Surah Al-Mutaffifin - Twi Translation by Sheikh Haroun Ismaeel
وَيۡلٞ لِّلۡمُطَفِّفِينَ
Due nka asisiefoͻ no
Surah Al-Mutaffifin, Verse 1
ٱلَّذِينَ إِذَا ٱكۡتَالُواْ عَلَى ٱلنَّاسِ يَسۡتَوۡفُونَ
Wͻn a sε wͻ’hyε (biribi tesε kookoo anaa aburoo anaa nkyene anaa εmoo) afri (obi hͻ a) wͻ'hyε ma εyε mma
Surah Al-Mutaffifin, Verse 2
وَإِذَا كَالُوهُمۡ أَو وَّزَنُوهُمۡ يُخۡسِرُونَ
Na sε wͻ’rehyε anaasε wͻ’resusu (ama obi a) wͻ’te so (bͻ saa nipa no nyansa korͻno)
Surah Al-Mutaffifin, Verse 3
أَلَا يَظُنُّ أُوْلَـٰٓئِكَ أَنَّهُم مَّبۡعُوثُونَ
Enti saa nkorͻfoͻ no nnwen sε yεbenyane wͻn
Surah Al-Mutaffifin, Verse 4
لِيَوۡمٍ عَظِيمٖ
Ama Ɛda kεseε bi
Surah Al-Mutaffifin, Verse 5
يَوۡمَ يَقُومُ ٱلنَّاسُ لِرَبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Ɛda a nnipa nyinaa begyina Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn anim no
Surah Al-Mutaffifin, Verse 6
كَلَّآ إِنَّ كِتَٰبَ ٱلۡفُجَّارِ لَفِي سِجِّينٖ
Daabi, Abͻnefoͻ no Nwoma wͻ ‘Sijjinn’ mu
Surah Al-Mutaffifin, Verse 7
وَمَآ أَدۡرَىٰكَ مَا سِجِّينٞ
Na εdeεn na εbεkyerε wo adeε a εyε ‘Sijjnn’ no
Surah Al-Mutaffifin, Verse 8
كِتَٰبٞ مَّرۡقُومٞ
Ɛyε Nwoma a yatwerε (fa abͻneεfoͻ no nyuma ho)
Surah Al-Mutaffifin, Verse 9
وَيۡلٞ يَوۡمَئِذٖ لِّلۡمُكَذِّبِينَ
Saa Da no, due nka wͻn a wͻ’fa (Nokorε no) sε atorͻsεm no
Surah Al-Mutaffifin, Verse 10
ٱلَّذِينَ يُكَذِّبُونَ بِيَوۡمِ ٱلدِّينِ
Wͻn a wͻ’fa Akatua da no atorᴐsԑm no
Surah Al-Mutaffifin, Verse 11
وَمَا يُكَذِّبُ بِهِۦٓ إِلَّا كُلُّ مُعۡتَدٍ أَثِيمٍ
Na obiara nnihͻ a ᴐfa no atorᴐsԑm, gyesε mmaratoni, ͻbͻneεni
Surah Al-Mutaffifin, Verse 12
إِذَا تُتۡلَىٰ عَلَيۡهِ ءَايَٰتُنَا قَالَ أَسَٰطِيرُ ٱلۡأَوَّلِينَ
Sε yεrekenkan Yεn Nsεm no kyerε no a, deε ͻka ne sε: “Tetefoͻ no anansesεm”
Surah Al-Mutaffifin, Verse 13
كَلَّاۖ بَلۡۜ رَانَ عَلَىٰ قُلُوبِهِم مَّا كَانُواْ يَكۡسِبُونَ
Daabi, (Dwumadi bͻne a) wͻ’nsa aka no awe naakyee wͻ wͻn akoma mu
Surah Al-Mutaffifin, Verse 14
كَلَّآ إِنَّهُمۡ عَن رَّبِّهِمۡ يَوۡمَئِذٖ لَّمَحۡجُوبُونَ
Daabi, saa Da no yεde ntwaremu betware wͻn ne wͻn Wura Nyankopͻn ntεm
Surah Al-Mutaffifin, Verse 15
ثُمَّ إِنَّهُمۡ لَصَالُواْ ٱلۡجَحِيمِ
Afei yεde wͻn bεkͻ Amanehunu gya no mu
Surah Al-Mutaffifin, Verse 16
ثُمَّ يُقَالُ هَٰذَا ٱلَّذِي كُنتُم بِهِۦ تُكَذِّبُونَ
Afei yεbεka sε: “Woi na mofaa no atorͻsεm no “
Surah Al-Mutaffifin, Verse 17
كَلَّآ إِنَّ كِتَٰبَ ٱلۡأَبۡرَارِ لَفِي عِلِّيِّينَ
Aane, nokorε sε apapafoͻ no Nwoma wͻ ‘illiyyiin
Surah Al-Mutaffifin, Verse 18
وَمَآ أَدۡرَىٰكَ مَا عِلِّيُّونَ
Na εdeεn na εbεkyerε wo deε εyε ‘Illiyyuun’ no
Surah Al-Mutaffifin, Verse 19
كِتَٰبٞ مَّرۡقُومٞ
Ɛyε (apapafoͻ no nyuma a y’atwerε) ho Nwoma
Surah Al-Mutaffifin, Verse 20
يَشۡهَدُهُ ٱلۡمُقَرَّبُونَ
(Soro Abͻfoͻ) a wͻ’bεn (Nyankopͻn) no di ho adanseε
Surah Al-Mutaffifin, Verse 21
إِنَّ ٱلۡأَبۡرَارَ لَفِي نَعِيمٍ
Nokorε sε, apapafoͻ no wͻ anigyeε mu
Surah Al-Mutaffifin, Verse 22
عَلَى ٱلۡأَرَآئِكِ يَنظُرُونَ
Wͻ Animuonyam Ahennwa so rehwε (deε εrekͻ soͻ)
Surah Al-Mutaffifin, Verse 23
تَعۡرِفُ فِي وُجُوهِهِمۡ نَضۡرَةَ ٱلنَّعِيمِ
Wohunu anigyeε no nhyerεnee wͻ wͻn anim
Surah Al-Mutaffifin, Verse 24
يُسۡقَوۡنَ مِن رَّحِيقٖ مَّخۡتُومٍ
Yε’bεma wͻn nsa kronkron a yatua ano anom
Surah Al-Mutaffifin, Verse 25
خِتَٰمُهُۥ مِسۡكٞۚ وَفِي ذَٰلِكَ فَلۡيَتَنَافَسِ ٱلۡمُتَنَٰفِسُونَ
Nentuano no yε ‘Misk’. Woi so na wͻn a, wͻ siakan (wc nnepa ho no) nsiakan
Surah Al-Mutaffifin, Verse 26
وَمِزَاجُهُۥ مِن تَسۡنِيمٍ
‘Tasniim’ na yεde bεfra (saa nsa no)
Surah Al-Mutaffifin, Verse 27
عَيۡنٗا يَشۡرَبُ بِهَا ٱلۡمُقَرَّبُونَ
(‘Tasniim no) yε Asutire bi a wͻn a wͻ’bεn (Nyankopͻn) no bεnom mu (nsuo)
Surah Al-Mutaffifin, Verse 28
إِنَّ ٱلَّذِينَ أَجۡرَمُواْ كَانُواْ مِنَ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ يَضۡحَكُونَ
Nokorε sε na abͻneεfoͻ no sere wͻn a, wͻ’agye adie no
Surah Al-Mutaffifin, Verse 29
وَإِذَا مَرُّواْ بِهِمۡ يَتَغَامَزُونَ
Sε wᴐ’retwa mu (wͻ agyidiefoͻ no) ho a, (boniayεfoͻ no) bͻ wͻn ani kyerε wͻn ho wͻn ho (dedi agyidiefoͻ no ho fεw)
Surah Al-Mutaffifin, Verse 30
وَإِذَا ٱنقَلَبُوٓاْ إِلَىٰٓ أَهۡلِهِمُ ٱنقَلَبُواْ فَكِهِينَ
Sε wͻ’san kͻ wͻn nkorͻfoͻ no hͻ a, wͻ’san kͻ no fεw die so
Surah Al-Mutaffifin, Verse 31
وَإِذَا رَأَوۡهُمۡ قَالُوٓاْ إِنَّ هَـٰٓؤُلَآءِ لَضَآلُّونَ
Sε wͻ’hu (agyidiefoͻ) no a, asεm a wͻ’ka ne sε: “Nokorε sε, saa nkorͻfoͻ yi ayera paa.”
Surah Al-Mutaffifin, Verse 32
وَمَآ أُرۡسِلُواْ عَلَيۡهِمۡ حَٰفِظِينَ
Nanso yεnsomaa wͻn sε wͻ’mεhwε (agyidiefoͻ no) so
Surah Al-Mutaffifin, Verse 33
فَٱلۡيَوۡمَ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ مِنَ ٱلۡكُفَّارِ يَضۡحَكُونَ
Saa Da no deε, wͻn a wͻ’agye adie no bεsere wͻn a wͻ’annye annie no
Surah Al-Mutaffifin, Verse 34
عَلَى ٱلۡأَرَآئِكِ يَنظُرُونَ
(Wͻ’tete) Animuonyam Ahennwa so rehwε (deε εrekͻ soͻ)
Surah Al-Mutaffifin, Verse 35
هَلۡ ثُوِّبَ ٱلۡكُفَّارُ مَا كَانُواْ يَفۡعَلُونَ
Enti boniayεfoͻ no nyaa deε na wͻ’yε no so akatua pεpεεpε
Surah Al-Mutaffifin, Verse 36