَلَيۡهِمۡۚ فَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ بِهِۦ وَعَزَّرُوهُ وَنَصَرُوهُ وَٱتَّبَعُواْ ٱلنُّورَ ٱلَّذِيٓ أُنزِلَ مَعَهُۥٓ أُوْلَـٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡمُفۡلِحُونَ
Wͻn a wͻ’di Ɔsomafoͻ Nkͻmhyεni Fratamni a wͻn ahunu sε yatwerε ne ho asεm wͻ wͻn hͻ wͻ Tora ne Injeel no mu no akyi; ͻrehyε wͻn ma wͻ’yε papa, εna ͻrebra wͻn ma wͻ’gyae amumuyε; ͻma wͻn deε εyε ho kwan, εna ͻrebra wͻn adeε a εyε fii, εna ͻreyi wͻn adesoa duruduro ne nkͻnsͻnkͻnsͻn a na εda wͻn soͻ no fri wͻn soͻ. Enti wͻn a wͻ’agye (saa Nkͻmhyεni) no adie, na wͻ’de obuo ma no, na wͻ’boa no, na wͻ’di nhyerεnee a yasiane aka ne ho no akyire no, saa nkorͻfoͻ no ne nkonimdifoͻ no
Surah Al-Araf, Verse 157
قُلۡ يَـٰٓأَيُّهَا ٱلنَّاسُ إِنِّي رَسُولُ ٱللَّهِ إِلَيۡكُمۡ جَمِيعًا ٱلَّذِي لَهُۥ مُلۡكُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۖ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَ يُحۡيِۦ وَيُمِيتُۖ فَـَٔامِنُواْ بِٱللَّهِ وَرَسُولِهِ ٱلنَّبِيِّ ٱلۡأُمِّيِّ ٱلَّذِي يُؤۡمِنُ بِٱللَّهِ وَكَلِمَٰتِهِۦ وَٱتَّبِعُوهُ لَعَلَّكُمۡ تَهۡتَدُونَ
(Nkͻmhyεni), kasε: “Adasamma, meyε Ɔsomafoͻ fri Nea ͻsoro ne asaase ahennie yε Nedea no hͻ dema mo nyinaa”. Awurade foforͻ biara nnihͻ gyesε Ɔno (nko ara); Ɔno na Ɔma nkwa εna Okum. Enti monye Nyankopͻn ne ne Somafoͻ Nkͻmhyεni Fratamni no a ͻgye Nyankopͻn ne Nensεm die no ni, na moni n’akyi sεdeε mobenya kwankyerε
Surah Al-Araf, Verse 158
وَمِن قَوۡمِ مُوسَىٰٓ أُمَّةٞ يَهۡدُونَ بِٱلۡحَقِّ وَبِهِۦ يَعۡدِلُونَ
Nnipa bi wͻ Mose nkorͻfoͻ no mu a wͻ’de nokorε no kyerε kwan, na wͻ’di ho nokorε nso
Surah Al-Araf, Verse 159
وَقَطَّعۡنَٰهُمُ ٱثۡنَتَيۡ عَشۡرَةَ أَسۡبَاطًا أُمَمٗاۚ وَأَوۡحَيۡنَآ إِلَىٰ مُوسَىٰٓ إِذِ ٱسۡتَسۡقَىٰهُ قَوۡمُهُۥٓ أَنِ ٱضۡرِب بِّعَصَاكَ ٱلۡحَجَرَۖ فَٱنۢبَجَسَتۡ مِنۡهُ ٱثۡنَتَا عَشۡرَةَ عَيۡنٗاۖ قَدۡ عَلِمَ كُلُّ أُنَاسٖ مَّشۡرَبَهُمۡۚ وَظَلَّلۡنَا عَلَيۡهِمُ ٱلۡغَمَٰمَ وَأَنزَلۡنَا عَلَيۡهِمُ ٱلۡمَنَّ وَٱلسَّلۡوَىٰۖ كُلُواْ مِن طَيِّبَٰتِ مَا رَزَقۡنَٰكُمۡۚ وَمَا ظَلَمُونَا وَلَٰكِن كَانُوٓاْ أَنفُسَهُمۡ يَظۡلِمُونَ
Yε’kyekyεε Israelfoͻ mu mmusua kuo dummienu. Ԑberε a Mose nkorͻfoͻ no bisaa no nsuo, Ye’yi kyerεε no sε: “Fa wo poma no bͻ ͻbotan no mu“. Enti asutire dummienu pue frii mu. Abusua no mu biara hunuu wͻn anomeε. Na Yε’de mununkum yεε kyinnieε wͻ wͻn so, na Ye’sianee Manna ne Salwa maa wͻn (ka kyerεε wͻn sε): “Monidi mfri nnepa a Yε’de abͻ mo akͻnhoma no mu.”. Wͻn annyε Yεn bͻne na mmom wͻ’yεε bͻne tiaa wͻn ara wͻn kraa
Surah Al-Araf, Verse 160
وَإِذۡ قِيلَ لَهُمُ ٱسۡكُنُواْ هَٰذِهِ ٱلۡقَرۡيَةَ وَكُلُواْ مِنۡهَا حَيۡثُ شِئۡتُمۡ وَقُولُواْ حِطَّةٞ وَٱدۡخُلُواْ ٱلۡبَابَ سُجَّدٗا نَّغۡفِرۡ لَكُمۡ خَطِيٓـَٰٔتِكُمۡۚ سَنَزِيدُ ٱلۡمُحۡسِنِينَ
Kae εberε a yεka kyerεε wͻn (Israelfoͻ no) sε: ‘’Montena saa kuro yi mu na monidi nkͻpem faako a mopε, na monka sε: “Ye’Wura Nyankopͻn, yi yεn bͻne fri yεn so”. Na monfa ahobraseε nwura ͻpono no mu; Yε’de mo mfomsoͻ bεkyε mo na Yε’de (papa no bi) aka ho ama apapayεfoͻ no”
Surah Al-Araf, Verse 161
فَبَدَّلَ ٱلَّذِينَ ظَلَمُواْ مِنۡهُمۡ قَوۡلًا غَيۡرَ ٱلَّذِي قِيلَ لَهُمۡ فَأَرۡسَلۡنَا عَلَيۡهِمۡ رِجۡزٗا مِّنَ ٱلسَّمَآءِ بِمَا كَانُواْ يَظۡلِمُونَ
Nanso wͻn mu abͻneεfoͻ no sesaa asεm a yεka kyerεε wͻn no kͻfaa foforͻ. Enti Yesianee asotwee firii soro baa wͻn so, εnam wͻn bͻne ho nti
Surah Al-Araf, Verse 162
وَسۡـَٔلۡهُمۡ عَنِ ٱلۡقَرۡيَةِ ٱلَّتِي كَانَتۡ حَاضِرَةَ ٱلۡبَحۡرِ إِذۡ يَعۡدُونَ فِي ٱلسَّبۡتِ إِذۡ تَأۡتِيهِمۡ حِيتَانُهُمۡ يَوۡمَ سَبۡتِهِمۡ شُرَّعٗا وَيَوۡمَ لَا يَسۡبِتُونَ لَا تَأۡتِيهِمۡۚ كَذَٰلِكَ نَبۡلُوهُم بِمَا كَانُواْ يَفۡسُقُونَ
(Nkͻmhyεni), bisa wͻn (Yudafoͻ no) fa kuro bi a na εda ͻpo ho no ho asεm, εberε a wͻ’too Sabat ho mmara no, εberε a wͻn nsuo mu nnam baa wͻn hͻ wͻ wͻn Sabat da no wͻ nsuo no ani no; sε εnyε Sabat da a wͻ’mma wͻn hͻ. Saa ara na Yε’sͻͻ wͻn hwεeε εnam wͻn nsεmmͻnee nti
Surah Al-Araf, Verse 163
وَإِذۡ قَالَتۡ أُمَّةٞ مِّنۡهُمۡ لِمَ تَعِظُونَ قَوۡمًا ٱللَّهُ مُهۡلِكُهُمۡ أَوۡ مُعَذِّبُهُمۡ عَذَابٗا شَدِيدٗاۖ قَالُواْ مَعۡذِرَةً إِلَىٰ رَبِّكُمۡ وَلَعَلَّهُمۡ يَتَّقُونَ
Ɛberε a wͻn mu fekuo bi kaa sε: ‘’Adεn na moretu amanfoͻ a Nyankopͻn bεsεe wͻn anaa Ɔde asotwe kεseε bεtwe wͻn aso no foͻ?” Wͻ’kaa sε: “Sεdeε εbεyε nyinasoͻ wͻ mo Wura Nyankopͻn hͻ nti, na afei ebia wͻ’bεsuro Nyame na wͻ’ayε ahwεyie”
Surah Al-Araf, Verse 164
فَلَمَّا نَسُواْ مَا ذُكِّرُواْ بِهِۦٓ أَنجَيۡنَا ٱلَّذِينَ يَنۡهَوۡنَ عَنِ ٱلسُّوٓءِ وَأَخَذۡنَا ٱلَّذِينَ ظَلَمُواْ بِعَذَابِۭ بَـِٔيسِۭ بِمَا كَانُواْ يَفۡسُقُونَ
Enti εberε a wͻn werε frii adeε a yetuu wͻn fo wͻ ho no, Yε’gyee wͻn a wͻ’twe wͻn ho fri bͻne ho no nkwa, εna Yε’de asotwee bͻne twee wͻn a wͻ’di bͻne no aso εfa wͻn bͻne no ho nti
Surah Al-Araf, Verse 165
فَلَمَّا عَتَوۡاْ عَن مَّا نُهُواْ عَنۡهُ قُلۡنَا لَهُمۡ كُونُواْ قِرَدَةً خَٰسِـِٔينَ
Enti εberε a wͻ’tee atua wͻ deε yabra wͻn no ho no, Yε’ka kyerε wͻn sε: “Monyε nnoe (anaasε nsoroboa) wͻ animguaseε mu”
Surah Al-Araf, Verse 166
وَإِذۡ تَأَذَّنَ رَبُّكَ لَيَبۡعَثَنَّ عَلَيۡهِمۡ إِلَىٰ يَوۡمِ ٱلۡقِيَٰمَةِ مَن يَسُومُهُمۡ سُوٓءَ ٱلۡعَذَابِۗ إِنَّ رَبَّكَ لَسَرِيعُ ٱلۡعِقَابِ وَإِنَّهُۥ لَغَفُورٞ رَّحِيمٞ
Kae εberε nso a wo Wura Nyankopͻn de too dwa sε, Ɔbεsoma wͻn a wͻ’de asotwee bͻne bεtwe wͻn (Israelfoͻ no) aso akosi Wusͻreε Da no. Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn ho yε hare wͻ awerεtͻ mu; na nokorε sε Ɔne Bͻnefakyε hene, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene
Surah Al-Araf, Verse 167
وَقَطَّعۡنَٰهُمۡ فِي ٱلۡأَرۡضِ أُمَمٗاۖ مِّنۡهُمُ ٱلصَّـٰلِحُونَ وَمِنۡهُمۡ دُونَ ذَٰلِكَۖ وَبَلَوۡنَٰهُم بِٱلۡحَسَنَٰتِ وَٱلسَّيِّـَٔاتِ لَعَلَّهُمۡ يَرۡجِعُونَ
Yε’kyekyεε wͻn mu akuo-akuo, wͻ asaase no so; wͻn mu bi yε apapafoͻ na wͻn mu bi nso nnte saa. Na Yε’de papa ne bͻne sͻͻ wͻn hwεe sεdeε wͻ’bεsan wͻn akyi (afri bͻneyε mu)
Surah Al-Araf, Verse 168
فَخَلَفَ مِنۢ بَعۡدِهِمۡ خَلۡفٞ وَرِثُواْ ٱلۡكِتَٰبَ يَأۡخُذُونَ عَرَضَ هَٰذَا ٱلۡأَدۡنَىٰ وَيَقُولُونَ سَيُغۡفَرُ لَنَا وَإِن يَأۡتِهِمۡ عَرَضٞ مِّثۡلُهُۥ يَأۡخُذُوهُۚ أَلَمۡ يُؤۡخَذۡ عَلَيۡهِم مِّيثَٰقُ ٱلۡكِتَٰبِ أَن لَّا يَقُولُواْ عَلَى ٱللَّهِ إِلَّا ٱلۡحَقَّ وَدَرَسُواْ مَا فِيهِۗ وَٱلدَّارُ ٱلۡأٓخِرَةُ خَيۡرٞ لِّلَّذِينَ يَتَّقُونَۚ أَفَلَا تَعۡقِلُونَ
Wͻn akyi no, awoͻ ntotoasoͻ (bͻne) a yεde Nwoma no hyεε wͻn nsa bεhyεε wͻn anan mu, wͻ’faa wiase yi mu ahuhudeε no, na deε wͻ’kaeε ne sε: “Yε’de yεn bͻne bεkyε yεn.“ Sε ahuhudeε a εte saa sεso mpo baa wͻn hͻ a (anka wͻ’bεsan) agye (aka ho). Enti yεnyee apam wͻ wͻn hͻ wͻ Nwoma no mu sε: “Wͻnhwε na wͻn anka biribi annto Nyankopͻn so gyesε nokorε nko ara?” Aberε nso a wͻ’asua deε εwͻ (Nwoma no) mu no. Daakye asetena no yε ma wͻn a wͻ’suro Nyame na wͻ’yε ahwεyie. Enti monnwen anaa
Surah Al-Araf, Verse 169
وَٱلَّذِينَ يُمَسِّكُونَ بِٱلۡكِتَٰبِ وَأَقَامُواْ ٱلصَّلَوٰةَ إِنَّا لَا نُضِيعُ أَجۡرَ ٱلۡمُصۡلِحِينَ
Wͻn nso a wͻ’sͻ Nwoma no mu (pintinn) na wͻ’frε Nyame wͻ nebrε mu no, nokorε sε Yε’mma apapafoͻ no akatua nyε kwa
Surah Al-Araf, Verse 170
۞وَإِذۡ نَتَقۡنَا ٱلۡجَبَلَ فَوۡقَهُمۡ كَأَنَّهُۥ ظُلَّةٞ وَظَنُّوٓاْ أَنَّهُۥ وَاقِعُۢ بِهِمۡ خُذُواْ مَآ ءَاتَيۡنَٰكُم بِقُوَّةٖ وَٱذۡكُرُواْ مَا فِيهِ لَعَلَّكُمۡ تَتَّقُونَ
Kae εberε a Yε’pagyaa bepͻ no wͻ wͻn apampamu tesε deε εyε kyinnieε, na wͻn adwen yεε wͻn sε εrebεte ahwe wͻn soͻ: (Yε’ka kyerεε wͻn sε): “Monfa ahoͻden nsͻ deε yεde ama mo no mu yie, na monkae deε εwͻ mu no sεdeε mobesuro Nyame ayε ahwεyie”
Surah Al-Araf, Verse 171
وَإِذۡ أَخَذَ رَبُّكَ مِنۢ بَنِيٓ ءَادَمَ مِن ظُهُورِهِمۡ ذُرِّيَّتَهُمۡ وَأَشۡهَدَهُمۡ عَلَىٰٓ أَنفُسِهِمۡ أَلَسۡتُ بِرَبِّكُمۡۖ قَالُواْ بَلَىٰ شَهِدۡنَآۚ أَن تَقُولُواْ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ إِنَّا كُنَّا عَنۡ هَٰذَا غَٰفِلِينَ
Na kae εberε a wo Wura Nyankopͻn yii Adam mma asefoͻ firii wͻn sisi mu maa wͻ’dii adanseε faa wͻn ara ho. (Obisaa wͻn sε): “Ɛnyε Me ne mo Wura Nyankopͻn? Wͻ’kaa sε: “Aane! Yε’gye adanseε“. “Anhwε a Wusͻreε da no moakͻka sε yε’deε yennim woi ho hwee”
Surah Al-Araf, Verse 172
أَوۡ تَقُولُوٓاْ إِنَّمَآ أَشۡرَكَ ءَابَآؤُنَا مِن قَبۡلُ وَكُنَّا ذُرِّيَّةٗ مِّنۢ بَعۡدِهِمۡۖ أَفَتُهۡلِكُنَا بِمَا فَعَلَ ٱلۡمُبۡطِلُونَ
Anaasε anhwε a na moakͻka sε: “Y’agyanom na wͻ’dii kan yεε (Nyankopͻn ho) mmataho na yεn deε na yεyε (wͻn) asefoͻ wͻ wͻn akyi. Na (Awurade), Wobεsεe yεn wͻ deε nkontompofoͻ no yͻeε no ho nti?”
Surah Al-Araf, Verse 173
وَكَذَٰلِكَ نُفَصِّلُ ٱلۡأٓيَٰتِ وَلَعَلَّهُمۡ يَرۡجِعُونَ
Saa ara na Yε’kyerεkyerε Nsεm no mu sεdeε wͻ’bεsan wͻn akyi (afri wͻn agyanom kwan a wͻ’resua no soͻ)
Surah Al-Araf, Verse 174
وَٱتۡلُ عَلَيۡهِمۡ نَبَأَ ٱلَّذِيٓ ءَاتَيۡنَٰهُ ءَايَٰتِنَا فَٱنسَلَخَ مِنۡهَا فَأَتۡبَعَهُ ٱلشَّيۡطَٰنُ فَكَانَ مِنَ ٱلۡغَاوِينَ
Ka obia Yεde Yεn nsεm no maa no na ͻtwee ne ho frii ho no asεm no kyerε wͻn; εnam so maa ͻbonsam dii n’akyi na ͻkͻkaa ayerafoͻ no ho
Surah Al-Araf, Verse 175
وَلَوۡ شِئۡنَا لَرَفَعۡنَٰهُ بِهَا وَلَٰكِنَّهُۥٓ أَخۡلَدَ إِلَى ٱلۡأَرۡضِ وَٱتَّبَعَ هَوَىٰهُۚ فَمَثَلُهُۥ كَمَثَلِ ٱلۡكَلۡبِ إِن تَحۡمِلۡ عَلَيۡهِ يَلۡهَثۡ أَوۡ تَتۡرُكۡهُ يَلۡهَثۚ ذَّـٰلِكَ مَثَلُ ٱلۡقَوۡمِ ٱلَّذِينَ كَذَّبُواْ بِـَٔايَٰتِنَاۚ فَٱقۡصُصِ ٱلۡقَصَصَ لَعَلَّهُمۡ يَتَفَكَّرُونَ
Sε Yεpε a anka Yεde (Nyame Asεm no) bεma no so (de no agyina gyinabrε a εsoo paa), nanso ͻde ne ho bataa asaase (anaa ͻde neho too wiase so) dii n’apεdeε akyi. Ne mfatoho tesε ͻkraman, sε woka ne so a ͻtwe ne kεtrεma, sε wogyae no nso a ͻtwe ne kεtrεma. Saa na wͻn a wͻ’bu Yεn Nsεm no sε atorͻsεm no mfatoho teε. Enti ka abakͻsεm no kyerε wͻn sεdeε wͻ’bεfa adwen
Surah Al-Araf, Verse 176
سَآءَ مَثَلًا ٱلۡقَوۡمُ ٱلَّذِينَ كَذَّبُواْ بِـَٔايَٰتِنَا وَأَنفُسَهُمۡ كَانُواْ يَظۡلِمُونَ
Mfatoho bͻne ne wͻn a wͻ’bu Yεn Nsεm no sε atorͻsεm, na wͻn asisi wͻn ara wͻn kraa no
Surah Al-Araf, Verse 177
مَن يَهۡدِ ٱللَّهُ فَهُوَ ٱلۡمُهۡتَدِيۖ وَمَن يُضۡلِلۡ فَأُوْلَـٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡخَٰسِرُونَ
Obi a Nyankopͻn atene no no ͻno na wanya kwankyerε, na obia W’ayera no no, saa nkorͻfoͻ no ne brεguofoͻ no
Surah Al-Araf, Verse 178
وَلَقَدۡ ذَرَأۡنَا لِجَهَنَّمَ كَثِيرٗا مِّنَ ٱلۡجِنِّ وَٱلۡإِنسِۖ لَهُمۡ قُلُوبٞ لَّا يَفۡقَهُونَ بِهَا وَلَهُمۡ أَعۡيُنٞ لَّا يُبۡصِرُونَ بِهَا وَلَهُمۡ ءَاذَانٞ لَّا يَسۡمَعُونَ بِهَآۚ أُوْلَـٰٓئِكَ كَٱلۡأَنۡعَٰمِ بَلۡ هُمۡ أَضَلُّۚ أُوْلَـٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡغَٰفِلُونَ
Ampa sε Y’abͻ Jinn ne nnipa no mu pii ama Amanehunu gya no, wͻn wͻ akoma (nanso) wͻ’nnfa nnte asεm ase, wͻn wͻ ani (nanso) wͻ’nnfa nnhu adeε, wͻn wͻ aso (nanso) wͻ’nnfa nnte asεm. Wͻ’te sε nyεmmoa, aane, wͻ’ayera mpo sen saa. Woi nom na wͻ’abu wͻn ani agu (afotuo no) soͻ no
Surah Al-Araf, Verse 179
وَلِلَّهِ ٱلۡأَسۡمَآءُ ٱلۡحُسۡنَىٰ فَٱدۡعُوهُ بِهَاۖ وَذَرُواْ ٱلَّذِينَ يُلۡحِدُونَ فِيٓ أَسۡمَـٰٓئِهِۦۚ سَيُجۡزَوۡنَ مَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ
Nyankopͻn na Ɔwͻ Abodin pa, enti monfa εno nsu mfrε no, na monyae wͻn a wamane anaa wato mmra wͻ N’abodin no ho no. Yε’betua wͻn deε wͻ’yͻeε no so ka
Surah Al-Araf, Verse 180
وَمِمَّنۡ خَلَقۡنَآ أُمَّةٞ يَهۡدُونَ بِٱلۡحَقِّ وَبِهِۦ يَعۡدِلُونَ
Amanfoͻ a Y’abͻ wͻn no mu bi wͻhͻ a wͻ’de nokorε no kyerε (nnipa) kwan, na wͻ’di εho nokorε nso
Surah Al-Araf, Verse 181
وَٱلَّذِينَ كَذَّبُواْ بِـَٔايَٰتِنَا سَنَسۡتَدۡرِجُهُم مِّنۡ حَيۡثُ لَا يَعۡلَمُونَ
Wͻn nso a wͻ’fa Yεn Nsεm no sε atorͻsεm no, Yε’bεgyegye wͻn taa-taa nkakrankakra ama asotwee afri deε wͻ’nnnim abεfro wͻn
Surah Al-Araf, Verse 182
وَأُمۡلِي لَهُمۡۚ إِنَّ كَيۡدِي مَتِينٌ
M’ama wͻn berε. Nokorε sε, Metrimu pͻ a M’abͻ no emu yε den paa
Surah Al-Araf, Verse 183
أَوَلَمۡ يَتَفَكَّرُواْۗ مَا بِصَاحِبِهِم مِّن جِنَّةٍۚ إِنۡ هُوَ إِلَّا نَذِيرٞ مُّبِينٌ
Enti (boniayεfoᴐ) no nnwene wͻn yͻnko (Muhammad) ho sε ᴐmmͻͻ dam? Ɔyε kͻkͻbͻni pefee
Surah Al-Araf, Verse 184
أَوَلَمۡ يَنظُرُواْ فِي مَلَكُوتِ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَمَا خَلَقَ ٱللَّهُ مِن شَيۡءٖ وَأَنۡ عَسَىٰٓ أَن يَكُونَ قَدِ ٱقۡتَرَبَ أَجَلُهُمۡۖ فَبِأَيِّ حَدِيثِۭ بَعۡدَهُۥ يُؤۡمِنُونَ
Anaasԑ wͻ’nnnhwε ͻsoro ne asaase so ahennie, ne biribiara a Nyankopͻn abͻ? Na (wͻn nhunuu nso) sε ampa sε ebia wͻn berε no abεn? (Nkyerεkyerεmu) woi akyi asεm bεn (bio) na wͻ’bεgye adie
Surah Al-Araf, Verse 185
مَن يُضۡلِلِ ٱللَّهُ فَلَا هَادِيَ لَهُۥۚ وَيَذَرُهُمۡ فِي طُغۡيَٰنِهِمۡ يَعۡمَهُونَ
Obia Nyankopͻn bεyera no no, onnya kwankyerεfoͻ; na Ogyae wͻn wͻ wͻn yera (anaa wͻn bͻne) no mu ma wͻ’keka kͻ (tesε anifirafoͻ)
Surah Al-Araf, Verse 186
يَسۡـَٔلُونَكَ عَنِ ٱلسَّاعَةِ أَيَّانَ مُرۡسَىٰهَاۖ قُلۡ إِنَّمَا عِلۡمُهَا عِندَ رَبِّيۖ لَا يُجَلِّيهَا لِوَقۡتِهَآ إِلَّا هُوَۚ ثَقُلَتۡ فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۚ لَا تَأۡتِيكُمۡ إِلَّا بَغۡتَةٗۗ يَسۡـَٔلُونَكَ كَأَنَّكَ حَفِيٌّ عَنۡهَاۖ قُلۡ إِنَّمَا عِلۡمُهَا عِندَ ٱللَّهِ وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَ ٱلنَّاسِ لَا يَعۡلَمُونَ
(Nkͻmhyεni), wͻ’rebisa wo Dͻnhwere no ho asεm sε, εberε bεn na εbεba? Ka sε: “Ɛho nimdeε no deε, εwͻ me Wura Nyankopͻn hͻ. Obiara ntumi nkyerε εberε a εbεba gyesε Ɔno nko ara. Ԑho asεm mu yεduru wͻ soro ne asase so. Mpofirem na εbεba mosoͻ”. Wͻ’rebisa wo sεdeε wonim ho biribi. Ka sε: “Ɛho nimdeε no deε εwͻ Nyankopͻn nko ara hͻ nanso nnipa pii nnim”
Surah Al-Araf, Verse 187
قُل لَّآ أَمۡلِكُ لِنَفۡسِي نَفۡعٗا وَلَا ضَرًّا إِلَّا مَا شَآءَ ٱللَّهُۚ وَلَوۡ كُنتُ أَعۡلَمُ ٱلۡغَيۡبَ لَٱسۡتَكۡثَرۡتُ مِنَ ٱلۡخَيۡرِ وَمَا مَسَّنِيَ ٱلسُّوٓءُۚ إِنۡ أَنَا۠ إِلَّا نَذِيرٞ وَبَشِيرٞ لِّقَوۡمٖ يُؤۡمِنُونَ
Kasε: “Menni tumi a εma me yie die bi, anaasε ͻhaw bi, gyesε deε Nyankopͻn pε. Sε menim Nsumaeε no mu asεm a, anka papa na mεpε no kεse ama meho, na anka bͻne biara nnto me. Me deε m’adwuma ara ne sε, meyε kͻkͻbͻni ne anigyesεm no ho amanebͻfoᴐ de ma amanfoͻ a wͻ’gye die”
Surah Al-Araf, Verse 188
۞هُوَ ٱلَّذِي خَلَقَكُم مِّن نَّفۡسٖ وَٰحِدَةٖ وَجَعَلَ مِنۡهَا زَوۡجَهَا لِيَسۡكُنَ إِلَيۡهَاۖ فَلَمَّا تَغَشَّىٰهَا حَمَلَتۡ حَمۡلًا خَفِيفٗا فَمَرَّتۡ بِهِۦۖ فَلَمَّآ أَثۡقَلَت دَّعَوَا ٱللَّهَ رَبَّهُمَا لَئِنۡ ءَاتَيۡتَنَا صَٰلِحٗا لَّنَكُونَنَّ مِنَ ٱلشَّـٰكِرِينَ
Ɔno na Ɔbͻͻ mo fri honam baako mu, εna Ɔyεε neyere nso fri (honam baako no ara) mu sεdeε ͻbenya nehͻ awerεkyekyerε. Ɛberε a ͻne no hyiaeε no, onyinsεnee adesoa a emu yε hare a ͻde nam. Ԑberε a emu yεε duro no wͻn mmienu su frεε wͻn Wura Nyankopͻn sε: ‘’Sε Woma yεn (akͻdaa) papa a yεbεka wͻn a wͻ’yi (Wo) ayε no ho
Surah Al-Araf, Verse 189
فَلَمَّآ ءَاتَىٰهُمَا صَٰلِحٗا جَعَلَا لَهُۥ شُرَكَآءَ فِيمَآ ءَاتَىٰهُمَاۚ فَتَعَٰلَى ٱللَّهُ عَمَّا يُشۡرِكُونَ
Nanso εberε a Yε’maa wͻn (akͻdaa) papa no wͻ’yεε Nyankopͻn ho mmata ho wͻ deε Yε’de ama wͻn no ho. Kokuroko ne Nyankopͻn, Ͻso br
Surah Al-Araf, Verse 190
أَيُشۡرِكُونَ مَا لَا يَخۡلُقُ شَيۡـٔٗا وَهُمۡ يُخۡلَقُونَ
Enti wͻ’de nneεma a wͻmmͻ hwee, na yεbͻͻ wͻn no abata (Nyankopͻn) ho
Surah Al-Araf, Verse 191
وَلَا يَسۡتَطِيعُونَ لَهُمۡ نَصۡرٗا وَلَآ أَنفُسَهُمۡ يَنصُرُونَ
Aberε a wͻ’ntumi mma wͻn mmoa, na wͻ’ntumi moa wͻn ara wͻn ho mpo
Surah Al-Araf, Verse 192
وَإِن تَدۡعُوهُمۡ إِلَى ٱلۡهُدَىٰ لَا يَتَّبِعُوكُمۡۚ سَوَآءٌ عَلَيۡكُمۡ أَدَعَوۡتُمُوهُمۡ أَمۡ أَنتُمۡ صَٰمِتُونَ
Sε mofrε wͻn kͻ tenenee mu a wͻ’nni mo akyi. Sε mosu frε wͻn o, anaa moka moano tum o, εyε asεm korͻ ma mo
Surah Al-Araf, Verse 193
إِنَّ ٱلَّذِينَ تَدۡعُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ عِبَادٌ أَمۡثَالُكُمۡۖ فَٱدۡعُوهُمۡ فَلۡيَسۡتَجِيبُواْ لَكُمۡ إِن كُنتُمۡ صَٰدِقِينَ
Nokorε sε, wͻn a mofri Nyankopͻn akyi sufrε wͻn no nso yε nkoa tesε mo ara, enti modeε monsu mfrε wͻn ma wͻnye mo so (ma yεnhwε) sε moyε nokwafoͻ ampa a
Surah Al-Araf, Verse 194
أَلَهُمۡ أَرۡجُلٞ يَمۡشُونَ بِهَآۖ أَمۡ لَهُمۡ أَيۡدٖ يَبۡطِشُونَ بِهَآۖ أَمۡ لَهُمۡ أَعۡيُنٞ يُبۡصِرُونَ بِهَآۖ أَمۡ لَهُمۡ ءَاذَانٞ يَسۡمَعُونَ بِهَاۗ قُلِ ٱدۡعُواْ شُرَكَآءَكُمۡ ثُمَّ كِيدُونِ فَلَا تُنظِرُونِ
(Mo abosom no) wͻn wͻ nnan a wͻ’de nanteε? Anaasε wͻn wͻ nsa a wͻ’de sͻ adeε mu? Anaasε wͻn wͻ ani a wͻ’de hunu adeε? Anaasε wͻn wͻ aso a wͻ’de te asεm? Ka sε: “Modeε monsu mfrε wͻn a mode wͻn abata Nyankopͻn ho no, na momͻ meho pͻ, na momma me ahomegyeε koraa
Surah Al-Araf, Verse 195
إِنَّ وَلِـِّۧيَ ٱللَّهُ ٱلَّذِي نَزَّلَ ٱلۡكِتَٰبَۖ وَهُوَ يَتَوَلَّى ٱلصَّـٰلِحِينَ
Nokorε sε, me Kyitaafoͻ ne Nyankopͻn no a Osianee Nwoma no, na Ɔno na Ɔtaa apapafoͻ no akyi
Surah Al-Araf, Verse 196
وَٱلَّذِينَ تَدۡعُونَ مِن دُونِهِۦ لَا يَسۡتَطِيعُونَ نَصۡرَكُمۡ وَلَآ أَنفُسَهُمۡ يَنصُرُونَ
Wͻn a mofri N’akyi sufrε wͻn no wͻ’ntumi mmoa mo na (wͻ’ntumi) mmoa wͻn ho
Surah Al-Araf, Verse 197
وَإِن تَدۡعُوهُمۡ إِلَى ٱلۡهُدَىٰ لَا يَسۡمَعُواْۖ وَتَرَىٰهُمۡ يَنظُرُونَ إِلَيۡكَ وَهُمۡ لَا يُبۡصِرُونَ
Sε wofrε wͻn kͻ deε tenenee no wͻ a wͻ’nnte; wohunu sε wͻ’hwε wo deε, nanso wͻ’nhunu adeε
Surah Al-Araf, Verse 198
خُذِ ٱلۡعَفۡوَ وَأۡمُرۡ بِٱلۡعُرۡفِ وَأَعۡرِضۡ عَنِ ٱلۡجَٰهِلِينَ
(Nkͻmhyεni), fa bͻnefakyε, na hyε (amanfoͻ ma wͻ’nyε) papa, na twe wo ho fri abagyimifoͻ no ho
Surah Al-Araf, Verse 199
وَإِمَّا يَنزَغَنَّكَ مِنَ ٱلشَّيۡطَٰنِ نَزۡغٞ فَٱسۡتَعِذۡ بِٱللَّهِۚ إِنَّهُۥ سَمِيعٌ عَلِيمٌ
Sε ͻbonsam tutu nsԑm bi gu w’asom a, hwehwε ntwitwagyeε fri Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε Ɔno ne mpaebͻ Tiefoͻ, na Ɔne Onimdefoͻ
Surah Al-Araf, Verse 200
إِنَّ ٱلَّذِينَ ٱتَّقَوۡاْ إِذَا مَسَّهُمۡ طَـٰٓئِفٞ مِّنَ ٱلشَّيۡطَٰنِ تَذَكَّرُواْ فَإِذَا هُم مُّبۡصِرُونَ
Wͻn a wͻ’suro Nyankopͻn no, sε ͻbosam de adwen bͻne bi ma wͻn a, wͻ’kae Nyankopͻn, εba saa a, εma wͻn aniso da hͻ kann (kae Nyankopͻn asotwee ne N’adom a εwͻ hͻ Daakye)
Surah Al-Araf, Verse 201
وَإِخۡوَٰنُهُمۡ يَمُدُّونَهُمۡ فِي ٱلۡغَيِّ ثُمَّ لَا يُقۡصِرُونَ
Nanso wͻn nuanom (abͻneεfoͻ no, ͻbonsam) de wͻn kͻ bͻne ne ͻyera mu akyirikyiri na wͻ’nntwa (boneyε no) so
Surah Al-Araf, Verse 202
وَإِذَا لَمۡ تَأۡتِهِم بِـَٔايَةٖ قَالُواْ لَوۡلَا ٱجۡتَبَيۡتَهَاۚ قُلۡ إِنَّمَآ أَتَّبِعُ مَا يُوحَىٰٓ إِلَيَّ مِن رَّبِّيۚ هَٰذَا بَصَآئِرُ مِن رَّبِّكُمۡ وَهُدٗى وَرَحۡمَةٞ لِّقَوۡمٖ يُؤۡمِنُونَ
Sε woannfa nsεnkyerεnee amma wͻn a, deε wͻ’ka ne sε: ‘’Adεn na woannfa amma. Ka sε: “Medeε deε me Wura Nyankopͻn asiane amame no akyi na medie. (Qur’aan) woi yε anibue (Nwoma) anaa nyinasoͻ pefee ne kwankyerε ne ahummͻborͻ a efri mo Wura Nyankopͻn hͻ dema amanfoͻ a wͻ’gye die
Surah Al-Araf, Verse 203
وَإِذَا قُرِئَ ٱلۡقُرۡءَانُ فَٱسۡتَمِعُواْ لَهُۥ وَأَنصِتُواْ لَعَلَّكُمۡ تُرۡحَمُونَ
Enti sε yεrekenkan Qur’aan no a, montie, na monyε komm sεdeε yεbehu mo mmͻbͻ
Surah Al-Araf, Verse 204
وَٱذۡكُر رَّبَّكَ فِي نَفۡسِكَ تَضَرُّعٗا وَخِيفَةٗ وَدُونَ ٱلۡجَهۡرِ مِنَ ٱلۡقَوۡلِ بِٱلۡغُدُوِّ وَٱلۡأٓصَالِ وَلَا تَكُن مِّنَ ٱلۡغَٰفِلِينَ
Na kaekae anaasε bͻ wo Wura Nyankopͻn abodin wͻ wotrim wͻ ahobraseε ne ehuu mu wͻ anͻpa ne anyumerε, na εnyε kasa dendeenden mu, na hwε na w’ankͻka awirefirefoͻ no ho
Surah Al-Araf, Verse 205
إِنَّ ٱلَّذِينَ عِندَ رَبِّكَ لَا يَسۡتَكۡبِرُونَ عَنۡ عِبَادَتِهِۦ وَيُسَبِّحُونَهُۥ وَلَهُۥ يَسۡجُدُونَۤ۩
Nokorε sε, wͻn a wͻn wͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ (a wͻ’ne Soro abͻfoͻ) no, wͻ’nnyε ahomasoͻ wͻ Nesom ho, na mmom wͻ’bͻ no abodin na Ɔno na wͻ’de wͻn anim butu fͻm ma no
Surah Al-Araf, Verse 206