UAE Prayer Times

  • Dubai
  • Abu Dhabi
  • Sharjah
  • Ajman
  • Fujairah
  • Umm Al Quwain
  • Ras Al Khaimah
  • Quran Translations

Surah Al-Jinn - Twi Translation by Sheikh Haroun Ismaeel


قُلۡ أُوحِيَ إِلَيَّ أَنَّهُ ٱسۡتَمَعَ نَفَرٞ مِّنَ ٱلۡجِنِّ فَقَالُوٓاْ إِنَّا سَمِعۡنَا قُرۡءَانًا عَجَبٗا

(Nkͻmhyεni), ka sε: “Yayi akyerε me sε, Jinn fekuo bi tiee (Qur’aan yi mu nsεm na wͻ’kͻeε no), wͻ’ka kyerεε (wͻn nkorͻfoͻ) sε: ”Nokorε sε, y’ate akenkan bi a εyε nwanwa
Surah Al-Jinn, Verse 1


يَهۡدِيٓ إِلَى ٱلرُّشۡدِ فَـَٔامَنَّا بِهِۦۖ وَلَن نُّشۡرِكَ بِرَبِّنَآ أَحَدٗا

Ɛkyerε kwan kͻ kwan tenenee no so, enti yε’deε y’agye adi, na yεnnfa obiara mmata ye’Wura Nyankopͻn ho (nnsom no)
Surah Al-Jinn, Verse 2


وَأَنَّهُۥ تَعَٰلَىٰ جَدُّ رَبِّنَا مَا ٱتَّخَذَ صَٰحِبَةٗ وَلَا وَلَدٗا

Nokorε sε, Ɔne ye’Wura (Nyankopͻn), Animuonyam Hene a Netumi korͻn no, Onni yere na Onni ba nso
Surah Al-Jinn, Verse 3


وَأَنَّهُۥ كَانَ يَقُولُ سَفِيهُنَا عَلَى ٱللَّهِ شَطَطٗا

Nokorɛ sɛ nkwaseafoͻ bi a εwͻ yεn mu no twa nkontompo a εborosoᴐ paa deto Nyankopͻn so
Surah Al-Jinn, Verse 4


وَأَنَّا ظَنَنَّآ أَن لَّن تَقُولَ ٱلۡإِنسُ وَٱلۡجِنُّ عَلَى ٱللَّهِ كَذِبٗا

Yε’deε na yε’dwen sε, onipa ne Jinn ntumi ntwa nkontompo nnto Nyankopͻn so
Surah Al-Jinn, Verse 5


وَأَنَّهُۥ كَانَ رِجَالٞ مِّنَ ٱلۡإِنسِ يَعُوذُونَ بِرِجَالٖ مِّنَ ٱلۡجِنِّ فَزَادُوهُمۡ رَهَقٗا

Nokorε sε, mmarima no bi wͻ nnipa mu a, wͻ’hwehwε ntwitwageε firi Jinn mmarima no mu bi hͻ, enti wͻ’ma (nnipa no) tͻkͻso di nsεmmͻne
Surah Al-Jinn, Verse 6


وَأَنَّهُمۡ ظَنُّواْ كَمَا ظَنَنتُمۡ أَن لَّن يَبۡعَثَ ٱللَّهُ أَحَدٗا

Nokorε sε, wᴐ’dwen sεdeε mo (nnipa no mu bi) dwen sε Nyankopͻn nnsoma (ᴐsomafoͻ) biara no
Surah Al-Jinn, Verse 7


وَأَنَّا لَمَسۡنَا ٱلسَّمَآءَ فَوَجَدۡنَٰهَا مُلِئَتۡ حَرَسٗا شَدِيدٗا وَشُهُبٗا

Nokorε sε, na yεrehwehwε (kwan) sε, yεbeduru ͻsoro hͻ (akͻtie adwen a, εhͻfoͻ no refa), nanso yehunuu sε, awεnfoͻ ahoͻdenfoͻ ne ogya tanaa ayε hͻ mma
Surah Al-Jinn, Verse 8


وَأَنَّا كُنَّا نَقۡعُدُ مِنۡهَا مَقَٰعِدَ لِلسَّمۡعِۖ فَمَن يَسۡتَمِعِ ٱلۡأٓنَ يَجِدۡ لَهُۥ شِهَابٗا رَّصَدٗا

Na anka yεkͻtena (ͻsoro) tenabea no mu baabi sεdeε yεbεtie (ͻsoro asafo no adwen a, wͻ’refa). Na seesei deε obi a (ͻbεkͻ hͻ) akotie no, ͻbεkͻ akͻto ogya tanaa a εretwεn no
Surah Al-Jinn, Verse 9


وَأَنَّا لَا نَدۡرِيٓ أَشَرٌّ أُرِيدَ بِمَن فِي ٱلۡأَرۡضِ أَمۡ أَرَادَ بِهِمۡ رَبُّهُمۡ رَشَدٗا

Nokorε nso sε yɛ’nnnim sε bͻne na Ɔrehwehwε ama asaase so foͻ, anaasε ͻkwan kyerε bi na wͻn Wura Nyankopͻn rehwehwε ama wͻn
Surah Al-Jinn, Verse 10


وَأَنَّا مِنَّا ٱلصَّـٰلِحُونَ وَمِنَّا دُونَ ذَٰلِكَۖ كُنَّا طَرَآئِقَ قِدَدٗا

Nokorε sε yεn mu bi yε apapafoͻ, na ebinom nso nte saa, yegu ahodoͻ a yε’nam akwan sononko-sononko
Surah Al-Jinn, Verse 11


وَأَنَّا ظَنَنَّآ أَن لَّن نُّعۡجِزَ ٱللَّهَ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَلَن نُّعۡجِزَهُۥ هَرَبٗا

Yenim yie sε, yenntumi nwane Nyankopͻn wͻ asaase yi so, na yenntumi nso nntu nwane no (wͻ ewiem)
Surah Al-Jinn, Verse 12


وَأَنَّا لَمَّا سَمِعۡنَا ٱلۡهُدَىٰٓ ءَامَنَّا بِهِۦۖ فَمَن يُؤۡمِنۢ بِرَبِّهِۦ فَلَا يَخَافُ بَخۡسٗا وَلَا رَهَقٗا

Enti εberε a yε’tee tenenee no ho asεm no, yε’gye dii. Na obi a ͻbεgye Nyankopͻn adie no, onsuro papa ho asisie (sε ne papa so bεteε), anaa bͻne nso ho asisie (sε yεde bͻne a ͻnyͻeε bεma no)
Surah Al-Jinn, Verse 13


وَأَنَّا مِنَّا ٱلۡمُسۡلِمُونَ وَمِنَّا ٱلۡقَٰسِطُونَۖ فَمَنۡ أَسۡلَمَ فَأُوْلَـٰٓئِكَ تَحَرَّوۡاْ رَشَدٗا

Yεn mu bi yε Muslimifoͻ, εna yεn mu bi nso ayera anaa wͻn amane afri kwan tenenee no soͻ. Enti obi a ͻbεyε Muslim aberε ne ho ase (ama Nyankopͻn) no, saa nkorͻfoͻ no na wᴐn afa tenenee kwan no
Surah Al-Jinn, Verse 14


وَأَمَّا ٱلۡقَٰسِطُونَ فَكَانُواْ لِجَهَنَّمَ حَطَبٗا

Na mmom ayerafoͻ no deε wͻ’ne Amane-hunu gya no nnyentia no
Surah Al-Jinn, Verse 15


وَأَلَّوِ ٱسۡتَقَٰمُواْ عَلَى ٱلطَّرِيقَةِ لَأَسۡقَيۡنَٰهُم مَّآءً غَدَقٗا

Sε wͻ’regyina pintinn wͻ ͻkwan tenenee no so a, anka Yε’bεma wͻn nsuo anom ama abu (wͻn) so
Surah Al-Jinn, Verse 16


لِّنَفۡتِنَهُمۡ فِيهِۚ وَمَن يُعۡرِضۡ عَن ذِكۡرِ رَبِّهِۦ يَسۡلُكۡهُ عَذَابٗا صَعَدٗا

Sεdeε Yε’de bεyε wͻn nsͻhwε. Na obi a ͻbεtwe ne ho afri ne Wura Nyankopͻn Afutusεm no ho no, Ɔbεma no akͻ asotwee kεseε paa mu
Surah Al-Jinn, Verse 17


وَأَنَّ ٱلۡمَسَٰجِدَ لِلَّهِ فَلَا تَدۡعُواْ مَعَ ٱللَّهِ أَحَدٗا

Nokorε sε, Nyamefrε bea biara wͻ Nyankopͻn, enti monhwε na moannsu anfrε obiara (wͻ hͻ) ka Nyankopͻn nko ara ho
Surah Al-Jinn, Verse 18


وَأَنَّهُۥ لَمَّا قَامَ عَبۡدُ ٱللَّهِ يَدۡعُوهُ كَادُواْ يَكُونُونَ عَلَيۡهِ لِبَدٗا

Nokorε sε, εberε a Nyankopͻn akoa (Muhammad) gyina hͻ rebͻ mpae sufrε no no, εkaa kakraabi sε anka (Jinnfoͻ no) kͻkyere guu no so wͻ akͻnkͻn so
Surah Al-Jinn, Verse 19


قُلۡ إِنَّمَآ أَدۡعُواْ رَبِّي وَلَآ أُشۡرِكُ بِهِۦٓ أَحَدٗا

(Nkͻmhyεni), ka sε: “Medeε me Wura Nyankopͻn na mesu frε no, na mennfa biribi mmata ne ho “
Surah Al-Jinn, Verse 20


قُلۡ إِنِّي لَآ أَمۡلِكُ لَكُمۡ ضَرّٗا وَلَا رَشَدٗا

Ka sε: “Medeε menni bͻne anaasε papa so tumi bi dema mo’’
Surah Al-Jinn, Verse 21


قُلۡ إِنِّي لَن يُجِيرَنِي مِنَ ٱللَّهِ أَحَدٞ وَلَنۡ أَجِدَ مِن دُونِهِۦ مُلۡتَحَدًا

Ka sε: “Obiara nntumi nnye me mfiri Nyankopͻn nsam, na mefri n’akyi nso a mennya dwanekͻ bea
Surah Al-Jinn, Verse 22


إِلَّا بَلَٰغٗا مِّنَ ٱللَّهِ وَرِسَٰلَٰتِهِۦۚ وَمَن يَعۡصِ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥ فَإِنَّ لَهُۥ نَارَ جَهَنَّمَ خَٰلِدِينَ فِيهَآ أَبَدًا

Mmom (m’adwuma nesε) mεbͻ nsεm a efiri Nyankopͻn hͻ no ho dawuro. Enti obi a ͻbεte Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no so atua no, nokorε sε, ͻwͻ Amanhunu gya a, ͻbεtena mu afe bͻͻ
Surah Al-Jinn, Verse 23


حَتَّىٰٓ إِذَا رَأَوۡاْ مَا يُوعَدُونَ فَسَيَعۡلَمُونَ مَنۡ أَضۡعَفُ نَاصِرٗا وَأَقَلُّ عَدَدٗا

(Abosomsomfoͻ no de asoͻden saa ara) kͻpem εberε a, wͻ’behunu deε yahyε wͻn ho bͻ no, εhͻ na wͻ’behunu obi a n’aboafoͻ nni ahoͻden na (wͻn) dodoͻ nso yε kakraabi
Surah Al-Jinn, Verse 24


قُلۡ إِنۡ أَدۡرِيٓ أَقَرِيبٞ مَّا تُوعَدُونَ أَمۡ يَجۡعَلُ لَهُۥ رَبِّيٓ أَمَدًا

(Nkͻmhyεni), ka sε: “Medeε mennim sε deε yahyε mo ho bͻ no abεn, anaasε me Wura Nyankopͻn de bεhyε εberε tenten bi
Surah Al-Jinn, Verse 25


عَٰلِمُ ٱلۡغَيۡبِ فَلَا يُظۡهِرُ عَلَىٰ غَيۡبِهِۦٓ أَحَدًا

Ahuntasεm mu Nimdefoͻ (Nyame), Ɔnna N’ahuntasεm adi nnkyerε obiara
Surah Al-Jinn, Verse 26


إِلَّا مَنِ ٱرۡتَضَىٰ مِن رَّسُولٖ فَإِنَّهُۥ يَسۡلُكُ مِنۢ بَيۡنِ يَدَيۡهِ وَمِنۡ خَلۡفِهِۦ رَصَدٗا

Gyesε Ɔsomani a W’ayi no. Nokorε sε, Ɔma Awεnfoͻ di n’anim ne n’akyi
Surah Al-Jinn, Verse 27


لِّيَعۡلَمَ أَن قَدۡ أَبۡلَغُواْ رِسَٰلَٰتِ رَبِّهِمۡ وَأَحَاطَ بِمَا لَدَيۡهِمۡ وَأَحۡصَىٰ كُلَّ شَيۡءٍ عَدَدَۢا

Sεdeε Obεhunu sε ampa, wͻ’abͻ wͻn Wura Nyankopͻn asεm no ho dawuro. (Ne nimdeε) atwa deε εwͻ wͻn hͻ no (nyinaa) ho ahyia, na Wakan biribiara nso dodoͻ, (anaasε Onim biribiara dodoͻ)
Surah Al-Jinn, Verse 28


Author: Sheikh Haroun Ismaeel


<< Surah 71
>> Surah 73

Twi Translations by other Authors


Twi Translation By Sheikh Haroun Ismaeel
Popular Areas
Apartments for rent in Dubai Apartments for rent Abu Dhabi Villas for rent in Dubai House for rent Abu Dhabi Apartments for sale in Dubai Apartments for sale in Abu Dhabi Flat for rent Sharjah
Popular Searches
Studios for rent in UAE Apartments for rent in UAE Villas for rent in UAE Apartments for sale in UAE Villas for sale in UAE Land for sale in UAE Dubai Real Estate
Trending Areas
Apartments for rent in Dubai Marina Apartments for sale in Dubai Marina Villa for rent in Sharjah Villa for sale in Dubai Flat for rent in Ajman Studio for rent in Abu Dhabi Villa for rent in Ajman
Trending Searches
Villa for rent in Abu Dhabi Shop for rent in Dubai Villas for sale in Ajman Studio for rent in Sharjah 1 Bedroom Apartment for rent in Dubai Property for rent in Abu Dhabi Commercial properties for sale
© Copyright Dubai Prayer Time. All Rights Reserved
Designed by Prayer Time In Dubai