Surah Ar-Rahman - Twi Translation by Sheikh Haroun Ismaeel
ٱلرَّحۡمَٰنُ
Ahummͻborͻ Hene (Nyankopͻn)
Surah Ar-Rahman, Verse 1
عَلَّمَ ٱلۡقُرۡءَانَ
Ɔno na W’akyerε (Nkͻmhyεni) Qur’aan no
Surah Ar-Rahman, Verse 2
خَلَقَ ٱلۡإِنسَٰنَ
Ɔno na Ɔbͻͻ onipa
Surah Ar-Rahman, Verse 3
عَلَّمَهُ ٱلۡبَيَانَ
Kyerεε no kasa nkyerεkyerεmu
Surah Ar-Rahman, Verse 4
ٱلشَّمۡسُ وَٱلۡقَمَرُ بِحُسۡبَانٖ
Awia ne bosome nnam wͻ nhyehyεε so
Surah Ar-Rahman, Verse 5
وَٱلنَّجۡمُ وَٱلشَّجَرُ يَسۡجُدَانِ
Wira mu nhoma (anaasε nsoromma) ne nnua nso (nyinaa) berε wͻn ho ase (ma Nyankopͻn)
Surah Ar-Rahman, Verse 6
وَٱلسَّمَآءَ رَفَعَهَا وَوَضَعَ ٱلۡمِيزَانَ
Ɛna W’apagya ͻsoro, εna Ɔde nsania ato ho
Surah Ar-Rahman, Verse 7
أَلَّا تَطۡغَوۡاْ فِي ٱلۡمِيزَانِ
Sεdeε monyε mfomsoͻ wͻ ade susuo ho
Surah Ar-Rahman, Verse 8
وَأَقِيمُواْ ٱلۡوَزۡنَ بِٱلۡقِسۡطِ وَلَا تُخۡسِرُواْ ٱلۡمِيزَانَ
Na moma nsania no nyina pεpεεpε, na monnte adeε a mobesusuo no so
Surah Ar-Rahman, Verse 9
وَٱلۡأَرۡضَ وَضَعَهَا لِلۡأَنَامِ
Ɛna Ɔde asaase no ato hͻ ama abͻdeε (a wͻ’tumi tena asaase soͻ)
Surah Ar-Rahman, Verse 10
فِيهَا فَٰكِهَةٞ وَٱلنَّخۡلُ ذَاتُ ٱلۡأَكۡمَامِ
Emu na nnuaba, ne akyiresua a εbͻ esa-esa wͻ
Surah Ar-Rahman, Verse 11
وَٱلۡحَبُّ ذُو ٱلۡعَصۡفِ وَٱلرَّيۡحَانُ
Ne nnuaba (ahodoͻ tesε aburoo, ayuo, atokoͻ ne deε εkeka ho) a εwͻ nhahamma a nyεmmoa weε, εne nnuaba a etu hwa pa
Surah Ar-Rahman, Verse 12
فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
Surah Ar-Rahman, Verse 13
خَلَقَ ٱلۡإِنسَٰنَ مِن صَلۡصَٰلٖ كَٱلۡفَخَّارِ
Ɔno na Ɔde nԑteε a awoͻ bͻͻ onipa tesε ayowa anaa kukuo a yanwene atotoo
Surah Ar-Rahman, Verse 14
وَخَلَقَ ٱلۡجَآنَّ مِن مَّارِجٖ مِّن نَّارٖ
Ɛna Ɔbͻͻ Jinnfoͻ no nso fri ogya frama (anaa) ogya kεterεma mu
Surah Ar-Rahman, Verse 15
فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
Surah Ar-Rahman, Verse 16
رَبُّ ٱلۡمَشۡرِقَيۡنِ وَرَبُّ ٱلۡمَغۡرِبَيۡنِ
Apueε mmienu no Wura, ne Atͻeε mmienu no Wura
Surah Ar-Rahman, Verse 17
فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
Surah Ar-Rahman, Verse 18
مَرَجَ ٱلۡبَحۡرَيۡنِ يَلۡتَقِيَانِ
Ɔno na W’ama ͻpo mmienu no (nsupa ne nkyene nsuo) behyia mu
Surah Ar-Rahman, Verse 19
بَيۡنَهُمَا بَرۡزَخٞ لَّا يَبۡغِيَانِ
Ɛhyeε da ne mmienu ntεm a emu biara ntumi mmu mfa baako soͻ
Surah Ar-Rahman, Verse 20
فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
Surah Ar-Rahman, Verse 21
يَخۡرُجُ مِنۡهُمَا ٱللُّؤۡلُؤُ وَٱلۡمَرۡجَانُ
Y’eyi nhwenepa ne aboͻ a εhyerεn wͻ (ͻpo no) mmienu mu
Surah Ar-Rahman, Verse 22
فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
Surah Ar-Rahman, Verse 23
وَلَهُ ٱلۡجَوَارِ ٱلۡمُنشَـَٔاتُ فِي ٱلۡبَحۡرِ كَٱلۡأَعۡلَٰمِ
Ɔno na nsuom hyεn a εnenam po so tesε mmepͻ atenten no yε Nedea
Surah Ar-Rahman, Verse 24
فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
Surah Ar-Rahman, Verse 25
كُلُّ مَنۡ عَلَيۡهَا فَانٖ
Adeε a εwͻ (asaase) soͻ biara befri hͻ
Surah Ar-Rahman, Verse 26
وَيَبۡقَىٰ وَجۡهُ رَبِّكَ ذُو ٱلۡجَلَٰلِ وَٱلۡإِكۡرَامِ
Na εbεka wo Wura Nyankopͻn Kεseε Onimuonyamfoͻ no animuonyam nko ara
Surah Ar-Rahman, Verse 27
فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
Surah Ar-Rahman, Verse 28
يَسۡـَٔلُهُۥ مَن فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۚ كُلَّ يَوۡمٍ هُوَ فِي شَأۡنٖ
Wͻn a wͻ’wͻ soro ne wͻn a wͻ’wͻ asaase so nyinaa bisa no. Da biara N’animuonyam da adi
Surah Ar-Rahman, Verse 29
فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
Surah Ar-Rahman, Verse 30
سَنَفۡرُغُ لَكُمۡ أَيُّهَ ٱلثَّقَلَانِ
Mo akuo mmienu no (Jinn ne nnipa) Yε’bεtoto (montotoeε anaasε yεbebu mo atεn no) ama mo
Surah Ar-Rahman, Verse 31
فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
Surah Ar-Rahman, Verse 32
يَٰمَعۡشَرَ ٱلۡجِنِّ وَٱلۡإِنسِ إِنِ ٱسۡتَطَعۡتُمۡ أَن تَنفُذُواْ مِنۡ أَقۡطَارِ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ فَٱنفُذُواْۚ لَا تَنفُذُونَ إِلَّا بِسُلۡطَٰنٖ
Jinn ne nnipa fekuo, sε mobetumi akͻ soro ne asaase ntweaso babiara a motumi kͻ. Nanso montumi nkͻ gyesε monya tumi anaa nyinasoͻ bi (fri Nyankopͻn hͻ ansa)
Surah Ar-Rahman, Verse 33
فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
Surah Ar-Rahman, Verse 34
يُرۡسَلُ عَلَيۡكُمَا شُوَاظٞ مِّن نَّارٖ وَنُحَاسٞ فَلَا تَنتَصِرَانِ
Ɔbεsoma ogya tanaa ne yaawa (a yananee) aba moso, na montumi mmͻ mo ho ban
Surah Ar-Rahman, Verse 35
فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
Surah Ar-Rahman, Verse 36
فَإِذَا ٱنشَقَّتِ ٱلسَّمَآءُ فَكَانَتۡ وَرۡدَةٗ كَٱلدِّهَانِ
Sε ͻsoro mu dwidwa a afei εbεyε kͻͻ tesε aboa nwoma (a yahyε no) kͻͻ
Surah Ar-Rahman, Verse 37
فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
Surah Ar-Rahman, Verse 38
فَيَوۡمَئِذٖ لَّا يُسۡـَٔلُ عَن ذَنۢبِهِۦٓ إِنسٞ وَلَا جَآنّٞ
Saa Da no yemmisa onipa anaa Jinn biara bͻne ho asεm
Surah Ar-Rahman, Verse 39
فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
Surah Ar-Rahman, Verse 40
يُعۡرَفُ ٱلۡمُجۡرِمُونَ بِسِيمَٰهُمۡ فَيُؤۡخَذُ بِٱلنَّوَٰصِي وَٱلۡأَقۡدَامِ
Y’εde abͻneεfoͻ no nsohyεdeε na εbehu wͻn, enti yε’bεsͻ wͻn mu wͻ wͻn apampamu nwii ne wͻn nnan mu (na atwe wͻn aseε)
Surah Ar-Rahman, Verse 41
فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
Surah Ar-Rahman, Verse 42
هَٰذِهِۦ جَهَنَّمُ ٱلَّتِي يُكَذِّبُ بِهَا ٱلۡمُجۡرِمُونَ
Woi ne Amanehunu gya no a abͻneεfoͻ no faa no atorͻsεm no
Surah Ar-Rahman, Verse 43
يَطُوفُونَ بَيۡنَهَا وَبَيۡنَ حَمِيمٍ ءَانٖ
Wͻ’betwa ahyia wͻ (Ogya) a ayε hyehyeehye ne nsuo a ayε hye atrasoͻ no ntεm
Surah Ar-Rahman, Verse 44
فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
Surah Ar-Rahman, Verse 45
وَلِمَنۡ خَافَ مَقَامَ رَبِّهِۦ جَنَّتَانِ
Obi a osuro sε obegyina ne Wura Nyankopͻn anim no ͻwͻ Turo mmienu
Surah Ar-Rahman, Verse 46
فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
Surah Ar-Rahman, Verse 47
ذَوَاتَآ أَفۡنَانٖ
Nnua mman a atrεtrε sononko-sononko ayε mu mma
Surah Ar-Rahman, Verse 48
فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
Surah Ar-Rahman, Verse 49
فِيهِمَا عَيۡنَانِ تَجۡرِيَانِ
Asutire mmienu bi wͻ mu a εtenee
Surah Ar-Rahman, Verse 50
فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
Surah Ar-Rahman, Verse 51
فِيهِمَا مِن كُلِّ فَٰكِهَةٖ زَوۡجَانِ
Na nnuaba biara a egu mmienu mmienu wͻ ne mmienu nyinaa mu
Surah Ar-Rahman, Verse 52
فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
Surah Ar-Rahman, Verse 53
مُتَّكِـِٔينَ عَلَىٰ فُرُشِۭ بَطَآئِنُهَا مِنۡ إِسۡتَبۡرَقٖۚ وَجَنَى ٱلۡجَنَّتَيۡنِ دَانٖ
W’agyegye adamu wͻ mpa anaa ahennwa a emu kuntu no yε kyeme ntoma a yadi mu adwini a ԑyԑ fԑ so. Aheman no mmienu no mu nnuaba no bεn (wͻn)
Surah Ar-Rahman, Verse 54
فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
Surah Ar-Rahman, Verse 55
فِيهِنَّ قَٰصِرَٰتُ ٱلطَّرۡفِ لَمۡ يَطۡمِثۡهُنَّ إِنسٞ قَبۡلَهُمۡ وَلَا جَآنّٞ
Mmaa a wͻ’hwε wͻn ani so yie (anaasε wͻ’fεre adeε) a onipa (biara) anaasε Jinn mfaa wͻn ho nkaa wͻn da wͻ ne mmienu mu
Surah Ar-Rahman, Verse 56
فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
Surah Ar-Rahman, Verse 57
كَأَنَّهُنَّ ٱلۡيَاقُوتُ وَٱلۡمَرۡجَانُ
Wͻn (ho fε) tesε dwetε ne sika aboͻ a εhyerεn
Surah Ar-Rahman, Verse 58
فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
Surah Ar-Rahman, Verse 59
هَلۡ جَزَآءُ ٱلۡإِحۡسَٰنِ إِلَّا ٱلۡإِحۡسَٰنُ
Enti εnyε papa akatua ne papa
Surah Ar-Rahman, Verse 60
فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
Surah Ar-Rahman, Verse 61
وَمِن دُونِهِمَا جَنَّتَانِ
(Turo) mmienu no akyiri nso, Turo mmienu (foforͻ) bi nso wͻ hͻ
Surah Ar-Rahman, Verse 62
فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
Surah Ar-Rahman, Verse 63
مُدۡهَآمَّتَانِ
(Turo mmienu no mu) nhahan yԑ mono, εyε bunu paa
Surah Ar-Rahman, Verse 64
فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
Surah Ar-Rahman, Verse 65
فِيهِمَا عَيۡنَانِ نَضَّاخَتَانِ
Nsuo aniwa mmienu bi wͻ ne mmienu mu a epue ba aberε biara
Surah Ar-Rahman, Verse 66
فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
Surah Ar-Rahman, Verse 67
فِيهِمَا فَٰكِهَةٞ وَنَخۡلٞ وَرُمَّانٞ
Nnuaba ne akyiresua ne ‘Rumaan’ (nyinaa) bi wͻ ne mmienu mu
Surah Ar-Rahman, Verse 68
فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
Surah Ar-Rahman, Verse 69
فِيهِنَّ خَيۡرَٰتٌ حِسَانٞ
Mmaa papa ahoͻfεfoͻ wͻ mu
Surah Ar-Rahman, Verse 70
فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
Surah Ar-Rahman, Verse 71
حُورٞ مَّقۡصُورَٰتٞ فِي ٱلۡخِيَامِ
Mmaa ahotewfoͻ a wͻn ani akεseε fεfεεfε hyehyε ntoma dan mu
Surah Ar-Rahman, Verse 72
فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
Surah Ar-Rahman, Verse 73
لَمۡ يَطۡمِثۡهُنَّ إِنسٞ قَبۡلَهُمۡ وَلَا جَآنّٞ
Onipa biara anaasε Jinn nnii kan mfaa ne ho nkaa wͻn da
Surah Ar-Rahman, Verse 74
فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
Surah Ar-Rahman, Verse 75
مُتَّكِـِٔينَ عَلَىٰ رَفۡرَفٍ خُضۡرٖ وَعَبۡقَرِيٍّ حِسَانٖ
W’agyegye adamu wᴐ atε anaa mpikyi anaa sumuε a εyε ahahamono ne ‘Kapεt’ fεfεεfε so
Surah Ar-Rahman, Verse 76
فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
Surah Ar-Rahman, Verse 77
تَبَٰرَكَ ٱسۡمُ رَبِّكَ ذِي ٱلۡجَلَٰلِ وَٱلۡإِكۡرَامِ
Nhyira ne wo Wura Nyankopͻn din, Ɔno na Kεseyε ne Animuonyam yε Nedea
Surah Ar-Rahman, Verse 78