UAE Prayer Times

  • Dubai
  • Abu Dhabi
  • Sharjah
  • Ajman
  • Fujairah
  • Umm Al Quwain
  • Ras Al Khaimah
  • Quran Translations

Surah As-Sajda - Twi Translation by Sheikh Haroun Ismaeel


الٓمٓ

Alif – Laam – Miim
Surah As-Sajda, Verse 1


تَنزِيلُ ٱلۡكِتَٰبِ لَا رَيۡبَ فِيهِ مِن رَّبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ

Nwoma yi mu Adiyisεm no, akyinnyeε biara nni ho, efri Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no hͻ
Surah As-Sajda, Verse 2


أَمۡ يَقُولُونَ ٱفۡتَرَىٰهُۚ بَلۡ هُوَ ٱلۡحَقُّ مِن رَّبِّكَ لِتُنذِرَ قَوۡمٗا مَّآ أَتَىٰهُم مِّن نَّذِيرٖ مِّن قَبۡلِكَ لَعَلَّهُمۡ يَهۡتَدُونَ

Anaasε wͻ’ka sε, w’abͻ netrim? Daabi, εno ne nokorε no a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ no, sεdeε wode bεbͻ amanfoͻ no a kͻkͻbͻni biara nnii w’anim kan mmaa wͻn hͻ da no kͻkͻ sεdeε wͻ’benya kwan kyerε
Surah As-Sajda, Verse 3


ٱللَّهُ ٱلَّذِي خَلَقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ وَمَا بَيۡنَهُمَا فِي سِتَّةِ أَيَّامٖ ثُمَّ ٱسۡتَوَىٰ عَلَى ٱلۡعَرۡشِۖ مَا لَكُم مِّن دُونِهِۦ مِن وَلِيّٖ وَلَا شَفِيعٍۚ أَفَلَا تَتَذَكَّرُونَ

Nyankopͻn no a Ɔde nna nsia bͻͻ soro ne asaase ne deε εwͻ ne mmienu mfinfii, εna afei Ɔde Neho sii Tumi ahennwa no soͻ. Monni okyitaafoͻ anaa otwitwagyefoͻ biara wͻ N’akyi. Enti monnfa adwen
Surah As-Sajda, Verse 4


يُدَبِّرُ ٱلۡأَمۡرَ مِنَ ٱلسَّمَآءِ إِلَى ٱلۡأَرۡضِ ثُمَّ يَعۡرُجُ إِلَيۡهِ فِي يَوۡمٖ كَانَ مِقۡدَارُهُۥٓ أَلۡفَ سَنَةٖ مِّمَّا تَعُدُّونَ

Ɔyε ntotoeε no fri soro deba asaase so; afei na εde dakoro a nensusueε bεyε mfie apem sεdeε mosi bu monkonta no afro kͻ Nehͻ
Surah As-Sajda, Verse 5


ذَٰلِكَ عَٰلِمُ ٱلۡغَيۡبِ وَٱلشَّهَٰدَةِ ٱلۡعَزِيزُ ٱلرَّحِيمُ

Ɔno ne Kokoa mu ne Badwa mu Nimdefoͻ no, Otumfoᴐ no a otumi ade nyinaa yε no, Ahumumᴐborᴐ Hene no
Surah As-Sajda, Verse 6


ٱلَّذِيٓ أَحۡسَنَ كُلَّ شَيۡءٍ خَلَقَهُۥۖ وَبَدَأَ خَلۡقَ ٱلۡإِنسَٰنِ مِن طِينٖ

(Otumfoᴐ) no a Ɔbͻͻ biribiara yie; na Ɔde nεteε na εhyεε onipa mmͻeε aseε
Surah As-Sajda, Verse 7


ثُمَّ جَعَلَ نَسۡلَهُۥ مِن سُلَٰلَةٖ مِّن مَّآءٖ مَّهِينٖ

Afei n’asefoͻ no nso Oyii wͻn fri nsuo a yebu no animtia mu
Surah As-Sajda, Verse 8


ثُمَّ سَوَّىٰهُ وَنَفَخَ فِيهِ مِن رُّوحِهِۦۖ وَجَعَلَ لَكُمُ ٱلسَّمۡعَ وَٱلۡأَبۡصَٰرَ وَٱلۡأَفۡـِٔدَةَۚ قَلِيلٗا مَّا تَشۡكُرُونَ

Afei Ɔyεε no pεpεεpε, εna Ɔhomee Ne honhom guu ne mu; εna Ɔmaa mo (aso a mode) te asεm, ne (ani a mode) hunuu adeε ne akoma. (Woi nyinaa mu no) aseda kakraabi na mode da (no) aseε
Surah As-Sajda, Verse 9


وَقَالُوٓاْ أَءِذَا ضَلَلۡنَا فِي ٱلۡأَرۡضِ أَءِنَّا لَفِي خَلۡقٖ جَدِيدِۭۚ بَلۡ هُم بِلِقَآءِ رَبِّهِمۡ كَٰفِرُونَ

Deԑ wͻ’ka nesε: “(Enti sε yewu) na yεyera wͻ asaase mu a yε’bεsan ayε abͻdeε foforͻ bio?” Aane, nanso wͻ’nnye wͻn Wura Nyankopͻn nhyiamu (da no) nni
Surah As-Sajda, Verse 10


۞قُلۡ يَتَوَفَّىٰكُم مَّلَكُ ٱلۡمَوۡتِ ٱلَّذِي وُكِّلَ بِكُمۡ ثُمَّ إِلَىٰ رَبِّكُمۡ تُرۡجَعُونَ

Ka sε: “Soro abͻfoͻ agyenkwa a ͻhwε mo soͻ no beyi monkwa. Afei mo Wura Nyankopͻn hͻ na mobεsan akͻ”
Surah As-Sajda, Verse 11


وَلَوۡ تَرَىٰٓ إِذِ ٱلۡمُجۡرِمُونَ نَاكِسُواْ رُءُوسِهِمۡ عِندَ رَبِّهِمۡ رَبَّنَآ أَبۡصَرۡنَا وَسَمِعۡنَا فَٱرۡجِعۡنَا نَعۡمَلۡ صَٰلِحًا إِنَّا مُوقِنُونَ

Sε anka worehunu sεdeε abͻneεfoͻ no asisi wͻn tri ase wͻ wͻn Wura Nyankopͻn anim (reka sε): “Ye’Wura afei deε y’ahunu na y’ate nso, enti ma yεnsan y’akyi nkͻ (wiase) nkodi dwuma pa no, nokorε sε (afei deε) y’agye adi paa.”
Surah As-Sajda, Verse 12


وَلَوۡ شِئۡنَا لَأٓتَيۡنَا كُلَّ نَفۡسٍ هُدَىٰهَا وَلَٰكِنۡ حَقَّ ٱلۡقَوۡلُ مِنِّي لَأَمۡلَأَنَّ جَهَنَّمَ مِنَ ٱلۡجِنَّةِ وَٱلنَّاسِ أَجۡمَعِينَ

Sε Yε’pε a anka Yε’de onipa biara kwankyerε bεma no (anaasε anka yεbεkyerε onipa biara kwan), nanso asεm a efri Mehͻ no yε nokorε sε: “Mεka Jinn ne nnipa abom de wͻn ahyε Amanehunu gya no mma
Surah As-Sajda, Verse 13


فَذُوقُواْ بِمَا نَسِيتُمۡ لِقَآءَ يَوۡمِكُمۡ هَٰذَآ إِنَّا نَسِينَٰكُمۡۖ وَذُوقُواْ عَذَابَ ٱلۡخُلۡدِ بِمَا كُنتُمۡ تَعۡمَلُونَ

Enti monka (asotwee no) nhwε, εnam sε mowerε frii mo nnε da nhyiamu yi nti. Enti Yεn nso Yε’werε befri mo. Monka daadaa asotwee no nhwε, εnam dwuma a na modie no ho nti.”
Surah As-Sajda, Verse 14


إِنَّمَا يُؤۡمِنُ بِـَٔايَٰتِنَا ٱلَّذِينَ إِذَا ذُكِّرُواْ بِهَا خَرُّواْۤ سُجَّدٗاۤ وَسَبَّحُواْ بِحَمۡدِ رَبِّهِمۡ وَهُمۡ لَا يَسۡتَكۡبِرُونَ۩

Wͻn a wͻ’gye Yε’nsεm no die no ne wͻn a sε yεde Yε’nsεm no tu wͻn fo a, wͻ’de wͻn ho kͻ fͻm de wͻn anim butu fͻm, na wͻ’bͻ wͻn Wura Nyankopͻn abodin kamfo no, na wͻ’nnyε ahomasoͻ
Surah As-Sajda, Verse 15


تَتَجَافَىٰ جُنُوبُهُمۡ عَنِ ٱلۡمَضَاجِعِ يَدۡعُونَ رَبَّهُمۡ خَوۡفٗا وَطَمَعٗا وَمِمَّا رَزَقۡنَٰهُمۡ يُنفِقُونَ

(Nyankopͻn ho dͻ nti wͻ’sͻre anadwo) gya wͻn kεtε, wͻ’sufrε wͻn Wura Nyankopͻn wͻ ehuu mu ne ani daasoͻ mu, na deε Yε’de ama wͻn no nso wͻ’yi mu bi dema
Surah As-Sajda, Verse 16


فَلَا تَعۡلَمُ نَفۡسٞ مَّآ أُخۡفِيَ لَهُم مِّن قُرَّةِ أَعۡيُنٖ جَزَآءَۢ بِمَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ

Ɔkra biara nnim anigyedeε a yεde asie ama wͻn; εyε dwumadi (pa) a na wͻn die no ho akatua
Surah As-Sajda, Verse 17


أَفَمَن كَانَ مُؤۡمِنٗا كَمَن كَانَ فَاسِقٗاۚ لَّا يَسۡتَوُۥنَ

Enti obi a ͻyε gyidieni ne obi a ͻyε kohwini (anaa ͻbͻneεni no) yε pε? (Daabi) wͻ’nnyε pε
Surah As-Sajda, Verse 18


أَمَّا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّـٰلِحَٰتِ فَلَهُمۡ جَنَّـٰتُ ٱلۡمَأۡوَىٰ نُزُلَۢا بِمَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ

Wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no deε wͻ’benya Soro Aheman no mu atena, εhͻ yε ahomegye bea, εnam dwumadi pa a wͻ’dieε no nti
Surah As-Sajda, Verse 19


وَأَمَّا ٱلَّذِينَ فَسَقُواْ فَمَأۡوَىٰهُمُ ٱلنَّارُۖ كُلَّمَآ أَرَادُوٓاْ أَن يَخۡرُجُواْ مِنۡهَآ أُعِيدُواْ فِيهَا وَقِيلَ لَهُمۡ ذُوقُواْ عَذَابَ ٱلنَّارِ ٱلَّذِي كُنتُم بِهِۦ تُكَذِّبُونَ

Wͻn nso a wͻ’bͻͻ akohwie (dii nsεmmͻnee) no deε wͻn asetena ne egya no mu. Ɛberε biara a wͻ’bεpεsε wͻ’fri mu no yεbεsan de wͻn akͻ mu bio, na yεbεka akyerε wͻn sε: “Monka egya asotwee no a mobuu no atͻrͻsεm no nhwε “
Surah As-Sajda, Verse 20


وَلَنُذِيقَنَّهُم مِّنَ ٱلۡعَذَابِ ٱلۡأَدۡنَىٰ دُونَ ٱلۡعَذَابِ ٱلۡأَكۡبَرِ لَعَلَّهُمۡ يَرۡجِعُونَ

Nokorε sε Yε’bεma wͻn aka asotwee a εbεn no bi ahwε (wͻ wiase ha), ansa na asotwee kεseε no (aba) sεdeε wͻ’bεsan wͻn akyi (afri wͻn bͻne mu)
Surah As-Sajda, Verse 21


وَمَنۡ أَظۡلَمُ مِمَّن ذُكِّرَ بِـَٔايَٰتِ رَبِّهِۦ ثُمَّ أَعۡرَضَ عَنۡهَآۚ إِنَّا مِنَ ٱلۡمُجۡرِمِينَ مُنتَقِمُونَ

Hwan na ͻyε nnipa bͻneni kyεn obi a yεde ne Wura Nyankopͻn nsεm no tu no fo a ͻtwe neho fri ho? Nokorε sε Yε’betua abͻneεfoͻ no so ka
Surah As-Sajda, Verse 22


وَلَقَدۡ ءَاتَيۡنَا مُوسَى ٱلۡكِتَٰبَ فَلَا تَكُن فِي مِرۡيَةٖ مِّن لِّقَآئِهِۦۖ وَجَعَلۡنَٰهُ هُدٗى لِّبَنِيٓ إِسۡرَـٰٓءِيلَ

Ampa sε, Yε’de Nwoma no maa Mose, enti εmma w’andwen nnyε wo ntanta wͻ Nenhyiamu no ho; na Yε’yεε no kwankyerε (Nwoma) demaa Israel mma
Surah As-Sajda, Verse 23


وَجَعَلۡنَا مِنۡهُمۡ أَئِمَّةٗ يَهۡدُونَ بِأَمۡرِنَا لَمَّا صَبَرُواْۖ وَكَانُواْ بِـَٔايَٰتِنَا يُوقِنُونَ

Yε’yεε wͻn mu bi nso akandifoͻ a na wͻ’de Ya’hyεdeε no kyerε (amanfoͻ) kwan εnam aboterε a wͻ’nyaeε ho nti, na wͻ’gye Yε’nsεm no di
Surah As-Sajda, Verse 24


إِنَّ رَبَّكَ هُوَ يَفۡصِلُ بَيۡنَهُمۡ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ فِيمَا كَانُواْ فِيهِ يَخۡتَلِفُونَ

Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn bebu wͻn ntεm atεn wͻ Wusͻreε da no wͻ deε wͻ’nnte wͻn ho ase wͻ ho no ho
Surah As-Sajda, Verse 25


أَوَلَمۡ يَهۡدِ لَهُمۡ كَمۡ أَهۡلَكۡنَا مِن قَبۡلِهِم مِّنَ ٱلۡقُرُونِ يَمۡشُونَ فِي مَسَٰكِنِهِمۡۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٍۚ أَفَلَا يَسۡمَعُونَ

Enti awoͻ ntoatoasoͻ dodoͻ a wͻ’dii wͻn anim kan a Y’asεe wͻn a wͻ’nenam wͻn atenaeε no, εnnyε kwankyerε (anaasε adesua anaasε afutuo) mma wͻn? Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu. Enti wͻ’nte anaa
Surah As-Sajda, Verse 26


أَوَلَمۡ يَرَوۡاْ أَنَّا نَسُوقُ ٱلۡمَآءَ إِلَى ٱلۡأَرۡضِ ٱلۡجُرُزِ فَنُخۡرِجُ بِهِۦ زَرۡعٗا تَأۡكُلُ مِنۡهُ أَنۡعَٰمُهُمۡ وَأَنفُسُهُمۡۚ أَفَلَا يُبۡصِرُونَ

Anaasε wͻ’nhunuu sε Yεn na Yepia nsuo no dekͻ asaase a ͻpε asi soͻ a enni mfudeε biara no so, na Yε’de ma nnͻbaeε a wͻn nyεmmoa ne wͻn ara die no fifi? Enti wͻ’nhunu anaa
Surah As-Sajda, Verse 27


وَيَقُولُونَ مَتَىٰ هَٰذَا ٱلۡفَتۡحُ إِن كُنتُمۡ صَٰدِقِينَ

Deε wͻ’ka ne sε: “Ɛberε bεn na saa nkonimdie no bεba sε moyε nokwafoͻ ampa a?”
Surah As-Sajda, Verse 28


قُلۡ يَوۡمَ ٱلۡفَتۡحِ لَا يَنفَعُ ٱلَّذِينَ كَفَرُوٓاْ إِيمَٰنُهُمۡ وَلَا هُمۡ يُنظَرُونَ

Kasε: Nkonimdie da no, wͻn a wͻ’annye annie no gyidie ho mma mfasoͻ mma wͻn, na yεmma wͻn εberε nso
Surah As-Sajda, Verse 29


فَأَعۡرِضۡ عَنۡهُمۡ وَٱنتَظِرۡ إِنَّهُم مُّنتَظِرُونَ

Enti twe wo ho fri wͻn ho na twεn, nokorε sε wͻn (nso) retwεn
Surah As-Sajda, Verse 30


Author: Sheikh Haroun Ismaeel


<< Surah 31
>> Surah 33

Twi Translations by other Authors


Twi Translation By Sheikh Haroun Ismaeel
Popular Areas
Apartments for rent in Dubai Apartments for rent Abu Dhabi Villas for rent in Dubai House for rent Abu Dhabi Apartments for sale in Dubai Apartments for sale in Abu Dhabi Flat for rent Sharjah
Popular Searches
Studios for rent in UAE Apartments for rent in UAE Villas for rent in UAE Apartments for sale in UAE Villas for sale in UAE Land for sale in UAE Dubai Real Estate
Trending Areas
Apartments for rent in Dubai Marina Apartments for sale in Dubai Marina Villa for rent in Sharjah Villa for sale in Dubai Flat for rent in Ajman Studio for rent in Abu Dhabi Villa for rent in Ajman
Trending Searches
Villa for rent in Abu Dhabi Shop for rent in Dubai Villas for sale in Ajman Studio for rent in Sharjah 1 Bedroom Apartment for rent in Dubai Property for rent in Abu Dhabi Commercial properties for sale
© Copyright Dubai Prayer Time. All Rights Reserved
Designed by Prayer Time In Dubai