UAE Prayer Times

  • Dubai
  • Abu Dhabi
  • Sharjah
  • Ajman
  • Fujairah
  • Umm Al Quwain
  • Ras Al Khaimah
  • Quran Translations

Surah Al-Ahzab - Twi Translation by Sheikh Haroun Ismaeel


يَـٰٓأَيُّهَا ٱلنَّبِيُّ ٱتَّقِ ٱللَّهَ وَلَا تُطِعِ ٱلۡكَٰفِرِينَ وَٱلۡمُنَٰفِقِينَۚ إِنَّ ٱللَّهَ كَانَ عَلِيمًا حَكِيمٗا

Nkͻmhyεni, Suro Nyankopͻn, na entie boniayεfoͻ no ne nkͻnkͻnsafoͻ no. Nokorε sε Nyankopͻn ne Onimdefoͻ a Onim biribiara, Ɔne Onyansafoͻ
Surah Al-Ahzab, Verse 1


وَٱتَّبِعۡ مَا يُوحَىٰٓ إِلَيۡكَ مِن رَّبِّكَۚ إِنَّ ٱللَّهَ كَانَ بِمَا تَعۡمَلُونَ خَبِيرٗا

Di deε yayi ama woͻ a efiri wo Wura Nyankopͻn hͻ no akyi. Nokorε sε, Onyankopͻn ne dwuma a modie (nyinaa) ho amane bᴐfoᴐ
Surah Al-Ahzab, Verse 2


وَتَوَكَّلۡ عَلَى ٱللَّهِۚ وَكَفَىٰ بِٱللَّهِ وَكِيلٗا

Na fa woho to Nyankopͻn so, na Nyankopͻn ne Okyitaafoͻ a Ɔsom bo
Surah Al-Ahzab, Verse 3


مَّا جَعَلَ ٱللَّهُ لِرَجُلٖ مِّن قَلۡبَيۡنِ فِي جَوۡفِهِۦۚ وَمَا جَعَلَ أَزۡوَٰجَكُمُ ٱلَّـٰٓـِٔي تُظَٰهِرُونَ مِنۡهُنَّ أُمَّهَٰتِكُمۡۚ وَمَا جَعَلَ أَدۡعِيَآءَكُمۡ أَبۡنَآءَكُمۡۚ ذَٰلِكُمۡ قَوۡلُكُم بِأَفۡوَٰهِكُمۡۖ وَٱللَّهُ يَقُولُ ٱلۡحَقَّ وَهُوَ يَهۡدِي ٱلسَّبِيلَ

Nyankopͻn nyεε akoma mmienu nhyεε onipa biara koko mu, na Ɔnyεε moyere-nom a mode “Iz’haar” gyae wͻn awadeε no sε mo maame, na Ɔnyεε wͻn a (wͻ’te monkyεn a) mofrε wͻn momma no sε momma (paa). Woi yε moara moano asεm, Onyankopͻn na Ɔka nokorε na Ɔno na Ɔkyerε kwan
Surah Al-Ahzab, Verse 4


ٱدۡعُوهُمۡ لِأٓبَآئِهِمۡ هُوَ أَقۡسَطُ عِندَ ٱللَّهِۚ فَإِن لَّمۡ تَعۡلَمُوٓاْ ءَابَآءَهُمۡ فَإِخۡوَٰنُكُمۡ فِي ٱلدِّينِ وَمَوَٰلِيكُمۡۚ وَلَيۡسَ عَلَيۡكُمۡ جُنَاحٞ فِيمَآ أَخۡطَأۡتُم بِهِۦ وَلَٰكِن مَّا تَعَمَّدَتۡ قُلُوبُكُمۡۚ وَكَانَ ٱللَّهُ غَفُورٗا رَّحِيمًا

Monfa wͻn papanom (din) mfrε wͻn, εno na εyε paa wͻ Nyankopͻn anim; sε monnim wͻn papanom a, εneε wͻ’yε mo nuanom ne (mo) ayͻnkofoͻ wͻ Nyamesom mu. Bͻne (biara) nni moso wͻ mfomsoͻ a moayε ho, na mmom (bͻne wͻ moso wͻ) deε mo akoma boapa ayε. Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Ɔdεεfoͻ Hene
Surah Al-Ahzab, Verse 5


ٱلنَّبِيُّ أَوۡلَىٰ بِٱلۡمُؤۡمِنِينَ مِنۡ أَنفُسِهِمۡۖ وَأَزۡوَٰجُهُۥٓ أُمَّهَٰتُهُمۡۗ وَأُوْلُواْ ٱلۡأَرۡحَامِ بَعۡضُهُمۡ أَوۡلَىٰ بِبَعۡضٖ فِي كِتَٰبِ ٱللَّهِ مِنَ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ وَٱلۡمُهَٰجِرِينَ إِلَّآ أَن تَفۡعَلُوٓاْ إِلَىٰٓ أَوۡلِيَآئِكُم مَّعۡرُوفٗاۚ كَانَ ذَٰلِكَ فِي ٱلۡكِتَٰبِ مَسۡطُورٗا

Nkͻmhyεni bεn agyidiefoͻ no paa kyεn wͻn ho wͻn ho, na ne yerenom yε (agyidiefoͻ no) maame. Na abusua-bogya bεn wͻn ho wͻn ho wͻ Nyankopͻn nhyehyεε mu kyεn agyidiefoͻ no ne atukͻfoͻ no, gyesε (ebia) moreyε ayεmyε bi ama mo ayͻnkofoͻ no. Saa na y’atwerε no wͻ Nwoma no mu
Surah Al-Ahzab, Verse 6


وَإِذۡ أَخَذۡنَا مِنَ ٱلنَّبِيِّـۧنَ مِيثَٰقَهُمۡ وَمِنكَ وَمِن نُّوحٖ وَإِبۡرَٰهِيمَ وَمُوسَىٰ وَعِيسَى ٱبۡنِ مَرۡيَمَۖ وَأَخَذۡنَا مِنۡهُم مِّيثَٰقًا غَلِيظٗا

Kae εberε a Yε’gyee apam firi Nkͻmhyεfoͻ no hͻ, εne wo (Muhammad) hͻ, ne Noa ne Abraham ne Mose εna Yesu Mar’yam ba no hͻ; Yε’gyee apam a emu yε duro paa na efirii wͻn hͻ
Surah Al-Ahzab, Verse 7


لِّيَسۡـَٔلَ ٱلصَّـٰدِقِينَ عَن صِدۡقِهِمۡۚ وَأَعَدَّ لِلۡكَٰفِرِينَ عَذَابًا أَلِيمٗا

Sεdeε (Nyankopͻn) bebisa nokwafoͻ no wͻn nokorεdie ho asεm. Nyankopͻn asiesie asotwee a εyε ya paa ato boniayεfoͻ no hͻ
Surah Al-Ahzab, Verse 8


يَـٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ ٱذۡكُرُواْ نِعۡمَةَ ٱللَّهِ عَلَيۡكُمۡ إِذۡ جَآءَتۡكُمۡ جُنُودٞ فَأَرۡسَلۡنَا عَلَيۡهِمۡ رِيحٗا وَجُنُودٗا لَّمۡ تَرَوۡهَاۚ وَكَانَ ٱللَّهُ بِمَا تَعۡمَلُونَ بَصِيرًا

Mo a moagye adie, monkae Onyankopᴐn adom a ԑwᴐ mosoᴐ, ԑberԑ a asraafoᴐ dᴐm baa mosoᴐ na Yԑ’somaa mframa ne asraafoᴐ a moani anhu wᴐn baa wᴐn soᴐ. Onyankopᴐn deԑ Ohu dwuma a modie biara
Surah Al-Ahzab, Verse 9


إِذۡ جَآءُوكُم مِّن فَوۡقِكُمۡ وَمِنۡ أَسۡفَلَ مِنكُمۡ وَإِذۡ زَاغَتِ ٱلۡأَبۡصَٰرُ وَبَلَغَتِ ٱلۡقُلُوبُ ٱلۡحَنَاجِرَ وَتَظُنُّونَ بِٱللَّهِ ٱلظُّنُونَا۠

Ɛberε a (atamfoͻ) no baa moso fri mosoro ne moase, na ani yεε kusuu na akoma pagya baa menewa mu, na modwenee adwen (bᴐne) wͻ Nyankopͻn ho
Surah Al-Ahzab, Verse 10


هُنَالِكَ ٱبۡتُلِيَ ٱلۡمُؤۡمِنُونَ وَزُلۡزِلُواْ زِلۡزَالٗا شَدِيدٗا

Ɛhͻ no Yε’sͻͻ agyidiefoͻ no hwεe, na wͻn ho wosoo papaapa
Surah Al-Ahzab, Verse 11


وَإِذۡ يَقُولُ ٱلۡمُنَٰفِقُونَ وَٱلَّذِينَ فِي قُلُوبِهِم مَّرَضٞ مَّا وَعَدَنَا ٱللَّهُ وَرَسُولُهُۥٓ إِلَّا غُرُورٗا

Na kae εberε no a nkͻnkͻnsafoͻ no ne wͻn a yadeε wͻ wͻn akoma mu no kaa sε: ”Bᴐ a Nyankopͻn ne ne Somafoͻ hyεԑ yεn no yԑ nnaadaa bi kwa“
Surah Al-Ahzab, Verse 12


وَإِذۡ قَالَت طَّآئِفَةٞ مِّنۡهُمۡ يَـٰٓأَهۡلَ يَثۡرِبَ لَا مُقَامَ لَكُمۡ فَٱرۡجِعُواْۚ وَيَسۡتَـٔۡذِنُ فَرِيقٞ مِّنۡهُمُ ٱلنَّبِيَّ يَقُولُونَ إِنَّ بُيُوتَنَا عَوۡرَةٞ وَمَا هِيَ بِعَوۡرَةٍۖ إِن يُرِيدُونَ إِلَّا فِرَارٗا

Kae εberε nso a wͻn mu fekuo bi kaa sε: “Yasribfoͻ, monni gyinaberε biara, enti monsan moakyi“. Wͻn mu fa bi srεε kwan wͻ Nkͻmhyεni hͻ, wͻ’kaa sε: Y’afiee deda mpan, na εnyε nokorε sε εdeda mpan, na mmom dwane na wͻ’repε adwane
Surah Al-Ahzab, Verse 13


وَلَوۡ دُخِلَتۡ عَلَيۡهِم مِّنۡ أَقۡطَارِهَا ثُمَّ سُئِلُواْ ٱلۡفِتۡنَةَ لَأٓتَوۡهَا وَمَا تَلَبَّثُواْ بِهَآ إِلَّا يَسِيرٗا

Sε (atamfoͻ no) nyaa emu akwan bi wuraa (Madina kuro no mu) maa wͻ’bepuee (nkͻnkͻnsafoͻ no) so, εna wͻ’reka akyerε wͻn sε wͻ’nyε basabasa (anaasε wͻnko ntia Muslimifoͻ no) a, anka wͻ’bεyε a wͻ’nkyεre ho koraa
Surah Al-Ahzab, Verse 14


وَلَقَدۡ كَانُواْ عَٰهَدُواْ ٱللَّهَ مِن قَبۡلُ لَا يُوَلُّونَ ٱلۡأَدۡبَٰرَۚ وَكَانَ عَهۡدُ ٱللَّهِ مَسۡـُٔولٗا

Nokorε nso sε na wͻ’ne Nyankopͻn adikan ahyε bͻ sε wͻ’nnane wͻn akyi mma (agyidiefoͻ no da). Apam a εwͻ Nyankopͻn hͻ deε, nokorε sε εwͻ ho ano yie
Surah Al-Ahzab, Verse 15


قُل لَّن يَنفَعَكُمُ ٱلۡفِرَارُ إِن فَرَرۡتُم مِّنَ ٱلۡمَوۡتِ أَوِ ٱلۡقَتۡلِ وَإِذٗا لَّا تُمَتَّعُونَ إِلَّا قَلِيلٗا

(Nkͻmhyεni), ka kyerε (nkͻnkͻnsafoͻ no a wͻ’resrε kwan no) sε: “Sε owuo anaa okum ho nti na moredwane no a, εneε dwane no ho mma mfasoͻ mma mo, εyε εberε tiaa bi na mode bεgye moani (wͻ wiase ha) “
Surah Al-Ahzab, Verse 16


قُلۡ مَن ذَا ٱلَّذِي يَعۡصِمُكُم مِّنَ ٱللَّهِ إِنۡ أَرَادَ بِكُمۡ سُوٓءًا أَوۡ أَرَادَ بِكُمۡ رَحۡمَةٗۚ وَلَا يَجِدُونَ لَهُم مِّن دُونِ ٱللَّهِ وَلِيّٗا وَلَا نَصِيرٗا

Ka sε : “Sε Nyankopͻn pε mo bͻne bi, anaasε Ɔpε mo ahummͻborͻ bi a, hwan na ͻbεbͻ moho ban afri ne nsam? Nyankopͻn akyiri no wͻ’nnya okyitaafoͻ anaa ͻboafoͻ mma wͻn
Surah Al-Ahzab, Verse 17


۞قَدۡ يَعۡلَمُ ٱللَّهُ ٱلۡمُعَوِّقِينَ مِنكُمۡ وَٱلۡقَآئِلِينَ لِإِخۡوَٰنِهِمۡ هَلُمَّ إِلَيۡنَاۖ وَلَا يَأۡتُونَ ٱلۡبَأۡسَ إِلَّا قَلِيلًا

Nokorε sε Nyankopͻn nim wͻn a wͻn wͻ mo mu no a wͻ’si amanfoͻ kwan (na wͻ’mma wͻn mma ͻko no), ne wͻn a wͻ’ka kyerε wͻn nuanom sε: ”Mommra yεn hͻ;” na (wͻn ara mpo mma ͻkoo gyesε (wͻn mu nnipa) kakraabi
Surah Al-Ahzab, Verse 18


أَشِحَّةً عَلَيۡكُمۡۖ فَإِذَا جَآءَ ٱلۡخَوۡفُ رَأَيۡتَهُمۡ يَنظُرُونَ إِلَيۡكَ تَدُورُ أَعۡيُنُهُمۡ كَٱلَّذِي يُغۡشَىٰ عَلَيۡهِ مِنَ ٱلۡمَوۡتِۖ فَإِذَا ذَهَبَ ٱلۡخَوۡفُ سَلَقُوكُم بِأَلۡسِنَةٍ حِدَادٍ أَشِحَّةً عَلَى ٱلۡخَيۡرِۚ أُوْلَـٰٓئِكَ لَمۡ يُؤۡمِنُواْ فَأَحۡبَطَ ٱللَّهُ أَعۡمَٰلَهُمۡۚ وَكَانَ ذَٰلِكَ عَلَى ٱللَّهِ يَسِيرٗا

Wͻnnfa moho (anaasε wͻ’mmoa mo wͻ kwan biara so). Nanso sε ehu bi ba a wobεhunu sε wͻ’rehwε woͻ a wͻn ani retwa kuru-kuru tesε obia owuo refa no. Sε ehu no tekͻ a wͻ’de kεterεma naanam anaa kԑtrԑma dԑ twa wo de hwehwε papa. Saa nkorͻfoͻ no na wͻ’nnye nie no, enti Nyankopͻn ama wͻn nyuma no ayε kwa, εno yε adeε a εyε mmerε wͻ Nyankopͻn hͻ
Surah Al-Ahzab, Verse 19


يَحۡسَبُونَ ٱلۡأَحۡزَابَ لَمۡ يَذۡهَبُواْۖ وَإِن يَأۡتِ ٱلۡأَحۡزَابُ يَوَدُّواْ لَوۡ أَنَّهُم بَادُونَ فِي ٱلۡأَعۡرَابِ يَسۡـَٔلُونَ عَنۡ أَنۢبَآئِكُمۡۖ وَلَوۡ كَانُواْ فِيكُم مَّا قَٰتَلُوٓاْ إِلَّا قَلِيلٗا

(Nkͻnkͻnsafoͻ no) adwen yε wͻn sε (Ah’zaab) nkorͻfo kuo no nnya nkͻe, na sε nkorͻfo kuo no reba (bio) a, anka wͻ’bεpε sε wͻ’bεka εserε so Arabfoͻ no ho (ne wͻn awͻ εserε no so) na wͻn abisa moho asεm (atie). Sε wͻ’ka mo ho mpo a, anka wͻ’nnko gyesε kakraa bi
Surah Al-Ahzab, Verse 20


لَّقَدۡ كَانَ لَكُمۡ فِي رَسُولِ ٱللَّهِ أُسۡوَةٌ حَسَنَةٞ لِّمَن كَانَ يَرۡجُواْ ٱللَّهَ وَٱلۡيَوۡمَ ٱلۡأٓخِرَ وَذَكَرَ ٱللَّهَ كَثِيرٗا

Ampa sε nhwεso pa wͻ Ɔsomafoͻ (Muhammad) suban mu ma mo, de ma obia n’ani da Nyankopͻn so ne Daakye no nso soɔ, na ͻkae Nyankopͻn pii
Surah Al-Ahzab, Verse 21


وَلَمَّا رَءَا ٱلۡمُؤۡمِنُونَ ٱلۡأَحۡزَابَ قَالُواْ هَٰذَا مَا وَعَدَنَا ٱللَّهُ وَرَسُولُهُۥ وَصَدَقَ ٱللَّهُ وَرَسُولُهُۥۚ وَمَا زَادَهُمۡ إِلَّآ إِيمَٰنٗا وَتَسۡلِيمٗا

Ɛberε a agyidiefoͻ no hunuu nkorͻfo kuo no, wͻ’kaa sε: “Woi na Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no hyεε yεn ho bͻ no, Nyankopͻn ne ne Somafoͻ asεm yε nokorε. Deε wͻ’nya kaa ho ne gyidie ne ahobraseε
Surah Al-Ahzab, Verse 22


مِّنَ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ رِجَالٞ صَدَقُواْ مَا عَٰهَدُواْ ٱللَّهَ عَلَيۡهِۖ فَمِنۡهُم مَّن قَضَىٰ نَحۡبَهُۥ وَمِنۡهُم مَّن يَنتَظِرُۖ وَمَا بَدَّلُواْ تَبۡدِيلٗا

Nnipa no bi wͻ agyidiefoͻ no mu a wͻ’di nokorε wͻ apam a wͻ’ne Nyankopͻn apam no ho. Ebinom nso wͻ hͻ a wͻ’adi wͻn bͻhyε no so (awu sε mogya ho adansefoͻ), na ebi nom nso wͻ hͻ a wͻ’retwεn, na wͻ’nsesaa (wͻn adwen wͻ bͻhyε) no ho koraa
Surah Al-Ahzab, Verse 23


لِّيَجۡزِيَ ٱللَّهُ ٱلصَّـٰدِقِينَ بِصِدۡقِهِمۡ وَيُعَذِّبَ ٱلۡمُنَٰفِقِينَ إِن شَآءَ أَوۡ يَتُوبَ عَلَيۡهِمۡۚ إِنَّ ٱللَّهَ كَانَ غَفُورٗا رَّحِيمٗا

Sεdeε Nyankopͻn betua nokorεfoͻ no nokorεdie no so ka, na sε Ɔpε a W’atwe nkͻnkͻnsafoͻ no aso, anaasε Ɔde bεkyε wͻn. Nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmɔborɔhunufoɔ Hene
Surah Al-Ahzab, Verse 24


وَرَدَّ ٱللَّهُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ بِغَيۡظِهِمۡ لَمۡ يَنَالُواْ خَيۡرٗاۚ وَكَفَى ٱللَّهُ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ ٱلۡقِتَالَۚ وَكَانَ ٱللَّهُ قَوِيًّا عَزِيزٗا

Boniayεfoͻ no abufuhyeε no mu no, Nyankopͻn atwe wͻn asan akyire; wͻ’annya mfasoͻ biara wͻ so. Nyankopͻn som bo ma agyidiefoͻ no wͻ ͻkoo mu. Nyankopͻn ne Ɔhoͻdenfoͻ na Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε
Surah Al-Ahzab, Verse 25


وَأَنزَلَ ٱلَّذِينَ ظَٰهَرُوهُم مِّنۡ أَهۡلِ ٱلۡكِتَٰبِ مِن صَيَاصِيهِمۡ وَقَذَفَ فِي قُلُوبِهِمُ ٱلرُّعۡبَ فَرِيقٗا تَقۡتُلُونَ وَتَأۡسِرُونَ فَرِيقٗا

Nyamesom ho Nwomanimfoͻ a wͻ’boaa (atamfoͻ) no, Nyankopͻn sianee wͻn frii wͻn aban denden no so, na Ɔbͻͻ huu guu wͻn akoma mu; mokum ebinom na mofaa ebinom nso nnomum
Surah Al-Ahzab, Verse 26


وَأَوۡرَثَكُمۡ أَرۡضَهُمۡ وَدِيَٰرَهُمۡ وَأَمۡوَٰلَهُمۡ وَأَرۡضٗا لَّمۡ تَطَـُٔوهَاۚ وَكَانَ ٱللَّهُ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٗا

(Nyankopͻn) maa motenaa wͻn anan mu wͻ wͻn nsaase so, ne wͻn afie mu, ne wͻn agyapadeε ne nsaase a monan nsii so da so. Nyankopͻn na Ɔwͻ biribiara so tumi
Surah Al-Ahzab, Verse 27


يَـٰٓأَيُّهَا ٱلنَّبِيُّ قُل لِّأَزۡوَٰجِكَ إِن كُنتُنَّ تُرِدۡنَ ٱلۡحَيَوٰةَ ٱلدُّنۡيَا وَزِينَتَهَا فَتَعَالَيۡنَ أُمَتِّعۡكُنَّ وَأُسَرِّحۡكُنَّ سَرَاحٗا جَمِيلٗا

Nkͻmhyεni, ka kyerε wo yerenom sε: “Sε mopε wiase asetena ne emu afεεfεdeε a, εneε mommra na mensum mo, na mama moakͻ no wͻ kwanpa so
Surah Al-Ahzab, Verse 28


وَإِن كُنتُنَّ تُرِدۡنَ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥ وَٱلدَّارَ ٱلۡأٓخِرَةَ فَإِنَّ ٱللَّهَ أَعَدَّ لِلۡمُحۡسِنَٰتِ مِنكُنَّ أَجۡرًا عَظِيمٗا

Na mmom sε mopε Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no ne Daakye asetena (pa) no nso a, εneε Nyankopͻn asiesie akatua a εsom bo paa ama momu apapafoͻ no”
Surah Al-Ahzab, Verse 29


يَٰنِسَآءَ ٱلنَّبِيِّ مَن يَأۡتِ مِنكُنَّ بِفَٰحِشَةٖ مُّبَيِّنَةٖ يُضَٰعَفۡ لَهَا ٱلۡعَذَابُ ضِعۡفَيۡنِۚ وَكَانَ ذَٰلِكَ عَلَى ٱللَّهِ يَسِيرٗا

Nkͻmhyεni yerenom, momu nea ͻbeyi suban bͻne bi adie no, yεde asotwee no bεbͻ ho mmmienu ama no. Ԑno deε εyε adeε a εyε mmrε ma Nyankopͻn
Surah Al-Ahzab, Verse 30


۞وَمَن يَقۡنُتۡ مِنكُنَّ لِلَّهِ وَرَسُولِهِۦ وَتَعۡمَلۡ صَٰلِحٗا نُّؤۡتِهَآ أَجۡرَهَا مَرَّتَيۡنِ وَأَعۡتَدۡنَا لَهَا رِزۡقٗا كَرِيمٗا

Momu nea ͻbεbrε neho ase ama Nyankopͻn ne Nesomafoͻ na wayε papa no, Yε’bεma no akatua mmͻho mmienu, na Y’asiesie animuonyam akyεdeε bi nso ama no
Surah Al-Ahzab, Verse 31


يَٰنِسَآءَ ٱلنَّبِيِّ لَسۡتُنَّ كَأَحَدٖ مِّنَ ٱلنِّسَآءِ إِنِ ٱتَّقَيۡتُنَّۚ فَلَا تَخۡضَعۡنَ بِٱلۡقَوۡلِ فَيَطۡمَعَ ٱلَّذِي فِي قَلۡبِهِۦ مَرَضٞ وَقُلۡنَ قَوۡلٗا مَّعۡرُوفٗا

Nkͻmhyεni yerenom, montesε εmmaa a aka no. Sε mosuro Nyankopͻn a, monhwε na (sε mone ͻbarima bi rekasa a) moammrε mone ase; anhwε a na obi a yadeε wͻ n’akoma mu no anya moho dͻ, na monka kasa a εyε kasa pa
Surah Al-Ahzab, Verse 32


وَقَرۡنَ فِي بُيُوتِكُنَّ وَلَا تَبَرَّجۡنَ تَبَرُّجَ ٱلۡجَٰهِلِيَّةِ ٱلۡأُولَىٰۖ وَأَقِمۡنَ ٱلصَّلَوٰةَ وَءَاتِينَ ٱلزَّكَوٰةَ وَأَطِعۡنَ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥٓۚ إِنَّمَا يُرِيدُ ٱللَّهُ لِيُذۡهِبَ عَنكُمُ ٱلرِّجۡسَ أَهۡلَ ٱلۡبَيۡتِ وَيُطَهِّرَكُمۡ تَطۡهِيرٗا

Na montena moafiee mu, na monhwε na moanna moho afԑԑfԑdeԑ adi ankyerԑ sεdeε na tete abagyimi berε mmaa no (yε no); na monfrε Nyame wͻ ne berε mu na monyi Zaka, na monyε sotie ma Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no. Deε Nyankopͻn pε ne sε, efie ha foͻ, Obeyi efii afri moso na W’ate moho korͻgyee
Surah Al-Ahzab, Verse 33


وَٱذۡكُرۡنَ مَا يُتۡلَىٰ فِي بُيُوتِكُنَّ مِنۡ ءَايَٰتِ ٱللَّهِ وَٱلۡحِكۡمَةِۚ إِنَّ ٱللَّهَ كَانَ لَطِيفًا خَبِيرًا

Na monkaekae deε yεkenkan (kyerε mo) wͻ mo fie hͻ no a efri Nyankopͻn Nsεm no mu no, ne Nyansasεm no. Nokorε sε Nyankopͻn ne Onitefoͻ (wͻ atemmuo mu), na Ɔne biribiara ho Amane bͻfoͻ
Surah Al-Ahzab, Verse 34


إِنَّ ٱلۡمُسۡلِمِينَ وَٱلۡمُسۡلِمَٰتِ وَٱلۡمُؤۡمِنِينَ وَٱلۡمُؤۡمِنَٰتِ وَٱلۡقَٰنِتِينَ وَٱلۡقَٰنِتَٰتِ وَٱلصَّـٰدِقِينَ وَٱلصَّـٰدِقَٰتِ وَٱلصَّـٰبِرِينَ وَٱلصَّـٰبِرَٰتِ وَٱلۡخَٰشِعِينَ وَٱلۡخَٰشِعَٰتِ وَٱلۡمُتَصَدِّقِينَ وَٱلۡمُتَصَدِّقَٰتِ وَٱلصَّـٰٓئِمِينَ وَٱلصَّـٰٓئِمَٰتِ وَٱلۡحَٰفِظِينَ فُرُوجَهُمۡ وَٱلۡحَٰفِظَٰتِ وَٱلذَّـٰكِرِينَ ٱللَّهَ كَثِيرٗا وَٱلذَّـٰكِرَٰتِ أَعَدَّ ٱللَّهُ لَهُم مَّغۡفِرَةٗ وَأَجۡرًا عَظِيمٗا

Nokorε sε, Muslimifoͻ mmarima ne Muslimifoͻ mmaa, ne Agyidiefoͻ mmarima ne Agyidiefoͻ mmaa, ne Ahobraseεfoͻ mmarima ne Ahobraseεfoͻ mmaa, ne Nokorεfoͻ mmarima ne Nokorεfoͻ mmaa, ne Aboterεfoͻ mmarima ne Aboterεfoͻ mmaa, ne Nyame-surofoͻ mmarima ne Nyamesurofoͻ mmaa, ne Adͻeεfoͻ mmarima ne Adͻeεfoͻ mmaa, ne Akyiriwiafoͻ mmarima ne Akyiriwiafoͻ mmaa, ne mmarima a wͻ’hwε wͻn ho so yie ne mmaa a wͻ’hwε wͻn ho so yie (na wͻ’mmͻ adwaman), ne mmarima a wͻ’bͻ Nyame abodin kεse ne mmaa a wͻ’bͻ Nyame abodin, Nyankopͻn asiesie bͻnefakyε ne akatua kεseε ama wͻn (wͻ Daakye Atemmuda)
Surah Al-Ahzab, Verse 35


وَمَا كَانَ لِمُؤۡمِنٖ وَلَا مُؤۡمِنَةٍ إِذَا قَضَى ٱللَّهُ وَرَسُولُهُۥٓ أَمۡرًا أَن يَكُونَ لَهُمُ ٱلۡخِيَرَةُ مِنۡ أَمۡرِهِمۡۗ وَمَن يَعۡصِ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥ فَقَدۡ ضَلَّ ضَلَٰلٗا مُّبِينٗا

Ɛnfata mma gyidieni barima anaasε gyidieni baa bi sε Nyankopͻn ne ne Somafoͻ bεyε nhyehyεeε bi na εbεyε wͻn sε, deε wͻ’pε no na εyε kyεn (Nyankopͻn ne Nesomafoͻ deε) no. Obia ͻbεyε Nyankopͻn ne Nesomafoͻ (asɛm ho) asoͻden no, nokorε sε (saa nipa no) ayera yera pefee paa
Surah Al-Ahzab, Verse 36


وَإِذۡ تَقُولُ لِلَّذِيٓ أَنۡعَمَ ٱللَّهُ عَلَيۡهِ وَأَنۡعَمۡتَ عَلَيۡهِ أَمۡسِكۡ عَلَيۡكَ زَوۡجَكَ وَٱتَّقِ ٱللَّهَ وَتُخۡفِي فِي نَفۡسِكَ مَا ٱللَّهُ مُبۡدِيهِ وَتَخۡشَى ٱلنَّاسَ وَٱللَّهُ أَحَقُّ أَن تَخۡشَىٰهُۖ فَلَمَّا قَضَىٰ زَيۡدٞ مِّنۡهَا وَطَرٗا زَوَّجۡنَٰكَهَا لِكَيۡ لَا يَكُونَ عَلَى ٱلۡمُؤۡمِنِينَ حَرَجٞ فِيٓ أَزۡوَٰجِ أَدۡعِيَآئِهِمۡ إِذَا قَضَوۡاْ مِنۡهُنَّ وَطَرٗاۚ وَكَانَ أَمۡرُ ٱللَّهِ مَفۡعُولٗا

(Nkͻmhyεni), kae εberε nso a woka kyerεε obi a Nyankopͻn adom no, na wonso w’adom no no sε: “Ka woyere no bata wo ho, na suro Nyankopͻn.” Nanso wode deε Nyankopͻn bεda no adie no ahyε w’akoma mu, na wosuro nnipa, na Nyankopͻn na εwͻ ho kwan sε wosuro no. Enti εberε a Zaid guu ͻne (Zainab) awadeε no, Yε’de (ͻbaa) no maa wo (Nkͻmhyεni) awadeε sεdeε (daakye bi no) εnnkͻ yε asεm mma agyidiefoͻ no fa wͻn nkͻdaa a wͻ’te wͻn nkyεn yerenom awadeε ho wͻ εberε a wͻn agu awadeε no. Nyankopͻn ahyεdeε na εbεyε hͻ
Surah Al-Ahzab, Verse 37


مَّا كَانَ عَلَى ٱلنَّبِيِّ مِنۡ حَرَجٖ فِيمَا فَرَضَ ٱللَّهُ لَهُۥۖ سُنَّةَ ٱللَّهِ فِي ٱلَّذِينَ خَلَوۡاْ مِن قَبۡلُۚ وَكَانَ أَمۡرُ ٱللَّهِ قَدَرٗا مَّقۡدُورًا

Soboͻ biara nni Nkͻmhyεni no so wͻ deε Nyankopͻn ayε no nhyε ama no, anaasε W’ama no ho kwan ho; (εyε) Nyankopͻn sa a W’atwa ato hͻ ama wͻn a w’atwa mu korͻ no. Nyankopͻn ahyεdeε ne nhyehyεε a εbεyε hͻ
Surah Al-Ahzab, Verse 38


ٱلَّذِينَ يُبَلِّغُونَ رِسَٰلَٰتِ ٱللَّهِ وَيَخۡشَوۡنَهُۥ وَلَا يَخۡشَوۡنَ أَحَدًا إِلَّا ٱللَّهَۗ وَكَفَىٰ بِٱللَّهِ حَسِيبٗا

Wͻn a wͻ’bͻ Nyankopͻn Nsεm no ho dawuro na wͻ’suro no no, wͻ’nsuro obiara ka Nyankopͻn ho. Na Nyankopͻn som bo wͻ nkontabuo mu
Surah Al-Ahzab, Verse 39


مَّا كَانَ مُحَمَّدٌ أَبَآ أَحَدٖ مِّن رِّجَالِكُمۡ وَلَٰكِن رَّسُولَ ٱللَّهِ وَخَاتَمَ ٱلنَّبِيِّـۧنَۗ وَكَانَ ٱللَّهُ بِكُلِّ شَيۡءٍ عَلِيمٗا

Ɛnyε mo mmarima no mu biara agya ne Muhammad, na mmom (ͻyε) Nyankopͻn Somafoͻ ne Nkͻmhyεfoͻ no (nyinaa) nea otwa toͻ. Nyankopͻn na Onim biribiara
Surah Al-Ahzab, Verse 40


يَـٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ ٱذۡكُرُواْ ٱللَّهَ ذِكۡرٗا كَثِيرٗا

Mo a moagye adie, monkaekae Nyankopͻn, na moma (neho) nkaekaeε no nnͻͻso bebree
Surah Al-Ahzab, Verse 41


وَسَبِّحُوهُ بُكۡرَةٗ وَأَصِيلًا

Na montontom no anͻpa ne anyumerε
Surah Al-Ahzab, Verse 42


هُوَ ٱلَّذِي يُصَلِّي عَلَيۡكُمۡ وَمَلَـٰٓئِكَتُهُۥ لِيُخۡرِجَكُم مِّنَ ٱلظُّلُمَٰتِ إِلَى ٱلنُّورِۚ وَكَانَ بِٱلۡمُؤۡمِنِينَ رَحِيمٗا

Ɔno na Ɔne N’asoro abͻfoͻ hyira mo, sεdeε Obeyi mo afri esum mu akͻ εhyεn no mu. Ɔyε Mmͻborͻhunufoͻ ma agyidiefoͻ no
Surah Al-Ahzab, Verse 43


تَحِيَّتُهُمۡ يَوۡمَ يَلۡقَوۡنَهُۥ سَلَٰمٞۚ وَأَعَدَّ لَهُمۡ أَجۡرٗا كَرِيمٗا

Ɛda a wͻ’behyia no no, wͻn nkyea (a abͻfoͻ no de bεkyea wͻn) ne ‘Salaam’: Asomdwiε; W’asiesie animuonyam akatua nso ama wͻn
Surah Al-Ahzab, Verse 44


يَـٰٓأَيُّهَا ٱلنَّبِيُّ إِنَّآ أَرۡسَلۡنَٰكَ شَٰهِدٗا وَمُبَشِّرٗا وَنَذِيرٗا

Nkͻmhyεni, nokorε Y’asoma wo sε Ɔdanseni ne Anigyesɛm ne Kͻkͻbͻni ho bɔfoɔ
Surah Al-Ahzab, Verse 45


وَدَاعِيًا إِلَى ٱللَّهِ بِإِذۡنِهِۦ وَسِرَاجٗا مُّنِيرٗا

Ne ͻfrεfrεni a ͻfrε (amanfoͻ) kͻ Nyankopͻn hͻ wͻ N’akwamma mu, ne Kanea a εhyerεn
Surah Al-Ahzab, Verse 46


وَبَشِّرِ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ بِأَنَّ لَهُم مِّنَ ٱللَّهِ فَضۡلٗا كَبِيرٗا

Hyԑ agyidiefoͻ no bᴐ sε, nokorε wͻn wͻ adom kεse a efri Nyankopͻn hͻ
Surah Al-Ahzab, Verse 47


وَلَا تُطِعِ ٱلۡكَٰفِرِينَ وَٱلۡمُنَٰفِقِينَ وَدَعۡ أَذَىٰهُمۡ وَتَوَكَّلۡ عَلَى ٱللَّهِۚ وَكَفَىٰ بِٱللَّهِ وَكِيلٗا

Na hwԑ na w’anntie boniayεfoͻ no ne nkͻnkͻnsafoͻ no, na εnfa wͻn haw no nyε asεm, na fa woho to Nyankopͻn so, na Nyankopͻn yε Okyitaafoͻ a Ɔsom bo
Surah Al-Ahzab, Verse 48


يَـٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ إِذَا نَكَحۡتُمُ ٱلۡمُؤۡمِنَٰتِ ثُمَّ طَلَّقۡتُمُوهُنَّ مِن قَبۡلِ أَن تَمَسُّوهُنَّ فَمَا لَكُمۡ عَلَيۡهِنَّ مِنۡ عِدَّةٖ تَعۡتَدُّونَهَاۖ فَمَتِّعُوهُنَّ وَسَرِّحُوهُنَّ سَرَاحٗا جَمِيلٗا

Mo a moagye adie, sε moware agyidiefoͻ mmaa no na mogyae wͻn aberε a monya mfaa mo ho nkaa wͻn a, monni Idda biara wͻ wͻn ho a mobεsesee. Na mmom monsum wͻn na moma wͻ’nkͻ no kwan pa so
Surah Al-Ahzab, Verse 49


يَـٰٓأَيُّهَا ٱلنَّبِيُّ إِنَّآ أَحۡلَلۡنَا لَكَ أَزۡوَٰجَكَ ٱلَّـٰتِيٓ ءَاتَيۡتَ أُجُورَهُنَّ وَمَا مَلَكَتۡ يَمِينُكَ مِمَّآ أَفَآءَ ٱللَّهُ عَلَيۡكَ وَبَنَاتِ عَمِّكَ وَبَنَاتِ عَمَّـٰتِكَ وَبَنَاتِ خَالِكَ وَبَنَاتِ خَٰلَٰتِكَ ٱلَّـٰتِي هَاجَرۡنَ مَعَكَ وَٱمۡرَأَةٗ مُّؤۡمِنَةً إِن وَهَبَتۡ نَفۡسَهَا لِلنَّبِيِّ إِنۡ أَرَادَ ٱلنَّبِيُّ أَن يَسۡتَنكِحَهَا خَالِصَةٗ لَّكَ مِن دُونِ ٱلۡمُؤۡمِنِينَۗ قَدۡ عَلِمۡنَا مَا فَرَضۡنَا عَلَيۡهِمۡ فِيٓ أَزۡوَٰجِهِمۡ وَمَا مَلَكَتۡ أَيۡمَٰنُهُمۡ لِكَيۡلَا يَكُونَ عَلَيۡكَ حَرَجٞۗ وَكَانَ ٱللَّهُ غَفُورٗا رَّحِيمٗا

Nkͻmhyεni, nokorε sε Y’ama wo woyerenom a w’atua wͻn tiri aseda no ho kwan, ne (mfenaa) a wͻ’yε wodea a Nyankopͻn de ama wo wͻ asadeε mu, εne wopapanom nua mma mmaa, ne wo nsewaanom mma mmaa, ne wo maame nua mmarima mma mmaa a wone wͻn tuu amantuo, ne gyedieni baa, sε ͻde ne ho ma Nkͻmhyεni, na sε Nkͻmhyεni pε sε ͻware no a, (woi) wͻwo nko ara, agyidiefoͻ no nka ho. Ampa sε Ye’nim deε Y’ayε no nhyε ama (agyidiefoͻ no) wͻ wͻn yerenom ho ne (wͻn mfenaa) wͻn a wͻ’yε wͻn dea no ho, sεdeε biribiara mmεda wo soͻ, efrisε Onyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Ɔdεεfoͻ Hene
Surah Al-Ahzab, Verse 50


۞تُرۡجِي مَن تَشَآءُ مِنۡهُنَّ وَتُـٔۡوِيٓ إِلَيۡكَ مَن تَشَآءُۖ وَمَنِ ٱبۡتَغَيۡتَ مِمَّنۡ عَزَلۡتَ فَلَا جُنَاحَ عَلَيۡكَۚ ذَٰلِكَ أَدۡنَىٰٓ أَن تَقَرَّ أَعۡيُنُهُنَّ وَلَا يَحۡزَنَّ وَيَرۡضَيۡنَ بِمَآ ءَاتَيۡتَهُنَّ كُلُّهُنَّۚ وَٱللَّهُ يَعۡلَمُ مَا فِي قُلُوبِكُمۡۚ وَكَانَ ٱللَّهُ عَلِيمًا حَلِيمٗا

Wotumi twe wᴐn mu nea wopε sensԑn, gye nea wopε, na εnyε bͻne biara ma wo sε wobεfrε obi a watwe no (asensεn) a wopε. Woi na εbεn sε wode bεkyekyere wͻn werε, na wͻ’nni awerεhoͻ na wͻn mu biara ani bεgye deε wode ama wͻn no ho. Nyankopͻn Nim deε εwͻ moakoma mu (nyinaa). Onyankopͻn ne Onimdefoͻ, Ɔne Ntoboaseε Hene
Surah Al-Ahzab, Verse 51


لَّا يَحِلُّ لَكَ ٱلنِّسَآءُ مِنۢ بَعۡدُ وَلَآ أَن تَبَدَّلَ بِهِنَّ مِنۡ أَزۡوَٰجٖ وَلَوۡ أَعۡجَبَكَ حُسۡنُهُنَّ إِلَّا مَا مَلَكَتۡ يَمِينُكَۗ وَكَانَ ٱللَّهُ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ رَّقِيبٗا

(Mmaa a yakyerε mu yi) akyi, wonni ho kwan (sε woware ͻbaa biara bio), anaasε wobεsesa ͻbaa akͻfa foforͻ, sε wͻn ho yε wo anigye mpo a, gyesε (mfenaa) no a wͻ’yε wo dea no. Nyankopͻn deε ͻwεn biribiara
Surah Al-Ahzab, Verse 52


يَـٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ لَا تَدۡخُلُواْ بُيُوتَ ٱلنَّبِيِّ إِلَّآ أَن يُؤۡذَنَ لَكُمۡ إِلَىٰ طَعَامٍ غَيۡرَ نَٰظِرِينَ إِنَىٰهُ وَلَٰكِنۡ إِذَا دُعِيتُمۡ فَٱدۡخُلُواْ فَإِذَا طَعِمۡتُمۡ فَٱنتَشِرُواْ وَلَا مُسۡتَـٔۡنِسِينَ لِحَدِيثٍۚ إِنَّ ذَٰلِكُمۡ كَانَ يُؤۡذِي ٱلنَّبِيَّ فَيَسۡتَحۡيِۦ مِنكُمۡۖ وَٱللَّهُ لَا يَسۡتَحۡيِۦ مِنَ ٱلۡحَقِّۚ وَإِذَا سَأَلۡتُمُوهُنَّ مَتَٰعٗا فَسۡـَٔلُوهُنَّ مِن وَرَآءِ حِجَابٖۚ ذَٰلِكُمۡ أَطۡهَرُ لِقُلُوبِكُمۡ وَقُلُوبِهِنَّۚ وَمَا كَانَ لَكُمۡ أَن تُؤۡذُواْ رَسُولَ ٱللَّهِ وَلَآ أَن تَنكِحُوٓاْ أَزۡوَٰجَهُۥ مِنۢ بَعۡدِهِۦٓ أَبَدًاۚ إِنَّ ذَٰلِكُمۡ كَانَ عِندَ ٱللَّهِ عَظِيمًا

Mo a moagye adie, monhwε na moankͻ Nkͻmhyεni fie (basabasa), gyesε yεfrε mo adidi, na εnyε sε morekͻ twεn ama no aben. Na mmom sε yεfrε mo a εneε monkͻ, na sε modidi wie a monhwete nkͻ, na monhwε na moantena hͻ sε moredi nkͻmmͻ. Nokorε sε (saa suban) no ha Nkͻmhyεni nanso ͻfεre mo, na Nyankopͻn deε Ɔnfεre nokorε no. Sε morebisa ne yerenom hͻ (biribi) a monyina ntwaremuu akyi na momisa, εno mmom na εyε koronkron dema moakoma ne wͻn akoma. Monni ho kwan sε mobεha Nyankopͻn Somafoͻ anaasε mobεware neyere wͻ ne (wuo) akyi da. Nokorε sε woi yε asεm kεseε wͻ Nyankopͻn hͻ
Surah Al-Ahzab, Verse 53


إِن تُبۡدُواْ شَيۡـًٔا أَوۡ تُخۡفُوهُ فَإِنَّ ٱللَّهَ كَانَ بِكُلِّ شَيۡءٍ عَلِيمٗا

Sε moda biribi adi o, anaasε mode suma o, nokorε sε Nyankopͻn ne biribiara ho Nimdefoͻ
Surah Al-Ahzab, Verse 54


لَّا جُنَاحَ عَلَيۡهِنَّ فِيٓ ءَابَآئِهِنَّ وَلَآ أَبۡنَآئِهِنَّ وَلَآ إِخۡوَٰنِهِنَّ وَلَآ أَبۡنَآءِ إِخۡوَٰنِهِنَّ وَلَآ أَبۡنَآءِ أَخَوَٰتِهِنَّ وَلَا نِسَآئِهِنَّ وَلَا مَا مَلَكَتۡ أَيۡمَٰنُهُنَّۗ وَٱتَّقِينَ ٱللَّهَۚ إِنَّ ٱللَّهَ كَانَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ شَهِيدًا

Ɛnyε bͻne mma (mmaa no) sε (wͻ’nngu akatatire wͻ) wͻn papa anim, anaa wͻn mma mmarima anim, anaa wͻn nua mmarima nom anim anaa wͻn nua mmarima mma mmarima anim, anaa wͻn nua mmaa mma mmarima anim, anaa wͻn ara mmaa anim, anaa wͻn mfenaa anim, na monsuro Nyankopͻn. Nokorε sε, Nyankopͻn di biribiara ho adanseε
Surah Al-Ahzab, Verse 55


إِنَّ ٱللَّهَ وَمَلَـٰٓئِكَتَهُۥ يُصَلُّونَ عَلَى ٱلنَّبِيِّۚ يَـٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ صَلُّواْ عَلَيۡهِ وَسَلِّمُواْ تَسۡلِيمًا

Nokorε sε Nyankopͻn ne N’asoro abͻfoͻ hyira Nkͻmhyεni. Mo a moagye adie, monsrε nhyira mma no na monkyea no wͻ asomdwiԑ mu
Surah Al-Ahzab, Verse 56


إِنَّ ٱلَّذِينَ يُؤۡذُونَ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥ لَعَنَهُمُ ٱللَّهُ فِي ٱلدُّنۡيَا وَٱلۡأٓخِرَةِ وَأَعَدَّ لَهُمۡ عَذَابٗا مُّهِينٗا

Nokorε sε, wͻn a wͻ’hyε Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no abufuo no, Nyankopͻn adome wͻn wͻ wiase ne Daakye, na W’asiesie animguaseε asotwee ato wͻn hͻ
Surah Al-Ahzab, Verse 57


وَٱلَّذِينَ يُؤۡذُونَ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ وَٱلۡمُؤۡمِنَٰتِ بِغَيۡرِ مَا ٱكۡتَسَبُواْ فَقَدِ ٱحۡتَمَلُواْ بُهۡتَٰنٗا وَإِثۡمٗا مُّبِينٗا

Wͻn a wͻ’hyε agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa no nso abufuo wͻ deε wͻn nnyͻeε ho no, wͻ’bεsoa ntwatosoͻ (nkontompo, ne adanse wia) ne bͻne a εda adi pefee (ho asotwee wͻ Atem-muda)
Surah Al-Ahzab, Verse 58


يَـٰٓأَيُّهَا ٱلنَّبِيُّ قُل لِّأَزۡوَٰجِكَ وَبَنَاتِكَ وَنِسَآءِ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ يُدۡنِينَ عَلَيۡهِنَّ مِن جَلَٰبِيبِهِنَّۚ ذَٰلِكَ أَدۡنَىٰٓ أَن يُعۡرَفۡنَ فَلَا يُؤۡذَيۡنَۗ وَكَانَ ٱللَّهُ غَفُورٗا رَّحِيمٗا

Nkͻmhyεni, ka kyerε woyerenom, ne womma mmaa, ne agyidiefoͻ maa no sε: Wͻ’mfa wͻn akatasoͻ no nkata wͻn ho so nyinaa. Saa na εyε sεdeε yεbehu wͻn, na (obi) nnha wͻn. Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene
Surah Al-Ahzab, Verse 59


۞لَّئِن لَّمۡ يَنتَهِ ٱلۡمُنَٰفِقُونَ وَٱلَّذِينَ فِي قُلُوبِهِم مَّرَضٞ وَٱلۡمُرۡجِفُونَ فِي ٱلۡمَدِينَةِ لَنُغۡرِيَنَّكَ بِهِمۡ ثُمَّ لَا يُجَاوِرُونَكَ فِيهَآ إِلَّا قَلِيلٗا

Sε nkͻnkͻnsafoͻ no, ne wͻn a yadeε wͻ wͻn akoma mu no, ne wͻn a wͻ’di nsekuro no a wͻn wͻ Madina no anyae (wͻn suban bͻne no) a, Yε’de wͻn bεhyε wonsa, na wͻ’nntumi ne wo mmͻ afipam wͻ (kuro no) mu gyesε (berε) tiaa bi
Surah Al-Ahzab, Verse 60


مَّلۡعُونِينَۖ أَيۡنَمَا ثُقِفُوٓاْ أُخِذُواْ وَقُتِّلُواْ تَقۡتِيلٗا

Ya’dome wͻn; baabiara a yεnsa bεka wͻn no yεbεkye wͻn aku wͻn kum paa
Surah Al-Ahzab, Verse 61


سُنَّةَ ٱللَّهِ فِي ٱلَّذِينَ خَلَوۡاْ مِن قَبۡلُۖ وَلَن تَجِدَ لِسُنَّةِ ٱللَّهِ تَبۡدِيلٗا

Nyankopͻn kwan a εda hͻ wͻ wͻn a wͻ’adikan atwa mu kͻ no ho ne no; na wonhunu nsakraeε wͻ kwan a Nyankopͻn atwa ato hͻ no mu
Surah Al-Ahzab, Verse 62


يَسۡـَٔلُكَ ٱلنَّاسُ عَنِ ٱلسَّاعَةِۖ قُلۡ إِنَّمَا عِلۡمُهَا عِندَ ٱللَّهِۚ وَمَا يُدۡرِيكَ لَعَلَّ ٱلسَّاعَةَ تَكُونُ قَرِيبًا

Nnipa no rebisa wo Dͻnhwere no ho asεm. Ka sε: “Ɛho nimdeε no deε Nyankopͻn nko ara hͻ na εwͻ”. Na deεn na εbεkyerε wo sε ebia Dͻnhwere no abεn
Surah Al-Ahzab, Verse 63


إِنَّ ٱللَّهَ لَعَنَ ٱلۡكَٰفِرِينَ وَأَعَدَّ لَهُمۡ سَعِيرًا

Nokorε sε Nyankopͻn adome boniayεfoͻ no, na Wasiesie Ogya tanaa ato hͻ ama wͻn
Surah Al-Ahzab, Verse 64


خَٰلِدِينَ فِيهَآ أَبَدٗاۖ لَّا يَجِدُونَ وَلِيّٗا وَلَا نَصِيرٗا

Emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ, na wͻ’nnya okyitaafoͻ anaa ͻboafoͻ (biara)
Surah Al-Ahzab, Verse 65


يَوۡمَ تُقَلَّبُ وُجُوهُهُمۡ فِي ٱلنَّارِ يَقُولُونَ يَٰلَيۡتَنَآ أَطَعۡنَا ٱللَّهَ وَأَطَعۡنَا ٱلرَّسُولَا۠

Ԑda a yεbԑdane wͻn anim abutu egya no mu no, wͻ’bεka sε: “Sε yehunui a anka yεyεε sotie maa Nyankopͻn san yεε sotie maa Ͻsomafoͻ no”
Surah Al-Ahzab, Verse 66


وَقَالُواْ رَبَّنَآ إِنَّآ أَطَعۡنَا سَادَتَنَا وَكُبَرَآءَنَا فَأَضَلُّونَا ٱلسَّبِيلَا۠

Wͻ’bεka sε: “Ye’Wura Nyankopͻn, yedii yεn nhemfo ne yεn mpanimfoͻ nom akyi εna wͻ’yeraa yεn frii kwan (tenenee) no soͻ”
Surah Al-Ahzab, Verse 67


رَبَّنَآ ءَاتِهِمۡ ضِعۡفَيۡنِ مِنَ ٱلۡعَذَابِ وَٱلۡعَنۡهُمۡ لَعۡنٗا كَبِيرٗا

Ye’Wura Nyankopͻn, (yεsrε Wo sε): “Ma wͻn asotwee no mmͻho mmienu, na fa nnomee a εsoo paa dome wͻn.”
Surah Al-Ahzab, Verse 68


يَـٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ لَا تَكُونُواْ كَٱلَّذِينَ ءَاذَوۡاْ مُوسَىٰ فَبَرَّأَهُ ٱللَّهُ مِمَّا قَالُواْۚ وَكَانَ عِندَ ٱللَّهِ وَجِيهٗا

Mo a moagye adie, monhwε na moanyε sε wͻn a wͻ’hyεε Mose abufuo na Nyankopͻn sanee neho fri deε wͻ’ka (detoo no soͻ) no ho no; na ͻyε (onipa a) ͻwͻ animuonyam wͻ Nyankopͻn hͻ
Surah Al-Ahzab, Verse 69


يَـٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ ٱتَّقُواْ ٱللَّهَ وَقُولُواْ قَوۡلٗا سَدِيدٗا

Mo a moagye adie, monsuro Nyankopͻn na (εberε biara mu no) monka kasa pa
Surah Al-Ahzab, Verse 70


يُصۡلِحۡ لَكُمۡ أَعۡمَٰلَكُمۡ وَيَغۡفِرۡ لَكُمۡ ذُنُوبَكُمۡۗ وَمَن يُطِعِ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥ فَقَدۡ فَازَ فَوۡزًا عَظِيمًا

Ɔbεma monyuma ayε yie ama mo, na Ɔde mobͻne akyε mo; na obi a ͻbεyε sotie ama Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no, εyε nokorε a esipi sε wadi nkonim a εsoo paa
Surah Al-Ahzab, Verse 71


إِنَّا عَرَضۡنَا ٱلۡأَمَانَةَ عَلَى ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَٱلۡجِبَالِ فَأَبَيۡنَ أَن يَحۡمِلۡنَهَا وَأَشۡفَقۡنَ مِنۡهَا وَحَمَلَهَا ٱلۡإِنسَٰنُۖ إِنَّهُۥ كَانَ ظَلُومٗا جَهُولٗا

Nokorε sε, Yε’de nhwεsodeε maa ͻsoro ne asaase ne mmepͻ, nanso wͻn ampene sε wͻ’bεgye ato wͻn ho soͻ, na wͻ’nyaa ho suro, εna onipa gye soaeε. Nokorε sε, ͻyε omimfo, ogyegyentwie
Surah Al-Ahzab, Verse 72


لِّيُعَذِّبَ ٱللَّهُ ٱلۡمُنَٰفِقِينَ وَٱلۡمُنَٰفِقَٰتِ وَٱلۡمُشۡرِكِينَ وَٱلۡمُشۡرِكَٰتِ وَيَتُوبَ ٱللَّهُ عَلَى ٱلۡمُؤۡمِنِينَ وَٱلۡمُؤۡمِنَٰتِۗ وَكَانَ ٱللَّهُ غَفُورٗا رَّحِيمَۢا

Sεdeε Nyankopͻn bεtwe nkͻnkͻnsafoͻ mmarima ne nkͻnkͻnsafoͻ mmaa ne abosomsomfoͻ mmarima ne abosomsomfoͻ mmaa no aso, na Ͻbεgye agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa no adwen sakra. Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene
Surah Al-Ahzab, Verse 73


Author: Sheikh Haroun Ismaeel


<< Surah 32
>> Surah 34

Twi Translations by other Authors


Twi Translation By Sheikh Haroun Ismaeel
Popular Areas
Apartments for rent in Dubai Apartments for rent Abu Dhabi Villas for rent in Dubai House for rent Abu Dhabi Apartments for sale in Dubai Apartments for sale in Abu Dhabi Flat for rent Sharjah
Popular Searches
Studios for rent in UAE Apartments for rent in UAE Villas for rent in UAE Apartments for sale in UAE Villas for sale in UAE Land for sale in UAE Dubai Real Estate
Trending Areas
Apartments for rent in Dubai Marina Apartments for sale in Dubai Marina Villa for rent in Sharjah Villa for sale in Dubai Flat for rent in Ajman Studio for rent in Abu Dhabi Villa for rent in Ajman
Trending Searches
Villa for rent in Abu Dhabi Shop for rent in Dubai Villas for sale in Ajman Studio for rent in Sharjah 1 Bedroom Apartment for rent in Dubai Property for rent in Abu Dhabi Commercial properties for sale
© Copyright Dubai Prayer Time. All Rights Reserved
Designed by Prayer Time In Dubai