Surah Al-Muddathir Verse 31 - Twi Translation by Sheikh Haroun Ismaeel
Surah Al-Muddathirوَمَا جَعَلۡنَآ أَصۡحَٰبَ ٱلنَّارِ إِلَّا مَلَـٰٓئِكَةٗۖ وَمَا جَعَلۡنَا عِدَّتَهُمۡ إِلَّا فِتۡنَةٗ لِّلَّذِينَ كَفَرُواْ لِيَسۡتَيۡقِنَ ٱلَّذِينَ أُوتُواْ ٱلۡكِتَٰبَ وَيَزۡدَادَ ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ إِيمَٰنٗا وَلَا يَرۡتَابَ ٱلَّذِينَ أُوتُواْ ٱلۡكِتَٰبَ وَٱلۡمُؤۡمِنُونَ وَلِيَقُولَ ٱلَّذِينَ فِي قُلُوبِهِم مَّرَضٞ وَٱلۡكَٰفِرُونَ مَاذَآ أَرَادَ ٱللَّهُ بِهَٰذَا مَثَلٗاۚ كَذَٰلِكَ يُضِلُّ ٱللَّهُ مَن يَشَآءُ وَيَهۡدِي مَن يَشَآءُۚ وَمَا يَعۡلَمُ جُنُودَ رَبِّكَ إِلَّا هُوَۚ وَمَا هِيَ إِلَّا ذِكۡرَىٰ لِلۡبَشَرِ
Soro abͻfoͻ na Ya’yε wͻn Amanhunu gya no so hwεfoͻ; na Ya’yε wͻn dodoͻ (dunkron no,) sεdeε εbεyε suntidua ama wͻn a wͻ’nnye nnie no; na εbεma wͻn a y’ama wͻn Nyame-som ho Nwoma no gyidie asi pi, na gyidie foforͻ bεsan abεka wͻn a wͻ’agye adie no gyidie ho, na wͻn a yε’maa wͻn Nyamesom ho Nwoma no ne agyidiefoͻ no akoma nnhinhim, na afei wͻn a yadeε wͻ wͻn akoma mu no, ne wͻn a wͻ’nnye nnie no bεka sε: ‘’Ɛdeεn na Nyankopͻn de saa mfatoho yi repε akyerε?’’ Saa ara na Nyankopͻn yera obi a Ɔpε, εna Ɔkyerε obi a Ɔpε nso kwan. Obiara nnim wo Wura Nyankopͻn Asraafoͻ no, (anaa wͻn dodoͻ), gyesε Ɔno ara. Woi yε Afutusεm dema adasamma