Surah At-Taubah Verse 69 - Twi Translation by Sheikh Haroun Ismaeel
Surah At-Taubahكَٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِكُمۡ كَانُوٓاْ أَشَدَّ مِنكُمۡ قُوَّةٗ وَأَكۡثَرَ أَمۡوَٰلٗا وَأَوۡلَٰدٗا فَٱسۡتَمۡتَعُواْ بِخَلَٰقِهِمۡ فَٱسۡتَمۡتَعۡتُم بِخَلَٰقِكُمۡ كَمَا ٱسۡتَمۡتَعَ ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِكُم بِخَلَٰقِهِمۡ وَخُضۡتُمۡ كَٱلَّذِي خَاضُوٓاْۚ أُوْلَـٰٓئِكَ حَبِطَتۡ أَعۡمَٰلُهُمۡ فِي ٱلدُّنۡيَا وَٱلۡأٓخِرَةِۖ وَأُوْلَـٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡخَٰسِرُونَ
(Wͻn mfatoho) tesε wͻn a wͻ’dii moanim kan no; na wͻn ahoͻden ne wͻn sika dodoͻ ne wͻn mma dͻͻso kyεn mo deε. Enti wͻ’de wͻn kyεfa gyee wͻn ani, enti monso mode mokyεfa agye moani sεdeε wͻn a wͻ’dii moanim kan no de wͻn kyεfa gyee wͻn ani no, na moka nsεm hunu sεdeε wͻ’kaa nsεm hunu no. Saa nkorͻfoͻ no na wͻn nyuma ayε kwa wͻ wiase ne Daakye no, na saa nkorͻfoͻ no ne berεguofoͻ no